Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 5/8 kr. 18-20
  • Na Sɛ M’awofo Mmoa Me Wɔ Me Gyidi Mu Ɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na Sɛ M’awofo Mmoa Me Wɔ Me Gyidi Mu Ɛ?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra Anokwafo wɔ Bible Mmere Hu
  • Mmoa a Wubenya Nnɛ
  • Hwehwɛ Mmoa Wɔ Fie
  • Ebetumi Asi Wo Yiye Ɛmfa Ho Sɛnea Wɔtetee Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Ɔhobrɛasefo Yosia Nyaa Yehowa Anim dom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yosia Nyaa Nnamfo Pa
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
  • Ná Yosia Ani Gye Onyankopɔn Mmara Ho
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 5/8 kr. 18-20

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Na Sɛ M’awofo Mmoa Me Wɔ Me Gyidi Mu Ɛ?

KRISTOFO mmofra pii wɔ awofo a wɔnnyɛ gyidifo. Abeawa bi a wadi mfe 12 ka sɛ: “Wɔ m’abusua mu no, me nkutoo na misua Bible. Na me maame pɛ sɛ migyae sua.” Afoforo wɔ awofo a wonni anim wɔ honhom fam nneɛma mu. Nsɛm tebea horow yi betumi ayɛ sɔhwɛ ankasa ama abofra a ofi koma nyinaa mu pɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn.

Mmɔden a obi bɔ sɛ ɔbɛyɛ Kristoni a n’awofo mmoa anaa nkuranhyɛ nka ho no yɛ den. Nanso wubetumi ayɛ! Nhwɛso ahorow pii, nea atwam ne mprempren de nyinaa kyerɛ saa.

Mmofra Anokwafo wɔ Bible Mmere Hu

Susuw nnipa baanu a wodi kan Adam ne Hawa babarima Habel ho. Na anka ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa de honhom mu mmoa a edi mũ ma wɔn mma. Nanso wɔtew atua na wobuu wɔn ani guu Yehowa so, gyaa wɔn mma no sɛ wɔn ankasa nhwehwɛ nea ehia wɔn wɔ nyamesom mu. Sɛ anka Habel werɛ bɛhow ne ho anaasɛ ɔbɛma honhom mu nneɛma a n’awofo ani nnye ho no abrɛ anisɔ a ɔwɔ ma akronkronne ase no, ɛda di sɛ osuaa Ɔbɔadeɛ no ho ade a obetumi biara. Yehowa ne Adam mmabarima Kain ne Habel dii nkitaho, Habel nyaa ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ na onyin bɛyɛɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi. “Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso sen Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ.”—Hebrifo 11:4; Genesis 4:2-15.

Yosia yɛ abofra a wannya awofo mmoa wɔ nyamesom mu no ho nhwɛso foforo. Wokum n’agya, Yuda Hene Amon, bere a Yosia adi mfe awotwe pɛ no. Bere a Ɔhene Amon te ase no “ɔyɛɛ [Yehowa] ani so bɔne sɛnea n’agya Manase yɛe no, na ahoni a n’agya Manase yɛe no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔre maa wɔn na ɔsom wɔn. . . . Na ɔno Amon maa asodi dɔɔso.” (2 Beresosɛm 33:22, 23) Enti, susuw honhom mu tebea bɔne a Amon ba Yosia nyinii wom no ho hwɛ.

Nanso, Yosia yɛɛ “nea ɛteɛ [Yehowa] ani so, na ɔnantew n’agya Dawid akwan so . . . Ofii ase hwehwɛɛ n’agya Dawid Nyankopɔn, na afe a ɛto so dumien so [bere a na wadi bɛyɛ mfe 20 no] ofii ase tew Yuda ne Yerusalem ho fii sorɔnsorɔnmmea ne Asera nnua ne osen ahoni ne gu ahoni no ho.”—2 Beresosɛm 34:2-4.

Ɛyɛɛ dɛn na Yosia nyaa ahoɔden a ɛte saa a agya biara mmoa nka ho? Onyaa mmoa fii mmarima a wɔyɛ honhom mufo afoforo, te sɛ ɔsɔfo panyin Hilkia ne ne kyerɛwfo Safan hɔ. Wɔn honhom mu nkɛntɛnso pa wɔ Yosia a na ɔyɛ abofra no so no boaa no ma ɔpɛe sɛ ‘odi mmara nsɛm no so.’ (2 Ahene 23:24; 2 Beresosɛm 34:14-19) Na saa Mmara no hwehwɛ sɛ ahemfo no hwɛ so na wɔkyerɛw bi fa na woasua awia ne anadwo. (Deuteronomium 17:18; Yosua 1:8) Akyinnye biara nni ho sɛ saa a Yosia yɛe no na ɛma onyinii wɔ honhom mu no.

Mmoa a Wubenya Nnɛ

Wo nso sɛ wunnya mmoa a wohwehwɛ afi w’awofo hɔ no mpo a, wubetumi anyin wɔ honhom mu. Wubetumi anya mmoa afi honhom mu anuanom mmarima ne mmea ne ɛnanom ne agyanom a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow mu no hɔ. (Marko 10:30) Ebia na mmofra a wɔn ani gye honhom mu nneɛma ho wɔ asafo no mu a wubetumi afa wɔn nnamfo. Anaasɛ ebia Adansefo a wɔyɛ mpanyimfo ani begye wo ho. Sɛ nhwɛso no, na asafo mu panyin biako to nsa frɛɛ abofra agyanka bi a onnii mfe aduonu a ne din de Jerry sɛ onkogya no ma ɔnkɔyɛ ofie Bible adesua bi. Wɔ adesua no akyi no, wɔtaa kodidi wɔ adidibea na wɔbɔ nkɔmmɔ. Jerry ka sɛ: “Ɔbɛyɛɛ sɛ me papa.” Ɛnnɛ Jerry aware na ɔsom sɛ asafo mu somfo. N’ani sɔ mmoa a saa ɔpanyin no de maa no no bere nyinaa.

So mpanyimfo no bi ahwehwɛ sɛ wɔboa wo wɔ ɔkwan bi so? Ɛnde dɛn nti na wompene so? Na sɛ obiara nyɛɛ saa a, di kan hwehwɛ wo ne afoforo ntam abusuabɔ pa. Ebia wubetumi akɔ mo asafo mu mpanyimfo no mu biako nkyɛn. Ebia na wohwehwɛ sɛ obi ne wo yɛ fie Bible adesua anaasɛ ɔboa wo ma wusiesie wo ho ma Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ahorow.a Anaasɛ ebia na wuhia abusua mu fekubɔ pa kɛkɛ. Ntease wom sɛ ebia wubesuro sɛ wobɛda w’ahiade adi wɔ saa kwan yi so. Nanso kae sɛ, wɔapaw asafo mu mpanyimfo no sɛ wɔmfa asafo no muni biara honhom mu ahiade ahorow mma no—a mmofra nso ka ho. (1 Petro 5:2) Wobetumi ayɛ mmoa ankasa.

Hwehwɛ Mmoa Wɔ Fie

Ɛnde, so eyi kyerɛ sɛ wuntumi nyɛ fie tebea no ho hwee anaa? Dabida. Fa abofra Joe sɛ nhwɛso. Ɔka honhom mu mmoa a n’awofo a wɔnyɛ gyidifo de ma no no ho asɛm sɛ “esua.” Nanso, Joe gye tom sɛ ebia n’ankasa nso ka ho bi na wɔmmmoa no no. Ɔkwan bɛn so? Ɛte sɛ nea bere a Joe fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, wammɔ mmɔden sɛ ɔde nea osuae no bedi dwuma wɔ n’ankasa asetra mu. Enti ɔkɔɔ so yɛɛ n’awofo so asoɔden. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔanhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔn ankasa sua Bible no, na wɔahyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so nsua Bible no.

