Chile Adeyɛ Bi Kanyan Kristofo Dɔ
Efi Chile Nyan! kyerɛwfo hɔ
CHILE KUSUU FAM Atacama Anhweatam a ɛyɛ asase kɛse a ɛkɔ akyiri a obiara nte so no ama agye din. Esiane osu a ɛntaa ntɔ nti wobu nea nnipa pii frɛ no obosu no sɛ osu wɔ beae a nnipa nni hɔ pii a ɛda Pasifik Po ne Andes Mmepɔw no ntam yi. Wim tebea horow yi nti, wonsiesiee afie pii mmaa osu a ɛbɛtɔ ɛ, na sɛ osu tɔ pɛnkoro bi mpo—ebia pɛnkoro wɔ mfe anum mu—a, nnipa pii nhwɛ sɛ wɔn dan nwini kosi sɛ osu no bɛtɔ ansa. Ebia nokwasɛm yi na egyee nnipa pii nkwa wɔ Antofagasta, kurow a emufo dodow yɛ 250,000 no.
Dwoda anadwo, June 17, 1991 no, na nnipa pii resiesie wɔn ho akɔda na osu kɛse bi fii ase tɔe. Na afie pii atifi nwini, enti sɛ anka nnipa no bɛdeda no, na wosiesie mmeae a enwini no—wɔanhwɛ kwan sɛ wɔ nnɔnhwerew kakraa mu no biribi a ennye koraa besi.
Ahemadakye no, mmepɔw a adwiriw mu dontori akɛse abiɛsa de dɔte nkaribo tɔn ɔpepem pii a ne mmirika ano den yɛ kilomita 30 dɔnhwerew biara kunkum nnipa bɛyɛ 85, pirapiraa bɛyɛ 700, na ɛsɛee afie bɛyɛ 30,000!
Amanehunu wɔ Dontori Pii Mu
Yehowa Adansefo asafo ahorow du na ɛwɔ Antofagasta na emufo bɛyɛ 1,400, enti na wosusuw wɔn yiyedi ho ankasa. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ wɔn mu biara anwu, ɛwom sɛ onuawa bi a dontori twee no kɔɔ bɛyɛ kilomita abiɛsa no pirae yiye de. Bere a wɔn a wɔhwehwɛ apirafo no huu no no, wosusuwii sɛ wawu kosii sɛ ɔyarehwɛfo bi hui sɛ ɔrehome, na bere a ɔbɛnee no no, ɔtee sɛ ɔrefrɛ “Jehová, Jehová.” Na wamene dontori pii, enti wɔde no kɔɔ ayaresabea ntɛm na ammɔ no yare.
Wɔ Oriente Asafo mu no, mmusua no mu ɔha mu nkyem 70 hweree wɔn afie anaasɛ ɛsɛee kɛse. Mmusua afoforo a wɔwɔ Costanera ne Corvallis Asafo ahorow mu no nso afie sɛesɛee pii, efisɛ wɔ mmeae bi no na dontori no sorokɔ duu adan atifi anaasɛ ɛkɔɔ afie no mu na ɛhyɛn adan mu a ne sorokɔ bɛyɛ mita 1.5. Wɔ ofi bi mu no dontori no maa ɛna bi ne ne mma nketewaa baanu mpa a na wɔda so no so, a na dontori no rema wɔn so nkakrankakra akɔpem nsɛmso no; ɔbea no papa tumi faa nea wɔde akuru dan no so no mu yii wɔn. Afoforo a na wɔwɔ mmeae a ɛnyɛ asiane pii no susuwii sɛ awiei no abɛn, bere a wɔtee mmepɔw a adwiriw no nnyigyei denneennen, ne sɛnea ɛsɛee biribiara a ɛwɔ ne kwan mu ne nteɛteɛm wɔ anadwo awɔw no mu no.
Biribi a Ɛsom Bo Sen Ahode
Ɛwom sɛ Adansefo no hweree wɔn ahode pii de, nanso wɔada honhom pa adi. Ɔdansefo biako kaa sɛnea wɔ ne honam fam nneɛma pii a ɔhweree nyinaa akyi no, ɔda anigye honhom adi ma ne nnamfo ne mfɛfo adwumayɛfo ho dwiriw wɔn no ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔhyehyɛ honam fam nneɛma te sɛ nkyerɛwde ahorow no sɛnea emu biara ho hia no a, anka ɛno na ɛbɛyɛ nkyerɛwde y. Na n’ani agye sɛ ɔne n’abusua no nyinaa fii mu kae na wɔte ase.
Ɛnã foforo bi a ɔne ne mmabea ntam tetewee, na ɛkaa kakraa ma anka ɔrehwere wɔn mu baanu ne n’ankasa nkwa no, bɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii sɛ, sɛ otumi ba nkwa mu ntɛm wɔ owusɔre no mu a, ɔbɛpɛ sɛ ɔnoa nnuan bere a afoforo no resiesie asase no so no! Wanwu, na wususuw sɛ ɛhe na wɔma ɔyɛɛ adwuma wɔ nna a edi mmepɔw a edwiriw no akyi no mu? Yiw, wɔ Adansefo no mukaase a wosii de noaa nnuan maa Yehowa Adansefo ne wɔn hɔnom mmusua a wɔahwere wɔn afie no!
Kristofo Dɔ Reyɛ Adwuma
Calama ne Iquique Adansefo a wɔwɔ ɔdɔ no yɛɛ nhyehyɛe de bodobodo, nsu, ntade, ne nneɛma afoforo a ɛho hia kɔɔ Antofagasta. Watch Tower Society baa dwumadibea no nso yɛɛ mmoa ho nhyehyɛe na ankyɛ na wofii ase de ntade, kuntu, mpa, mukaase nneɛma, aduan, ne nneɛma afoforo bae. Hwɛ sɛnea na ɛka koma sɛ nneɛma a wɔde mae no mu pii wɔ hɔ a na ɛnyɛ dedaw na mmom nea wɔatɔ no foforo! Ankyɛ na Asafo ti no lɔre abien ne nea ɛto so abiɛsa a efi Rancagua sii kwan so kɔɔ Antofagasta, bɛyɛ kilomita 1,400 wɔ kusuu fam a nneɛma bɛyɛ nkaribo tɔn 14 wom. Ɛwom sɛ wɔde nkra kɔe sɛ wɔmmfa nneɛma no mma bio de, nanso ɛkɔɔ so bae. Enti, na ɛsɛ sɛ wɔhae lɔre foforo na ɛde nkaribo tɔn 16 bio kɔ! Wofi ayamye mu maa ɛhɔfo a wɔnyɛ Adansefo no nneɛma yi bi.
Ɛwom sɛ na Adansefo abusua bi fie wɔ beae a nneɛma sɛee wɔ hɔ pii no de, nanso ansɛe. Ntɛm ara wɔkyerɛɛ wɔn yɔnkodɔ, gyee Adansefo mmusua 9 baa wɔn fie ne afei ɛhɔfo 70 a wɔnyɛ Adansefo, a wɔn mu pii bae no na dontori wɔ wɔn ho nyinaa a wɔnhyɛ ntade. Adansefo no kyekyɛɛ ntade ne kuntu a wɔwɔ no nyinaa maa wɔn.
Wɔn mu pii de wɔn bere, nneɛma, ne ahoɔden boae. Ɛwom sɛ ayɛ awerɛhosɛm kɛse ama Chile de, nanso Yehowa nkoa ada wɔn biakoyɛ ne onuadɔ adi bio, na wɔde sika ntoboa fi Texas wɔ United States tɔnn mpo manae. Obi kaa adapɛn abien mmoa a wɔde mae wɔ Antofagasta no ho asɛm tiawa sɛ: “Yɛnyɛɛ nnafua 13 nhyiam, a drama a ɛresi ankasa pii, ɔdɔ a wɔda no adi pii, na pii de wɔn ho ma wom saa da sɛnea ɛdaa adi wɔ nna a atwam yi mu no.”