Nsu a Edi Awu
WƆN a wɔyɛ nhwehwɛmu a wofi Peru Mayor de San Marcos Ɔman Sukuupɔn mu hwehwɛɛ nsu ahorow 30 a efi mmeae a ɔmanfo kɔ hɔ ne Lima kurow afie mu. Sɛnea Latin America nsɛmma nhoma Vision kyerɛ no, na nyarewa mmoawa ne tiafi mu nneɛma ahyɛ nsu ahorow 29 mu ma. Biako pɛ na na eye sɛ nnipa nom.
Peru Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan so asi gyinae sɛ nsu a wɔnom wɔ Lima mu ɔha biara mu nkyem 50 betumi de “konkuruwa, atiridiinini, mmerɛbo mu yare, kɔlera, ne yafunyare afoforo” aba. Nea ɛhaw adwene koraa ne kɔlera yaredɔm a ɛbaa Peru, a ɛkaa nnipa 150,000 na ekunkum nnipa 1,100 wɔ January ne April 1991 ntam pɛ no.
Ɔhaw no ano aduru a wɔkamfo kyerɛ kɛse ne sɛ wɔbɛnoa nsu no ma akyɛ de akum mmoawa a wɔde nyarewa san nnipa no. Nanso, eyi yɛ nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Vision ka sɛ “mmusua pii fam no, nsu a wɔnoa no simma du no yɛ afɛfɛde kɛkɛ, efisɛ krasin galɔn biako boro dɔla biako” a ɛyɛ obi dapɛn biako akatua fã kɛse.
Ɛnyɛ aman a wodi hia nkutoo na nsu a wɔnom a asɛe ho asɛm haw wɔn. Sɛ nhwɛso no, sɛnea The New York Times kyerɛ no, wɔ United States no “wobu akontaa sɛ afe biara mmofra bɛboro 250,000 nom nsu a sumpii a ɛwom no dɔɔso araa ma ɛremma wonnyin yiye wɔ adwene ne nipadua fam.” Na wɔ Europa no, wɔka nsuka a wɔsɛe no ho asɛm pii. New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amaneɛ sɛ “Europa nsu mu fã kɛse fi abo mu, na nnuru ne nnade ho nneɛma betumi asɛe no.”
Wɔ Adiyisɛm 14:7 no, Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ “Nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti.” Ɔwɔ tumi nso a ɔde bɛdan nsu a ɛyɛ nwene ne nea asɛe ma ayɛ nsu a ɛyɛ dɛ na ɛyɛ kurunnyenn. (Exodus 15:22-25; 2 Ahene 2:19-22) Ɔbɛyɛ eyi wɔ wiase nyinaa bere a wasɛe wɔn a wɔresɛe asase nnɛ no.—Adiyisɛm 11:18.