Teokrase Nsɛmmansɛmma
Ghana ɔsom adwuma nkontaabu ma December, 1979, kyerɛ sɛ yenyaa adawurubɔfo 23,026, nea ɛkɔ soro sen biara wɔ ɔsram biako mu! 1,499 nyaa daa akwampae ne akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa wɔ ɔsram biako no ara mu. Ɛyɛ nkontaabu pa. Yɛde ɔmansin foforo biako aka amansin a ɛwɔ Ghana no ho ma ayɛ 21, na yɛhwɛ kwan sɛ yɛde bi bɛka ho bio bere tiaa bi mu.
◆Aban yɛɛ mmara de baraa Yehowa Adansefo dwumadi wɔ Paraguay, January 3, 1979. October a etwaam yi mu no yɛn nuanom de asɛm no kɔɔ Asennibea Kunini a ɛwɔ ɔman no mu no anim, nanso ɛde besi nnɛ no wommuae.
◆ Nsa aka amanneɛbɔ pa afi wiase nyinaa a ɛkyerɛ sɛ 1980 ɔsom afe no afi ase fɛfɛ. Aman 15 foforo de nkontaabu aba, na adawurubɔfo dodow a nsa kae September mu no kɔ soro sen biara.