Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 4/8 kr. 25-27
  • Mɛyɛ Dɛn Asiesie Me ho Ama Adwumayɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Asiesie Me ho Ama Adwumayɛ?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwumayɛ ho Adwene a Ɛkari Pɛ
  • Paw Adesua a Ɛfata
  • Bere a Nneɛma a Wubetumi Apaw no Sua
  • Nneɛma a Wɔde Bɔ Afɔre
  • Mɛyɛ Dɛn Apaw Adwuma A Mɛyɛ?
    Nyan!—1985
  • Nya Nea Eye Sen Biara Fi Sukuu Mu
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • So Ɛsɛ Sɛ Meyɛ Adwuma Bere a Merekɔ Sukuu No?
    Nyan!—1991
  • Awofo—Dɛn Na Mopɛ Sɛ Mo Mma Yɛ Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 4/8 kr. 25-27

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Mɛyɛ Dɛn Asiesie Me ho Ama Adwumayɛ?

“METE ehu ne anigye nka bere koro no ara mu!” Saa na Maureen a wadi mfe 16 no kae bere a wobisaa no sɛnea ɔte nka wɔ adwuma a ɔbɛyɛ daakye no ho no. Ɛyɛ ne kwan so sɛ anyɛ yiye koraa no, wobɛte ehu kakra nka bere a wudwen ho sɛ da bi wobɛhwehwɛ adwuma no—sɛ worehwɛ ɛno kwan mpo a. Bere tiaa bi ansa na René a onnyinii no rebewie sukuu no, ɔkae sɛ: “Bere a sukuu ayɛ wo so adesoa mfe 12 akyi no, adwumayɛ bɛyɛ anigye.”

Ɛmfa ho sɛnea wote nka no, ebia da koro bi wobɛyɛ odwumayeni. Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho ama saa da no? Sukuu kɔ ma wunya hokwan a wode besua su pa ahorow, te sɛ bere so di. Bio nso, mmofra a wɔda so kɔ sukuu no betumi anya osuahu denam nnwuma a wɔde wɔn bere fã bɛyɛ no so. Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na woasiesie wo ho yiye ama adwumayɛ no, ehia titiriw sɛ wususuw nneɛma ahorow a wopaw sɛ wubesua wɔ sukuu no ho anibere so.

Adwumayɛ ho Adwene a Ɛkari Pɛ

Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wuhu nea wohwehwɛ afi adwuma bi yɛ mu. Mmofra bi nsusuw biribi foforo biara ho ka akatua dodow a obegye no ho. Ɛyɛ ampa sɛ “sika ma ahobammɔ” na ɛho hia wɔ asetra mu. (Ɔsɛnkafo 7:12, New World Translation) Nanso nea Bible no ka sɛ “ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ” no yɛ nokware. (Luka 12:15) Wɔ nhoma Yes—I Can!, a Barkai, Barkai, ne Yeo kyerɛwee no mu no, akyerɛwfo no de afotu yi ma sɛ: ‘Nhwe akatua pii a wɔhwehwɛ ho afiri no mu.’ Wɔde ka ho sɛ: “Adwuma no ho anigye a wubenya no nso ho hia te sɛ wo daakye anigye ara pɛ.” Enti Paulo a wadi mfe dunson no daa nneɛma a ɔkari no pɛ adi bere a ɔkae sɛ: “Nea mepɛ ara ne sɛ menya sika a ɛfata na manya nea meyɛ no mu anigye nso.

Nanso, sɛ woyɛ Kristoni a, nneɛma afoforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho. Adwuma a ne yɛ yɛ dɛ na ɛyɛ den sen biara no mpo rentumi nni wo honhom fam ahiade ho dwuma. “Nnipa nyinaa asɛde” ne sɛ ‘wobesuro nokware Nyankopɔn no na wɔadi ne mmara nsɛm so.’ (Ɔsɛnkafo 12:13) Esiane sɛ Onyankopɔn ahyɛde ma Kristofo ne sɛ ‘wɔbɛyɛ asuafo’ nti, Yehowa Adansefo mmofra pii yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo anaa bere nyinaa asɛmpakafo sɛ wɔn asetram adwuma. (Mateo 28:19, 20) South Afrikani abeawa bi a wɔfrɛ no Shulamite yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Na ose onya “akomatɔyam pii sɛ ɔboa afoforo ma wodi wɔn honhom fam ahiade ho dwuma.”

Ebia wo nso wopɛ sɛ woyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no bi. Anaasɛ ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma de hwɛ wo ho nso. Ebia da bi bɛba a wubehia sɛ wohwɛ abusua mpo. Anaasɛ ebia nsɛm tebea remma wunnya hokwan nyɛ ɔkwampaefo, na ebia ɛho behia sɛ wohwehwɛ adwuma a wode wo bere nyinaa bɛyɛ. Wɔ ebiara mu no, so worempɛ sɛ wunya adwuma a ɛbɛma wo kwan ma woanya Onyankopɔn som mu kyɛfa sɛnea wubetumi? Pii begyina nea wopaw sɛ wubesua wɔ sukuu no so.

Paw Adesua a Ɛfata

Wɔ aman bi mu no, abofra betumi apaw sɛ obesua nhoma, aguadi, mfiridwuma, anaa nsaanodwuma. Ɛtaa yɛ nea nyansa wom sɛ wubesusuw nnwuma a ɛwɔ faako a wowɔ no ho. Bere koro no ara mu no, wubetumi ahwehwɛ wo dom akyɛde ne nneɛma a w’ani gye ho no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nneɛma a w’ani gye ho na wobɔ mmɔden wom a wobɛhyehyɛ ne nyinaa no so. So ɛyɛ akontaa? Kɔmputa ho adwuma? Kar ho adwuma? Fa nneɛma a w’ani gye ne yɛ ho na woyɛ de di agoru no ka ho. Anyɛ yiye koraa no, eyi bɛma woanya adwuma ko a ebia wubetumi ayɛ no yiye sen biara ne adesua ko a ɛbɛma woatumi adu saa botae no ho no ho adwene bi. W’awofo anaa mpanyimfo afoforo a wɔn ho akokwaw a wo ne wɔn bɛka ho asɛm no nso betumi aboa wo ma woahwehwɛ nneɛma a wutumi yɛ ne nea w’ani gye ho no mu ɔkwan a ɛfata so.—Fa toto Mmebusɛm 15:22 ho.

Sɛ nhwɛso no, so woyɛ obi a otumi ne afoforo bɔ? Ɛnde ebia wobɛpɛ sɛ wususuw adesua ahorow a ɛbɛma woanya adwuma sɛ adetɔnfo anaa nnwuma afoforo a ɛhwehwɛ sɛ wɔne nkurɔfo di nkitaho pii no ho. Anaasɛ, sɛ wobɔ mmɔden wɔ nnwuma a wɔde nsa yɛ mu a, ebia wobɛpɛ sɛ wusua nsaanodwuma. Nea ɛte biara no, bere nyinaa asɛmpakafo pii de nnwuma a wofii ase suae wɔ ntoaso sukuu no na ɛhwɛ wɔn ho. Ebinom de wɔn bere fã yɛ nnwuma sɛ adansifo, mfiri asiesiefo, dua adwumfo, wɔn a wɔyɛ nneɛma wɔ fie tɔn, wɔn a wɔbɔ kɔmputa, ne akyerɛwfo.

Wɔ Damaris a ɔyɛ ababaa kumaa bi a ofi Colombia wɔ Amerika Kesee Fam no fam no, type bɔ ne sikasɛm ho kyerɛwtohɔ yɛ a osuae no ho baa mfaso. Onyaa ɔkyerɛwfo adwuma bi a ɔde da no fa yɛ na ɛboaa no wɔ n’asɛmpaka adwuma no mu. Kristofo binom atumi de nnwuma te sɛ ɔdan mu aprapra ne asiesie, asase ani siesie, ne nea ɛtete saa a wɔyɛ no ahwɛ wɔn ho.

Bere a Nneɛma a Wubetumi Apaw no Sua

Nanso, ɛnyɛ sukuu ahorow nyinaa na wɔde adwuma ho ntetee a ɛfata ma; ebinom mpo nkyerɛ asuafo no akenkan ne akyerɛw. Wɔ mmeae bi no, ebia ɛho behia sɛ wosua ade pii ka ho ansa na wɔanya adwuma biara. Wɔ tebea horow a ɛtete saa mu no, wubetumi ahwehwɛ mu sɛ so nhyehyɛe bi wɔ hɔ a wɔnam so gye obi wɔ adwuma bi mu na wɔakyerɛ no adwuma wɔ adwumam hɔ wɔ faako a wowɔ no anaa? Ade foforo nso a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛkɔ sukuu bere tiaa bi de asua adwuma bi a wubetumi anya ho adwuma ayɛ. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ ebinom de wɔn ho ahyɛ ntetee a ɛte sɛɛ no mu bere a wɔda so ara yɛ bere nyinaa asɛmpakafo.

Ebia mmofra a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no behu sɛ nneɛma a wobetumi apaw sɛ wobesua wɔ sukuu no sua koraa. Na hwee nni hɔ a Katiti, aberantewa bi a ofi Afrika kesee fam akuraase kurow bi mu no betumi ayɛ sen sɛ obesua Latin, akontaa, ne abɔde ho nyansahu bi, ɛwom sɛ na adesua a ɛte saa no ho nni mfaso ahe biara wɔ faako a ɔwɔ. Nanso, Katiti tumi nyaa adwuma. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam nea wasua no a ɔde dii dwuma ma ɛne ne hɔnom tebea hyiae no so. Bere a Katiti wiee sukuu no, ɔnam nnuadewa a odua na ɔtɔn, dukuu ne kyɛw a ɔnwene tɔn, ne nnuru a ɔtɔn wɔ nkuraase mpo no so hwɛɛ ne ho. Esiane sɛ na wasua akwan a wɔfa so di nkitaho a ohia no afi sukuu nti, otumi yɛɛ nnwuma a egu ahorow yi nyinaa ɔkwan a etu mpɔn so.

