Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 2/8 kr. 19-20
  • Wyndham Gyidi No​—Sɛnea Nka Afoforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wyndham Gyidi No​—Sɛnea Nka Afoforo
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɛntɛnso a Anya wo Ne Mfɛfo Mmofra So
  • Ahyɛ Obiara Gyidi Den
  • Ebedu Anwummere No Na WOAWU”
    Nyan!—1991
  • Yehowa Boaa Me Ma Mihuu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea Akenkanfo Ka Wɔ Young People Ask Nhoma No Ho
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 2/8 kr. 19-20

Wyndham Gyidi No​—Sɛnea Nka Afoforo

DECEMBER 8,1991 Nyan! nsɛmma nhoma no kaa sɛnea Wyndham Cook dii nokware maa Onyankopɔn mmara a ɛhyɛ Kristofo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho no ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 15:20; 21:25) Na Wyndham menewam mogya ntini ahonhon, na na ɛtɔ mmere bi a mogya tu no. Asɛm no bɔɔ amanneɛ sɛ mogya tuu no mpɛn pii a wanwu, na biako mu de, ne mogya mu hemoglobin dodow so tew araa ma ɛtraa 2. Awerɛhosɛm ne sɛ, asɛm no asehɔ asɛm bi kae sɛ: “Bere a wɔrebetintim nsɛmma nhoma yi no, mogya san tuu Wyndham bio ma owui.”

Nkɛntɛnso a Anya wo Ne Mfɛfo Mmofra So

Mmofra pii a wɔwɔ United States kyerɛw Nyan! kaa sɛnea wɔanya asɛm no ho anisɔ ne nkɛntɛnso a anya wɔ wɔn so ho asɛm. Ɔbiako a ofi Clinton, Iowa kae sɛ: “Bere a mekenkanee sɛnea abarimaa a wadi mfe 15 yi de akokoduru gyinaa nnuruyɛfo anim na ɔtɔɔ ne bo ase kyerɛkyerɛɛ nea enti a onnye mogya mu kyerɛɛ wɔn no, ɛmaa mehwehwɛɛ m’ankasa me gyidi mu, na mibisaa me ho nea anka mɛyɛ. Wyndham gyidi ne boasetɔ no maa metee nka sɛ masi me bo sen bere biara sɛ, sɛ meba nkwa-ne-owu tebea biara mu a, mesi gyinae sɛnea ɔyɛe no.”

Krataa bi a wonya fii obi a wadi mfe 15 nkyɛn fii Maiden, North Carolina kae sɛ: “Bere a mekenkan Wyndham amanehunu ahorow ne ne ho a ɔde too Yehowa so kosii owu mu mpo ho asɛm wiei no, misui. Mibisaa me ho saa asemmisa a ɛhwehwɛ komam yi sɛ, ‘So mede me nkwa bɛhyɛ Nyankopɔn nsa na mede me werɛ nyinaa ahyɛ ne mu sɛ ɔnkae me wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu?’

“M’akenkan asɛm no mpɛn pii, na mayɛ m’adwene sɛ mɛdan akɔ so bere biara a nhyɛso wiase yi ma midi awerɛhow no. Wyndham gyidi no hyɛ nkuran. Mehwɛ kwan sɛ mehyia no wɔ Yehowa wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.”

Abofra foforo bi a ofi New York City kyerɛw sɛ: “Metaa fa me ho sɛ mewɔ tebea bi a ɛte sɛ Wyndham Cook de no mu, na misusuw nea anka mɛka bere a oduruyɛfo a ɔhwɛ me no aka akyerɛ me sɛ m’annye mogya a mewu no. Nhwɛso ahorow a tumi wom te sɛ Wyndham de no ma minya akokoduru, na ɛhyɛ me den bere nyinaa sɛ mɛyɛ nea metumi biara wɔ Yehowa som mu.”

Abofra bi a ofi Kent, Washington, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mekɔfaa nsɛmma nhoma no fii post office nnɛra, na mekenkan ansa na meresan akɔ fie. Mefrɛɛ nnamfo pii wɔ asafo no mu kamfoo asɛm no kyerɛɛ wɔn. Afei saa anwummere no, yesuae wɔ yɛn abusua adesua ase.” Bere a ohuu nkɛntɛnso a anya wɔ ne so no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ hyɛ nko na ɛhyɛɛ me nkuran na ɛmaa me gyidi mu yɛɛ den, na mmom ɛmaa me a madi mfe 17 no bisaa me ho sɛ metumi agyina sɔhwɛ a ɛte saa mu anaa.”

Abofra bi a ofi North Berwick, Maine, kyerɛwee sɛ: “Mitumi te Wyndham ase, efisɛ me nso madi mfe 15. Mintumi nka sɛnea ne boasetɔ ne n’akokoduru no akanyan me sɛ mɛyɛ nea metumi biara wɔ Yehowa som mu. Sɛ otumi yɛɛ pii de sɔɔ Yehowa ani bere a na wayɛ mmerɛw mpo a, ɛnde dɛn nti na ɛnsɛ sɛ meyɛ nea metumi biara?

“Bere a mekenkan asɛm dɛdɛ no wiei no, na m’ani ataataa nusu. Metee nka te sɛ nea minim Wyndham me nkwa nna nyinaa. Minyae a anka ɛte saa. Afei mehwɛɛ ɔne n’awofo mfonini no, na misusuw sɛnea mehwɛ kwan dennennen sɛ mɛsan ahu ne serew fɛfɛ no wɔ owusɔre no akyi, bere a ɔrente yaw biara nka bio no.

Abofra foforo bi a wadi mfe 15 nso pɛe sɛ ɔma Wyndham awofo hu sɛnea ɔtee nka wɔ asɛm no ho. Ɔkyerɛw sɛ: “Wyndham akokoduru no ma mihui sɛ ehia sɛ misiesie me ho sɛ megyina pintinn wɔ me gyidi ahorow mu. Metumi akɔ tebea a ɛte saa mu bere biara. Nea mepɛ ara ne sɛ, sɛ ɛho behia sɛ misi gyinae bi a, menya akokoduru na masi me bo sɛ medi nea Bible no ka so, sɛnea Wyndham yɛe no.

“Minnim Wyndham da, na migye di sɛ ɛno nkutoo yɛ adehwere, nanso merehwɛ kwan yiye sɛ mehu no, bere a wiase foforo no aba no. N’asɛm no ahyɛ me den sɛ menyɛ nea metumi nyinaa wɔ Yehowa som mu, na menyɛ saa nkosi awiei koraa.”

Ahyɛ Obiara Gyidi Den

Ɔwofo bi a ofi Newark, New Jersey, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mfe 22 na mede ayɛ Yehowa Adansefo no mu biako, nanso mifii ase kɔɔ nhyiam horow akyɛ sen saa. M’akenkan me nsɛmma nhoma nyinaa bere nyinaa, nanso menkenkan asɛm bi a ɛka koma na ɛhyɛ nkuran sen Wyndham Cook de no da.

“Afei nea metumi ayɛ ara ne sɛ mɛyɛ m’asɛyɛde a Onyankopɔn de ahyɛ me nsa sɛ ɔwofo no denam me babea a wadi mfe 10 no a mɛboa no ma wagyina pintinn, na wakasa ama gyidi no sɛnea Wyndham yɛe no so. Sɛ́ ɛfa mogya ho ɔsɛmpɔw no, nnubɔne, nna, anaa nnebɔne afoforo a Satan de ba yɛn nyinaa, titiriw yɛn mmofra so no ho no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so gyina pintinn denam yɛn gyidi a yɛbɛma ayɛ den so.”

Ɔdansefo bi a ofi Cadiz, Kentucky, daa nkate a ɛte saara adi, na ɔkyerɛw sɛ: “Eyi yɛ nsɛm a ɛka koma sen biara a m’akenkan pɛn no mu biako, Wyndham yɛɛ nhwɛso a ɛkyɛn so a ɛsɛ sɛ mmofra nyinaa suasua. Bere a mekenkan nea ɛtoo Ɔdansefo abofra fɛfɛ no, misui. Mihuu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, mmofra ne mpanyin, suasua n’akokoduru ho nhwɛso no. Wyndham nhwɛso no maa mehwehwɛɛ me ho mu bio. Ama mereyere me ho kɛse sɛ mefi koma nyinaa mu asom Yehowa, abɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mɛyɛ nhwɛso pa te sɛ Wyndham, atew Yehowa din ho.

Ɔdansefo foforo bi a ofi Palm Springs, California, kyerɛw sɛ: “Asɛm yi kaa me koma titiriw. Mewɔ mma baanum, na mehwɛ kwan, bɔ mpae sɛ, sɛ amanehunu a ɛte sɛɛ to wɔn da bi a, wobenya gyidi mu ahoɔden a na Wyndham wɔ no bi. . . . Wyndham yɛ nhwɛso fɛfɛ ma yɛn mmofra no.”

Nokware gyidi ne nneɛma a ani da so ho akwanhwɛ a awerɛhyem wom, ɛwom sɛ obi nhui anaa onnyaa saa nneɛma no ho osuahu ɛ. (Hebrifo 11:1) Ná Wyndham wɔ Onyankopɔn wiase foforo no ne awufo sɔre no mu gyidi esiane Bible bɔhyɛ ahorow ho nokware nimdeɛ nti. (Asomafo no Nnwuma 24:15; 2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Nokwarem no, gyidi a ɛte sɛɛ a obi da no adi bere a ɔrewu mpo no, yɛ denhyɛ ma wiase nyinaa onuayɛkuw no.​—1 Petro 5:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena