Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 12/8 kr. 13-15
  • Ebedu Anwummere No Na WOAWU”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ebedu Anwummere No Na WOAWU”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛnnennen Bi Fi Ase
  • Tumi a Efi Asennibea
  • Ɛte Sɛ Nea Obewu
  • Ɔsan Nya Ahoɔden
  • Wyndham Gyidi No​—Sɛnea Nka Afoforo
    Nyan!—1993
  • Yehowa Boaa Me Ma Mihuu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Wɔde Nyansa A Mogya Nnim Gyee Me Fii Owu A Anka Mereyɛ Awu Mu
    Nyan!—1993
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 12/8 kr. 13-15

Ebedu Anwummere No Na Woawu”

Efi South Africa Nyan! kyerɛwfo ho

ODURUYƐFO no bisae sɛ: “So wunim sɛ worewu na ebedu anwummere no na woawu?”

Wyndham Cook a wadi mfe 15 a ne mogya so atew ma wayɛ bɛtɛɛ no buae sɛ sɛ obewu mpo a, wasi ne bo sɛ obedi Bible mu ahyɛde a ɛka sɛ ‘wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho’ no so.​—.Asomafo no Nnwuma 15:20.

Oduruyɛfo no yi ano sɛ: “So wode otuo besi wo tiri ho atow wo ho?”

Wyndham kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Menyɛ saa. Nanso mogya a minnye no nkyerɛ sɛ meredi me ho dɔm. Ɛyɛ osetie a meyɛ ma Onyankopɔn ara kwa.” Mogya ntini ahonhon wɔ Wyndham menewam na ɛtɔ da bi a etu mogya. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, Wyndham mogya ntumi nna.

Asɛnnennen Bi Fi Ase

Wyndham awofo ho yeraw wɔn bere a mogya fii ase tuu no bio Benada, November 28, 1989, wɔ mfe ason a hwee anyɛ no no akyi no. Wɔde Wyndham kɔɔ ayaresabea ntɛm ara. Wɔyɛɛ no oprehyɛn (wɔde hwɛɛ ne menewam) akyi no, ɛkaa ne hemoglobin desilita biara mu gram 6.6. (Obi a ɔwɔ ahoɔden hemoglobin desilita biara yɛ gram 14-15.) Saa anadwo no obiara suroe bere a Wyndham antumi anna yiye no.

Eduu Wukuda awia no na ne mogya yɛ gram 4.3, na na mogya da so ara tu no. Eyi na efii nkɔmmɔ pii a ɛfa nea enti a ɛnsɛ sɛ Wyndham gye mogya a yɛne ayaresabea adwumayɛfo no bɔe no ase. Chris a ɔyɛ Wyndham agya no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛne wɔn susuw Kyerɛwnsɛm no ho yiye. Yɛka kyerɛɛ wɔn pefee nso sɛ ɛnyɛ sɛ yɛmpɛ wɔn aduruyɛ mu mmoa anaa nkwa ankasa. Wɔ asɛnnennen a ɛte sɛɛ mu no, yehia wɔn ayaresa mu ahokokwaw no yiye. Mogya a wɔde di dwuma sɛ aduru no nkutoo na yɛrepow.

Awia 2:00 no, na ɛsɛ sɛ wɔde hama bi a wobetumi ahuw mframa agu mu ma amia mogya ntini a ahonhon no na asiw mogya a ɛretu no no kwan hyɛ Wyndham menewam. Hama no du ne yafunum nso na atwe mogya biara a asɔn agu ne mu no. Ɛha yi no, bere a Wyndham awofo nni hɔ no, ɔyarehwɛfo bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛbɛma wo mogya kakraa bi na woanwu. W’awofo ne asɔfo no renhu d

Oduruyɛfo no kae sɛ: “Yesu ne n’asomafo 12 no nom mogya.” “Kristo kae sɛ, ‘Eyi ne me mogya . . . monnom.’ Wofrɛ wo ho Kristoni na wopɛ sɛ wudi Kristo nhwɛso akyi, ɛnde dɛn nti na wompɛ sɛ wugye mogya?”

Wyndham kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea asomafo no nom fii kuruwa a Yesu de maa wɔn no mu no yɛ bobesa a ɛyɛ Yesu mogya ho sɛnkyerɛnne ara kwa, na ɛnyɛ Yesu mogya ankasa. Wyndham gyinabea pintinn no maa wɔn ho dwiriw wɔn araa ma wɔkyerɛw krataa bi hyɛɛ ne nneɛma mu a ɛka sɛ. wadi mfe 15, n’ani so da hɔ na n’adwenem tew, waka pefee sɛ onnye mogya. Na saa gyinabea pintinn yi so bɛba mfaso pii da a edi hɔ no.