Nhoma Choosing Your Career and Your Higher Education no se sɛnea obi tumi “di nkitaho, te asɛm ase na ɔma wɔte n’ase no ho hia yiye” wɔ adwumayɛbea nnwuma ahorow pii, sɛ ɛyɛ mfiridwuma, aguadi, anaa nhomasua ho adwuma no hia nkitahodi. Enti sɛ sukuu a wokɔ no nkyerɛ adwuma pɔtee bi koraa mpo a, yere wo ho ma wo ho nkokwaw wɔ akyerɛw, ɔkasa, ne asɛntie mu. Adwene a obi a ebia obegye wo wɔ n’adwumam benya wɔ wo ho no begyina sɛnea wutumi di nkitaho no so titiriw; ebia ɛno mpo na ɛbɛma wo nsa aka adwuma a wohwehwɛ no. Yehowa Adansefo mmofra pii ho akokwaw wɔ nkitahodi mu denam wɔn ho a wɔde hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ Kristofo asafo no mu no so.

Nneɛma a Wɔde Bɔ Afɔre

Nhoma Your Child At School ka sɛ: “Wɔammɔ yɛn nyinaa pɛ.” Mmofra bi pɛ mfiri ho adwuma, na afoforo akyɛde ne nhomasua. Afoforo nso wɔ ɔdom akyɛde wɔ nneɛma te sɛ nnwom, adwini, anaa agumadi mu. Adwini a wodi anaasɛ nnwom a wɔkyerɛ de hwɛ ho no yɛ ade biako, nanso mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya wɔn ho na wɔagye din wɔ nnwuma yi mu no betumi ayɛ asiane ama Kristoni. Bio nso, esiane sɛ nnwuma a ɛtete saa no remma wunnya bere pii mma Kristofo dwumadi ahorow, te sɛ nhyiam ne asɛnka kɔ nti, so ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wode mfe pii besua ho ade na woanya ahokokwaw a wuhia na ama woatumi adi yiye wɔ mu no?—1 Korintofo 7:29.

Ɔdansefo kumaa bi a wɔfrɛ no Philip bɔɔ mmɔden sɛ obenya nkɔanim wɔ tennis a na onim bɔ no mu. Philip ka sɛ: “Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ mepaw Kristosom anaa tennis. Na merentumi nnya bere mma nneɛma abien no nyinaa. Misii gyinae sɛ megyae tennis bɔ, na ɛwom sɛ na ɛyɛ den saa bere no de, nanso minnuu me ho sɛ meyɛɛ saa ɛ.”

Ɔsomafo Paulo sii gyinae bi a ɛte saa ara. Ɛwom sɛ osuaa mmara de, nanso ɔpaw sɛ ɔbɛyɛ Kristofo som adwuma no, na ɔyɛɛ ntamadan de hwɛɛ ne ho. (Asomafo no Nnwuma 18:3; 22:3) Nanso Paulo annu ne ho wɔ nea ɔpawee no ho. Ɔkae sɛ: “Nneɛma a anka ɛyɛ me mfaso no, Kristo nti mibuu no adehwere. . . . Mehweree nneɛma no nyinaa na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso.”—Filipifo 3:7, 8.

Ebia wobɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wopaw nneɛma a ɛte saa. Sɛ anka wobɛma wo ho akokwaw wɔ nhomasua, nnwom, anaa adwini a wobɔ mmɔden wom mu mmom no, ebia wubesi gyinae sɛ wobɛma wo ho akokwaw wɔ honhom fam nneɛma a wutumi yɛ no mu. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wusua nsaanodwuma bi anaa adwuma bi a nnipa pii bu no sɛ ɛba fam. Ɛtɔ mmere bi a, abofra bi betumi asua nsaanodwuma bi denam n’awofo a ɔne wɔn bɛbom ayɛ adwuma so, na ebia wasua sɛ ɔbɛyɛ duadwumfo, nsu a wɔde fa ɔdorobɛn mu ho adwuma anaa adwuma bi a ɛte saa.

Ɛmfa ho sɛ dɛn gyinae na wusi wɔ eyi ho no, susuw wo daakye ho. Paw nneɛma a wubesua no nyansam, na fa ahwɛyiye yɛ saa. Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, wubetumi asiesie wo ho yiye ama adwumayɛ!

[Kratafa 26 mfonini]

Pii de nneɛma a wosuae wɔ sukuu no na ɛhwɛ wɔn ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena