Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 9/8 kr. 13
  • “Akraman Bɔne”?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Akraman Bɔne”?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akraman—So Wɔyɛ Nnipa Nnamfo a Wɔsen Biara Bere Nyinaa?
    Nyan!—1985
  • “Mede Wo Asi Wɔn So Ɔhwɛfo”
    Nyan!—1981
Nyan!—1992
g92 9/8 kr. 13

“Akraman Bɔne”?

WƆAKA akraman akɛse a wɔtow hyɛ nnipa so wɔ Canada, England, ne United States no ho nsɛm pii wɔ mfe pii a atwam no mu. Centers for Disease Control (Nyarewa Anosiw Dwumadibea) a ɛwɔ U. S. no bɔ amanneɛ sɛ nnipa 157 a akraman kekaa wɔn ma wowuwui wɔ United States wɔ 1979 ne 1988 ntam no, wɔn a akraman akɛse yi bi na ekum wɔn no yɛ ɔha biara mu nkyem 42. Britain atesɛm amanneɛbɔfo frɛ akraman akɛse a wɔyɛ basabasa yi “Akraman Bɔne.” Equinox nsɛmma nhoma frɛ ɔkraman no “okum atiri a ɛyɛ adwuma yiye.”

Wobu akraman akɛse yi wɔ akraman ntɔkwaw agodi a mmara mma ho kwan no mu sɛ “akraman a wokum mu nea ɛkyɛn so,” esiane n’ahoɔden, n’ahoɔhare, n’akokoduru, ne ne basabasayɛ mmoroso nti. Atesɛm krataa The Globe and Mail a wɔyɛ wɔ Toronto, Canada no ka sɛ ‘wɔayɛn akraman akɛse yi sɛ wonkum akraman afoforo.’

The Toronro Star se “n’apantan a etumi so ade mu denneennen no betumi adi mmoa afoforo ne nnipa, titiriw mmofra, a wontumi mmɔ wɔn ho ban no dɛm a ɛyɛ hu.” Akraman yi ntua ho amanneɛbɔ ahorow a ɛyɛ asefem no bi ne nea ɛfa abeawa bi a wadi mfe akron a akraman akɛse yi bi kaa no ma enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ n’anim oprehyɛn a egyee nnɔnhwerew anum no ho no. Ná ɛsɛ sɛ wɔhwɛ obi a wadi mfe 13 esiane sɛ akraman yi bi kekaa n’anim, ne ho, ne nan ho, n’ayaase, ne ne to nti. Ababaa bi a wadi mfe 21 a ɔhyɛ ntade a aba so foforo kyerɛ nkurɔfo no anim twitwae ma na ɛsɛ sɛ wɔpempam wɔ mmeae 70 bere a ɔpɛe sɛ anka ofew n’adamfo bi ɔkraman kɛse bi ano na aboa no kaa no no. “Akraman Bɔne” yi abien kekaa ɔbarima bi a wadi mfe 54 na wɔkaw ne hwene fii so wɔ England.

Bere bi no ná Kathleen Hunter a ɔne Toronto Humane Society no kwankyerɛfo panyin no gye di sɛ, sɛ wɔyɛn akraman akɛse yi bi yiye a, ɔbɛyɛ sɛ ɔkraman a wɔne wɔn di agoru foforo biara. Nanso, mprempren de ogye tom sɛ “ɔkraman kɛse yi wɔ awosu ho mmara bi a ɛma ɔyɛ aboa a wontumi nhu nea ɔbɛyɛ. Ɔyɛ ɔkraman bi a ɔyɛ keka . . ., a wɔayɛn no sɛ ɔntow nhyɛ afoforo so bere a wɔnhyɛɛ no abufuw biara.”aJim Bandow a ɔyɛ ɔpanyin wɔ Public Health Department a ɛwɔ Toronto no dwumadibea a ɛhwɛ mmoa ho nsɛm so no ka sɛ: “Ɔkraman kɛse yi te sɛ ɔtopae a ɛwɔ bere a ɛtow. Wuntumi nhu bere a ɔbɛtow ahyɛ wo so.”

Mmarahyɛfo rebɔ mmɔden sɛ wobedi ɔhaw no ho dwuma denam mmara horow bi a wɔhyɛ na wɔma wɔde di dwuma no so. Wɔhwehwɛ sɛ akraman akɛse wuranom a wɔwɔ Edmonton, Canada no, nya wɔn ho insurance Canadafo dɔla 500,000 na wotua dɔla 100 nso. Wɔ Winnipeg, Canada no, wɔmma kwan mma wɔmmfa akraman akɛse foforo biara mma kuropɔn no mu, na ɛsɛ sɛ wɔn wuranom de hama so wɔn mu na wɔkyekyere wɔn ano na wɔde adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔagye insurance dɔla 300,000 ma. Britain Mmarahyɛ Bagua no nso hyɛɛ mmara bi a emu ahwehwɛde ahorow ma akraman akɛse yi wuranom no te sɛ eyi ara. Sɛ obi bu so a, nea ebetumi afi mu aba ne sɛ wɔbɛbɔ no ka na wɔde no ato afiase.

Sɛnea Onyankopɔn mmara a ɔde maa tete lsrael kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ mmoa a wɔn ho yɛ hu so. Sɛ wogyaa aboa bi a ne ho yɛ hu ma ɔkɔ nea ɔpɛ a, na nneɛma a ɔbɛsɛe no ho asodi no bi da ne wura no so. Sɛ ɛba sɛ aboa no kum onipa a, na ne wura no di mogya ho sõ, na na ɛno betumi ama wahwere ne nkwa. (Exodus 21:29) Esiane nea wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Mmara mu nti, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristofo bɛyɛ nea ehia na ama wɔatumi anya akraman a wɔn ho yɛ hu na wontumi nhu nea wɔbɛyɛ no so tumi anaa wobesi gyinae sɛ wɔrenyɛn wɔn.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a wɔakyerɛ a, hwɛ March 22, 1988 Awake!, kratafa 25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena