Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 4/8 kr. 22-24
  • Mmɔtohɔ—Bere Sɛefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmɔtohɔ—Bere Sɛefo
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛ Mmɔtohɔ?
  • Bere Sɛefo no a Wubehu
  • Susuw Nea Ebefi mu Aba no Ho
  • Dɛn na Metumi Ayɛ?
  • Mɛyɛ Dɛn Agyae Mmɔtohɔ?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Nea Ɛbɛboa Wo Na Woanyɛ Mmɔtohɔ
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Mɛyɛ Dɛn Ahyehyɛ Me Bere Yiye?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Wuntumi Mfa Nsie Enti Fa Yɛ Adwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 4/8 kr. 22-24

Mmɔtohɔ—Bere Sɛefo

“Mmɔtohɔ yɛ bere sɛefo.”—Edward Young, bɛyɛ 1742.

TWƐN! Nnyae asɛm yi kenkan! Wunim nea ebesi. Ebia wubegyae kan na woaka sɛ: “Ɛyɛ asɛmti a ɛyɛ anigye, nanso minni bere a mede bɛkenkan seesei. Mɛsan akɔ so akyiri yi.” Nanso ebia akyiri yi wunnya bere da.

Nyɛ mmɔtohɔ wɔ mmɔtohɔ ho asɛm a wobɛkenkan no ho! Hu bere a wode bɛkenkan. Ɛda adi sɛ wubetumi de bɛyɛ simma anum awie saa asɛm yi kenkan. Saa bere no na woawie nsɛmmma nhoma no nyinaa ɔha mu nkyekyem 10 kenkan! Hwɛ wo wɔɔkye na fi ase hwɛ bere seesei ara. (Woakenkan ɔha mu nkyekyem 5 awie dedaw!)

Ɛyɛ Mmɔtohɔ?

Sɛ wutu nneɛma hyɛ da—wotwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛyɛ biribi a anka wubetumi, anaa ɛsɛ sɛ woyɛ no seesei ara—a, na woreyɛ mmɔtohɔ. Wɔ ɔkwan foforo so no, wutu biribi a anka wubetumi ayɛ no nnɛ hyɛ ɔkyena. Mmɔtohɔfo nyɛ ade ntɛm bere a ehia sɛ wɔyɛ ade no.

Adwuma so panyin bi hwehwɛ kyerɛwtohɔ fi odwumayɛfo hɔ; awofo ka kyerɛ wɔn ba sɛ onsiesie ne dan mu; ɔyere ka kyerɛ ne kunu sɛ ɔnyɛ nea wɔde to nsu mu yiye. “Ná minni adagyew” anaasɛ, “Me werɛ fii” anaasɛ, “Mannya bere” ne anoyi a wɔde ma bere a wɔantumi anyɛ no. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn mu kakraa bi pɛ na wɔpɛ sɛ wɔyɛ kyerɛwtohɔ anaasɛ wosiesie adan mu anaasɛ wɔyɛ nea wɔde to nsu mu yiye bere a nneɛma a ɛyɛ anigye pii wɔ hɔ sɛ yɛbɛyɛ no. Enti yetu hyɛ da, yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛyɛ.

Nanso, wunim sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yetu biribi yɛ hyɛ da a ɛyɛ mmɔtohɔ? Ɔbea guadifo bi a ne nsa kaa abisade bi a onhu nea ɔnyɛ wɔ ho no de hyɛɛ adaka bi a wɔakyerɛw ho “matu ahyɛ da” a esi ne pon so mu. Wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, ɔhwehwɛ nneɛma yi mu na ohu sɛ emu fã ho nhia. Afi hɔ, anaasɛ ɛho nhia bio. Sɛ wuntumi nhu sɛ ebia wobɛtwɛn anaasɛ wobɛyɛ ho biribi a, bɔ mmɔden hu nea ebesi bere a woantumi anyɛ nea woretu ahyɛ da no. Sɛ woyɛ a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ papa anaasɛ bɔne?

Sɛ biribi a yebetumi ayɛ na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no mprempren na yɛtwentwɛn yɛn nan ase wɔ ho no betumi de ɔhaw kɛse aba akyiri yi a, ɛnde na nan ase twentwɛn yɛ mmɔtohɔ. Sɛ nhwɛso no, nkankyee a yɛanhohoro mu ntɛm no mu bɛkyenkyen na ayɛ den sɛ yebetwitwiw mu yiye akyiri yi. Kar a ɛsɛ sɛ woyɛ no yiye a wubetu ahyɛ da no betumi akowie nsiesie a ne bo yɛ den mu akyiri yi. Sika bi a wuntua no ntɛm no betumi ama woabɔ ka kɛse anaasɛ woahwere nnwuma bi. Ɔbea bi buu akontaa hui sɛ kar ho mmara a obuu so ho sika a wantua no ntɛm, video, ne nhoma a ogye fi nhomakorabea a wamfa ankɔ bere ano nyinaa ho sika si dɔla 46! Ná ɛno yɛ ɔsram biako pɛ de!

Bere Sɛefo no a Wubehu

Hu nea enti a woreyɛ mmɔtohɔ no. Hwɛ nneɛma atitiriw a edidi so yi yiye, na hwɛ sɛ wubetumi ahu emu nea ɛfa dwumadi bi a wumfii ase anaa wunwiei ho anaa:

Su:

Sɛ metwɛn kosi bere a aka kakraa bi ma adeyɛ no adu so a, ɛbɛkanyan me kɛse ma mawie.

M’ani gye ho sɛ mɛyɛ no bere a aka kakraa bi ma adeyɛ no adu so.

Mɛtwɛn akosi sɛ me panyin bɛkɔ so akae me, ansa na mahu sɛ ɛyɛ biribi a ɔpɛ sɛ meyɛ ankasa.

Mewɔ pii yɛ ara ma enti nea akyere me so no nkutoo na mede m’adwene si so.

Nneyɛe:

Minni ɔpɛ ne nkate a mede bɛyɛ adwuma no.

Meyɛ nneɛma bere a mete nka sɛ metumi ayɛ no.

Mepɛ sɛ meyɛ biribi foforo.

Mintumi nhyɛ me ho so.

Osuro:

Minnye nni sɛ metumi ayɛ.

Minni bere pii a mede bɛyɛ.

Adwuma no sõ. Mihia mmoa.

Na sɛ mantumi anyɛ anaasɛ manwie ɛ?

Ɛsɛ sɛ minya nneɛma a mede bewie adwuma no.

Misuro sɛ wɔbɛkasa atia me anaasɛ m’ani bewu.

Nnipa ahorow yɛ mmɔtohɔ wɔ mmere horow mu. Ebinom yɛ mmɔtohɔ ansa na wɔafi adwuma no ase efisɛ wobu no sɛ ɛsõ dodo. Ebinom fi ase, nanso bere a wɔayɛ mu fã no, ɛho anigye a wɔwɔ no kɔ fam, na wogyae yɛ. Afoforo nso fi dwumadi foforo ase bere a aka kakra na wɔawie nea edi kan no. (Mmom, worebɔ mmɔden. Woawie asɛm yi mu fã kenkan dedaw.)

Ebia, ntease a enti wumfii adwuma bi ase anaasɛ wunwiei no gyina nsɛm akuw abiɛsa yi nyinaa so. Neil Fiore kyerɛwee wɔ nhoma The Now Habit mu sɛ: “Nneɛma atitiriw abiɛsa a ɛde mmɔtohɔ ho haw pii ba sen biara ne: nhyɛsotraso nka a wobɛte, den a aden wo so, ne sɛ wusuro sɛ wuntumi nyɛ.” Sɛnea ɛte biara no, sɛ wuhu nea ɛma woyɛ mmɔtohɔ a, na aka kakraa bi ma woanya ano aduru.

Sɛ wunhu nea enti a woyɛ mmɔtohɔ a, yɛ wo dwumadi ahorow ho kyerɛwtohɔ wɔ dapɛn biako mu, a dɔnhwerew fã deda ntam. Hu sɛnea wode bere di dwuma. Ebetumi abue yɛn ani ankasa ma yɛahu bere dodow a yɛsɛe wɔ nneɛma a ɛho nhia kɛse ne nea ɛho hia ho. Afei, dɛn bio?

Susuw Nea Ebefi mu Aba no Ho

Kwan a wobɛhwɛ sɛ biribi bɛkɔ so bere a wonyɛ ho hwee no betumi ama woahaw. Bere a worebɛn bere a wususuw sɛ wubewie no, wufi ase te nhyɛso ne ahoyeraw nka. Bere a saa nkate ahorow yi yɛ kɛse no, sɛnea wudwen nneɛma yɛ ho no so betumi atew. Wuntumi nsusuw akwan a wobɛfa so adu wo botae no ho, na mmom, nea w’ani gye ho ara ne sɛ wubewie.

Sɛ nhwɛso no: Wɔde ɔkasa bi ahyɛ wo nsa. Anadwo a ade rebɛkye na woakɔma ɔkasa no wotra ase kyerɛw nsɛm kakraa bi gu krataa so. Wunnyee bere pii nyɛɛ w’asɛm no mu nhwehwɛmu, enti, wobɔ wo srem kyerɛw nsɛm bi. Ebia wobɔɔ mmɔden kakraa bi kaa ho a, anka wubetumi de osuahu ahorow, nsɛm a ɛfoa asɛm no so, anaasɛ akontaabu pon aka ho aboa w’atiefo no ma wɔatwa asɛm no ho mfonini.

Ade foforo a ɛba bere a wotwentwɛn wo nan ase wɔ adwuma bi ho ne sɛ yentumi nhome bere a yɛwɔ bere no. Ɛba saa efisɛ yɛkae (anaasɛ obi kae yɛn) bere nyinaa sɛ yɛwɔ adwuma bi a yɛnyɛe.

Dɛn na Metumi Ayɛ?

