Mmoa Ma Asadweam Mma A Wɔanyinyin
“Sɛ wunyinii wɔ abusua a ɔsadweam wom mu a, ɛsɛ sɛ wusiesie w’adesua a ɛsɛee ne nkate mu basaayɛ a afi saa ntetee no mu aba no. Ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akwati.”—Oduruyɛfo George W. Vroom.
ƆSRAANI bi a wapira kɛse da akono a mogya retu no. Onya mmoa ntɛm ara, na wɔde ahoɔhare de ɔkofo a wapira yi kɔ ayaresabea. Ɔsraani no anwu de, nanso ne nsɛnnennen no mmaa awiei ɛ. Ɛsɛ sɛ wɔde aduru ka n’akuru no so, na adwene ne nkate mu ɔhaw a efi n’amanehunu no mu ba no betumi atra hɔ mfe pii.
Wɔ ɔwofo a ɔyɛ ɔsadweam mma fam no, ofie betumi ayɛ sɛ akono, faako a nnipa ahiade atitiriw ho ba asɛm. Wɔto mmofra bi mmonae; wɔhwe afoforo; na wonni pii nkate mu ahiade ahorow ho dwuma. Aberantewa bi a ɔreka ne mmofraberem ho asɛm no kae sɛ: “Ɛte sɛ ehu a ɛka abofra bere a ɔte sɛ wɔtotow atopae ne atuo wɔ baabi a ɛbɛn ne fi no ara pɛ.” Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ asadweam mma pii da ɔhaw a emu yɛ den bere akyi nsɛnkyerɛnne koro no ara a wɔn a wɔakɔ ɔko aba da no adi no bi!
Ampa, mmofra pii gyina ɔhaw ahorow yi ano na awiei koraa no wofi fie. Nanso wɔde opira a wonhu, nanso ɛwɔ hɔ ankasa na ɛhaw wɔn adwene te sɛ ɔsraani a wapira de ara pɛ na enyin. Gloria se: “Mprempren madi mfe 60, na ɔhaw ahorow a ɛwɔ wo a wɔwo obi to abusua bi a ɔwofo bi yɛ ɔsadweam wom mu no da so ara nya m’asetra so nkɛntɛnso.”
Dɛn na wobetumi ayɛ de aboa saafo yi? Bible no de nyansahyɛ ma sɛ: ‘Mone wɔn werɛ nhow.’ (Romafo 12:15, Phillips) Sɛ obi betumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ ɔte nkate mu yaw a wonya fi ɔsadweam a wɔne no tra mu no ase.
“Manyɛ Abofra Da”
Abofra hia sɛ wɔtete no, wɔhwɛ no, na wɔkɔ so ma no awerɛhyem. Ɛtaa ba sɛ wonnya ɔhwɛ a ɛte sɛɛ wɔ ɔsadweam abusua mu. Ebinom fam no, wodi nsesa wɔ dwumadi mu, na wɔhwɛ kwan sɛ abofra no bɛhwɛ ɔwofo no. Sɛ nhwɛso no, Albert dii mfe 14 no, na ɔno na ɔbɔ abusua no akɔnhoma! Abeawa bi a wɔfrɛ no Jan na ɔyɛɛ ofie nnwuma a anka ne wofo a ɔyɛ ɔsadweam na anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa. Ná ɔno ara nso na ɔhwɛ ne nuanom nkumaa no kɛse—ofii eyinom nyinaa yɛ ase bere a na wadi mfe asia pɛ!
Mmofra nyɛ mpanyimfo, na wontumi nyɛ adwuma sɛ mpanyimfo da. Sɛ awofo ne mmofra di wɔn dwumadi mu nsesa a, nnɛyi mmofra a wɔte sɛ mpanyimfo no bɛyɛ daakye mpanyimfo a wɔanni wɔn mmofraase ahiade ahorow ho dwuma. (Fa toto Efesofo 6:4 ho.) Abusua nsɛm ho ɔfotufo John Bradshaw kyerɛw sɛ: “Wonyin benya mpanyimfo nipadua. Wɔte sɛ mpanyimfo, na wɔkasa sɛ mpanyimfo, nanso abofra bi a wɔanni n’ahiade ahorow ho dwuma amma no ma enti onni abotɔyam hyɛ wɔn mu.” Ebia saafo yi bɛte nka te sɛ Kristoni bi a ɔkae sɛ: “Meda so ara te yaw kɛse nka esiane sɛ wɔanni me nkate mu ahiade atitiriw ho dwuma amma me sɛ abofra nti.”
“Ebia Mfomso no Fi Me”
Bere a na Robert adi mfe 13 pɛ no, ne papa wui wɔ akwanhyia bi mu. Robert si ne ti ase ka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ abofra pa. Minim sɛ meyɛɛ nneɛma bi a na ɔmpɛ de, nanso na menyɛ abofra bɔne.” Robert de n’agya sadweamyɛ ho asodi kɛse too ne ho so na ɔyɛɛ saa mfe pii. Bere a Robert reka atifi hɔ asɛm no, na wadi mfe 74!
Mmofra taa de ɔwofo bi sadweamyɛ ho asõdi to wɔn ho so. Abofra ho a obu no fɔ no ma ɛyɛ no sɛ obetumi adi tebea no ho dwuma. Janice ka sɛ: “Misusuwii sɛ, sɛ meyɛɛ abofra pa sen sɛnea na mete no a, anka me papa rennom nsã bio.”
Nokwasɛm no ne sɛ abofra—anaa ɔpanyin—biara rentumi mma obi nnom nsã, onni n’asãnom so, anaa onnyae asãnom. Sɛ w’awofo mu bi yɛ ɔsadweam a, ɛmfa ho nea wɔka kyerɛɛ wo anaa nea obi kae no, mfomso no mfi wo! Na ebia ebehia sɛ wususuw ho yiye hwɛ sɛ, sɛ́ ɔpanyin no, so ebia wode afoforo nneyɛe ne suban ho asodi to wo ho so ɔkwan a ɛmfata so anaa.—Fa toto Romafo 14:12; Filipifo 2:12 ho.
“Mintumi Nnya Obiara mu Awerɛhyem”
Awerɛhyem gyina nneɛma a wɔda no adi ne nokwaredi so. Sadweamyɛ mu nsɛm tebea gyina nsɛm a wɔde sie ne tebea no a wonnye ntom so.
Sɛ abofra no, na Sara nim sɛ ne papa yɛ ɔsadweam. Nanso, ɔkae sɛ: “Ná asɛmfua no ho nsusuwii mpo ma mete afɔdi nka, efisɛ m’abusua no muni biara ampɛ sɛ ɔbɛbɔ din.” Susan ka osuahu a ɛte sɛ eyi ara ho asɛm sɛ: “Abusua no muni biara anka nea na ɛrekɔ so no ho asɛm da, sɛnea na wonni anigye, anaa sɛnea na yɛn bo afuw [me maame kunu] a ɔyɛ ɔsadweam no. Misusuw sɛ mehyɛɛ da buu m’ani guu so.” Enti wɔntaa nnye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔwofo bi yɛ ɔsadweam no ntom. Susan se: “Misuae sɛnea mɛyɛ sɛ nea minhu nneɛma a ɛrekɔ so no efisɛ nea na mahu no ara dɔɔso.”
Sɛnea ɔsadweam no nneyɛe tumi sakra no sɛe awerɛhyem a wɔwɔ no pii. Nnɛra na n’ani agye, nanso nnɛ ne bo afuw. Martin a ɔyɛ ɛna ɔsadweam bi ba a wanyin no ka sɛ: “Ná mintumi nhu bere a ne bo befi ase afuw da.” Ɔsadweam nni ne bɔhyɛ ahorow so, ɛnyɛ sɛ ɔyɛ anibiannaso nti, na mmom nsã ara kwa nti. Oduruyɛfo Claudia Black kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asãnom ho nsusuwii bɛdan ade a ehia ɔsadweam titiriw. Nea aka biara nhia no saa.”
“Menna Me Nkate Adi”
Sɛ wontumi nna wɔn nkate adi ɔkwan a ahotɔ wom so a, mmofra sua sɛ wɔbɛhyɛ so. Nhoma Adult Children—The Secrets of Dysfunctional Families se wɔde “anim a ɛyɛ serewserew” kɔ sukuu “nanso nkate a wɔnna no adi hyɛ wɔn mu,” na wontumi nna wɔn nsusuwii adi efisɛ wosuro sɛ ebia wɔbɛda abusua no kokoam asɛm adi. Wɔn ho kyerɛ sɛ biribiara rekɔ so pɛpɛɛpɛ; nanso wɔn mu de, nkate a wɔahyɛ so fi ase haw wɔn.
Sɛ wonyinyin a, mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔde wɔn anim a wɔbɛyɛ no sɛ ‘biribiara ye’ bɛkata wɔn nkate so no ntaa nyɛ yiye. Sɛ wontumi nna wɔn nkate adi denam ka a wɔka so a, ɛbɛda adi wɔ wɔn nipadua mu—kyerɛ sɛ, denam akuru, atipae a ennyae, ne nea ɛkeka ho so. Shirly se: “Ná nkate ahorow a ɛwɔ me mu no rekum me ankasa. Minyaa ɔhonam mu ɔyare biara bi.” Oduruyɛfo Timmen Cermak kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔkwan a mmofra a wɔanyinyin fa so di nkate mu nhyɛso ho dwuma ne sɛ wɔrennye ntom sɛ ɛwɔ hɔ, nanso wuntumi nsisi Adebɔ. . . . Nipadua a nkate mu nhyɛso a emu yɛ den yiye kɔ so tra mu mfe pii no fi ase gurow.”
Nea Ɛboro Kɔ a Wɔbɛkɔso Atra Nkwa Mu
Asadweam mma a wɔanyinyin no yɛ den; sɛnea wɔatumi afi mmofraase nkate mu ɔhaw mu akɔ so atra nkwa mu no di saa nokwasɛm no ho adanse. Nanso pii ho hia sen kɔ a wɔkɔ so tra nkwa mu. Ɛsɛ sɛ wosua abusua mu abusuabɔ ahorow ho nneɛma afoforo. Ebia ɛho behia sɛ wodi afɔdi, abufuw, ne wɔn ho a wommu koraa nkate ahorow ho dwuma. Ɛsɛ sɛ asadweam mma a wɔanyinyin de wɔn ahoɔden no di dwuma de hyɛ nea Bible frɛ no ‘nipasu foforo no.’—Efesofo 4:23, 24; Kolosefo 3:9, 10.
Eyi yɛ nna fam. Leroy a ɔyɛ ɔsadweam bi ba a wanyin no bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ n’ankasa abusua mu mfe 20. “Bere a menam Abusua nhoma no ne nhoma afoforo so nyaa afotu ahorow a Asafo ti no fi ɔdɔ mu de ma no nyinaa akyi no, mantumi ante nea ɛkyerɛ ankasa no ase.aNea efii mu bae ne sɛ mantumi amfa emu nsɛm no anyɛ adwuma yiye. . . . Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhwehwɛ mmara ahorow na madi so ara kwa a nkate biara nka ho, te sɛ Farisifo no.”—Hwɛ Mateo 23:23, 24.
Wɔ obi te sɛ Leroy fam no, ebia srɛ a wɔbɛsrɛ no kɛkɛ sɛ “yi ɔdɔ adi kɛse” anaa bɔ nkɔmmɔ” anaa “teɛ wo mma so” no nkutoo rennɔɔso. Dɛn ntia? Efisɛ ebia na abofra a wanyin no annya su anaa nimdeɛ horow yi mu osuahu da, enti ɔbɛyɛ dɛn atumi ada no adi anaa wasuasua? Leroy kogyee afotu a ɛbɛma wate sɛnea n’agya sadweamyɛ no anya ne so nkɛntɛnso no ase. Eyi buee kwan ma otumi nyaa honhom mu nkɔso. Ose: “Ɛwom sɛ eyi ayɛ m’asetra mu bere a ɛyɛ yaw yiye de, nanso ayɛ honhom mu onyin kɛse bere. Bere a edi kan wɔ m’asetram no, mete nka ankasa sɛ merefi ase ahu nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ no yiye.”—1 Yohane 5:3.
Kristoni bea bi a wɔfrɛ no Cheryl nyaa mfaso fii mmoa a asetram nsɛm ho odwumayɛni bi a waben wɔ abusua mu sadweamyɛ ho nsɛm ho no de maa no mu. Ɔkaa ne nsɛm kyerɛɛ ɔpanyin bi a ɔwɔ tema nso. Ose: “Mitumi kaa me ‘kokoam nsɛm a ɛyɛ aniwu’ no nyinaa ho asɛm no akyi ansa na mitumi te me ne Yehowa ntam asomdwoe nka. Mprempren mibu Yehowa sɛ m’agya (biribi a na anka mintumi nyɛ) , na mente nka sɛ wɔasisi me esiane sɛ mannya ɔdɔ ne akwankyerɛ a na mihia no amfi me papa nkyɛn wɔ asase so ha nti no bio.”
Amy a ɔyɛ ɔsadweam bi babea a wanyin no hui sɛ “honhom aba” a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsow no boaa no yiye. (Gaiatifo 5:22, 23) Osuae nso sɛ ɔbɛda ne nsusuwii ne ne nkate horow adi akyerɛ ɔpanyin bi a ɔte asɛm ase. Amy se: “Ɔtwee m’adwene sii mpeneso a na mepɛ sɛ minya ankasa a ɛne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo mpeneso no so. Wɔn dɔ ne mpeneso a wɔhwehwɛ no mma obi nsɛe ne ho koraa.”
Ahotɔ a Edi Mũ
Yesu Kristo bɔhyɛ a wɔakyerɛw ato hɔ sɛ wɔn a wɔasoa nnesoa abrɛ na wɔba ne nkyɛn no benya ahome no wɔ Bible no mu. (Mateo 11:28-30) Bio nso, wɔfrɛ Yehowa “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Korintofo 1:3, 4) Maureena se: “Mibehui sɛ Yehowa yɛ Obi a ɔrennyaw me wɔ ɔhonam, adwene, ne nkate mu da.”
Yɛte bere bi a Bible no frɛ no nna a edi akyiri no mu, bere a pii—wɔ abusua no mu mpo—bɛyɛ ‘abususɛnkafo, wɔn a wonni dɔ, ne wɔn a wɔyɛ keka.’ (2 Timoteo 3:2, 3, The New English Bible) Nanso Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ ɔde wiase foforo a asomdwoe wom bɛba, na obeyi osu ne awerɛhow nyinaa afi hɔ. (Adiyisɛm 21:4, 5) Kristoni bi a wɔtetee no wɔ ofie bi a ɔsadweam wom mu ka sɛ: “Yɛn anidaso ne sɛ yɛn nyinaa betumi akɔ wiase foforo no mu, faako a yɛbɛnya ahotɔ a edi mũ a Yehowa nkutoo na obetumi de ama no.”
ASƐM BI A ƐFA EYI HO A ESII
“Meyɛ ɔsadweam bi ba a wanyin. Me papa bɛyɛɛ ɔsadweam bere a na madi mfe awotwe. Sɛ ɔnom nsã a, na ɔyɛ basabasa. Mekae ehu a ɛkaa abusua mũ no nyinaa no. Bere a na anka ɛsɛ sɛ minya mmofraase a anigye wom no, misuae sɛ mɛhyɛ me nkate, nneɛma a mepɛ, m’akɔnnɔ, ne m’anidaso ahorow so. Maame ne Paapa de wɔn bere nyinaa dii ne haw no ho dwuma ma enti wɔannya bere amma me. Ná menfata sɛ wonya bere ma me. Mebɛtee nka sɛ me ho nni mfaso. Bere a midii mfe awotwe no, me dwumadi a wɔde too me so no amma mankɔ so anyɛ abofra bio—ɛma minyinii ntɛm ara na matumi adi abusua mu asɛyɛde ahorow ho dwuma. M’asetra gyinaa faako.
“Ná me papa nneyɛe no yɛ aniwu araa ma aniwu no bi kaa me. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ de asi anan mu. Mede me ho mae koraa, bɔɔ mmɔden sɛ mɛma afoforo adɔ me, na mante nka sɛ mefata sɛ obi dɔ me a menyɛ hwee nhyɛ n’anan mu. M’asetra bɛyɛɛ adeyɛ nkoaa a nkate biara nnim. Mfe bi akyi no, me kunu ne me mma ka kyerɛɛ me sɛ meyɛ robɔt, meyɛ m’ade sɛ afiri. Mesom wɔn mfe 30, de me nkate mu ahiade horow bɔɔ afɔre maa wɔn, na mede me ho maa wɔn sɛnea mede me ho maa m’awofo bere nyinaa no. Ná m’aseda ni? Eyi yɛɛ me yaw kyɛn so!
“Mifi abufuw, basaayɛ, ne ahoyeraw mu yɛɛ m’adwene sɛ mehwehwɛ nea ɛrehaw me no. Bere a me ne afoforo a wɔtetee wɔn wɔ afie a asadweam wom mu kasae no, nkate horow a ɛhyɛ me mu no fii ase daa adi, nneɛma a menkaee da, nneɛma a na ɛtaa ma minya adwenemhaw a egurow me no. Ná ɛte sɛ nea mayi adesoa bi afi me ti so anya ahotɔ. Ahotɔ bɛn ara na minyae sɛ mihui sɛ na ɛnyɛ me nko, na mmom afoforo te nka na wɔte adwene ne nkate mu yaw a minya m tete a wɔtetee me wɔ ofie a ɔsadweam wom mu ase no!
“Mede me ho kɔbɔɔ kuw bi a wɔfrɛ wɔn Asadweam Mma a Wɔanyinyin ho na mifii ase de wɔn nyansahyɛ ahorow no bi yɛɛ dwuma. Nhoma ahorow a wɔde yɛ adwuma boaa me ma mesakraa m’adwenkyea ahorow. Meyɛɛ me da biara da nkate ahorow ho kyerɛwtohɔ de huu nkate afoforo a ahintaw me mu mfe pii no. Mitiee kasɛt ahorow a ɛkyerɛɛ me sɛnea metumi aboa m’ankasa me ho. Mehwɛɛ TV so dwumadi bi a ɔbarima bi a n’ankasa yɛ ɔsadweam bi ba a wanyin yɛe no. Nhoma Feeling Good, a wɔyɛe wɔ Pennsylvania School of Medicine Sukuupɔn mu no boaa me ma metee nka sɛ me ho wɔ mfaso, na mitumi siesiee sɛnea misusuw nsɛm ho ɔkwan a ɛmfata so no.
“Akwan afoforo a wɔnam so susuw nsɛm ho yi bi bɛyɛɛ nnwinnade, nsɛm a wɔka de gyina asetra ne wɔne afoforo ntam abusuabɔ ano. Emu bi a misua de yɛɛ adwuma no ne: Ɛnyɛ nea ɛtoo yɛn ne asɛm no, ɛyɛ sɛnea yebu anaa yehu nea ɛtoo yɛn no na ehia. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ nkate ahorow so, na mmom ɛyɛ biribi a ehia sɛ wɔhwehwɛ mu na wɔda no adi ɔkwan pa so, anaasɛ woyi fi adwenem koraa. Adwinnade foforo bi ne asɛm a ese “yɛ nea ɛbɛma woasusuw nneɛma ho ɔkwan pa so.” Nneyɛe a obi tĩ mu yɛ no betumi ama wasusuw nneɛma ho akwan afoforo so.
“Adwinnade a ɛsen biara ne Onyankopɔn Asɛm, Bible no. Manya honhom fam ayaresa a eye sen biara afi ɛno ne Yehowa Adansefo asafo ahorow, ne wɔn mpanyimfo ne Adansefo afoforo a wɔn ho akokwaw no nkyɛn, na masua sɛ menya ɔdɔ a ɛfata ama m’ankasa ho. Masua nso sɛ meyɛ onipa a meda nsow a mewɔ me nkutoo nipasu, sɛ obiara nni amansan yi mu a ɔte sɛ me pɛpɛɛpɛ. Nea ɛho hia sen biara no, minim sɛ Yehowa dɔ me, na Yesu wu maa me ne afoforo nso.
“Mprempren, afe biako ne fa akyi no, metumi aka sɛ me ho atɔ me ara sann. Ɛyɛ bere a Yehowa trenee wiase foforo no asi mprempren wiase bɔne ne ne nyame, Satan Ɔbonsam anan mu no akyi ansa na ahotɔ a edi mũ bɛba.”
AWIEI
Bible no se: “Ɔbarima komam agyinatu te sɛ nsu a emu dɔ, nanso nea ɔwɔ nhumu bɛsaw.” (Mmebusɛm 20:5) Sɛ nea ɔreboa no bedi nkonim wɔ nea ne koma atu no komam nsu a emu dɔ a wɔsaw no mu a, ɛsɛ sɛ onya nhumu. Mfaso pii “wɔ agyinatufo dodow mu,” sɛ wɔwɔ nhumu a. (Mmebusɛm 11:14) Abebu a edi so yi nso kyerɛ mfaso a ɛwɔ mmoa a wɔhwehwɛ fi afoforo nkyɛn no so: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.” (Mmebusɛm 27:17) Sɛ wɔn a wɔahaw ne wɔn ho wɔn ho bɔ nkɔmmɔ a, ‘wobetumi ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.’ (Romafo 1:12) Sɛ nea ɔrekyekye werɛ no betumi adi Bible ahyɛde a ese “monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ” no so a, ɛsɛ sɛ ɔte nea ɛde adwenemhaw no ba ne nea efi adwenemhaw a aka nea ɛsɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ no mu ba no ase.—1 Tesalonikafo 5:14.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc tintimii no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
Asadweam mma pii da ɔhaw a emu yɛ den bere akyi nsɛnkyerɛnne koro no ara a wɔn a wɔakɔ ɔko aba da no adi no bi adi!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Sadweamyɛ mu nsɛm tebea gyina nsɛm a wɔde sie ne tebea no a wonnye ntom so
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 10]
Wɔde “anim a ɛyɛ serewserew” kɔ sukuu “nanso nkate a wɔnna no adi hyɛ wɔn mu”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
“Mprempren mibu Yehowa sɛ m’agya (biribi a na anka mintumi nyɛ) ”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Adwinnade a ɛsen biara ne Onyankopɔn Asɛm, Bible no
[Kratafa 9 mfonini]
“Ná nkate ahorow a ɛwɔ me mu no rekum me ankasa.”