“Armero Ayera Wɔ Asase Mfonini So!”
Efi Colombia “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
NÁ ADE asan akye Colombiafo bio. Ná ɛyɛ Yawda, November 14, 1985. Mibuee me radio sɛ meretie nsɛm a wɔrebɛka anɔpa no. Ná ɛyɛ den ma me sɛ megye adi bere a nsɛm ho amanneɛbɔfo no teɛɛm sɛ: “Armero ayera wɔ asase mfonini so! . . . Atɛkyɛ amene Chinchina kurow no fã!” no.
Mannye anni bere a amanneɛbɔ no kɔɔ so no. Ná atɛkyɛ, nsukyenee, ne dɔte a efi ogya bepɔw bi mu apopa Armero, kurow a wodua asaawa ne ɔmo wɔ hɔ a emufo bɛyɛ 28,000 a ɛwɔ akwansin 55 wɔ Bogotá kusuu fam atɔe fam afi asase mfonini so. Wobuu akontaa sɛ nnipa a wowuwui ne wɔn a wɔyerae boro 21,000. Nneɛma pii ansɛe wɔ Chinchina a wodua kɔfe wɔ hɔ titiriw a ɛwɔ bepɔw no akyi no na nnipa bɛyɛ 2,000 na wowuwui. Nanso dɛn na ɛmaa nneɛma sɛee pasaa yi?
Nevado del Ruiz Atifi Pae
Wɔ anadwo a etwaam no mu wɔ bɛyɛ nnɔnkron no, ogya bepɔw a sukyerɛma wɔ atifi, Nevado del Ruiz a ne sorokɔ yɛ anammɔn 17,550 no paee wɔ ne kusuu apuei fam na ɛtow nsõ pii petee. Nea ɛka eyi ho no, ɔhyew kɛse a efi ogya bepɔw no mu no nanee sukyerɛma a ɛwɔ n’atifi no mu fã kɛse. Esiane eyi nti, ɛmaa nsuten a emu tew dan nea sen a ɛsen no ano yɛ den a atɛkyɛ ne nsukyenee a ɛrenan ayɛ mu ma. Atɛkyɛ yi mu fã kɛse koguu Asubɔnten Lagunilla mu na ɛsen kɔɔ kesee fam na etutuu nnua nea abotan bere a na ɛresen ntɛmntɛm atwa akwansin 32 akɔ Armero no.
Wɔ bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, atɛkyɛ a ne sorokɔ bɛyɛ sɛ anammɔn 40 (amanneɛbɔ biako ka sɛ ɛboro anammɔn 90) tene faa ɔbon no mu na ɛtrɛwee te sɛ ɔprae kɛse bi. Ɛmenee Armero a na ɛwɔ ne kwan mu tee no. Afie kakraa bi a na ɛwɔ nkoko so no na ammene no.
Wɔanhyɛ Da Amfa Kɔkɔbɔ Amma
Me ne wɔn a wonyaa nkwa no mu pii a wɔkae sɛ sulfur na ɛwɔ mframa mu Wukuda awia no ano yɛ den no kasae. Bɛyɛ nnɔnnan no, nsõ a efi soro fii ase tɔ guu kurow no mu. Nanso eyi amma wɔn koma antu kɛse, efisɛ bɛyɛ afe biako na ogya bepɔw no yɛ saa.
Jorge Castilla a ofi Bogotá nanso na ɔwɔ Armero saa Wukuda no awia ka kyerɛɛ me sɛ obi fi asɔre asɛnka agua so ka kyerɛɛ kurow no mufo sɛ wɔmmma wɔn koma nntu, wɔntra wɔn afie mu, na wɔmfa dukuu a afɔw nkata wɔn anim. Sɛnea asɔre no mufo bɔɔ amanneɛ no, na onii no yɛ Boayikuw a ɛhwɛ ɔmanfo ahobammɔ ho nsɛm so no muni. Wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔkɔɔ Mass anwummere no sɛ wonnsuro.
Bɛyɛ nnɔnson ne fã no, osu kɛse bi fii ase tɔe na afei egyaee mpofirim—na anhwea a ɛyɛ fɛ na ɛyɛ hyew a efi soro tɔ guu adan atifi ne mmorɔn so wɔ ɛno akyi. Ná eyi yɛ ade foforo. Nnipa pii koma tui. Nnipa kakraa bi totoo wɔn adan mu na woguan kɔɔ mmepɔw so. Wɔn mu fã kɛse no ara traa kurow no mu.
Wɔ bere bi akyi no, wofi mmepɔw so nam radio so de amanneɛbɔ ahorow kɔɔ Armero de kɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ogya bepɔw no fã apae kɛse na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Armero fi kurow no mu. Wɔ 10:13 p.m. mu no, Armero dikro, Ramón Antonio Rodríguez gyaee nkɔmmɔ a ɔne Red Cross nanmusini bi bɔ no mpofirim na ɔteɛɛm sɛ, “Nsu no adu ha!” Na ɛde dɔnhwerew biako ne simma dunnum na atwa akwansin 32!
“Ogya Bepɔw No Reba!”
Wɔn a wonyaa nkwa kaa asɛm koro no ara kyerɛɛ me. Anhwea a efi soro a ebeguu adan atifi no maa wɔn mu binom nyanee. Afoforo nso tee dede ne nteɛteɛm wɔ wɔn afikyiri. Wɔde ahopere nyan wɔn mma ne wɔn mmusua mufo. Nkanea dunnumii mpofirim. Na nkurɔfo repempem apon bere a wɔreteɛteɛm sɛ, “Lagunilla reba! Monguan! Monguan! Nsu no ato yɛn! Ogya bepɔw no reba! no.
Nnipa mpempem pii tuu mmirika fii wɔn afi mu. Kar, motor, ne lɔre ahorow tuu mmirika faa mmorɔn so, ɛbɔɔ wɔn mmɛn na etwiw faa nnipa a wɔnam wɔn kwan mu no so. Ekunkum nnipa pii ansa na atɛkyɛ no retene adu hɔ. Ná ɛyɛ basabasayɛ kɛse.
Wɔ sum no mu no, atɛkyɛ a ɛretene ba no yɛɛ dede kɛse. Sɛnea Jorge Castilla a ɔyɛ nsrahwɛfo a ofi Bogotá kyerɛ no, egyigyei sɛ wimhyɛn akɛse abien a ɛnam fam. Atɛkyɛ no kataa nsubɔnten ahorow kɔn so, ɛmemenee adan na ɛtene faa kurow no mfinimfini. Ɛmemenee adan, asɔre adan, aguadidan ne adan afoforo. Atɛkyɛ no tene faa mmofra a wɔn awofo turu wɔn no, na ɛmenee wɔn anaasɛ ekunkum wɔn.
“Afei Yɛrebewu Ampa!”
Atɛkyɛ no menee Obdulia Arce Murillo a ɔwɔ mma baakron a ɔka Yehowa Adansefo a wɔwɔ Armero ho no koraa—nanso wanwu na otumi kaa n’asɛm kyerɛe. Ɔka sɛ: “Me ne me mma guan kɔɔ borɔn no so na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛforo petrol lɔre bi. Afei nsu no bae. Metow me ho hwee fam. Na nsu no rekɔ soro kɛse . . . ɛworoe mpɛn pii. Meteɛm sɛ, ‘Yehowa! Yehowa! Afei yɛrebewu ampa! Awiei no adu!’ Afei na nnua pii nam nsu no mu reba. Biako bɔɔ me wɔ me benkum so, na saa bere no na me babea ketewaa no fii me nsa.
“Mekɔkaa dua bi ne anyinam ahoɔden nkanea nhama bi mu. Afei me mmabea no mu biako a na waforo akɔtra kɔfe nkotoku bi so no teɛteɛm sɛ, ‘Kotow!’ Bere a me kotowee no, metee nka te sɛ nea keteke bi nam me so. Ná ɛyɛ atɛkyɛ no. Na mintumi nhu ade bio efisɛ na atɛkyɛ no amene me. Ɛmenee me koraa.
“Metee sɛnea atɛkyɛ a ɛretwe me akɔ no ano den te. Mebɔɔ mmɔden sɛ meteɛm na atɛkyɛ kɔɔ m’anom. Ná me menewam resiw. . . . Meperee wom kosii sɛ awiei koraa no, mitumi yii me ti fii atɛkyɛ no mu. Mede me nsa yiyii atɛkyɛ no fii m’anom ahoɔden sɔ araa ma misusuwii sɛ mɛtiti m’anim. Ná migye di sɛ atɛkyɛ no bɛmene me nanso awiei koraa no, na mitumi home na meteɛɛm. Hwɛ ahotɔ ara a minyae sɛ mitumi yii m’anim fii atɛkyɛ no mu!” Nanso bɛyɛ nnɔnhwerew pii ansa na awiei koraa no, wogyee no nkwa.
Ɔdansefo foforo a wɔfrɛ Elena de Valdez ne n’abusua guan kɔɔ bepɔw so wɔ kurow no akyi. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Bere a yeduu bepɔw no ase pɛ na yɛtee nkurɔfo a wɔaka atɛkyɛ no mu nteɛteɛm ne wɔn su wɔ yɛn akyi. Wɔ bere tiaa bi mu no, afoforo beduu hɔ a atɛkyɛ ayɛ wɔn ho nyinaa. Na yetumi te dede kɛse a saa “ade” no yɛ no. Ná egyigye wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Na nnipa no resu: ‘Mommoa yɛn! Mommoa yɛn! Munnye yɛn nkwa! Mommma yennwuwu!”
Awiei koraa no, ne nyinaa gyaee. Ɛhɔ yɛɛ komm na na ɛhɔ ayɛ sum kabii. Jorge Castilla a hwee anyɛ no a na ɔwɔ afuw bi mu wɔ Armero kurotia no kae sɛ na otumi te nka sɛ “nnipa pii awuwu anadwo no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔn a wonyaa nkwa—mpanyimfo ne mmofra—repue afi atɛkyɛ no mu a wɔn mu pii apirapira. Na wɔte sɛ nnipa a wɔabɔ daagye. Na wɔhwɛ wo haa. Ná wobisa nsu nkutoo akyi kwan. Ná ɛyɛ hu!”
Saa bere no nyinaa na Obdulia Arce a atɛkyɛ no amene no no da so ara repere sɛ ɔremma ne ti nkɔ mu. Wɔ ɔno ne nnipa afoforo mpempem pii a wonyaa nkwa fam no, wɔbɛkae saa anadwo no sɛ ɛne nea ɛware sen biara wɔ wɔn nkwa bere nyinaa mu.
Afunu a Atɛkyɛ Ayɛ Ho Nyinaa
Bere a ade kyee no, obi a ɔde nnuru gugu afuw mu nneɛma so kɔhwɛɛ mfuw a wɔaduadua nnɔbae wom a ɛwɔ obon no mu no. Na ɛyɛ den ma no sɛ obegye nea ohui no adi. Na atɛkyɛ a ani yɛ nsõnso a mmoa ne nnipa nyinaa afunu ɔhaha pii tetɛn ani wɔ bepɔw no nkyɛn pɛɛ wɔ faako a anka Armero wɔ no. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Na kurow no te sɛ mpoano kɛse bi a afie kakraa bi nkutoo na ɛda so ara sisi hɔ. Na wutumi hu nnipa wɔ nnua, afasu so ne mmepɔw no nkyɛn.”
Wɔ atɛkyɛ no ano no, nnipa a na wɔrebeyi wɔn a wɔanwuwu no huu wɔn te sɛ afunu a atɛkyɛ nsõnso ayeyɛ wɔn bo a wɔn ani so biri wɔn a wɔnenam hɔ a wɔrehwehwɛ wɔn adɔfo. Na abasamtu ama mmofra ne mpanyimfo nyinaa resu na na ɛnanom reteɛteɛm a wɔrehwehwɛ wɔn mma. Na afoforo a afei na wɔatumi apue afi atɛkyɛ no mu no gyinagyina hɔ te sɛ ahoni a wɔhyehyɛ wɔn twakoto nkutoo. Na atɛkyɛ a ɛretene no ano den ama ebinom ntade a wɔhyɛ de da no atetew pasaa. Afoforo nso huu amane kɛse.
Na wotumi hu wɔn a wɔanwuwu a atɛkyɛ no amene wɔn adu wɔn kɔn a wɔresu ahwehwɛ mmoa a wontumi nkeka wɔn ho no. Na nnipa a wogyina atɛkyɛ no ano rebɔ mmɔden kɛse sɛ wobetumi adu wɔn a wɔbɛn wɔn no nkyɛn. Esiane ntaabo a wɔde dii dwuma nti, wotumi gyee wɔn mu kakraa bi nkwa. Ebinom kɔɔ atɛkyɛ no mu nanso na ɛsɛ sɛ wɔsan wɔn akyi, efisɛ efii ase menee wɔn. Obi bɔɔ mmɔden sɛ ɔde tractor bɛkɔ mu akɔboa. Bere a watwa baasafa abiɛsa no, atɛkyɛ no menee tractor no!
Obdulia Arce ani gyee ɔhyew a na ɛwɔ atɛkyɛ no mu no ho, efisɛ anadwo no na awɔw wom. Anadwo no, ɔkɔɔ so dae na onyanee a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛhome bere a n’anim tɔɔ atɛkyɛ no mu no. Ade kyee, nanso obiara anhu no.
“Wɔmomoa Nso So Kɔɔ Soro Wɔ Mmeae Ahorow a Na Wɔnhwɛ Kwan”
Wofi koma nyinaa mu yɛɛ ho biribi wɔ ɔman no mu nyinaa. Wɔboaboaa ahyehyɛde ahorow ne nnipa ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mmoa bɛma. Wɔde asraafo, polisifo ne akuw afoforo kɔɔ hɔ ntɛm ara. Nnipa a wotuu wɔn ho mae mpempem pii—nnuruyɛfo, nnuruyɛfo aboafo, mfiridwumayɛfo, ne nnipa afoforo a wɔwɔ nnwuma ahorow ho nimdeɛ—kɔboae. Yehowa Adansefo de lɔre abiɛsa a nneɛma wom fi Bogotá kɔboae.
Wɔde nnipa afoforo fi aman afoforo so bɛboae. Wɔ bere tiaa bi mu no, na wimhyɛn 30 a ebi fi ɔman no mu ne aman afoforo so rehwehwɛ hɔ sɛ wobehu wɔn a wonyaa nkwa no.
Na ɛsɛ sɛ wofi wimhyɛn mu nkutoo hwehwɛ nnipa no efisɛ ɛkame ayɛ sɛ mmɔden biara a wɔbɔe sɛ wobegyina atɛkyɛ no so ayɛ adwuma no anyɛ yiye. Nneɛma pii a ɛsɛe kɛkɛ no amma adwuma a wɔyɛ de hwehwɛ nnipa kakraa bi a wɔanwuwu ne pii a wɔawuwu a wobeyi wɔn afi atɛkyɛ no mu no ankɔ ntɛm. Bere a adwumayɛfo no ayiyi nnipa ɔhaha pii no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na nnipa pii da so ara wom a wɔretwɛn sɛ wɔbɛba abeyi wɔn. Sɛnea odwumayɛni biako kae no: “Obi susuw sɛ obiara nni mu, nanso bere a wimhyɛn no bɛn hɔ no, wɔmomaa nsa so kɔ soro wɔ mmeae ahorow a wɔnhwɛ kwan na obi a wanwu nyam ne nsa sɛ wommeyi no.”
Na Obdulia a atɛkyɛ a akyen wɔ ne ti mu no ka nnipa a wohim wɔn nsa kyerɛɛ wimhyɛn ahorow no, bere biara a ebetwam no ho. Na otumi him ne nsa brɛoo na ɔbɔɔ mmɔden da mũ no nyinaa sɛ ɔbɛma wɔahu no. Nanso obiara anhu no. Wannye anni sɛ wobehu no. Ɔkɔɔ so bɔɔ mpae. Ofii anadwo foforo a amanehunu wom ase a na ɔhyɛ atɛkyɛ no mu a faako a wapira no yɛ no yaw kɛse.
Bere a ade kyee Fida anɔpa no, ɔyere ne ho teɛɛm mpɛn pii kosi sɛ awiei koraa no, adwumayɛfo a wɔrehwehwɛ wɔn no huu no. Wɔ nnɔndubiako mu no, ɔde yaw teɛɛm bere a woyii no na wɔde no kɔtraa wimhyɛn mu no. Wɔde no kɔɔ beae a wodi kan hwɛ wɔn a wɔapira no, na afei wɔde no kɔɔ ayaresabea. Na wadi nnɔnhwerew 35 wɔ saa atɛkyɛ no mu.
Na dɛn na ayɛ ne mma? Akyiri yi ɔtee sɛ wɔn mu baanu wui nanso atɛkyɛ no twee ne mma a wɔaka no kɔe na awiei koraa no wogyee wɔn nkwa.
Abasamtu ne Anigye
Wɔ awia a na ano yɛ den no mu no, atɛkyɛ no fii ase kyenee na na egye mmere pii na wɔde ayi nkurɔfo. Wɔkɔɔ so huu nneɛma a ɛyɛ awerɛhow—nnipa ti a ɛwɔ atɛkyɛ no ani a ɛresu ahwehwɛ mmoa anaasɛ ano a wɔbesebese a na ɛkyerɛ sɛ wɔda so ara te nkwa mu. Na nnipa binom hyehyɛ nnua ne dɔte a abubu no mu wɔ atɛkyɛ no mu tɔnn. Na ɛsɛ sɛ wogyaw wɔn hɔ ma wowuwu.
Na asɛm biako a ɛte saa a ɛyɛ awerɛhow ne nea ɛfa Omayra Sanchez a ɔyɛ sukuuni abeawa a wadi mfe 12 a n’akokoduru ne ne nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran no maa adwumayɛfo no ne nsɛnkyerɛwfo nyinaa ani gyee ne ho no. Na waka ne maame nuabea funu ne kɔnkrite bi ntam. Adwumayɛfo no bɔɔ mmɔden bɛyɛ nnɔnhwerew 60 sɛ wobeyi no. Awiei koraa no owui ne nnansa so wɔ asiane no akyi a fi ne fam besi ne kɔn da so ara hyɛ atɛkyɛ ne nsu a adi afra mu. Adwumayɛfo ne nsɛnkyerɛwfo no—nokwarem no, ɔman mũ no nyinaa—sui.
Nanso biribi a ɛyɛ anigye kɛse fii mu bae bere a wohuu Guillermo Páez a wadi mfe anan a na ɔda adagyaw sɛ ɔda hɔ a ɔnkeka ne ho wɔ nnɔnhwerew 60 akyi wɔ asiane no akyi no. Ɛwom sɛ na ɛyɛ den sɛ wobehu no wɔ atɛkyɛ a ani nsõnso no so de, nanso na onwui na na wada! Wimhyɛn a na ɛreba fam no nnyigyei ma onyanee na ɔtraa ase. Wimhyɛn no baa fam na wɔmaa no so kɔɔ mu. Na ɛno yɛ asɛm biako a ɛmaa adwumayɛfo a wɔde ho wɔn ho bɔɔ afɔre no ani gyei.
Ɛbere ne Akwanhyia
Wobuu akontaa sɛ nnipa 21,000 wuwui wɔ asiane no mu wɔ Armero na 2,000 nso wuwui wɔ Chinchiná. Wogyee nnipa bɛyɛ 5,400 nkwa wɔ Armero na wɔsaa wɔn mu bɛyɛ 2,000 yare wɔ ayaresabea ahorow mu wɔ ɔman no mu nyinaa. Wɔn mu pii anan ne wɔn nsa mu bubui wɔ atɛkyɛ a na ɛretene no mu ma enti na ɛsɛ sɛ wotwitwa esiane ɔyare bɔne bi a ɛde ne ho begye mu no nti. Saa nnipa yi mu biako ne Epifana Campps, Yehowa Adansefo mu biako a na ɔyɛ adwuma wɔ sikakorabea wɔ Armero no. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɔyare bɔne yi kum no.
Nnipa 59 a wɔwɔ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Armero no mu no mu 40 a na wɔte kurow no afã horow a nneɛma sɛee wɔ hɔ kɛse no ayera. Nnipa baasa a wɔde wɔn ho abɔ Chinchiná asafo no ho wuwui na afoforo bɛyɛ 30 afie ne wɔn nneɛma sɛee.
Wɔ adapɛn asia akyi wɔ asiane no akyi no, me ne Garvasio Mecea a na ɔde mfe awotwe atra Armero no san kɔɔ hɔ. Wantumi anhu faako a na Ahenni Asa no wɔ no—na eyi kyerɛ sɛnea nneɛma sɛee pasaa no. Mprempren dɔte nsõnso na ɛwɔ faako a anka kurow no wɔ no.
Ɛda adi sɛ akwanhyia ne nsɛm a esisi to Yehowa Adansefo te sɛ obiara pɛ. Wɔ mmere horow a ɛte sɛɛ mu no, yebetumi ahu sɛnea nnyinasosɛm a wɔada no adi wɔ Ɔsɛnkafo 9:11, 12 NW, no fa yɛn nyinaa ho a nyiyim biara nnim: “Mesan mihui owia yi ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, . . nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam na ɛbere ne akwanhyia to wɔn nyinaa. Nso onipa nnim ne bere. . . . Saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.”
Nanso, sɛnea Bible no kyerɛkyerɛ pefee no, owusɔre wɔ hɔ ma “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ.” Yesu Kristo kae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu mpo a, obenya nkwa.” Bible no kyerɛ sɛ bere no abɛn sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi tumi na Paradise tebea horow asan aba asase so. Afei awufo bɛsɔre na wɔanya daa nkwa ankasa ho kwan.—Asomafo no Nnwuma 24:15; Yohane 5:28, 29;11:25; 17:3.
[Diagram/Picture on page 11]
(For fully formatted text, see publication.)
NEVADO DEL RUIZ
ARMERO
[Kratafa 13 mfoni]
Atɛkyɛ a ɛretene no ano den maa adwenemyarefo ayaresabea no bubui na ɛde nnade kyekyeree afasusin yi ho
[Pictures on page 14, 15]
Nhomasua ho adansedi krataa a ɛda atɛkyɛ mu wɔ borɔn yi so—adanse a ɛyɛ awerɛhow wɔ abusua bi a emufo awuwu ho
Atɛkyɛ mene dua yi koduu anammɔn 25 na ɛde dade a ne kɛse yɛ nsateakwaa biako bobaree ho. Armero aguadidan a ɛwɔ akyiri hɔ no abubu pasaa
Obdulia Arce Murillo nyaa nkwa wɔ nnɔnhwerew 35 a odii wɔ atɛkyɛ no mu no mu