Kyerɛw nneɛma no. Yɛ eyi anadwo a ade rebɛkye. Kyerɛw nneɛma a wopɛ sɛ wuwie no da a edi hɔ no gu krataa so. Wɔ saa kwan yi so no, wo werɛ remfi biribi, na wubehu wo nkɔso bere a wohyɛ nneɛma a woawie no agyirae no. Wɔ ade biara nifa so no, kyerɛw bere dodow a wususuw sɛ wode bewie dwumadi no. Sɛ worekyerɛw ‘Nneɛma a Wobɛyɛ’ da no a, kyerɛw simma dodow a wususuw sɛ wode bewie no. Sɛ woreyɛ adwuma bi ho nhyehyɛe a, kyerɛw nnɔnhwerew dodow a wususuw sɛ wode bewie no. Yɛ saa kyerɛwtohɔ yi anadwo a ade rebɛkye na woayɛ ade ko no. Fa simma kakraa bi kyerɛw nneɛma a wobɛyɛ no da a edi hɔ no nso. Nya kalenda. Bere a wunya dwumadi ne nhyehyɛe bi no, kyerɛw wɔ so.

Sɛ wohwɛ nnwuma a wobɛyɛ no da a edi hɔ no mu a, hyehyɛ no nnidiso nnidiso sɛnea ɛho hia wɔ wo kalenda no so, na fa nkyerɛwde te sɛ A, B, D, ne nea ɛkeka ho hyɛ ade biara a wobɛyɛ no anim. Ebinom yɛ adwuma yiye anɔpa, afoforo nso yɛ no awia anaa anwummere. Fa nnwuma akɛse no hyɛ bere a wutumi yɛ adwuma yiye no. Fa nnwuma a w’ani nnye ho no di nea w’ani gye ho no anim.

Hu bere a wode bedi dwuma. Sɛ wontaa nwie ntɛm, efisɛ woreka akyi sɛnea woabehu no a, sua sɛ wode bere bedi dwuma. Ɛne sɛ, hu bere tenten a wubehia de ayɛ adwuma bi no pɛpɛɛpɛ. Fa simma kakra ka ho ma “asiane” bi a ebetumi asi. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛma bere aba nhyehyɛe ahorow no ntam. Ehia sɛ wode bere a wode betu kwan ka ho. Worentumi nwie nhyiam bi anɔpa nnɔn 10 na wonkɔ baabi foforo anɔpa nnɔn 10, sɛ ɛwɔ dan a edi hɔ no mu mpo a, na mene sɛ ɛwɔ kurom. Ma bere a ɛfata nna ntam.

Fa bi hyɛ afoforo nsa. Yɛtaa bɔ mmɔden sɛ yɛn ankasa bɛyɛ biribiara ɛmfa ho sɛ ebia ɛho nhia sɛ yɛbɛyɛ saa bere nyinaa no. Obi foforo betumi de amenade akɔmena post office ama yɛn, bere a yenim sɛ ɔrekɔ hɔ no.

Kyekyɛ mu. Ɛtɔ mmere bi a yemfi adwuma foforo bi ase esiane sɛ ɛsõ nti. Dɛn nti na wonkyekyɛ adwuma kɛse no mu nketenkete? Bere a yɛawie nnwuma a esusua no, yebehu yɛn nkɔso na ahyɛ yɛn nkuran ma yɛawie nea edi hɔ no.

Yɛ nneɛma a ebetumi abɛbom ho nhyehyɛe. Nneɛma ahorow taa bɛbobɔ nea yɛyɛ wɔ yɛn adwuma da mu—telefon so ɔfrɛ, nsrahwɛfo, ɔhaw ahorow ne nkrataa. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ adwuma yiye, a afoforo a wɔahyɛ bere a wɔde bewie wɔn nnwuma a yɛne wɔn bɛyɛ adwuma nso ka ho. Sɛ yedwen adwuma a yɛbɛyɛ no yiye nkutoo ho a, ɛbɛhaw yɛn, bere a afoforo twitware yɛn ananmu wɔ adwumayɛ mu no. Enti, yɛ nhyehyɛe ma nneɛma a ebetumi abɛbom no. Da biara, gyaw bere ma nneɛma a wonyɛɛ ho nhyehyɛe. Sɛ eyinom mu bi ba w’akwan mu a, wubetumi adi ho dwuma, bere a wunim sɛ wugyaw bere bi mae no.

Akatua. Sɛ woyɛ wo nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ wususuw sɛnea wobɛyɛ adwuma no denneenen anaasɛ wode w’adwene besi ne yɛ so bɛyɛ simma 90. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛhyɛ bere a wode besiesie wo ho ama adwuma no. Bere a woafi adwuma no ase ankasa, na woayɛ adwuma bɛyɛ dɔnhwerew biako ne fá akyi no, ebehia sɛ wugye w’ahome kakra. Sɛ woyɛ adwuma wɔ office a, gyina, teɛteɛ wo mu na susuw nneɛma ho. Sɛ woyɛ adwuma wɔ abɔnten a, nya ahomegye bi. Tua wo ho ka wɔ adwuma no ho.—Ɔsɛnkafo 3:13.

Susuw ho hwɛ, woawie saa asɛm yi kenkan wɔ bɛyɛ simma anum mu bere a wokenkan asɛmti no akyi no. Ebia woredi tebea no so ara ne no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena