Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pr ɔfã 1 kr. 4-6
  • So Asetra Wɔ Atirimpɔw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Asetra Wɔ Atirimpɔw?
  • Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tebea Ahorow a Ɛyɛ Den Kɛse
  • Nea Wɔka
  • Nea Afi mu Aba
  • Yehowa—Onyankopɔn a Ɔwɔ Atirimpɔw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Momma Yɛnyɛ Nneɛma A Mfaso Wɔ So Wɔ Yɛn Asetram
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • So Asetra Wɔ Atirimpɔw?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
pr ɔfã 1 kr. 4-6

Ɔfã 1

So Asetra Wɔ Atirimpɔw?

1. Dɛn na wɔtaa bisa fa asetra atirimpɔw ho, na dɛn na obi ka wɔ ho?

Ɛtɔ mmere bi a, ɛkame ayɛ sɛ obiara susuw nea asetra atirimpɔw yɛ ho. So ɛne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ayɛ adwuma ma yɛn asetra ayɛ papa, ahwɛ yɛn mmusua, na yɛawu wɔ ebia mfe 70 anaa 80 akyi, na afei yɛafi nkwa mu koraa? Aberante bi a ɔtee nka saa kae sɛ atirimpɔw biara nni asetram sen sɛ “obi bɛtra ase awo mma, anya anigye na afei wawu.” Nanso so ɛyɛ ampa? So owu ma biribiara ba awiei ampa?

2, 3. Dɛn nti na honam fam ahonyade a obi benya nkutoo ntumi nyɛ asetra atirimpɔw?

2 Apuei ne Atɔe Fam aman mu nnipa pii te nka sɛ asetra atirimpɔw titiriw ne sɛ wobenya honam fam ahode. Wogye di sɛ eyi betumi de asetra a ɛyɛ anigye a atirimpɔw wom aba. Na wɔn a wɔwɔ honam fam ahode dedaw nso ɛ? Canadani nhoma kyerɛwfo Harry Bruce kae sɛ: “Adefo bebree kɔ so ka sɛ wonni anigye.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ Amerika Kusuu Famfo pii nni daakye ho anidaso pa . . . So obi wɔ anigye wɔ wiase yi mu? Sɛ ɛte saa a, dɛn na ɛde anigye ba?”

3 Kan U.S. ɔmampanyin Jimmy Carter kae sɛ: “Yɛahu sɛ nneɛma a yenya na yɛde yɛ ade no mma yennya asetra atirimpɔw a yɛhwehwɛ no. . . . Honam fam ahode a yɛboaboa ano no ntumi mma yennnya asetra a ahotoso anaa atirimpɔw wom.” Na ɔmanyɛfo foforo kae sɛ: “Mede mfe pii ahwehwɛ me ho ne m’asetra ho nokwasɛm ahorow mu akɔ akyiri; nnipa afoforo pii a minim wɔn reyɛ saa ara. Nnipa bebree rebisa mprempren sen bere biara a atwam sɛ, ‘Yɛyɛ nnipa bɛn? Dɛn ne yɛn atirimpɔw?’”

Tebea Ahorow a Ɛyɛ Den Kɛse

4. Dɛn nti na ebinom nnye nni sɛ asetra wɔ atirimpɔw bi?

4 Nnipa pii nnye nni sɛ asetra wɔ atirimpɔw bere a wohu sɛ asetram tebea ahorow ayɛ den kɛse no. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛboro ɔpepepem biako yare denneennen anaa wonnya aduan pa nni koraa, na ɛma mmofra bɛyɛ ɔpepem du wuwu afe biara wɔ Afrika nkutoo. Nnipa a wɔte asase yi so a wɔreyɛ adu ɔpepepem 6 no dodow kɔ soro afe biara bɛboro ɔpepem 90, na dodow yi mu ɔha biara mu nkyem 90 fi aman a afei na wɔrenya nkɔso mu. Nnipa a wɔredɔɔso daa no ma aduan, ɔdan, ne mfiridwuma ho behia kɛse, na ɛma mfiridwuma mu nneɛma ne nneɛma afoforo a ɛsɛe asase, nsu, ne mframa sɛe asase no kɛse.

5. Dɛn na wɔreyɛ asase so kwae?

5 World Military and Social Expenditures 1991 nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Afe biara wɔsɛe kwae a ne kɛse te sɛ [Great Britain] nyinaa. Sɛ (dodow a wɔsɛe no) kɔ so sɛnea ɛte mprempren yi a, ebedu afe 2000 no, na yɛasɛe mmeae a osu tɔ wɔ hɔ pii no kwae ɔha biara mu nkyem 65.” Sɛnea Amanaman Nkabom dwumadibea bi kyerɛ no, wɔ saa mmeae no, sɛ wodua dua biako biara a wobu 10; wɔ Afrika no, sɛ wodua 1 biara a wobu boro 20. Enti mmeae pii redan anhweatam, na afe biara asase a ne kɛse te sɛ Belgium sɛe a wontumi nyɛ so kua.

6, 7. Nsɛnnennen a nnipa akannifo ntumi nni ho dwuma no binom ne dɛn, enti nsemmisa bɛn na ehia sɛ wobua?

6 Afei nso, nnipa a akodi akunkum wɔn wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no yɛ mfe ahanan a atwam de a wɔaka abom no mmɔho anan. Amumɔyɛ akɔ soro wɔ baabiara, titiriw amumɔyɛ a ɛyɛ hu. Abusua asetra a asɛe, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, AIDS, nyarewa a wonya fi nna mu, ne nneɛma bɔne afoforo nso rema asetra ayɛ den kɛse. Na wiase akannifo ntumi mfaa nsɛnnennen pii a ɛrehaw adesamma abusua no ano aduru mmae. Enti, ntease wom sɛ nkurɔfo bisa sɛ, Dɛn ne asetra atirimpɔw?

7 Dɛn na nhomanimfo ne nyamesom akannifo aka wɔ asɛm no ho? Wɔ mfeha pii a atwam yi mu no, so wɔde mmuae a ɛma akomatɔyam bi ama?

Nea Wɔka

8, 9. (a) Dɛn na Chinani nhomanimfo bi kae wɔ asetra atirimpɔw ho? (b) Dɛn na obi a ɔfaa Nasi nneduaban mu aninyanne mu kae?

8 Konfusiosom mu ɔbenfo Tu Wei-Ming kae sɛ: “Yehu asetra atirimpɔw ankasa wɔ yɛn desani asetra yi ara mu.” Sɛnea saa adwene yi kyerɛ no, wɔbɛkɔ so awo nnipa ma wɔabrɛ wɔ asetra mu, na wɔawuwu. Anidaso nni adwene a ɛte saa mu. Na so ɛyɛ nokware mpo?

9 Elie Wiesel a ɔfaa Nasi nneduaban mu aninyanne wɔ Wiase Ko II mu no kae sɛ: “‘Dɛn nti na yɛwɔ ha?’ yɛ asemmisa a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ onipa desani susuw ho. . . . Migye di sɛ owu a ntease nnim a mahu nyinaa akyi no, asetra wɔ atirimpɔw.” Nanso wantumi ankyerɛ asetra atirimpɔw no.

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na samufo bi kyerɛe sɛ onipa ntumi nnya asɛm no ho mmuae? (b) Dɛn nti na adannandi ho ɔbenfo bi adwene mma akomatɔyam?

10 Samufo Vermont Royster kae sɛ: “Ɛdefa onipa ankasa, . . . ɔfã a ɔwɔ wɔ amansan yi mu ho no, yɛnkɔɔ yɛn anim biara fi bere a wiase fii ase. Yɛda so ara nnim nnipa ko a yɛyɛ ne nea enti a yɛwɔ ha ne nea daakye de bɛbrɛ yɛn.”

11 Adannandi ho ɔbenfo Stephen Jay Gould kae sɛ: “Ebia yɛhwehwɛ mmuae a ‘ɛkorɔn’ sen eyi—nanso ebi nni hɔ.” Wɔ adannandi ho abenfo a wɔte saa fam no, asetra yɛ apereperedi a nea ɔyɛ den na otumi tra ase a ne nyinaa awiei ne owu. Anidaso biara nni saa adwene no nso mu. Na so ɛno nso yɛ nokware?

12, 13. Adwenhorow bɛn na asɔre akannifo wɔ, na so ɛma akomatɔyam sen wiase anyansafo de no?

12 Nyamesom akannifo pii ka sɛ asetra atirimpɔw ne sɛ obi bebu bra pa na sɛ owu a, ne kra atumi akɔ soro akɔtra hɔ daa. Wɔkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ nnebɔneyɛfo ayayade daa wɔ hellgya mu. Nanso sɛnea saa gyidi yi kyerɛ no, asetra bɔne koro no ara bɛkɔ so kɛse wɔ asase so sɛnea akɔ so wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no. Nanso, sɛ na Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma nnipa atra soro te sɛ abɔfo a, dɛn nti na mfiase no wammɔ wɔn saa te sɛ nea ɔyɛɛ abɔfo no?

13 Ɛyɛ den ma asɔfo mpo sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ adwenhorow yi mu. Ɔbenfo W. R. Inge a anka ɔyɛ St. Paul’s Cathedral a ɛwɔ London no sɔfopanyin kae bere bi sɛ: “M’asetra nyinaa mu no mabɔ mmɔden sɛ mehu asetra atirimpɔw. Mabɔ mmɔden sɛ menya nneɛma abiɛsa yi a na migye di bere nyinaa sɛ ɛyɛ nsɛnnennen atitiriw no ano aduru: asetra a enni awiei ho asɛnnennen no; ɔdesani nipasu ho asɛnnennen no; ne bɔne ho asɛnnennen no. Madi nkogu. Mintumi nnii emu biara ho dwuma.”

Nea Afi mu Aba

14, 15. Adwenhorow a ɛne ne ho nhyia no nya nkurɔfo pii so nkɛntɛnso bɛn?

14 Dɛn na afi adwene a ɛsonsonoe pii a nhomanimfo ne nyamesom akannifo wɔ wɔ asetra atirimpɔw ho no mu aba? Ɛma pii yɛ wɔn ade te sɛ ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim a ɔkae eyi no: “Makɔ so abisa nea enti a mewɔ ha mfe pii wɔ m’asetra mu. Sɛ atirimpɔw bi wɔ hɔ a, ɛmfa me ho bio.”

15 Nnipa pii a wohu adwenhorow pii a ɛwɔ wiase yi mu som ahorow mu no ka sɛ nea obi gye di no mfa ho ankasa. Wɔte nka sɛ nyamesom ma adwene no nya ahomegye ara kwa, biribi a ɛde asomdwoe ne awerɛkyekye kakra ba na ama obi atumi agyina asetram nsɛnnennen ano. Afoforo gye di sɛ nyamesom yɛ gyidihunu ara kwa. Wɔte nka sɛ nyamesom adwene a wɔada no adi wɔ mfehaha pii mu no ntumi nkyerɛɛ asetra atirimpɔw, na ɛmmaa mpapahwekwa asetra nyɛɛ yiye nso. Nokwarem no, abakɔsɛm kyerɛ sɛ wiase yi mu ɔsom ahorow no asiw adesamma nkɔso kwan mpɛn pii na wɔde nitan ne akodi ahorow aba.

16. Asetra atirimpɔw a yebehu no ho hia dɛn?

16 Nanso so ɛho hia mpo sɛ yehu nokware a ɛfa asetra atirimpɔw ho? Adwene ho oduruyɛfo Viktor Frankl buae sɛ: “Mmɔden a obi bɔ sɛ obenya atirimpɔw wɔ n’asetra mu no ne tumi titiriw a ɛwɔ onipa mu a ɛkanyan no. . . . Metumi aka sɛ hwee nni wiase no mu a ebetumi aboa obi yiye araa ma wagyina tebea horow a enye koraa ano sen sɛ obehu sɛ atirimpɔw wɔ n’asetra mu.”

17. Nsemmisa bɛn na ehia sɛ yebisa mprempren?

17 Esiane sɛ nnipa nyansapɛ ne ɔsom ahorow ntumi nkyerɛkyerɛɛ asetra atirimpɔw mu sɛnea ɛsɛ nti, ɛhe na yebetumi akɔhwehwɛ afi? So obi wɔ hɔ a onim nyansa sen nnipa a obetumi akyerɛ yɛn asɛm no mu nokwasɛm?

[Kratafa 4 mfonini]

“Afe biara wɔsɛe kwae a ne kɛse te sɛ [Great Britain] nyinaa”

[Kratafa 5 mfonini]

“Makɔ so abisa nea enti a mewɔ ha mfe pii wɔ m’asetra mu”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena