Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 5/8 kr. 30
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛfi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
  • Aral Po Awerɛhosɛm No
    Nyan!—1992
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 5/8 kr. 30

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Mmofra Nteɛso M’ani gyee asɛm “Bible no Adwene . . . ’Nteɛso Abaa’​—So Ne Bere Atwam?” no ho ankasa. (January 8, 1993, Nyan!) Yehia asɛm a ɛte sɛ eyi na aboa yɛn ma yɛakari pɛ wɔ wiase a wɔyɛ mmofra ayayade ne atirimɔdenne pii wom yi mu. Minim mmofra a wɔhyɛɛ wɔn so katee fi wɔn mmofraase. Ɛnnɛ wɔyɛ mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔwɔ nkate mu haw kɛse. Yehia nsɛm a ɛtete sɛɛ na aboa yɛn ma yɛde ɔdɔ akyerɛ yɛn mma kwan na yɛakyerɛkyerɛ wɔn.

M. B., United States

Ntade a Ne Bo Yɛ Den Meda mo ase wɔ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Ntade a Ne Bo Yɛ Den​—So Ɛsɛ sɛ Mehyɛ?” no ho. (September 8, 1992, Awake!) Bere a migyaee m’adwuma afe biako a atwam ni bɛyɛɛ daa ɔsɛmpakafo afei no, na mintumi ntɔ ntade a ne bo yɛ den bio. Eyi haw me kyɛɛ kakra. Nanso, mprempren mitumi hu sɛ mapaw adepa, na mannya hwee amfi ntade a ɛwɔ din mu.

M. J. C., Brazil

Aral Po Awerɛhosɛm Meda mo ase pii wɔ asɛm “Aral Po Awerɛhosɛm” no ho. (December 8, 1992, Nyan!) Efi bere a na mekɔ sukuu no, m’ani agye po a asase atwa ho ahyia yi ne Caspian Po a ɛbɛn ho no ho. Maboaboa po abien yi mu kɛse ho nsɛm ano wɔ mfe a abɛsen no mu, nanso na Aral Po no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ hɔ sua na na ɛho yɛ na yiye kosii sɛ mokyerɛw mo asɛm no.

D. H., Germany

Nananom Ɛwom sɛ me ne me yere nyɛ mmofra bio de, nanso yɛn ani asɔ “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” no mu nananom a wɔne wɔn tra ho nsɛm no ho kɛse. (July 8, 1992, Awake! ne November 8, 1992, Nyan!) Nnansa yi ara yɛne me yere nanabea akɔtra, na eyi ama yehyia nsɛnnennen. Mo afotu pa a egyina Bible so ne nnipa a wɔn mfe akɔ anim asetra ho nhumu a nyansa wom no ara ne nea na yehia. Abusua adesua abien a yɛyɛe a egyina saa nsɛm abien no so ne afotu no a yɛde dii dwuma pa no ama tebea no ayɛ papa ankasa.

J. L., United States

Death Metal Mo asɛm “Death Metal​—Dɛn Na Ɛkyerɛ?” (July 8, 1992, Awake!) kaa me kɛse. Na m’ahonim haw me wɔ nnwom yi ho. Mo asɛm no ma minyaa ahoɔden ne akokoduru de twee me ho fii Satan nnwom yi ho. Ɛsɛ sɛ mekɔ so bɔ mmɔden ara de, nanso denam Yehowa mmoa so no metumi adi nkonim.

M. D., United States

AIDS Mo asɛm “AIDS wɔ Afrika” (December 8, 1992, Nyan!) no som bo! Afotu a mode maa mmerante ne mmabaa a wɔpɛ sɛ wɔware no betumi agye nkwa mpo. Meyɛ Kristoni a wɔbɔɔ me asu nkyɛe, na kan asetra kwan nti, makɔyɛ nhwehwɛmu ahwɛ sɛ mewɔ HIV anaa. Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ minni bi. Mintumi nhu nea enti a ebinom a ɛsɛ sɛ wɔkɔyɛ nhwehwɛmu no twentwɛn wɔn nan ase. Awarefo pii a wɔn ahokafo nni nokware no de ayamhyehye hwɛ kwan sɛ biribi pa befi mu aba. Nanso ɛreyɛ hu kɛse sɛ wɔbɛtra ase na wɔahwɛ kwan sɛ wonnyaa saa ɔyare bɔne no bi ɛ.

L. J., United States

Yɛn ani sɔ nsɛm yi a wufi nokwaredi mu aka no. Sɛnea U.S. Centers for Disease Control kyerɛ no, etumi gye fi asram abiɛsa kosi asia ansa na ɔyare no a aka nipadua no atumi anya tumi a ɛsɛ a ɛko tia ɔyare no na ama HIV nhwehwɛmu no ama wɔatumi ahu. Enti ɛho behia sɛ wɔsan yɛ nhwehwɛmu no bio, sɛ wɔyɛɛ nhwehwɛmu no wɔ bere a nnipa no de ne ho kɔkaa AIDS mmoawa no akyi pɛɛ a.​—SAMUFO.

Mepɛ sɛ mekyerɛ m’anisɔ wɔ asɛm “AIDS​—Ayaresabea Adwumayɛfo Rebɔ Wɔn Ho Ban!” no ho. (October 8, 1992, Nyan!) Meyɛ adwuma wɔ ayaresabea baabi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn tebea gye ntɛmpɛ no. Mekenkan asɛm yi wiei akyi pɛɛ no, yɛn adwumayɛfo no yɛɛ nhyiam a yesusuw ahobammɔ koro yi ara ho yiye wɔ ase. Mitumi ka kyerɛɛ afoforo sɛ madi kan akenkan eyi ho asɛm wɔ Nyan! mu.

T. M., United States

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena