Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 20-23
  • Aral Po Awerɛhosɛm No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aral Po Awerɛhosɛm No
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribiara ne Nea Wohu no Nsɛ
  • Nea Enti a Ɛpo No Reyow
  • Mfaso Ahorow a Nneɛma a Ɛyɛ Awerɛhow Afi mu Aba
  • Asase a Ɛrenwu ne Nnipa a Wɔyare
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Ɛhe na Nsu no Nyinaa Kɔ?
    Nyan!—2001
  • Bra Bɛhwehwɛ Galilea Po no So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 20-23

Aral Po Awerɛhosɛm No

“ENSII pɛn wɔ adesamma abakɔsɛm mu sɛ ɛpo mũ nyinaa tumi yow koraa fi asase so wɔ nnipa awo ntoatoaso biako anim.”

Bere a R.V. Khabibullaen, kan Soviet Union anyansahufo mu biako a wonim no yiye kaa eyi wiei no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ao, ɛno ne awerɛhosɛm a ebetumi ato Aral Po no.”

Saa po kɛse yi wɔ Uzbekistan ne Kazakhstan anhweatam no so, faako a anka ɛyɛ Soviet Union no mu aman a ɛwɔ Asia no. Wɔ 1960 mu no, na ne tenten ne ne trɛw bɛyɛ kilomita 67,000, ma enti na ɛne asu a ɛsõ sen biara mu nea ɛto so anan wɔ wiase. Na Caspian Po a ɛbɛn hɔ, Amerika Kusuu Fam Superior Ɔtare, ne Afrika Victoria Ɔtare no nkutoo na ɛsõ sen no.

Nanso, wɔ mfe 30 a atwam no mu no, Aral po no tɛtrɛtɛ so atew bɛboro nkyem abiɛsa mu biako na emu nsu no nkyem abiɛsa mu abien ayow! Aral no fa bɛboro kilomita 28,000 a ne kɛse te sɛ U.S.A. ɔmansin Connecticut mmɔho abien ayow. Ɛpo no sorokɔ aba fam bɛboro mita 12, na nsu a ɛwɔ afã horow bi atwe afi faako a anka ano wɔ no akɔ akyiri fi kilomita 80 kosi 100. Eyi ama po no ase anhwea a ɛso awo no ho abɛda hɔ wɔ baabi a na anka nsu bruu a mpataa wom pii wɔ no. Mprempren nkuraa bi a na anka mpataayi kɔ so wɔ hɔ no deda mpan a ɛhɔ ne po no ano ntam kwan yɛ akwansin pii.

Wɔ 1950 mfe a edi akyiri mu no, na wotumi yi mpataa a wotumi tɔn bɛyɛ kilogram ɔpepem 45 afe biara wɔ Aral no mu. Na mpataa a wɔtra nsu a nkyene nnim mu ahorow ahorow aduonu anan abu so wɔ po no nsu a nkyene nnim kɛse no mu. Ná apofofo bɛyɛ 10,000 na wofi Muynak hyɛn gyinabea a na wɔyɛ mpataa a woyi wɔ Soviet Union afe biara no ɔha mu nkyem 3 ho adwuma no hɔ nkutoo koyi nam. Nanso mprempren, ɛpo no mpataayi adwuma a na ɛkɔ so, a bere bi na ɛma nnipa 60,000 nya adwuma yɛ no asɛe; Aral nsuno mu nkyene a ɛredɔɔso kɛse no akunkum mpataa no.

Biribiara ne Nea Wohu no Nsɛ

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, mprempren, Muynak a emu nnipa so atew afi 30,000 ne akyi abedu bɛyɛ 20,000 ne Aral a ɛretwe no ntam kwan bɛboro akwansin 20! Bere a obi a ofi United States rebɛsra hɔ te wimhyɛn mu rebɛn kurow no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ ohuu “biribi a ɛte sɛ po so hyɛn a wɔde di agoru a aboa ano wɔ anhweatam no so.” Bere a osii fam na ɔbɛn hɔ yiye no, ɔkae sɛ: “Dade mpataayi ahyɛn akɛse ne abonto afoforo pii akyeakyea na anhwea reyɛ akata so, te sɛ nea asorɔkye akɛse bi na atotow fĩ akwansin pii abegu hɔ saa.”

Bere a po no mu nsu fii ase sɛ ɛretwe no, woyii suka bi sɛnea ɛbɛyɛ a ahyɛn a ɛwɔ Muynak hyɛn gyinabea no betumi akɔ po a ɛda hɔ kɛse no mu. Nanso ɔpanyin a ɔhwɛ kurow no so no kae sɛ: “1974 awɔwbere mu no, ɛpo no twee ntɛmntɛm, na eduu fefɛwbere, bere a wɔde ahyɛn taa kɔ po no, na nsu nni ho, na wɔantumi ampia amfi hɔ.”

Dɛn na ɛde awerɛhosɛm yi bae?

Nea Enti a Ɛpo No Reyow

Efi bere tenteenten ni no, nsubɔnten akɛse abien, Amu Darya ne Syr Darya na na ɛtene kɔ Aral no mu. Saa nsubɔnten yi nya wɔn nsu fĩ Afghanistan kusuu fam apuei ne Kyrgyzstan mmepɔw no so nsukyene a ɛnan yɛ nsu no mu. Nanso, nea ɛbɛyɛ a wɔbɛdan Aral obon no mu asase a awo no ma ayɛ beae titiriw a wɔyɛ kua wɔ nti, wɔmaa nsu no kɔfaa nsuka a wɔde mu nsu gugu nnɔbae so mu, ma enti ebi anka a ɛbɛsen akɔ po no mu.

Wobuee nea wɔfrɛ no Aral po ho adwuma no ano wɔ 1960 mu. na ankyɛ biara na asase a wogugu so nsu no mu trɛw koduu ahama ɔpepem 17, a ne kɛse bɛyɛ sɛ California, U.S.A. mmɔho abien. Anhweatam no fii ase maa nnɔbae pii, nanso ankyɛ na ɛpo no fii ase yowee.

So ɛso mfaso ahorow no ayɛ kɛse asen po no a wɔasɛe no no?

Mfaso Ahorow a Nneɛma a Ɛyɛ Awerɛhow Afi mu Aba

Ade titiriw a wodua ne asaawa, na wɔde bɛyɛ asase no fã na edua. Ansa na wɔregu Soviet Union no, na asaawa a wɔde yɛ adwuma wɔ hɔ no mu ɔha mu nkyem 95 fi Aral obon no mu asase a wogugu so nsu yi hɔ. Bio nso na ebi boro so ma wɔkɔtɔn no amannɔne de nya sika a ehia. Ná ɔmo a Soviet Union nya no mu ɔha 1 mu nkyem 40 fi beae yi nso.

Nea ɛka ho bio no, Aral obon no bɛyɛɛ baabi a wonya nnuaba ne nnuadewa sen biara wɔ ɔman no mu, sɛnea California yɛ ma United States no. Na ɛmaa ɛhɔ nnipa a na wɔredɔɔso ntɛmntɛm a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem 40 no nyaa adwuma yɛe. Nanso. wɔansusuw nkɛntɛnso a ebenya wɔ nneɛma a atwa wɔn ho ahyia so no ho ankɔ akyiri.

Sɛ́ nhwɛso no, wɔamfa sɛmɛnte anka nsuka a wɔde mu nsu gugu nneɛma so no mu. Eyi nti ná nsu no mu dodow no ara kɔ anhwea no mu ansa na adu nnɔbae no so. Afei nso, wɔde nnuru a wɔde kum mmoawa a wɔsɛe afifide aasiane wom pii dii dwuma, na nea ɛbɛyɛ na ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛtetew asaawa no nti, wɔde nnuru a ekum nwura dii dwuma na ama nnua no ahaban aporow.

Enti nneɛma a atwa yɛn ho ahyia sɛe no ayɛ kɛse koraa asen Aral po mpataayi adwuma a asɛe no. Sɛ nhwɛso no, afe biara anhwea ne nkyene tɔn ɔpepem pii a mframa bɔ fi po no ase asase kilomita 280,000 a ɛho ada hɔ no so no boaboa ano yɛ akuw akɛse a wɔn a wɔkɔ wim tumi hu.

Nkyene, nnuru a wɔde kum mmoawa, ne nneɛma afoforo a etumi di awu bi wɔ mfutuma anaa nsu a ɛtɔ fi akuw akɛse mu gu fam no mu. Afe biara, nkyene ne anhwea a adi afra yi tɔn fa begu Aral obon no mu asase hama biako biara so. Na wɔahu Aral mfutuma no wɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri te sɛ Russia Arctic mpoano.

Akwanhwɛ foforo a ɛyɛ hu ne sɛnea Aral po a ɛretwe no aka wim tebea no. Sɛnea na po no tumi ma wim tebea horow yɛ nea ɛfata no akɔ fam ma enti ahohurubere mu ɔhyew ayɛ kɛse na awɔwbere mu onwunu ayɛ kɛse. Sɛ edu fefɛw bere a, sukyerɛmma ka akyi ba, na edu twabere mu a, ɛba ntɛm, na ɛma bere a wɔde dua nneɛma no yɛ tiaa.

Afei nso, Aral sɛe no ama wɔakunkum mmoa pii. Mfe kakraa bi a atwam ni no, na mmoa a wogu ahorow bɛboro 170 na wɔwɔ Aral mpɔtam hɔ; seesei nea ɛwɔ hɔ nnu ahorow 40. Wɔ 1960 mfe no mfiase mu no, na woyi muskrat [asuboaa bi] nhoma bɛboro 600,000 afe biara, nanso mprempren de ɛkame ayɛ sɛ wonnya bi nyi koraa bio. Nnuru ahorow a adɔɔso wɔ po no mu no akum anhweatam no so mmoa a wɔnom emu nsu no.

Asase a Ɛrenwu ne Nnipa a Wɔyare

Awerɛhosɛm ne sɛ, nkyene pii a ɛwɔ asase no mu no resɛe no. Sɛ wɔde nsu gugu anhweatam so a, owia a ɛyɛ hyew no twe nsu no pii, na ɛma nkyene pii ka asase no mu. Afei nso, sɛ nsu a wɔde gugu nnɔbae so pii fɔw asase no a, eyi ma asase no mu nsu foro ba soro nkakrankakra. Na sɛ nsu a awuduru wom no kodu nnua ntini ho a, nsu no mu awuduru sɛe no. Ɛno ne nea ɛrekɔ so wɔ Aral obon no mu. Ɔkyerɛwfo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Amanehunu a ɛmaa Mesopotamiafo tete anibuei no sɛe no ara na ɛresɛe foforo bi nso.”

Wɔrekum nnipa no nso. Nnuru a wɔde kum mmoawa ne nwura kɔ asase no mu kɔsɛe mmura mu nsu. Ne saa nti, nnipa pii renom nsu a ɛne nnuru a etumi di awu adi afra, na nea efi mu ba no yɛ awerɛhow. World Health nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Mmofra a wɔadi dɛm a wɔwo wɔn, brɛbo ne asaabo mu nyarewa a adɔɔso, yafunyare a ennyae da, mmofra wu a ɛrekɔ anim, ne kokoram a ɛredɔɔso ayɛ ɛhɔ aduruyɛ nhoma ahorow mu ma.

Oduruyɛfo Leonid Elpiner a ɔyɛ Aral po no mu nyarewa ho ɔbenfo no frɛɛ nyarewa a wɔ renya wɔ hɔnom no sɛ “AIDS a nnuru a wɔde kum mmoawa na ɛde ba.” Ɔkae sɛ: “Yesusuw sɛ, ɛnyɛ botae titiriw no ne sɛ yɛbɛbɔ Aral Po no ho ban bio. Ɛne sɛ yebegye nnipa no nkwa.”

National Geographic samufo William S. Ellis, Amerikafo a wodii kan kɔsraa mpɔtam hɔ no mu biako kyerɛw sɛ: “Ɛpo no yɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho awerɛhosɛm bi a ɛda so rekɔ so ​—pii ka sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛte sɛ ɔtopae ho amanehunu a esii Chernobyl wɔ 1986 mu no ara pɛ.” Wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Muynak ase no, ɔbarima bi mpo kae sɛ “enye sen saa mpɛn du.”

Nokwarem no, nea aba Aral po no so no yɛ awerɛhosɛm. Nanso ɛnyɛ nea wɔboapa yɛe. Ná wɔn a wɔhwɛ ma wodii ho dwuma no wɔ adwempa. Na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma anhweatam no so aba aduan ama nnipa. Nanso, wɔn nhyehyɛe ahorow no ho dwumadi de amanehunu a ɛyɛ hu, a ɛsen ɛso mfaso horow no koraa aba.

Ɔkyerɛwfo bi resusuw Aral po awerɛhosɛm no ho no, ɔkae sɛ ɛyɛ onipa asɛyɛde sɛ ogyaw asase no ma daakye awo ntoatoaso “sɛ baabi a wɔahwɛ hɔ yiye na wɔadi hɔ ni.” Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ. nea ɛne eyi bɔ abira na asi wɔ ha, sɛnea nsakrae akɛse a efii ase wɔ Aral obon no mu mfe 30 a atwam ni no di ho adanse no.

[Picture on page 20, 21]

Faako a na Aral po no ano bedu no atwe akɔ akyiri akodu kilomita 95, na ama ahyɛn no aka anhwea no mu

[Asɛm Fibea]

David Turnley/Black Star

[Kratafa 22 mfonini]

Nsu a wɔde gugu Aral obon no mu no maa ɛhɔ yɛɛ asase a ɛsow aba nanso ama wɔahwere nneɛma pii

[Asɛm Fibea]

David Turnley/Black Star

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena