Atirimpɔw a Wɔhwehwɛ
EFI Charles Darwin bere so no, nhyɛso kɛse afi nneɛma a nkwa wom ho adenimfo hɔ a ɛhwehwɛ sɛ yegye ɔkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ nkwa, a ɛnam adannanni so na ɛbae no nni atirimpɔw no tom. Nanso, nnipa pii fi nkate mu pow eyi. Ɛbɛyɛ den ama awarefo a wonyinii a wɔrehwɛ wɔn ba fɛfɛ a afei na wɔawo no no sɛ wobegye adi sɛ nkwa foforo yi nni atirimpɔw. Wɔn fam no, ɛyɛ anwonwade, ade a ɛma wɔn asetra yɛ nea atirimpɔw ne akomatɔyam wom.
Nyansahufo binom mpo nnye nni sɛ asetra yɛ nea ɛbae ara kwa a enni atirimpɔw. Dɛn ntia? Esiane nea Encyclopedia Americana frɛ no “sɛnea wɔahyehyɛ nneɛma a nkwa wom no ɔkwan a asete yɛ den na ɛyɛ nwonwa pii so” no nti. Americana no kɔ so ka sɛ: “Nhwiren, nkoekoemmoa, anaasɛ ntɔteboa ho adesua a ɛkɔ akyiri ma ɛda adi sɛ wɔahyehyɛ wɔn afã horow no pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa.”
Ɛdefa akwaa a wɔahyehyɛ no fɛfɛ na ɛyɛ hwanyann—a wohu wɔ mmoa nketenkete mpo ho no—wɔfaa South Africa nyansahufo Ɔbenfo Louw Alberts asɛm kae wɔ Cape Times mu sɛ: “Minya nimdeɛ mu akomatɔyam sɛ megye atom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ sen sɛ megye atom sɛ [nkwa] bae ara kwa.” Britaniani nsoromma ho ɔdenimfo Owura Bernard Lovell reka nsu a ɛwɔ mmoawa a nkwa wɔ wɔn mu ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ́ protein a esua sen biara no betumi aba . . . ara kwa no yɛ ade a ɛrentumi nyɛ yiye koraa . . . . Ɛnyɛ nokware ankasa.”
Wɔ ntease koro no ara mu no, nsoromma ho ɔdenimfo Fred Hoyle kyerɛwee sɛ: “Nneɛma a nkwa wom ho adesua mũ no da so araa kyerɛ sɛ nkwa fii ase ara kwa. Nanso bere a nnuruyɛfo kɔ so hu nneɛma pii wɔ sɛnea nkwa yɛ nea wonwie asete na ɛyɛ nwonwa ho no, ɛda adi sɛ sɛ́ ɛno ankasa befi ase ara kwa no ntuminyɛ yiye ma enti wobetumi abu no sɛ ɛnyɛ nokware koraa. Entumi mma sɛ nkwa fii ase ara kwa.”
Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ nkwa amfi ase ara kwa a, ɛnde na wɔyɛe. Na sɛ saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ enya Ɔyɛfo. Na Ɔyɛfo bɛn ara na ɔyɛ sɛɛ yi! Odwontofo no kae ma ɛfata sɛ: “Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Nanso dɛn na eyi kyerɛ yɛn wɔ sɛ́ asetra wɔ atirimpɔw anaasɛ enni bi no ho?
Wiɛ, adesamma nso yɛ nneɛma. Wɔyɛ wimhyɛn. Wɔyɛ mmeae a wɔnoa fam ngo. Wɔyɛ mfiri a ɛma wonya anyinam ahoɔden. Na wɔyɛ nneɛma akɛse anaa nketewa afoforo pii. Nanso nnipa nyɛ saa nneɛma a ɛyɛ nwonwa no kwa. Atirimpɔw bi nti na wɔyɛ ade biara.
Esiane sɛ biribiara nni hɔ a adesamma ayɛ a ɛyɛ nwonwa te sɛ nneɛma a nkwa wom nti, akyinnye biara nni ho sɛ Nea Ɔbɔɔ nkwa no remmɔ a atirimpɔw nni ho. Ntease nnim koraa sɛ yebegye adi sɛ wɔyɛɛ yɛn ma “ɛyɛ nwonwa” na nso wɔagyaa yɛn kwa a yenni atirimpɔw.
Atirimpɔw a Wɔhwehwɛ
Nokwasɛm a ɛne sɛ yefi nkate mu hwehwɛ atirimpɔw wɔ yɛn asetram no yɛ adanse a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ atirimpɔw bi nti na Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa. Gilbert Brim a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho ɔdenimfo no kaa sɛnea onipa fi nkate mu hwehwɛ atirimpɔw no ho asɛm bere a ɔkae sɛ: “Nnipa pii nya nkɔso ne nsɛnnennen wɔ adwuma mu. Nanso wɔn a wontumi nnya bi no hwehwɛ nsɛnnennen atitiriw ne nea wobetumi ayɛ wɔ beae foforo: obi mu duru a ɔma ɛso tew, sɛ obi sua golf bɔ, sɛ obesua kesua kyew wɔ ɔkwampa so anaasɛ ɔde ne ho hyɛ adeyɛ a asiane wom mu—sɛ ebia ntama a wɔde yɛ ntaban de tu anaasɛ wosua nnuan afoforo di.” Adwenemyare ho oduruyɛfo Viktor Frankl ka mpo sɛ: “Mmɔden a onipa bɔ de hwehwɛ atirimpɔw wɔ n’asetram no ne tumi titiriw a ɛkanyan no.
Ma yɛnhwehwɛ botae horow a nnipa de sisi wɔn ani so wɔ asetram no binom mu.
Dɛn na Ɛma Asetra Nya Atirimpɔw?
Bere a wobisaa ababaa bi a onnii mfe aduonu nea ɛyɛ n’atirimpɔw wɔ asetram no, ɔkae sɛ: “Me botae ne sɛ menya m’ankasa fie fɛfɛ bi, kar fɛfɛ, ne ɔbarima fɛfɛ bi a ɔne me bɛtra kar no mu. M’ankasa ho asɛm na ehia me. Me de na m’ani gye ho. Mehwehwɛ nea ɛbɛma m’ani agye, nyɛ nea ɛbɛma nnipa nyinaa ani agye.” Sɛ wususuw sɛ ɛno yɛ pɛsɛmenkominya a, ɛyɛ nokware. Ɛte saa. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ɛyɛ su a abu so.
Nanso, so honam fam nneɛma ne anigye a wɔhwehwɛ ara kwa ma obi asetra nya atirimpɔw? Dabida. Sɛ anigye nkutoo ne yɛn botae a, saa anigye no yɛ nea ɛmma akomatɔyam. Awiei koraa no ankorankoro a wɔde yɛ wɔn botae titiriw wɔ asetra mu no ka nsɛm a tete ɔhene ɔdefo bi a ɔde ne tumi ne n’ahonyade hwehwɛɛ anigyede biara a na ɛwɔ hɔ saa bere no kae no bi wɔ wɔn komam. Tie sɛnea ɔde asɛm no baa awiei:
“Meboaa dwetɛ ne sika ne ahene ne nsase soademude ano; misii mmarima ne mmea nnwontofo ne nnipa mma anigyede ne ɔyerenom bebree. . . . Na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 2:8, 11.
Nnipa pii nya akomatɔyam wɔ adwuma bi yɛ mu anaa wɔ wɔn adwene anaa wɔn ahoɔden a wɔde di nea ɛte sɛ botae pa ho dwuma no mu. Nanso, bere tiaa bi akyi no, adwumayɛ mma wonnya atirimpɔw wɔ asetram ankasa. Peter Lynch a wɔkaa ne ho asɛm sɛ “sikakorabea wura a ɔsen biara,” no gyaee n’adwuma a na ɛma onya sika pii no bere a ohui sɛ biribi ayera koraa wɔ n’asetram no. Dɛn? Ɔne n’abusua ntam abusuabɔ. Ose: “Na medɔ nea meyɛ no, nanso mede asɛm no baa awiei, na saa na afoforo bi nso yɛe sɛ: Dɛn nti na . . . yɛreyɛ eyi? Minhuu obiara a ɔpɛ sɛ ebedu ne wuda no na wasɛe bere pii wɔ adwumam asen beae foforo biara.”
Enti, abeawa bi a onnii mfe aduonu daa kari a ɔbɛkari pɛ kakra adi, bere a osusuw ne botae ahorow wɔ asetram ho na ɔkae sɛ: “Me botae ahorow no mu biako ne sɛ menya adwuma. Nanso misusuw sɛ me botae titiriw ne sɛ menya abusua a ɛwɔ anigye.” Yiw, yɛn abusua betumi ama yɛanya atirimpɔw wɔ asetram. Ababaa ɔwarefo bi kae sɛ: “Bere a meyɛ abofra koraa no na mihui sɛ ɔwofo a obi bɛyɛ no yɛ nneɛma a wɔwoo no sɛ ɔnyɛ no mu biako, asetram atirimpɔw ahorow no mu biako, na mannye ho akyinnye.”
Afoforo hwehwɛ asetram atirimpɔw wɔ akwan foforo so. Ebinom—a akyinnye biara nni ho sɛ saa nyansahufo a wɔka sɛ nkwa fii ase ara kwa no nso ka ho—hwehwɛ atirimpɔw denam nhomasua so. Ɔdannandifo Michael Ruse kyerɛwee sɛ: “Yɛhwehwɛ sɛ yehu, na eyi ma yɛkorɔn sen mmoa. . . . Yɛn ahiade ne asɛyɛde a ɛsen biara no mu bi ne sɛ yɛde nyansa a yɛasua fi bere a atwam, ne yɛn nkuranhyɛ ne nea yɛayɛ begyaw yɛn mma. . . . Nimdeɛ ne yiyedi a wɔhwehwɛ no yɛ nipasu mu botae akɛse no mu biako.”
Ebinom hu sɛ gyidi bi akyi a wobedi no ma wɔn asetra nya atirimpɔw. Wɔbɔ mmɔden sɛ mmoa a wɔn ho yɛ nã no ase rengu. Anaasɛ wɔko tia mframa ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no no. Nnipa a wodwen afoforo ho bɔ hokwan ahorow a mmofra wɔ no ho dawuru anaasɛ wɔboa wɔn a wonni trabea anaa ahiafo. Anaasɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw nnubɔnenom a ɛbɛtrɛw no ano. Ɛtɔ da bi a ankorankoro a wɔte saa no yɛ ade pii, na nea wɔyɛ no ma wɔn asetra nya atirimpɔw.
Abasamtu ne Huammɔdi Ahorow
Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ nnipa abasam taa tu wɔ botae a wɔde si wɔn ani so no mu, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ botae pa. Ɛtɔ mmere bi a, awofo a wɔde ɔdɔ ne mmɔdenbɔ pii tete wɔn mma tumi hwere wɔn wɔ akwanhyia ahorow, nsɛmmɔnedi, ɔyare, anaasɛ nnubɔnenom mu. Anaasɛ sɛ mmofra no nyin a, ɛtɔ mmere bi a wotumi nya wiase yi pɛsɛmenkominya honhom no bi na wɔnyɛ hwee mma wɔn awofo mfa nhyɛ wɔ dɔ no ananmu.
Ɛtɔ mmere bi a aguadi mu nneyɛe anaasɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ afoforo de hwee mfa wɔn ho no ma wɔn a wofi wɔn komam nyinaa pɛ sɛ tebea horow yɛ yiye no abasam tu. Ahiafo yiyedi ho adwuma no kɛse a ɛyɛ no ma wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn no aba mu bu. Obi a n’adwuma renya nkɔso no aba mu bu bere a bere du sɛ wɔma ogyae adwuma no. Nhwehwɛmufo a ohu sɛ nimdeɛ a wɔhwehwɛ no yɛ akomatɔyam koraa no aba mu bu bere a n’asetra reba awiei na nsemmisa pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ onya ho mmuae no. Onipa a ɔde ne nkwa nna nyinaa ahwehwɛ ahonyade no hu sɛ, awiei koraa no ɛsɛ sɛ ogyaw ma afoforo.
Tete ɔhene a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no kaa abasamtu ahorow no mu bi ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Mebɛtan me brɛ a ɛwɔ owia ase nyinaa, esiane sɛ ɛsɛ sɛ migyaw ma me dedifo nti. Nea obedi m’ade no bɛyɛ onipa bɛn, nea odi nea afoforo anya no? Hena na onim sɛ ɔbɛyɛ onyansafo anaasɛ ɔkwasea? Nanso ɔno na obedi me brɛ ne me nyansa mu aba nyinaaso.”—Ɔsɛnkafo 2:18, 19, The New English Bible.
Ɛnde sɛnea ɛte sɛ nsɛm turodoo yi kyerɛ no, so awiei koraa no, asetra yɛ nea enni atirimpɔw? So botae ahorow pii a adesamma hwehwɛ no yɛ mmoa a wɔde tra ase wɔ wɔn mfe 70, 80, anaasɛ 90 a pii nya no mu ara kwa? Dabida. Nokwarem no, ɛkyerɛ biribi titiriw wɔ sɛnea wɔyɛɛ yɛn no ho, na ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ nokwarem no asetra wɔ atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa. Nanso yɛbɛyɛ dɛn ahu saa atirimpɔw no?
[Kratafa 7 mfonini]
Ebinom hu sɛ nimdeɛ a wɔhwehwɛ no ma wɔn asetra nya botae ne atirimpɔw
Nnipa nyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛnyɛ atirimpɔw bi nti na wɔyɛe
[Asɛm Fibea]
NASA photo