Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 14-16
  • Ɔwofo Ɔsadweam​—Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔwofo Ɔsadweam​—Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛnnennen no a Wobɛte Ase
  • Sɛnea Ɛka No
  • Sɛnea Wubegyina Ano
  • Ɔsadweamfo Wɔ Abusua No Mu​—Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
    Nyan!—1983
  • Abusua No Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Nyan!—1992
  • Asanom Bebrebe—Nea Ɛyɛ Nokware, Nea Ɛnyɛ Nokware
    Nyan!—1983
  • Mmoa Ma Asadweam Mma A Wɔanyinyin
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 14-16

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Ɔwofo Ɔsadweam​—Mɛyɛ Dɛn Atumi Agyina Ano?

“Ná mempɛ se meba fie. Ná minnim sɛ ebia Maame wɔ hɔ a, na sɛ ɔwɔ hɔ a, ebia wabow nsã na obefi ase akasa pii afa sɛnea meyɛ ɔba a ne ho nni mfaso biara no ho.”​—Robert.

“Ná ɛyɛ me aniwu yiye sɛ mede nkurɔfo bɛba fie . . . Ná m’ani awu wɔ abusua no ho.”​—Patricia.

MMOFRA ɔpepem pii gyina ɔwofo ɔsadweam a wɔne no tra mu da biara da ɔhaw no mu. Teen Troubles nhoma no ka sɛ: “Ɔwofo ɔsadweam a wɔne no tra no kyerɛ nhyɛso a wohyia​—nhyɛso a efi mmeae ahorow ba wo so.”

Awofo a wɔyɛ asadweam mu dodow no ara hwe wɔn mma anaasɛ wɔne wɔn da.a Na sɛ tebea no mu anyɛ den ankodu saa koraa mpo a, nhoma Options kyerɛ sɛ: “Sɛ asanom ma [ɔwofo ɔsadweam no] yɛ obi a wonnim bere a ɔbɛyɛ basabasa, onni n’asɛyɛde ho dwuma, biribiara mfa ne ho anaa ɔyɛ mosoo a, enye ara.”

Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ mmere bi a, ebia wo bo befuw, w’ani bewu anaasɛ wobɛyɛ basaa. Nanso, ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wone ɔwofo ɔsadweam bɛtra de, nanso wubetumi asua sɛnea wubegyina ano.

Asɛnnennen no a Wobɛte Ase

Nea edi kan no, sɛ wuhu nea enti koraa a wo wofo no nom nsã a, ɛbɛboa.b Mmebusɛm 1:5 se: “Onipa a ɔwɔ ntease na ɔhwehwɛ akwankyerɛ pa.”​—-New World Translation.

Ɔsadweam nyɛ obi a ɛtɔ mmere bi a ɔbow nsã ara kɛkɛ, na enhia sɛ ɔsadweam yɛ ɔsabofo nso. Abenfo kyerɛkyerɛ sadweamyɛ mu sɛ asanom mu ɔyare bi a ɛwɔ hɔ bere nyinaa, na ɛde ɔhaw ahorow a ɛyɛ awerɛhow na enya asetra, adwuma, ne apɔwmuden so nkɛntɛnso ba. Ɔsadweam no dwen nsã ho bere nyinaa​—agye n‘adwene kɛse​—na ontumi nnyae nom. Abenfo pii gye tom sɛ, sɛ wobetumi adi sadweamyɛ so a, gye sɛ wogyae asanom koraa.”c

Bere a ebia ɔhonam mu su ahorow bia ebetumi ama asanom aka nnipa bi hɔ na ɛde sadweamyɛ ba no, ɛte sɛ nea nkate mu ɔhaw ahorow nso ka nea ɛma ɛba no ho. Sɛ nhwɛso no, ɛtaa ba sɛ ɔsadweam bu ne ho wɔ ne mu berenyinaa sɛ ne ho nni mfaso. (Fa toto Mmebusɛm 14:13 ho.) Oduruyɛfo Abraham Twerski ka sɛ: “Wɔ me suahu mu no, menhyiaa ɔsadweam a na ɔte nka sɛ ne ho wɔ mfaso, odi mu na ɔwɔ ne mu ahotoso ansa na ɔde ne ho rehyɛ asanom mu da.” Nokwarem no, asadweam pii nyinii wɔ mmusua a asadweam wom mu. Asanom betumi ayɛ sɛ nea wɔde kum mmofraberem nkate mu yaw ahorow a wɔte nka no ano.

Nanso, asanom ma ɔsadweam no haw ahorow dɔɔso kɛkɛ. Sɛnea nhoma Under the lnfluence kyerɛ no “nsã sɛe ne nneyɛe, ne nsusuwii ne ne nkate ahorow.” Enti ɔsadweam no wɔ nea ɛsen asanom mmoroso ho ɔhaw; ɔkwan a ɔfa so susuw nsɛm ho no nye koraa nso. Ebetumi aba sɛ obehia mmoa kɛse, ebia nea efi obi a ɔwɔ ɛho ntetee na ɛyɛ n’adwuma hɔ, na watumi agyae asanom. Bio nso, esiane sɛ wowɔ sadweamyɛ ho ntease kakra nti, anyɛ yiye koraa no, wubetumi anya ayamhyehye ama wo wofo no.​—Mmebusɛm 19:11.

Sɛnea Ɛka No

Sɛ ɔwofi bi yɛ ɔsadweam a, ɛka abusua no muni biara. (Fa toto 1 Korintofo 12:26 ho.) Ebia worenhu nea w’asetra bɛyɛ. So wo wofo no beba fie a n’ani so da hɔ anaasɛ wabow nsa? So ɔbɛyɛ wo atuu anaasɛ ɔbɛboro wo? Yiw, awofo a wɔyɛ asadweam taa yɛ nneɛma a ɛne wɔn ho wɔn ho bɔ abira. Oduruyɛfo James P. Comer se: “Wobetumi ayi ɔdɔ adi na wɔadi wɔn asɛyɛde ho dwuma bere a wɔn ani so da hɔ, na wobetumi ayɛ basabasa na wɔayaw nnipa ɔkwan a ntease nnim so bere a wɔabow.” Hu a wuntumi nhu nea wɔbɛyɛ no betumi ama woanya nkate horow a ɛbɔ wɔn ho abira wɔ asetram. Wodɔ wo wofo ɔsadweam no bere bi mu, na wo bo fuw no bere foforo. Ababaa bi gye toom sɛ: “Nna bi wɔ hɔ a, sɛ na wawu a anka mepɛ.”

Ɛtɔ mmere bi a, nkɛntɛnso horow a efi tete a wɔtete obi wɔ ofie a ɔsadweam wom mu ba no nna adi ntɛm. Asadweam mma nso taa yɛ asadweam​—anaa wɔware bi. Eyi maa Kristoni ababaa bi benyaa aware mu nkate maa ɔbarima bi a ɔka ne ho asɛm sɛ “obi a ɔrefi sadweamyɛ ase.” Ɛwom sɛ na onim Kristofo mmarima bi a wɔn suban ye paa na wɔnyɛ basabasa de, nanso na n’ani nnye wɔn ho. Dɛn nti na ɔsadweam na n’ani gyee no ho sɛɛ yi? Ɔrekasa ama afoforo a wɔte sɛ ɔno no, ose: “Eyinom nko ara ne mmarima a yɛne wɔn atra na yebetumi ate wɔn ase.”

Kristoni ɔpanyin bi tumi boaa no ma ɔteɛɛ n’adwene wɔ eyi fam ma enti odii sadweamyɛ a ɛsɛe ade ho nsɛnnennen no so nkonim. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ te a wote ofie a sadweam wom mu no nkyerɛ sɛ wurennya anigye da. Wubetumi abrɛ ɔhaw a ebetumi afi mu aba no ase na ebia woaboa wo wofo ɔsadweam no mpo.

Sɛnea Wubegyina Ano

Oduruyɛfo Stanton E. Samenow kyerɛ sɛ: “Tebea a obi fi mu ho nhia sɛ nea saa tebea no bɛma obi apaw.” Yiw, sɛ ɛte sɛ nea ofie hɔ nsɛm tebea sodi yɛ den mpo a, wubetumi adi w’asetra so. Ɔkwan bɛn so?

Mfa wo wofo asanom no ho asodi nto wo ho so. Beth a wadi mfe 13 kae sɛ: “M’awofo ka kyerɛɛ me sɛ mfomso no fi me.” Wɔde wɔn asanom no hyɛɛ ne subammɔne no. Ɔgye toom sɛ: “Ná mete afɔdi nka kɛse wɔ asɛm no nyinaa ho.” Nanso, wo wofo no​—ɔno nkutoo​—so na ne sadweamyɛ no ho asodi da. Galatifo 6:5 se: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.”

Enti wurentumi nsa wo wofo ɔsadweam no yare. Nteɛteɛm, abufuw a wɔde kasa, osũ, ne akyinnye a wo ne no begye mfa hwee mma. Nanso ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ wobɛbɔ ne ho ban afi nneɛma a efi n’asanom mu ba ho denam atoro a wubedi ama no anaasɛ twe a wobɛtwe no afi anim hɔ ntwironoo no so bere a wabow abɛda hɔ no so.

Hyɛ no nkuran ma ɔnhwehwɛ mmoa. Mpɛn pii no. eyi hwehwɛ wo wofo a ɔnyɛ ɔsadweam no ne wo nuanom mmoa.d December 8, 1982 Awake! de nyansahyɛ ahorow pɔtee bi mae wɔ sɛnea abusua no mufo betumi (1) aboaɔsadweam no ma wagyina nea efi n’asanom mu ba no ano na (2) wɔne no aka n’asanom no ho asɛm tee no ho. Sɛ mudi nsɛm ho dwuma saa kwan yi so a, ebetumi aboa no ma wahu hia a ehia sɛ onya mmoa.

Fi ɔhaw tebea no mu kɔ. Mmebusɛm 17:14, NW se: “Ɔham nnya mfii ase no. :. . fi hɔ kɔ.” Mfa wo ho nto . “ asiane mu denam awofo ntam akasakasa a wo de wo ho bɛhyem so. (Mmebusɛm 26: 17) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kɔhyɛ wo dan mu anaa kɔ w’adamfo bi fie. Sɛ ɛyɛ nea basabasayɛ betumi aba a, ebia ebehia sɛ mokɔhwehwɛ mmoa fi baabi.

Gye wo nkate ahorow tom. Mmofra bi te afɔdi nka esiane sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔn bo fuw wɔn agya nti. Nanso ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte nka saa, titiriw sɛ n’asanom no nti ɔnhwɛ wo na ɔmfa mmoa a wuhia no mma wo a. Ampa, Bible no hyɛ wo sɛ di wo wofo no ni. (Efesofo 6:2, 3) Nanso, ‘nidi’ kyerɛ sɛ wode obu bɛma tumi a ɔwɔ sɛ ɔwofo te sɛ nea wode obu ma polisini anaa ɔtemmufo no. Ɛnkyerɛ sɛ wopene n’asanom no so. (Romafo 12:9) Na saara nso na wonyɛ onipa bɔne esiane sɛ wukyi n’asanom no nti; asabow yɛ akyide! (Hwɛ Mmebusɛm 23: 29-35.) Nanso ebia wubetumi asua sɛ wobɛtan ne sadweamyɛ no na ɛnyɛ ɔno ankasa.​—Fa toto Yuda 23 ho.

Hwehwɛ fekubɔ a ɛhyɛ den: Sɛ ofie asetra yɛ basabasa a, w’ani betumi apa nea eye so. Enti ɛho hia sɛ wo ne wɔn a wɔwɔ honhom ne nkate fam akwahosan pa bɔ fekuw. Kristofo asafo no yɛ baabi a “nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom” a wobetumi de nkuranhyɛ ne mmoa pii ama wɔ. (Marko 10:30) Wobetumi ama w’adwene afi abusua mu nhyɛso so wɔ mmere bi mu nso. Bio nso Kristofo mmusua a wo ne wɔn bɛbɔ fekuw no betumi de abusua asetra ho nhwɛso a eye na ebetumi asiesie nhwɛso a asɛe a wuhu wɔ fie no ama wo.

Hwehwɛ mmoa. Ɔpanyin bi a ne ho akokwaw na wowɔ ne mu ahotoso a wubenya no ne no abɔ wo nkate horow ho nkɔmmɔ no boa ankasa. Asafo mu mpanyimfo taa di eyi ho dwuma. Oduruyɛfo Timmen Cermak bɔ nkae sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea woahaw no, kae sɛ ɛnsɛ sɛ wo nko ara wuhu amane.”

Dabi, ebia wuntumi nsesa tebea a ɛwɔ fie no. Nanso sɛnea Oduruyɛfo Claudia Black kyerɛwee no: “Abusua mufo betumi asakra sɛnea ɛka wɔn asetra no.” Sɛ́ anka wobɛbɔ mmɔden sɛ wubedi ɔsadweam no so no, fa w’adwene si onipa biako a wubetumi adi ne so no mmom so ​—wo. Di wo honhom fam ahiade ahorow ho dwuma. (Mateo 5:3; 24:14; Hebrifo 10:24, 25) Bible no ka wɔ Filipifo 2:12 sɛ: ‘Monkɔ so nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.’ Saa a wobɛyɛ no bɛma woakɔ so anya adwempa, na ebetumi aka wo wofo no mpo ma wahwehwɛ ne haw no ho mmoa.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ ɔwofo ɔsadweam bi reyɛ wo basabasa a, wuhia mmoa. Ka ho asɛm kyerɛ ɔpanyin bi a wowɔ ne mu ahotoso. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yehowa Adansefo mu no, mmofra betumi akɔ asafo mu mpanyimfo anaa Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw nkyɛn a wonsuro. Mmoa a wɔde ma mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa ho akwankyerɛ a ɛsom bo wɔ Awake!, October 8, 1991 mu.

b Nea ɛbɛyɛ na ayɛ mmerɛw no, yɛbɛka ɔsadweam no ho asɛm te sɛ nea ɔyɛ ɔbarima, nanso nnyinsosɛm ahorow no fa mmea asadweam nso ho.

c Sɛ wopɛ sadweamyɛ ho nsɛm pii a, hwɛ September 8, 1992 Nyan! ne July 8, 1982, Awake! mu. Hwɛ April 15, 1983, The Watchtower nso mu.

d Sɛ ɔwofo ɔsadweam no kyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a, ebia w’abusua no bɛpɛ sɛ wɔhwehwɛ mmoa fi asafo mu mpanyimfo hɔ nso.

[[Kratafa 16 mfonini]

Fi komam ne ɔpanyin bi a wowɔ no mu ahotoso nka sɛnea wote nka no ho asɛm

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena