Nya Nea Eye Sen Biara Fi Sukuu Mu
1 Eyi ne afe no mu bere a mmofra pii bisa sɛ: “So ɛbere aso sɛ mesan kɔ sukuu bio?” Ɛwom sɛ ebia nsɛnnennen ne dadwen ahorow bi wɔ sukuu a wɔbɛsan akɔ mu de, nanso mfaso pii wɔ hɔ a mmofra a wɔde wɔn hyɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nea eye sen biara afi nhomasua mu no nya.
2 Nhomasua kakra a ɛfata a obi benya no betumi ama wanya honhom fam nkɔso. Nea obi yɛ wɔ ne mmofraberem no nya nea obetumi ayɛ bere a wanyin no so tumi kɛse. Wɔ sukuukɔ mu mpo no, “nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.” (Gal. 6:7) Mmofra a wɔde nsi sua wɔn sukuu adesua ahorow no betumi anya nimdeɛ ahorow a ɛbɛma wɔn so aba mfaso ama Yehowa.
3 Nneɛma a obi bedi kan asusuw ho yiye ho hia na ama wapaw sukuu adesua ahorow a ɛfata. Ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wɔpaw nea ɛbɛma wɔanya ntetee pa na ama wɔadu honhom fam botae ahorow ho wɔ asetra mu. Sɛ mmofra nya nimdeɛ a etu mpɔn a, wobenya mfaso a ɛne sɛ wobetumi aboa wɔn ho wɔ akwampae adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ nhomasua kakra a wonya no boa wɔn ma woyi Yehowa ayɛ, ɛmfa ho baabi a wɔsom.
4 Mmofra, mommɔ mmɔden sɛ mubenya nea eye sen biara afi mo sukuu mfe no mu. Bere a moreyɛ saa no, momfa nyɛ mo adwene sɛ mode ɔsom kronn bɛtra ase wɔ anigye mu, sen sɛ mubedi wiase dibea akyi. Mommɔ mmɔden sɛ mode mo asetra bɛyɛ Yehowa apɛde. Saayɛ so na ebesi mo yiye, na ahyɛ Yehowa anuonyam.—Dw. 1:3.