Na wo nso ɛ? Sɛ w’awofo nyɛ gyidifo a, so wo nneyɛe ma wonya nea wobegyina so agye adi sɛ wohwehwɛ sɛ wosom Onyankopɔn ampa? Wɔka kyerɛ Kristofo ɔyerenom sɛ wɔmfa wɔn abrabɔ pa nya wɔn kununom. Sɛ woyɛ osetie na wokyerɛ obu pii ma w’awofo a, so ebia wubetumi anya wɔn “a ɔkasa nnim”? (1 Petro 3:1; Efesofo 6:1-3) Sɛ saa a, so wɔrempɛ sɛ wɔboa wo?

Nanso, sɛ w’awofo yɛ Kristofo na wɔnyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nyinaa de boa wo hyɛ wo nkuran nso ɛ? Nea enti a wɔyɛ saa biara no, wubetumi ayɛ pii de ama honhom mu tebea anya nkɔso wɔ mo fie hɔ denam nhwɛso pa a wobɛyɛ no so. (1 Timoteo 4:12) Sɛ bere a mode bɛkɔ Kristofo nhyiam horow du a, siesie wo ho sɛ wobɛkɔ. Fi wo pɛ mu yɛ abusua nnwuma no bi ka wo de ho na w’awofo nso awie ntɛm. Hena na onim? Ebia wɔn nso benya nhyiamkɔ ho anigye a wowɔ no bi.

So w’awofo ne wo reyɛ ofie Bible adesua dapɛn biara? Sɛ ɛnte saa a, dɛn nti na wonsrɛ wɔn bɔkɔɔ sɛ wɔnyɛ saa, ɛnyɛ ɔhaw anaasɛ anwiinwii kwan so. Sɛ moyɛ adesua no a, mma ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wobenya mmuae ahorow afi wo hɔ; siesie wo ho yiye na nya mu kyɛfa. Yɛ wo fam de na ma ɛnyɛ bere a ɛyɛ anigye. Da wɔn ase wɔ adesua no yɛ ho. Eyi betumi ama w’awofo anya nkuranhyɛ na wɔne wo ayɛ adesua no daa.

Na sɛ woannya wo mmɔdenbɔ no ho mmuae ahe biara nso ɛ? Mpa abaw. (Galatifo 6:9) Ka ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn ne Bible mu nokware no kyerɛ wɔn. Mmrɛ wo nnamyɛ anaasɛ ntoto hia a ehia sɛ woboa afoforo ma wosua Onyankopɔn ho ade no ase. Kɔ so ‘fa wo ho si wo gyidi kronkron no so na bɔ mpae honhom kronkron mu.’ (Yuda 20) Abofra bi a wɔfrɛ no Laverne reyɛ saa. Ose: “Masi gyinae sɛ meremma me papa nsiw me kwan wɔ nokware no a mesua ho. Enti m’ankasa misua Ɔwɛn Aban no mmom sen sɛ mɛhwɛ TV.b Mekenkan Bible kyerɛwsɛm biako anɔpa biara nso. Menam Kristofo anuanom mmarima ne mmea afoforo a me ne wɔn fi adi so tumi de me ho hyɛ asɛnka adwuma no mu.”

Da nsiyɛ a ɛte saa ara adi. Mma mmoa a wunnya wɔ fie no mmu w’abam. Kɔ so yɛ den wɔ wo gyidi horow no mu. Sɛ ebetumi a, wo ne w’atipɛnfo a wɔn ani gye honhom mu nneɛma ho ne mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no mmɔ. Nanso, sɛ wunya mmoa anaasɛ wunnya no, si wo bo sɛ wobɛma wo ne Onyankopɔn ntam adamfofa no atra hɔ. Wubetumi ahwɛ mmoa kwan afi ne hɔ.—Fa toto Dwom 119:116 ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no ho asɛm pii a, hwɛ “Ɔkwan Bɛn so na Kristofo Nhyiam Horow Bɛboa Me?” wɔ July 8, 1991, Awake! mu.

b Ɔwɛn Aban no yɛ nsɛmma nhoma a ɛka Nyan! ho. Sɛ wokyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi a, wo nsa betumi aka bi.

[Kratafa 19 mfonini]

Asafo no mufo a wɔn ho akokwaw nam wo ho anigye a wobɛkyerɛ no so betumi aboa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena