Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 9/8 kr. 18-20
  • Dɛn Nti na Bere a Ɛsɛ sɛ Mede Ba Fie no Yɛ Katee Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Bere a Ɛsɛ sɛ Mede Ba Fie no Yɛ Katee Saa?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛteɛ Anaa Ɛnteɛ?
  • Awofo a Wɔbɔ Wɔn Mma ho Ban ma Ɛtra So
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Meba Fie Ntɛm Saa?
    Nyan!—1992
  • Dɛn Nti Na M’awofo Yɛ Katee Wɔ Me So Saa?
    Nyan!—1985
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Mitie M’awofo?
    Nyan!—1995
  • Mɛyɛ Dɛn Na M’awofo Agye Me Adi?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 9/8 kr. 18-20

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Bere a Ɛsɛ sɛ Mede Ba Fie no Yɛ Katee Saa?

NA LEN ani gye ho sɛ ɔne ne nnamfo bɛkyɛ wɔ abɔnten. Nanso ankyɛ na ne papa huu sɛ nneɛma a Len yɛ de gye n’ani anadwo no nyɛ nea asɛm biara nni ho koraa. Len kae sɛ: “Bere bi minyaa asɛm kɛse bi ma enti wɔamma me kwan sɛ mepue afi me dan mu nnawɔtwe abien​—gye sɛ merekodidi anaasɛ merekɔ sukuu. Ná ɛnsɛ sɛ wohu me sɛ merehwɛ me mfɛnsere mu mpo! Bere a m’asotwe no baa awiei no, me ne me nnamfo bi puei na yɛtraa abɔnten kɔpem ɔdasum. Bere a mede kaa no hyɛn ofie hɔ no, mihuu sɛ me papa te ntwironoo so hɔ retwɛn me . . .”

Ɛyɛ mmofra pii abufuw sɛ wɔn awofo bɛhwɛ wɔn kɔ ne wɔn ba mu. Abeawa bi se: “Bere a minyinii kakraa a minnii mfe aduonu no, m’awofo fii ase de anohyeto ahorow nyinaa too me so, te sɛ ofie a ɛsɛ sɛ mekodu ansa na ɔdasum apa ho.” Sɛ mmofra a wɔte sɛɛ no yɛ asoɔden de da wɔn abufuw no adi a, nea ɛtaa fi mu ba no nyɛ ahofadi pii, na mmom anohyeto ahorow foforo a emu yɛ den kɛse.

Asoɔden nketenkete mu de, ebia asotwe no bɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wode ba fie no a wɔbɛtew so. Mfomso a anibere wom mu de, ebia wobegye abofra no hokwan ahorow bi afi ne nsam, anaasɛ wɔremma ompue mfi fie wɔ bere tiaa bi mu. Abeawa bia onnii mfe aduonu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ woamma fie ntɛm Memeneda anadwo a, ebia wɔremma wumpue koraa Memeneda a edi hɔ no.” Afei nso ‘wobetumi aka wo ahyɛ fie’: wɔmmma obiara mmɛsra wo, wɔmmma wo ne obiara nkasa wɔ telefon so, na wɔmmma wonhwɛ TV. Nanso mmofra bi fam no, asotwe a ɛyɛ yaw sen biara ne sɛ wɔbɛkasa akyerɛ wo. Abarimaa bi a onnii mfe aduonu ka sɛ: “O, afɔdi nka a wote no! Wofi ase ka sɛnea na wo ho asɛm haw wɔn yiye no ho asɛm. Wote afɔdi kɛse nka.”

Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ w’awofo dɔ wo na wɔwɔ hokwan sɛ wɔhyɛ wo sɛ bra fie wɔ bere a ɛfata mu? Na sɛ wommae a, ɛbɛhaw wɔn, wobesuro, ebia wɔrentumi nna mpo. Abofra a ɔdɔ n’awofo na odwen wɔn ho ampa no rempɛ sɛ ɔbɛma wɔabɔ hu wɔ bere a enhia. So ɛrenkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya mmoroso anaa?

Nanso, mmofra pii te nka sɛ wɔn awofo de wɔn ahyɛ anohyeto ahorow a ɛnteɛ na ntease nnim ase. Fred a wadi mfe 18 no kasa tia sɛ: “Wɔnte asɛm ase, wɔyɛ me te sɛ nea meyɛ abofra a wadi mfe dunum. Mepow sɛ mɛyɛ nea ɔka no, na me ne me papa reko ankasa wɔ ɛno ho.” Nanso akwan a eye sen saa wɔ hɔ a wobɛfa so ne w’awofo adi nsɛm sen sɛ wobɛsɔre atia wɔn.

Ɛteɛ Anaa Ɛnteɛ?

Nea edi kan koraa no, teɛ a saa anohyeto ahorow no nteɛ no te dɛn? Sɛnea asɛm bi a adi kan aba dedaw kyerɛ no, ebia w’awofo wɔ ntease pa nti a w’ahobammɔ ne yiyedi ho asɛm haw wɔn no.a So Kristofo mmofra afoforo a wɔne wo yɛ pɛ nni anohyeto horow a ɛte saa ara ase? Sɛ saa a, ntease pa bɛn na wugyina so kasa tia w’awofo gyinaesi?

Aberantewa Len a wɔkaa ne ho asɛm wɔ mfiase hɔ no ante ase sɛ ne papa rehwehwɛ ne yiyedi a ɛsen biara. Wobɛkae sɛ wanni bere a ɛsɛ sɛ ɔde ba fie no so na ɔbɛtoo ne papa sɛ ɔte ntwironoo no so retwɛn no. Dɛn na Len yɛe? Asoɔden bio. “Bere a kar no hyɛn ofi no mu no, mekyeaa me ho too kar no mu akongua no so na me papa anhu me, na meka kyerɛɛ m’adamfo no sɛ ɔmfa kar no mpue. Misii gyinae sɛ mefi fie.” Len fii fie ampa na ɔde ne ho fii ase bɔɔ nnipa a wɔyɛ basabasa na ɛma ɔde ne ho hyɛɛ ɔbrasɛe, kar wia, ne nnubɔne nom mu. Awiei koraa no, wɔde no kɔtoo afiase. So eyi yɛ asɛm a ɛkɔ akyiri dodo? Ebia. Nanso ɛda nokwasɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 1:32 no mu adi yiye sɛ: “Na ntetekwaa akyirisan bekum wɔn.”

Ebia mmofra bi renkasa ntia bere a wɔhyɛ sɛ wɔmfa mmedu fie ho adwene no de, nanso sɛnea ɛte sɛ nea wɔn nuanom wɔ ahofadi pii sen wɔn no hyɛ wɔn abufuw. Abofra bi a ɔde Patti nwiinwii sɛ: “Ná me nuabarima panyin Mark tumi kyɛ wɔ abɔnten sɛnea ɔpɛ, nanso wɔanhyɛ no sɛ ɔntra fie da. Me​—sɛ meka akyi sima kakraa bi mpo ba fie a, na ɛno ara nen! Ɛnteɛ.” Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubehu nea enti a tebea a ɛte saa yi betumi ahaw wo. Nanso ansa na wobɛka sɛ “ɛnteɛ!” no, susuw Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Galatifo 6:4, 5 no ho: “Na ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.”

Ɛsono wo. Na nokwasɛm a ɛne sɛ wo nua panyin wɔ hokwan ahorow bi no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wo nso wunya bi saa ara. Ebetumi aba sɛ na ɛsɛ sɛ wo nua panyin no de bere bi kyerɛ sɛ ɔyɛ nea wobetumi de ho ato ne so ampa. Wo nso wobɛyɛ saa ara. Bio nso, so wunkyi sɛ w’awofo mu biako de wo bɛtoto wo nua barima anaa nuabea panyin bi ho? Dɛn nti na w’ankasa nso woyɛ saa denam mo hokwan a ɛsonosonoe a wode toto ho no so? Wɔ ne nhoma “After All We’ve Done for Them” mu no, Oduruyɛfo Louis Fine ka sɛ: “Awofo taa ne wɔn mma di, na wɔteɛ wɔn so ɔkwan a ɛsonosonoe so. Ebia eyi fi hu a wohu sɛ wɔn mma no yɛ ankorankoro a ɛsonosono wɔn ahiade ne nneɛma a wotumi yɛ ma enti ɛsɛ sɛ wobu wɔn sɛ wɔyɛ soronko.”

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, mmofra te nka sɛ wɔde wɔn nua panyin bi mfomso ho asotwe rema wɔn. “Esiane sɛ me nuabea de kar no puei na wamma ntɛm kɛkɛ nti, wɔatwa abɔnten a mɛtra akyɛ no mu. Wɔmma me kwan mpo na mede akyerɛ sɛ merenyɛ saa!” Nanso, ebia saa tebea yi renyɛ nea nsisi wom pii sɛnea ɛda adi no. W’awofo anyin na wɔahu nyansa sen sɛnea na wɔte bere a wɔtetee wo nuabarima anaa nuabea panyin no. Esiane sɛ wɔmpɛ sɛ wotĩ wɔn mfomso mu nti, ebia wɔbɛyɛ katee kakra wɔ wo so.

Nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔtwe w’aso wɔ ka a woka akyiri kakraa ba fie no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnten a wɔmma wonkɔ no nyɛ anigye. Enti ɛsɛ sɛ wudwen akyiri a wobɛka aba fie no ho yiye. Abofra Marcus ka no ɔkwan yi so sɛ: “Wɔatwe m’aso mpɛn pii. . . . Sɛ wɔantwe w’aso a, wurensua biribiara.” Sɛnea Bible no ka no, “nea obu nteɛso no fa nkwa kwan so.”​—Mmebusɛm 10:17.

Awofo a Wɔbɔ Wɔn Mma ho Ban ma Ɛtra So

Ɛyɛ ampa sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea asotwe no boro “mfomso” no so dodo. Awofo betumi abɔ wɔn mma ho ban atra so na ebia na ntease nni nea wɔhwehwɛ no mu. Nanso nkɔmmɔbɔ pa taa twa nsɛnnennen so ntɛm. Sɛ woma w’awofo hu beae a worekɔ, nea worekɔyɛ, nea wone no bɛkɔ, ne bere a wobɛsan aba fie a, ebia wobenya ɔpɛ kɛse sɛ wɔbɛma wo ahofadi pii. Sɛ ɛyɛ sɛ nea ntease nni nea wɔhwehwɛ wɔ wo nkyɛn no mu a, bɔ mmɔden sɛ wone wɔn bɛka ho asɛm wɔ ‘bere a ɛfata mu’​—ebia bere a wɔn bo atɔ wɔn yam na wɔagye wɔn ahome no. (Mmebusɛm 25:11) Gye nea wosuro na wodwen ho no tom. Ma wonhu ɔdɔ a wowɔ ma wɔn ne ɔpɛ a wowɔ sɛ wone wɔn bɛyɛ biako no. Boa wɔn ma wonhu sɛ ahofadi pii a wubenya no yɛ nyin a wunyin no fã.

Abeawa bi a onnii mfe aduonu ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ woma wohu sɛnea tebea no te ankasa nso. Sɛ wokyerɛkyerɛ nea enti a worennu fie ntɛm bere bi mu kyerɛ wɔn a, mpɛn pii no, wɔte ase.” Ɛdenam asɛm no ho nkɔmmɔ a wone wɔn bɛbɔ no sɛ ɔpanyin so no, woma w’awofo hu sɛ woyɛ obi a otumi di asɛyɛde ho dwuma​—obi a wotumi de ho to no so. Sɛ w’awofo adwenem da so ara yɛ wɔn nãã a, ebia wubetumi de bɔhyɛ a ntease wom bi ama.

Na sɛ wɔma wo kwan nso ɛ? Ɛnde ‘ma wo Yiw nyɛ Yiw,’ na bra fie bere ano! (Mateo 5:37) Ampa, nhyehyɛe a wɔayɛ no yiye no mpo betumi asɛe. (Fa toto Yakobo 4:13, 14 ho.) Biribi a egye ntɛmpɛ anaa mpofirim nsakrae wɔ nhyehyɛe ahorow mu betumi aba. Sɛ ɛba saa a, wone wɔn a wɔwɔ fie nkasa, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, na ma w’awofo nhu nea ɛrekɔ so. Abeawa bi a onnii mfe aduonu ka sɛ: “Sɛ me maame nim beae a mewɔ ne sɛ menam kwan so reba nkutoo a, ɛnhaw no.”

Wo ho a wobɛda no adi sɛ woyɛ ade pa no nso yɛ ade a ehia. Mmebusɛm 20:11 se: “Abofra po, wɔde ne nneyɛe na ehu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yiye na ateɛ.” Sɛ wokɔ so yɛ osetie na wuyi suban pa adi a, sɛ woka akyiri kakra ba fie bere bi a, w’awofo renhaw. Nokwarem no, Yesu suban pa a na wayi adi no nyinaa akyi no, n’awofo ‘ho yeraw wɔn’ bere a ɔyerae no. (Luka 2:48) Enti, sɛ w’awofo haw​—wɔhaw araa ma mfiase no wɔmma wo kwan na woakyerɛkyerɛ nea enti a woaka akyiri no mu a, mma ɛnyɛ wo nwonwa!

Mmebusɛm 29:11 se: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.” Ma wɔn abufuw no ntwam. Sɛ ano brɛ ase kakra a, fa nkyerɛkyerɛmu ma. Nanso ‘ka nokware.’ (Efesofo 4:25) Mfa nsɛm a ɛrentumi nyɛ nokware nyiyi wo ho ano; nea ɛbɛkyerɛ ara ne sɛ wonyɛ obi a wobetumi agye wo adi. Sɛ woyɛɛ anibiannaso anaasɛ wo werɛ fii biribi a, fa kyɛwpa a efi komam ma, na nya ɔpɛ sɛ wubegye ɛho asotwe atom. Ebia w’awofo behu sɛ enhia sɛ wɔtwe asɛm no tenten bio. Nanso, ebia wɔbɛte nka sɛ anohyeto afoforo ho hia bio, na nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛma wɔasan anya wo mu awerɛhyem.

Ebia bere a wɔhyɛ ma wo sɛ ɛsɛ sɛ woba fie no bɛyɛ nea ɛhaw wo, nanso ɛnyɛ atirimɔden ne asotwe a ɛmfata. Gye tom. Sɛ wone w’awofo yɛ biako na wokwati ɔsɔretia honhom a, ebia wobesi gyinae mpo sɛ ɛsɛ sɛ wogow nneɛma mu kakra na wɔma wo ahofadi pii.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa . . . Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Meba Fie Ntɛm Saa? no mu wɔ August 8, 1992, Nyan! mu.

[Kratafa 20 mfonini]

W’awofo a wobɛsɔre atia wɔn no taa kowie w’ahofadi a wɔto ano hye pii mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena