Abenkummayɛ Enye Anaasɛ Eye?
SƐ WOYƐ abenkumma a, so ɛhaw wo sɛ ɛsono wo wɔ nnipa afoforo a wɔyɛ nifafo no ho? Ɛyɛ ampa sɛ abenkummafo sua de, nanso ɛyɛ den sɛ yebehu wɔn dodow. Wɔabu abenkummafo ho akontaa sɛ wɔn dodow fi ɔha biara mu nkyem 1 kosi 30.
Michael Barsley a ɔhwehwɛɛ asɛm no mu yiye no kyerɛw wɔ ne nhoma Left-Handed People no mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn dodow no ankasa wɔ ɔha biara mu nkyem 1 ne 30 no ntam, nanso wonnyee obiara akontaabu ntoom wɔ baabiara ɛ. Yebetumi abu akontaa sɛ ɛbɛyɛ ɔha mu nkyem 4 anaasɛ 5 wɔ demokrase aman a anibuei wɔ hɔ na wonim nhoma no mu.”
Grolier Encyclopedia International ka sɛ abenkummafo a wɔwɔ wiase no bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 6. Na ɛno mpo no, wiase mu nnipa dodow mu ɔha biara mu nkyem 5 anaasɛ 6 no bɛyɛ nnipa ɔpepem 300. Enti sɛ woyɛ abenkumma a, ɛnyɛ wo nko.
Ebia sɛnea wɔayɛ nneɛma pii a wɔde di dwuma wɔ fie ama nifafo no bɛyɛ obi a ɔyɛ abenkumma no abufuw. Sɛ nhwɛso no, wɔtaa de ɔdorobɛn a nsuonwini fa mu no si ɔsen a wɔhohoro nneɛma ho wom no nifa so, ebia esiane sɛ ɛno na wɔtaa de di dwuma nti. Wɔtaa de ade a wɔde bue TV no nso si nifa so. Enti ɛyɛ a, na ɛsɛ sɛ abenkummafo twe wɔn ho mu kɔ fa wɔn nifa so ansa na wɔatumi abue nneɛma a ɛte saa.
Dɛn Na Ɛde Abenkummayɛ Ba?
Dɛn nti na ebinom de wɔn benkum na ɛyɛ ɛkame ayɛ sɛ biribiara a wɔyɛ no? Emu nkyerɛkyerɛmu gu ahorow. Nhwehwɛmu bi kyerɛ sɛ efi awo mu, ɛwom sɛ tebea a abofra no bɛkɔ mu bere a osua su horow no benya nkɛntɛnso wɔ sɛnea ɔpɛ sɛ ɔde nifa anaasɛ benkum bɛyɛ ade no so de.
Mfe no mu no, wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye pii aba. Paul Broca, a ɔyɛ afeha a ɛto so 19 mu Franseni adwene ne ntini ho ɔbenfo kyerɛkyerɛe sɛ ɔbenkunniyɛ nifani ahwehwɛ mu mfonini wɔ adwene no dwumadi mu.
Ebinom trɛw nkyerɛkyerɛ no mu kakra, wogye di sɛ saa ara na ɛte wɔ nipadua no nso ho. Enti wosusuwii sɛ abenkumma koma wɔ ne nifa so. Ankyɛ na wɔn a wɔhwehwɛ nipadua mu ma ɛdaa adi sɛ ɛnyɛ nokware. Nanso, ɛda adi sɛ amemene no yɛbea anaasɛ ne hyehyɛbea ne abenkummayɛ anaasɛ nifayɛ wɔ abusuabɔ a emu yɛ den bi, na adwene ne ntini ho abenfo reyɛ asɛm no ho nhwehwɛmu.
Wobu ɔdesani amemene fã abien no biara sɛ asasefã bi, na efi afeha a ɛto so 19 no, wɔabɛte ase sɛ amemene no asasefã no mu biara wɔ ne dwumadi atitiriw soronko. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nnipa pii amemene benkum fam asasefã no di kasa, nkontaabu, ntease, ne nsusuwi afoforo ho dwuma, na ɛte sɛ nea nifa fam asasefã no yɛ nneɛma te sɛ nnwom ne adwini ho adwuma. Nanso ɛte sɛ nea wɔn a wɔyɛ abenkummafo no gu ahorow wɔ sɛnea wɔhyehyɛ nsɛm na wɔde asasefã abien no di dwuma no mu.
So Wonni Wɔn Ho Adwempa?
Ɛnnɛ, wɔ aman a anibuei wɔ hɔ mu no, wɔ obi a ɔyɛ abenkumma a wɔserew no bere ne bere mu akyi no, adwempa a wonni wɔ ne ho ankasa nni hɔ. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eyi te saa. Ná aman binom nni abenkummafo ho koma. Wɔbaraa benkum a wɔde kyerɛw wɔ sukuu ahorow mpo mu. Na ɛnkyɛe pii na na awofo ne sukuu mu akyerɛkyerɛfo nyinaa kyekyere abofra nsa a “ennye” no tare n’akyi de hyɛ no na ɔde ne nsa a “eye” no adi dwuma.
Tete no, nyamesom mu anansesɛm na ɛmaa kyi a nnipa fi awosu mu kyi nneɛma a ɛyɛ soronko no yɛɛ kɛse. Bere bi na nnipa binom ka sɛ Ɔbonsam yɛ abenkumma, na Onyankopɔn yɛ nifani. Wotumi hu eyi wɔ tete mfonini ahorow a adi mfehaha pii mu. Sɛ worehwɛ a, hyɛ nsa a wɔde di dwuma de si asɛm so dua anaa wɔde so nneɛma mu no nsow. Na wɔka nso sɛ abenkummayɛ yɛ abayisɛm.
Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ saa anansesɛm no nni nnyinaso wɔ Bible Kronkron no mu baabiara. Wɔ Bible mmere so no abenkummafo ne nifafo nyinaa yɛɛ nnwuma a Onyankopɔn pene so. Nhwɛso kɛse biako ne Ɔtemmufo Ehud ho kyerɛwtohɔ no. Esiane sɛ Moab Hene Eglon hyɛɛ Israelfo no so nti, wɔhwehwɛɛ mmoa fii Onyankopɔn hɔ. Yehowa de abenkumma Ehud dii dwuma de kum Ɔhene Eglon a na ɔsõ no, na na ɛyɛ abenkumma a Ehud yɛ no na ɛboaa no wɔ ne dwumadi no mu.—Atemmufo 3: 15, 21.
Afei nso, na Benyamin abusuakuw a ɛwɔ Israel no wɔ akofo kuw 700 a na wɔyɛ abenkummafo a wonim ataabo a ɛyɛ hu no tow yiye. (Atemmufo 20:16) Akyiri yi, wɔkaa akofo a na wotumi de wɔn benkum ne nifa nyinaa di dwuma a na wɔsom wɔ Dawid asraafo dɔm mu no ho asɛm. (1 Beresosɛm 12:2) Enti obiara a onni abenkummafo ho adwempa no yɛ nea onnim de.
Ɛho Nhia Sɛ Wɔte Nka Se Woba Fam
Susuw nneɛma bi a yɛn bere yi mu abenkummafo binom atumi ayɛ nso ho hwɛ. Wɔn mu binom agye din wɔ agodi mu. Ná Babe Ruth a wobu no sɛ wɔn a wonim baseball bɔ yiye wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no yɛ abenkumma te sɛ baseball bɔfo afoforo pii.
Wɔ cricket agodi mu no nso nnipa a wonim bɔ yiye no mu pii yɛ abenkummafo wɔ bɔɔl no bɔ ne dua no kura nyinaamu. Wɔ cricket agodi bi wɔ England mu no, na West Indies kuw no mu abenkummafo dɔɔso sen nifafo. Na wɔn a wonim bɔ yiye koraa no mu biako, West Indiani Sir Gary Sobers yɛ abenkumma.
Abenkummafo pii nso wɔ Olimpik agodi a nnipa pii ani gye ho a wɔfrɛ no fencing no mu. Wɔ 1980 Olimpik Agokansi no mu no, na nnipa 4 a wonyaa sika kɔkɔɔ nkonimbo no mu 3 yɛ abenkummafo.
Ɛnnɛ mmere mu nnwontofo a wɔagye din yiye mu binom yɛ abenkummafo. Charles Chaplin de ne nsa benkum na ɛbɔɔ sanku wɔ ne sini a agye din yiye no biako mu. Na afoforo nso ne Harpo Marx ne Danny Kaye a onim nneɛma pii yɛ no.
Wɔ adwinni mu no, ebia abenkumma biara nni hɔ a wonim no yiye sen Leonardo da Vinci. Ɛwom sɛ wontumi nhu ampa sɛ na ɔyɛ abenkumma fi awo mu de, nanso ɛte sɛ nea adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɔde ne benkum na ɛkyerɛw na ɔde yɛ mfonini ahorow, ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, na ɔda ne nsa abien nyinaa a otumi de yɛ ade no adi denam ne nifa a ɔde di dwuma no so de.
Ahwehwɛ Mu Nkyerɛwee
Abusuabɔ a emu yɛ den bi wɔ abenkummayɛ ne ahwehwɛ mu nkyerɛwee a nkyerɛwde no kɔ n’akyi na eti benkum kɔ nifa no ntam. Ɔbenfo Macdonald Critchley kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhomawa Mirror-Writing mu sɛ: “Asɛm ahwehwɛ mu nkyerɛwee . . . no kyerɛ nkyerɛwee a ɛnkɔ sɛnea wɔtaa kyerɛw ade no, na nkyerɛwde ahorow no nso san n’akyi. Enti sɛ wɔanhwɛ nkyerɛwee no wɔ ahwehwɛ mu a, wontumi nkenkan; ahwehwɛ mu nkyerɛwee ho nhwɛso ne nkyerɛwee a epue wɔ krataa a etumi nom adubiri akyi no.”
Ɛda adi sɛ eyi ye ma kyerɛwdua a wɔde hyɛ nsa benkum mu no, enti ɛkame ayɛ sɛ abenkummafo nkutoo na wotumi kyerɛw saa. Eyi ho amanneɛbɔ a akyɛ no fa ɔsraani bi a ɔhweree ne nsa nifa wɔ ɔko mu de bi ho. Bere a ofii ase de ne benkum kyerɛwee no, sɛnea yɛbɛhwɛ kwan no, ofii ase yɛɛ sɛ ahwehwɛ mu nkyerɛwee. Sɛ mmofra binom resua akyerɛw a, wɔde nkyerɛwde mmiako mmiako bi te sɛ b, d, p, ne q yɛ saa.
Ɛda adi sɛ nhoma akyerɛwfo mu nea wonim no yiye wɔ ahwehwɛ mu nkyerɛwee ho ne Lewis Carroll, Alice in Wonderland no kyerɛwfo a ɔyɛ abenkumma no. Ɛte sɛ nea eyi na ɛma ɔkyerɛw ne nhoma Through the Looking Glass, faako a biribiara kɔ n’akyi anaa ɛte sɛ nea wɔrehwɛ wɔ ahwehwɛ mu no.
Ɛyɛ Nhyira anaasɛ Ennye?
Enti sɛ woyɛ abenkumma a, w’ani betumi agye sɛ wɔ mmeae pii no, wɔte wo ase sen wo mfɛfo a na wɔyɛ abenkummafo wɔ tete hɔ no. Ɛnnɛ, adwinnade, mfiri ne fie nneɛma—te sɛ akapɛ, nea wɔde tu nkyɛnsee mu nnuan so, asekan, trowɛl a wɔde to brikisi—yɛ nea wɔahyɛ da ayɛ ama wo. Wubetumi anya kyerɛwdua a wɔahyɛ da ayɛ ano no wɔ ɔkwan bi a ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi de benkum akyerɛw no so.
Nokwarem no, ɛho nhia sɛ wusuro sɛ woyɛ abenkumma. Ebetumi aba sɛ wo nneyɛe ahorow binom yɛ ntɛm na eye sen nifafo de. Ebia na wowɔ nnwonto ne adwinni mu ahokokwaw bi wɔ wo benkum no mu a ɛda hɔ kwa.
Enti, dɛn na wobɛka? So abenkummayɛ yɛ nhyira anaasɛ ennye wɔ nifayɛ wiase yi mu? Bere a ebinom renka sɛ ɛyɛ nhyira ankasa no, ɛreda adi nkakrankakra sɛ ɛnyɛ ade a ennye, na ɛtɔ mmere bi mpo a, na mfaso wɔ so.