Bere a owia puei Yawda no, na ɛte sɛ nea Wyndham ho ye kakra. Nanso ahotɔ no ankyɛ. Mogya fii ase tuu no bio. Eduu anɔpa 9:00 no na ne mogya yɛ 3.0. Na ne tebea no mu ayɛ den. Oduruyɛfo panyin a ɔhwɛ oprehyɛn so no kae sɛ Wyndham abusuafomfi dan no mu na ɔne Wyndham nkutoo nkasa.

Ne maame Judy se: “Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebegyaw ne nkutoo saa. Na yesuro sɛ esiane sɛ wayɛ mmerɛw nti wobedi no so. Nanso esiane sɛ na wabɔ asu asram asia a na atwam no nti, na ɛsɛ sɛ n’ankasa yi ne ho ano.”

Ne papa kae sɛ: “Afei na nea yebetumi ayɛ nyinaa ne sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa Wyndham na onnyina ne mudi mu. Yehuu nea asɛmfua ‘nkotɔsrɛ’ kyerɛ ankasa.” Abofra Wyndham se nea ɛboaa no ne sɛ ɔkaee Adiyisɛm 2:10. Ɔkae sɛ: “Asɛm, ‘Di nokware kodu wu mu na mɛma wo nkwa abotiri,’ no kɔɔ so traa m’adwenem.”

Tumi a Efi Asennibea

Awiei koraa no oduruyɛfo no kae sɛ obegye tumi afi asennibea a ɛbɛma no kwan ma wama no mogya. Esiane sɛ na Wyndham yɛ abofra nti, obiara hwɛɛ kwan sɛ ne nsa bɛka n’abisade no. Mpae a na wɔbɔ ma Wyndham no mu yɛɛ den. Neville a ɔyɛ asafo no mu ɔhwɛfo guamtrani no kae sɛ: “Na ɛte sɛ nea asafo mũ no nyinaa ne Cook abusua no faa amanehunu no mu. Sɛ Wyndham ho tɔ no a, na asafo no ho atɔ wɔn. Sɛ ne yare no mu yɛ den a, asafo no mufo nyinaa koma tu na wɔbɔ mpae sɛ anigye mmra.”

Judy se: “Bere a na yɛretwɛn nea ebefi asennibea aba no, yɛn mpanyimfo kuw no mufo pii baa ayaresabea hɔ bɛtwɛn wɔ ayarefo ahɔho gyebea hɔ. Nhyira bɛn ara na na wɔyɛ sɛɛ yi! Esiane sɛ na mogya no da so tu Wyndham na ne mogya ayɛ 2.9 nti, na ɛte sɛ nea obewu.

Bɛyɛ dɔnhwerew biako no mmuae bae sɛ wɔapow sɛ wɔbɛma tumi a ɛbɛma wɔahyɛ Wyndham ama no mogya no. Chris kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ nea enti a wɔampene so ne sɛ na Wyndham ani so da hɔ koraa a n’adwenem tew. Onim nea ebefi ne gyinaesi no mu aba no, na wasi gyinae na

wasusuw ho yiye a ɛne ne Bible mu gyidi ahorow hyia.”

Ɛte Sɛ Nea Obewu

Nanso na Wyndham ho ntɔ no. Nokwarem no, Yawda awia no. wɔka kyerɛɛ Chris ne Judy sɛ: “Aka nnɔnhwerew kakraa bi na mo ba no awu. Sɛ mopɛ sɛ mo asɔfo ne abusuafo bɛhwɛ no ansa na wawu a, momfrɛ wɔn ntɛm ara.” Wɔde Wyndham nua Jonathan a wadi mfe 9 no bae sɛ ɔmmɛhwɛ no.

Awia 1:30 no, adwumayɛfo no yiyii ahama no fii Wyndham menewam na wawu nidi mu. Wɔ nnɔnhwerew kakraa a edi hɔ mu no na Wyndham nkwa how nsenia mu. Ɛwom sɛ na ne tebea no mu yɛ den de, nanso egyinaa faako bere a na atiridii abɔ no no. Ɔtraa nkwa mu anadwo mũ no nyinaa.

Afei, wɔ dapɛn no awiei no, ne ho fii ase yɛɛ no den. Wɔ Dwoda no wosii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ woyi no kɔ fie efisɛ na biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ ama no wɔ ayaresabea hɔ. Oduu fie no, tebea no yɛɛ hu. Chris se: “Yɛde Wyndham kɔɔ fie de no kɔtoo mpa so. Bɛyɛ sɛ simma 45 akyi no ɔsɔree a na mogya tu no pii bio. Yɛyɛɛ basaa! Yɛbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa yɛn na yɛadi tebea no ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so.”

Simma 30 mu no na Wyndham wɔ ayaresabea koro no ara wɔ mpa koro ara so a oduruyɛfo koro no ara rehwɛ no. Na ne hemoglobin adu 2.5. Saa anwummere no wɔmaa Wyndham oxygen efisɛ na ontumi nhome papa. Na na ɔda so ara repere sɛ ɔbɛtra nkwa mu ɛda a edi hɔ no bere a yɛn nsa kaa nsrahwɛ a ɛhyɛ nkuran yiye. Judy kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛn ɔmantam sohwɛfo Sarel ne ne yere Maryann bɛhwɛɛ Wyndham. Sarel gyinaa Wyndham mpa no ho na osoo ne nsam, na ofi komam bɔɔ Yehowa mpae. Yenyaa ahoɔden wɔ ne nsrahwɛ no akyi.”

Kristofo asafo no de mmoa a ɛho hia maa yɛn wɔ ɔhaw no mu. Asafo no hyehyɛɛ wɔna ɛnyɛ sɛ wɔbɛma Cook abusua no nko aduan na mmom Adansefo afoforo a wɔkɔ wɔn fi adwumayɛ no. Mmofra no prapraa fie hɔ maa ɔkraman no aduan, sosɔɔ akanea no, ne nea ɛkeka ho. Wɔyɛɛ nneɛma nketenkete a na abusua no nni bere a wɔde besusuw ho no. Ɛnsɛ sɛ wobu mmoa ne nkuranhyɛ a efi mfɛfo Kristofo hɔ wɔ bere a ɛte sɛɛ mu no adewa da.

Nnuruyɛfo no sii gyinae bio sɛ sɛ wɔamma Wyndham mogya a, hwee nni hɔ a wobetumi ayɛ ama no. Enti, bere a na ɔda so gye oxygen na ne mogya nnu 2 no, woyii no kɔɔ fie.

Ɔsan Nya Ahoɔden

Wɔkae sɛ wɔmma Wyndham erythropoitin, aduru bi a ɛma mogya ntɛmntɛm, na ama ne mogya akɔ soro.* Na wɔmmaa aduru yi ho kwan wɔ South Africa, nanso wɔde wɔn nsa hyɛɛ krataa bi a ɛma hokwan ase na abusua no oduruyɛfo de aduru no maa no. Bɛyɛ adapɛn abiɛsa bere mu no, Wyndham mogya kɔɔ soro koduu 6.2, na bɛyɛ adapɛn asia mu no na ɛyɛ 11.5. Ɛno akyi asram abien no, na Wyndham anya ahoɔden bio ma otumi ne n’abusua no de ɔsram biako yɛɛ baguam asɛnka adwuma no sɛ akwampae boafo.

Ade biako a eye a efii wu a anka Wyndham rewu mu bae ne nkɛntɛnso a enyae wɔ mmofra afoforo a wɔwɔ asafo no mu no so no. Judy se: “Misusuw sɛ ɛma wohui sɛ wɔn nso ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ wopaw gyinabea a ɛte saa wɔ bere a wɔn ani nna wɔn ho so mu. Na wɔwɔ ayaresabea hɔ, wohuu amanehunu no nyinaa, na misusuw sɛ wɔtee asemmisa ‘So yɛfa nokware no aniberesɛm?’ no ase pefee.”

Efi bere a eyi bae akyi no, mogya atu Wyndham mpɛn abien foforo bio ma wagyina ano. Esiane ahoɔden a Wyndham nni nti, ohu sɛ ebia obehyia akwanside bio bere biara. Nanso nea ebesi daakye biara no, Wyndham Cook de anigye hwɛ bere a awiei koraa no Yehowa Nyankopɔn bɛma no akwahosan a edi mũ wɔ Paradise asase a ɛreba no so. Ansa na saa bere no bɛba no, Wyndham asi gyinae pintinn sɛ ɔbɛtra ase ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahyia.​—2 Petro 3: 13, 14; Adiyisɛm 21:3, 4.

[Ase hɔ nsɛm]

Hwɛ brochure How Can Blood Save Your Life?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no mu wɔ kratafã 15.

[Kratafa 15 mfoni]

Wyndham no n’awofo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena