Bible No Adwene
Ɔyɛkyerɛ Ahorow A Wɔde Kyerɛ Biribi A Wɔmpene So So Ebetumi Asakra Wiase No?
“ƐSƐ sɛ Yɛde Akokoduru ka Yɛn Adwene, Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Mmɔnten so Ɔyɛkyerɛ.” Saa na bere a aka kakra ma Persia Po Basa hɔ ko afi ase wɔ 1991 no, Roma Katolekfo amanneɛbɔ krataa, National Catholic Reporter no samufo asɛm no asɛmti no kenkanee. Bere a samufo asɛm no rehyɛ nkurɔfo ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a asomdwoe wom mu wɔ United States no, ɛtoaa so sɛ: “Ebegye nnipa ɔpepem pii ne mmɔden kɛse a wɔbɛbɔ daa de ahwehwɛ asomdwoe, na wɔatumi akanyan akannifo yi a wonni nimdeɛ na wɔyɛ ahantan no. . . . Ɛsɛ sɛ nkurɔfo no yɛ mmɔnten so ɔyɛkyerɛ.”
Yɛtaa te ɔyɛkyerɛ ho ɔfrɛ ahorow a ɛte saa nnɛ. Amammui, sikasɛm, ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen a ɛde adesamma yiyedi reto asiane mu pii a ɛwɔ hɔ no ma nkurɔfo te nka sɛ, ɛsɛ sɛ “wɔyɛ mmɔnten so ɔyɛkyerɛ,” kyerɛ nea wɔmpene so, si pɛ, na wɔyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow. Ɔsɛmpɔw ahorow no fi mpɔtam amumɔyɛ a wobesiw ano so kosi asomdwoe a wɔbɛma aba wiase so. Nea ɛyɛ anika ne sɛ, asɔre ahyehyɛde ahorow ne nyamesom akannifo pene ɔyɛkyerɛ ahorow yi pii so.
Nanso, so ɛyɛ papa sɛ Kristofo de wɔn ho hyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛte saa mu? Na so biribi a wɔmpene so a wɔnam ɔyɛkyerɛ ahorow so da no adi—sɛ́ ɛyɛ basabasayɛ de anaa ɛyɛ apesi a wɔde kyɛnere a wɔasɔ yɛ no—betumi asakra wiase no ma ayɛ yiye ankasa?
Ɔyɛkyerɛ Ahorow a Wɔde Kyerɛ Biribi a Wɔmpene so—Kristofo Adwene
Nnipa ntam abusuabɔ ho nimdefo bi aka ɔyɛkyerɛ ahorow ho asɛm sɛ “ɔkwan a etu mpɔn kɛse a wɔfa so da amammuisɛm adi . . . a wɔde kanyan akannifo a wɔnyɛ hwee ma wɔyɛ nneɛma a ehia.” Yiw wɔn a wɔto santen wɔ mmɔnten so de kyerɛ biribi a wɔmpene so anaa wɔyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow no yɛ saa, bere a wɔn anidaso ne sɛ wɔn mmɔdenbɔ a wɔaka abom no betumi asiesie nsisi ne ɔporɔw a wohu wɔ nnipa ntam ne amammui nhyehyɛe ahorow mu nnɛ no.
Nanso, nhwɛso bɛn na Yesu Kristo gyaw maa n’akyidifo? Yesu traa ase wɔ bere a na Yudafo no wɔ Roma Ahemman no nhyɛso ase no mu. Ɛda adi sɛ na nkurɔfo no hwehwɛ ahotɔ yiye afi Romafo no nhyɛso no mu. Nanso, Yesu anhyɛ n’akyidifo nkuran da sɛ wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ bi, wɔnto santen wɔ mmɔnten so mfa nkyerɛ nea wɔmpene so, anaa wonnya amammui mu kyɛfa wɔ ɔkwan foforo biara so. Nea ɛbɔ eyi abira no, ɔkaa no mpɛn pii sɛ ɛnsɛ sɛ n’asuafo ‘yɛ wiase no fã.’—Yohane 15:19; 17:16; hwɛ Yohane 6:15 nso.
Saa ara na bere a aban mpanyimfo kyeree Yesu wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so no, wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkanyan ɔyɛkyerɛ bi de akyerɛ biribi a ɔmpene so, ɛwom sɛ ɛda adi sɛ, ɔpɛ a, anka obetumi ayɛ saa. Mmom no, ɔka kyerɛɛ Roma amrado no sɛ: “M’ahenni mfi wi yi ase. Sɛ m’ahenni fi wi yi ase a, anka m’asomfo bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafo no nsa; nanso m’ahenni mfi ha.” (Yohane 18:33-36) Bere a Yesu hyiaa asɛnnennen no, ɔtwee ne ho fii ɔyɛkyerɛ mu nneyɛe biara a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so ho, huu hia a ehia sɛ ɔtwe ne ho fi amammuisɛm ho. Na ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ saa ara.
Enti, ɔyɛkyerɛ ahorow a obi de ne ho behyem no tia afã biara a Kristofo nni ho nnyinasosɛm a Yesu kyerɛe no. Ɛno akyi no, afã a ɛte saa a obi nya no betumi ama ɔde ne ho ahyɛ nneɛma afoforo a ɛnsɛ Kristoni mu. Ɔkwan bɛn so? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde adwempa yɛ taa dan ɔsɔretia honhom, na wɔn a wɔyɛ no yɛ atutupɛ, wɔyaw, anaa wɔyɛ basabasa. Ebia nneyɛe a mmara mma ho kwan ne nneyɛe a wɔde siw dwumadi kwan no bɛma wɔayɛ asɛm bi ho biribi de, nanso ɛne Bible afotu sɛ ‘yɛmmrɛ yɛn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase,’ ne sɛ ‘yɛne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu,’ no nhyia koraa. (Romafo 12:18; 13:1) Sɛ́ anka Bible no bɛhyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so ho nkuran no, ɛhyɛ Kristofo sɛ wɔnkɔ so mmu ɔbra pa wɔ amanaman no mu na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma nnipa nniso, ɛmfa ho sɛ ebia ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɔ atumfo no ani anaa wɔhwehwɛ nneɛma tra so no.—1 Petro 2:12, 13, 18.
Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Na sɛ ɛnyɛ ɔyɛkyerɛ nyinaa na atutupɛ anaa basabasayɛ wom.’ Ɛyɛ nokware, na ɛte sɛ nea biribi pa tumi fi ɔyɛkyerɛ ahorow bi mu ba. Nanso so ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so—sɛ wɔyɛ no asomdwoe ne ntease pa mu mpo a—betumi asakra wiase no ma ayɛ yiye?
So Ebetumi Asakra Wiase No?
Kristofo dwen wɔn yɔnkonom ho yiye na wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn. Nanso so ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so a obi de ne ho behyem no ne ɔkwan a eye sen biara a obetumi afa so de mmoa ama? Nhoma Demonstration Democracy se: “Mfaso horow a amammui mu ɔyɛkyerɛ biara betumi de aba no wɔ anohyeto.” Akyinnye biara nni ho sɛ, adesamma haw ahorow a wobeyi afi hɔ no hwehwɛ nsakrae a ɛsen nea ɔyɛkyerɛ a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so anaa santen a wɔto wɔ mmɔnten so biara betumi de aba.
Yesu kyerɛɛ saa ara, bere a na ɔreka ne bere so nyamesom ahyehyɛde a adi mfeha pii ho asɛm no. Ɔkae wɔ nyaatwom ɔsom nhyehyɛe a na Farisifo no di akyi no ho sɛ: “Obi mfa ɔtam foforo sin ntaa atade dedaw mu; efisɛ ntaamu no yi fi atade no mu a, ntetewee no yɛ kɛse.” (Mateo 9:16) Dɛn na na Yesu kyerɛ? Sɛ́ nokware Kristo som renni nhyehyɛe bɔne a ɛresɛe na wɔrebɛtow agu akyi. Ohui sɛ ɛrenyɛ yiye sɛ obesiesie nhyehyɛe bi a wontumi mfa nni dwuma.
Ɛte saa ara wɔ wiase nhyehyɛe a ama adesamma ahyia nsisi, atirimɔdensɛm, ne nhyɛso no ho. Ɔsɛnkafo 1:15 kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ: “Nea akyea no, wontumi nteɛ.” Yiw, ɛmfa ho mmɔden kɛse a wɔbɛbɔ no, wontumi nteɛ nnɛyi wiase nhyehyɛe no. Dɛn ntia? Efisɛ sɛnea 1 Yohane 5:19 ka no, ‘wiase nyinaa da ɔbɔnefo Satan Ɔbonsam nsam.’ Yesu kaa saa onipa no ho asɛm sɛ “wi yi ase sodifo.” (Yohane 12:31) Bere tenten a saa nhyehyɛe yi wɔ Satan nkɛntɛnso ase no, nsiesie biara nni hɔ a ɛde daa ahotɔ bɛba.
Eyi nkyerɛ sɛ wiase haw ahorow no mfa Kristofo ho, anaasɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ biribi de boa. Nokwarem no, wɔka kyerɛ Kristofo sɛ wɔnyɛ adwuma kɛse, ɛnyɛ wɔ ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so mu, na mmom Onyankopɔn Ahenni—Ahenni nniso a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no, ho asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. (Mateo 6:10; 24:14) Bible no kyerɛ sɛ Ahenni no remmɔ mmɔden sɛ ebegye wiase a entumi nyɛ yiye yi; ebeyi nniso bɔne ne nnipa nhyehyɛe horow a ɛhyɛ adesamma so nnɛ no afi hɔ korakora, na ɛde nhyehyɛe a ebetumi de nokware atɛntrenee ne trenee aba wiase nyinaa asi ananmu. (Daniel 2:44) Wɔ nhyehyɛe a ɛte saa no ase no, ɛho renhia sɛ obiara yɛ ɔyɛkyerɛ a wɔde kyerɛ biribi a wɔmpene so, efisɛ Yehowa Nyankopɔn, a ‘ɔma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee’ no bɛhwɛ ma yɛn nsa aka nea yehia nyinaa.—Dwom 145:16.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]
Labor strike, Leslie’s