Pont Du Gard No Kɔ So Tra Hɔ Bere Tenten
THE New Encyclopœdia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Roma Ahemman no asehwe akyi bere tenten no, n’asuka ahorow no kɔɔ so traa hɔ ma wɔde dii dwuma, nkurɔfo kyerɛɛ ho anigye, na adansifo a wɔbae wɔ saa bere no akyi no hwɛɛ so de yɛɛ nneɛma afoforo.” Saa ara na ɛte wɔ Pont du Gard no ho. Ebetumi aba sɛ ɛne Romafo no ho biribi a wonim no yiye sen biara wɔ Franse.
Wɔanyɛ Romafo nsuka no sɛ wɔde begugu mfuw so nsu, na mmom wɔyɛe na ɛde nsu akɔ nkurow ahorow so. Na nkurow yi wɔ mmura a wɔde nsu gu mu ne nea woguare mu; na na nkurow akɛse binom wɔ nsuka a nsu fi nam mu. Yiw, na Romafo nkurow ne atubrafo aman ahorow no hia nsu—nsu pii.
Na Pont du Gard a ne sorokɔ reyɛ adu mita 49 a ɛwɔ asubɔnten Gard so no te sɛ twene, na na ɛne nsuka a nsu nam mu a ɛkorɔn sen biara a Romafo no yɛe. Ɛwom sɛ ne tenten yɛ mita 275 de, nanso ɛyɛ nsuka mũ no nyinaa fã bi ara kwa. Nokwarem no, na nsuka no tenten nyinaa yɛ kilomita 49. Ɛde nsu kɔɔ Romafo kurow Nîmes mu. Te sɛ nneɛma afoforo a Romafo yɛɛ saa bere no ara mu no, nsuka no akɔ so atra hɔ wɔ mfehaha no mu, na edi sɛnea na Romafo no pɛ adwuma a wɔyɛ no yiye ne sɛnea na wɔn mfiridwumayɛfo no aben ho adanse. Wɔpaapae akadobo akɛse a ebinom mu duru yɛ tɔn asia twitwaa ho wɔ baabi a wɔpae abo bi a ɛbɛn hɔ wɔ Vers. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ wɔamfa semɛnte biara anni dwuma wɔ abo no hyehyɛ mu.
Na nneɛma pii nti na kontonkurowifã a wosisi toatoaa so no ho hia. Ɛwɔ baabi a sɛ wɔto biribi ma ne sorokɔ kodu a, ɛsɛ sɛ wɔtew emu duru so, na sɛnea na wɔayɛ nkontonkurowifã no betumi ama ayɛ saa. Nanso na ɛsɛ sɛ Pont du Gard no nso yɛ twene wɔ asubɔnten bi so. Nea ɛbɛyɛ na agyina ɔhweam a ano yɛ den ano no, wɔn a wosii no yɛɛ twene no a ɛkɔntɔn no kakraa.
Ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔn ani gye twene no ho nyinaa na na wɔpɛ de, nanso wɔyɛɛ sɛnea egyina hɔ no mu nsakrae bi akyiri yi. Wɔpaapae akwan totoo emu adum apipiripi no mu na ama nteaseɛnam a apɔnkɔ twe atumi afa mu, na wɔ afeha 18 no mu no, wɔtrɛw ɔsan a edi kan no mu. Afeha akyi no, Ɔhempɔn Napoleon III a na ɔpɛ sɛ ɔkora nneɛma a na ɛwɔ hɔ ansa na ɔreba so, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛkora saa beae hɔ so no ma wɔyɛɛ adwuma a ɛho hia no de siesiee twene no.
Nnipa bɛboro ɔpepem abien kɔsra hɔ afe biara. Ɛho anigye a nnipa pii wɔ sɛɛ no de Pont du Gard no aba asiane mu, na wɔreyɛ nnwuma ahorow bi de abɔ ho ban. Ɛmfa ho sɛ dɛn na ɛbɛba twene yi so daakye no, ɛda adi sɛ adwuma a wɔyɛ no yiye no tumi tra hɔ kyɛ.