Wodii Nkonim Kosii Owu Mu
“Nanso, nea ɛyɛɛ Nasifo no nwonwa ne sɛ wɔantumi antɔre [Adansefo no] ase. Dodow a wɔhyɛɛ wɔn so no, dodow no ara na wɔyɛɛ den, wɔyɛɛ den sɛ dɛnkyɛmmo. Hitler maa wɔde wɔn ho hyɛɛ wiase awiei ho akodi mu, nanso wokuraa wɔn mudi mu. . . . Wɔn suahu no yɛ ade a ɛsom bo ma wɔn a wosua sɛnea wogyina nhyɛso a emu yɛn den ano. Efisɛ wofii mu kae.”—Wɔkyerɛe wɔ nsɛmma nhoma Together mu sɛ ɔbenfo Christine King a ɔyɛ abakɔsɛm kyerɛwfo no na ɔkaa saa asɛm no.
ƐSƐ sɛ wobu Yehowa Adansefo sɛ nyamesom kuw a wɔaka wɔn ho nsɛmmɔne na wɔataa wɔn kɛse sen biara wɔ asase so wɔ afeha a ɛto so 20 yi abakɔsɛm mu. Wɔnte wɔn ase na wɔayɛ wɔn ayayade mpɛn pii, esiane afã biara a wonni sɛ Kristofo ne akodi a wɔpow sɛ wobesua kɛkɛ nti. Wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amammuisɛm biara mu no ama atumfoɔ kankabi bu afuw wɔn wɔ nsase pii so. Nanso, nneɛma a wɔde aboa nnɛyi abakɔsɛm no mu biako ne afã biara a wonni koraa ne wɔn mudi mu a wokura ho kyerɛwtohɔ no.a
Britaniani abakɔsɛm kyerɛwfo Arnold Toynbee kyerɛwee wɔ 1966 mu sɛ: “Ná Kristofo mogya adansefo a wɔde wɔn nkwa mae sen sɛ wɔde ɔsom bɛma Ɔmampɛ honhom a abu so a onyame a ɔyɛ onipa, Adolf Hitler, gyina hɔ ma no wɔ hɔ wɔ yɛn bere yi so wɔ Germany.” Nokwasɛm ahorow no kyerɛ sɛ Yehowa Adansefo pii ka saa mogya adansefo no ho. Osuahu ahorow bi kyerɛkyerɛ sɛnea wɔn mudi mu kura nti wohyiaa ɔtaa ne owu mpo—a ɛnyɛ Nasifo bere so nko na ɛbaa saa. Wɔ wiase afã horow pii no, nokware a wodi kosi owu mu ho kyerɛwtohɔ ka asɛnkoro no ara na ɛso bi mmae da.
Ananii Grogul a Ofi Ukraine Asɛm No
“M’awofo bɛyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ Wiase Ko II mu, wɔ 1942, bere a na madi mfe 13. Ɛno akyi pɛɛ no, wɔkyeree me papa, wɔde no too afiase, na akyiri yi wɔde no kɔɔ Sovietfo adwumayɛban mu wɔ Ural Mountains. Bere amidii mfe 15 wɔ 1944 mu no, asraafo mpanyimfo frɛɛ me sɛ memmɛyɛ adwuma a ebesiesie me ama sraadi. Esiane sɛ na mewɔ Yehowa mu gyidi a emu yɛ den dedaw nti, mepow sɛ mesua akodi. Esiane eyi nti, wɔde me too afiase mfe anum bere a na misua koraa no.
“Afei afe 1950 a na emu yɛ den kɛse no dui. Wɔsan kyeree me na wɔde me too afiase mfe 25 wɔ me dwumadi sɛ Ɔdansefo no ho. Na madi mfe 21. Midii mfe ason ne asram anan wɔ adwumayɛban no mu a manwu. Mihui nnipa pii a ɔkɔm ma wɔhonhon na adwumaden ma wɔfonfon a wowuwui.
“Stalin wu akyi wɔ 1953 mu no, tebea horow no fii ase sakrae, na atumfoɔ no yii me fii afiase wɔ 1957 mu. Minyaa ‘ahofadi’ bio. Nanso saa bere yi wotwaa m’asu kɔɔ Siberia mfe du.”
Atirimɔden a Wɔde Yɛɛ Me Nuabea Ayayade
“Mihyiaa me nuabea a na wadan ɔyarefo dedaw no wɔ Siberia. Wɔkyeree me wɔ 1950 mu akyi adapɛn abien pɛpɛɛpɛ na wɔkyeree no. Wɔamfa mmara kwan so koraa anhwehwɛ n’asɛm no mu. Wɔde ɔno nkutoo too afiasedan mu na afei wɔde akisi koguu n’afiasedan no mu. Akisi yi kekaa n’anansoaa na wodii ne nipadua so aforosian. Awiei koraa no, afiase ahwɛfo yi ma ogyinaa nsuowini a na ɛdeda ne koko mu, bere a wɔhwɛ n’amanehunu no. N’asɛnka adwuma no nti, wɔde no too afiase mfe 25. N’anan abien nyinaa wuwui, nanso na otumi de ne nsa ne n’abasa di dwuma. Wɔmaa ɔdaa adwumayɛban bi mu ayaresabea mfe anum, na awiei koraa no woyii wɔn adwene fii no so te sɛ nea wawu. Afei wɔde no brɛɛ yɛn awofo, a na wɔatwa wɔn asu akɔ Siberia sɛ wɔntra hɔ wɔn nkwa nna nyinaa no wɔ 1951 mu.
Mesan Ba Ukraine na Mihyia Ɔtaa Pii
“Mihyiaa Nadia a ɔbɛyɛɛ me yere no wɔ Siberia, na yɛwoo yɛn mma. Yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn asɛnka adwuma no wɔ Siberia mpo. Wɔde Bible nhoma a wɔhwɛ so tintim bi hyɛɛ me nsa. Anadwo biara na me ne me nuabarima Jacob ani abere wɔ amoa a yɛatu wɔ ɔdan ase mu tintim Ɔwɛn-Aban no. Na yɛwɔ typewriter abien ne tintim atiri bi a yɛn ankasa na yɛyɛe. Ná polisifo bɛhwehwɛ yɛn fie hɔ daa. Wɔde nsapan fi hɔ kɔ bere nyinaa.
“Asu a wotwaa me no baa awiei. Me ne m’abusua nyinaa tu kɔɔ Ukraine, nanso ɔtaa dii yɛn akyi. Wɔpaw me sɛ mensom sɛ ɔmansin sohwɛfo. Na ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma na matumi ahwɛ m’abusua. Ɔman no Polisifo baa m’adwumam mpɛn pii ɔsram biara bɛbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma magyae me gyidi mu. Bere bi metee Yehowa mmoa nka wɔ ɔkwan soronko bi so. Wɔkyeree me kɔɔ Ɔman no Polisifo adwumam wɔ Kiev, na wɔma metraa hɔ nnasia. Saa bere no nyinaa wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔdeOnyankopɔn a onni hɔ nnaadaasɛm bɛsɛe m’adwene. Wɔkaa Ɔwɛn-Aban no ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow ho nsɛmmɔne. Ɛkame ayɛ sɛ nhyɛso yi mu bɛyɛɛ den dodo. Na mibu nkotodwe wɔ aguare su frɛ Yehowa. Dabi, mammisa ogye na mmom ahoɔden a mede begyina ano na manyi me nuanom amma.
“Afei polisifo panyin no baa me nkyɛn, na bere a ɔtraa akongua so wɔ m’anim no, obisaa me sɛ ebia migye nea migyina akyi no di ankasa. Midii no adanse tiawa na mekae sɛ masiesie me ho sɛ mewu ama nokware no. Mmuae a ɔmae ne sɛ: ‘Woyɛ obi a wowɔ anigye. Sɛ migye di sɛ eyi ne nokware no nkutoo a, anka ɛnyɛ mfe 3 anaa 5 nko na mede bɛda afiase, na mmom anka mesiesie me ho sɛ megyina me nan biako so mfe 60 wɔ afiase.’ Ɔtraa ase komm susuw nsɛm ho bere tiaa bi na afei ɔtoaa so sɛ: ‘Ɛyɛ daa nkwa asɛm. So wunim nea daa nkwa kyerɛ ankasa?’ Bere a ɔyɛɛ komm bere tiaa bi akyi no, ɔkae sɛ: ‘Kɔ fie!’ Saa nsɛm no ma minyaa ahoɔden mpofirim. Ɔkɔm gyaa me de. Metee nka ampa sɛ Yehowa na ɔhyɛɛ me den.
“Nneɛma asesa wɔ nnansa yi mfe no mu wɔ kan Soviet Union. Bible nhoma pii wɔ hɔ mprempren. Yetumi kɔ amansin ne amantam nhyiam, na yenya asɛnka adwuma ahorow nyinaa, a afie afie ɔsom adwuma no ka ho mu kyɛfa. Nokwarem no, Yehowa ama yɛadi nkonim wɔ sɔhwɛ pii mu!”
Wɔaso Mudi mu Kura Ahwɛ wɔ Afrika
Wɔ 1960 awiei mu hɔ no, na Nigeriafo de wɔn ho ahyɛ ɔmanko a ɛsɛee ade kɛse mu. Bere a ɔmantam a atew ne ho a saa bere no wɔmaa no din foforo sɛ Biafra no asraafo pii wuwui no, wɔkyeree mmerante ɔhyɛ so kɔyɛɛ asraafo. Esiane sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu na wɔpow sɛ wobedi ako nti, wɔtaa Adansefo pii a wɔwɔ Biafra no, wɔyɛɛ wɔn ayayade, na wokunkum wɔn. Yehowa Adansefo no mu biako kae sɛ: “Na yɛte sɛ akisi. Bere biara a yɛte sɛ asraafo reba no, na ɛsɛ sɛ yekohintaw.” Mpɛn pii no na yennya bere nkohintaw.
Fida anɔpa bi wɔ 1968 mu no, na Philip a wadi mfe 32 a ɔyɛ bere nyinaa ɔsomfo wɔ Umuimo akuraa ase reka asɛmpa no akyerɛ akwakoraa bi na mpofirim Biafra asraafo bɔ wuraa fie hɔ a wɔrehwehwɛ mmarima ma wɔakɔyɛ asraafo.
Nea odi asraafo no anim bisae sɛ: “Woreyɛ dɛn?” Philip kae sɛ ɔreka Yehowa Ahenni a ɛreba ho asɛm.
Ɔsraani foforo teɛm sɛ: “Ɛnyɛ asɛnka bere ni!” “Saa bere yi yɛ ɔko bere, na yɛmpɛ sɛ yehu mmarima a wɔwɔ ahoɔden sɛ wɔnenam a wɔnyɛ hwee.” Afei asraafo no bɔɔ Philip adagyaw, kyekyeree ne nsa boom de no kɔe. Israel, Kristoni ɔpanyin a wadi mfe 43 nso annya bere ankohintaw. Wɔkyeree no bere a na ɔrenoa aduan ama ne mma. Awia nnɔn 2 no, na asraafo no akyere mmarima bɛboro ɔha. Wɔhyɛɛ nnipa a wɔkyeree wɔn no ma wotuu mmirika twaa kwan a ɛyɛ kilomita 25 kɔɔ asraafo atrae a ɛwɔ Umuacha Mgbedeala no mu. Wɔhwee obiara a ɔkaa akyi.
Wɔka kyerɛɛ Israel sɛ ɔbɛsoa otuo a ɛtow ntɛmntɛm bi a emu yɛ duru; na wɔbɛtete Philip ma ɔde otuo a ɛtow ntɛmntɛm a emu yɛ hare adi dwuma. Bere a wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wontumi nyɛ asraafo efisɛ Yehowa bara saayɛ nti no, asraafo no panyin no hyɛe sɛ wɔmfa wɔn ngu dan mu. Anwummere nnɔn 4 no, wɔhyɛe sɛ wɔn a wɔakyere wɔn nyinaa a wɔn a wɔde wɔn ato dan mu ka ho nto santen. Afei asraafo no ka kyerɛɛ obiara sɛ ɔmfa ne nsanhyɛ krataa ase sɛ wapene so sɛ ɔbɛyɛ ɔsraani. Bere a eduu Philip so sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ ase no, ɔtwee adwene sii asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2:3, 4 no so na ɔka kyerɛɛ asraafo panyin no sɛ: “Meyɛ ‘Kristo sraani pa’ dedaw. Mintumi nko mma Kristo na mensan nko mma onipa foforo nso. Sɛ meyɛ saa a, Kristo bebu me sɛ ɔfatwafo.” Ɔsraafo panyin no bɔɔ ne tirim twɛre kae sɛ: “Kristo sraani a woyɛ no aba awiei! Mprempren de woyɛ Biafra sraani.”
Philip buae sɛ: “Yesu nnka nkyerɛɛ me sɛ ne sraani a meyɛ no aba awiei, na meda so ara yɛ ne sraani kosi sɛ mate amanneɛbɔ a ɛkyerɛ sɛ menyɛ ne sraani bio.” Bere a ɔkaa saa no, asraafo no maa Philip ne Israel so kɔɔ wim de wɔn hwee fam. Bere a wɔn ani so birii wɔn na wɔn aniwam, wɔn hwenem ne wɔn anom refi mogya no, wɔtwee wɔn baanu fii hɔ kɔe.
Wɔde Yɛn Gyina Hɔ sɛ Wɔrebɛtow Tuo Akum Yɛn
Ɛda no anwummere, wɔde Israel ne Philip gyinaa baabi sɛ wɔrebɛto wɔn tuo akum wɔn. Nanso asraafo no antow wɔn atuo no. Mmom no, wɔde akuturuku ne wɔn atuo no to boroo wɔn. Afei asraafo atrae no so panyin sii gyinae sɛ ɔbɛka wɔn mpire kosi sɛ wobewu. Ɔka kyerɛɛ asraafo 24 sɛ wɔnyɛ saa adwuma no. Na baasia bɛhwe Philip, na afoforo baasia nso ahwe Israel. Na asraafo 12 a wɔaka no bɛsesa wɔn mmaa no, na sɛ afoforo no brɛ a, wɔasi wɔn ananmu atoa so.
Wɔkyekyeree Philip ne Israel nsa ne wɔn anan. Israel ka sɛ: “Mintumi nka mmaa dodow a wɔbɔɔ me saa anadwo no. Sɛ ɔsraani biako brɛ a, na ɔfoforo abesi n’ananmu. Wɔhwee yɛn kyɛe bere a ade tɔɔ yɛn so akyi mpo no.” Philip ka sɛ: “Mekaee Mateo 24:13 a ɛka nea obegyina akodu awiei ho asɛm no wɔ ayayade bere no mu, na ɛno hyɛɛ me den. Metee ɔhwe no yaw nka anibu kakraa bi pɛ. Ɛyɛɛ te sɛ nea Yehowa asoma n’abɔfo no mu biako sɛ ɔmmɛboa yɛn, sɛnea ɔyɛe wɔ Daniel bere so no. Sɛ ɛnte saa a, anka yɛantumi annya nkwa wɔ saa anadwo a na ɛyɛ hu no mu.”
Bere a asraafo no wiei no, wosusuwii sɛ Israel ne Philip awu. Na osu retɔ. Ade kyee anɔpa ansa na Kristofo baanu yi ani so retete wɔn. Bere a asraafo no hui sɛ wonwui no, wɔsan twee wɔn koguu asraafo afiasedan no mu.
“Mo Ho Bɔn sɛ Afunu Dedaw”
Mmaa a wɔde hwee wɔn no maa wɔn hwere paapae yɛɛ kɔkɔɔ, a na wɔn ho nyinaa atutu akuru. Israel se: “Wɔamma yɛammia yɛn akuru no. Nna bi akyi no, nwansena tu guu yɛn akuru no so. Ayayade no nti, yɛantumi annidi. Dapɛn biako akyi ansa na yetumi dii biribi kaa nsu a na yɛnom no ho.”
Ná asraafo no hwe wɔn anɔpa biara—wɔbɔ obiara mmaa 24. Asraafo no frɛɛ atirimɔdensɛm yi sɛ “anɔpaduan” anaasɛ “anɔpa tii hyehyew.” Owigyinae biara na asraafo no de wɔn ba adiwo ma wɔde wɔn ani kyerɛ owia kosi awia dɔnkoro. Bere a wɔde nna kakra yɛɛ wɔn saa ayayade no akyi no, asraafo no panyin frɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ ebia afei wɔapa wɔn gyidi no anaa. Wɔkae sɛ dabi.
Asraafo panyin no kae sɛ: “Mubewuwu wɔ mo afiasedan no mu.” “Nokwarem no, mo ho bɔn sɛ afunu dedaw.”
Philip buae sɛ: “Sɛ yewu mpo a, yenim sɛ Kristo a yɛreko ama no no benyan yɛn.”
Woyɛɛ dɛn tumi gyinae wɔ bere a ɛyɛ hu yi mu? Israel se: “Me ne Philip hyɛɛ yɛn ho yɛn ho nkuran wɔ yɛn sɔhwɛ no nyinaa mu. Sɔhwɛ no mfiase no, meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsuro. Sɛnea ɛte biara no, Yehowa bɛboa yɛn. Me de, biribiara nni hɔ a ɛbɛma mayɛ ɔsraani. Sɛ ɛsɛ sɛ miwu mpo a, meremfa me nsa yi nso otuo mu da.’” Philip kae sɛ ɔno nso asi gyinae koro no ara. Wɔkaakaee kyerɛw nsɛm ahorow na wosusuw ho.
Asraafo panyin foforo sii gyinae sɛ ɔde nnipa a wɔakyere wɔn no mu bɛyɛ ɔha bɛkɔ Ibema asraafo nteteebea, wɔ Mbano a mprempren wɔfrɛ no Imo Mantam no mpɔtam hɔ. Israel ka nea afei esii: “Na lɔre kɛse no rebetu, na na nnipa a wɔakyere wɔn no nyinaa wom. Meyere June, tuu mmirika baa asraafo no nkyɛn de akokoduru srɛe sɛ wɔmmfa yɛn nnkɔ. Bere a wɔantie no, obuu nkotodwe wɔ lɔre no nkyɛn bɔɔ mpae, na ɔde amen kɛse wiei mpae no. Afei lɔre no tui.”
Ɔsraani a Wɔabɔ no Paa Mmɔborohunufo Bi a Yehyiaa No
Asraafo lɔre no duu lbema atrae hɔ wɔ da a edi hɔ no awia bere. Na ɛte sɛ nea ɔbarima a ɔhwɛ hɔ no yɛ Israelni sraani bi a wɔabɔ no paa. Bere a ohuu sɛnea wɔaboro Philip ne Israel ne mmerɛw a wɔayɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn kobisaa nea enti a wɔwɔ tebea a ɛyɛ hu saa mu. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo na wɔapow asraafo ntetee. Ɔde abufuw dan n’ani kyerɛɛ asraafo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no. Ɔkae sɛ: “Biafra bedi nkogu pɛɛ wɔ ɔko yi mu. Ɔman biara a odi ako de haw Yehowa Adansefo no bedi nkogu pɛɛ. Ɛnsɛ sɛ mohyɛ Yehowa Adansefo sɛ wɔnyɛ asraafo. Sɛ Ɔdansefo pene so sɛ ɔbɛkɔ ɔko a, eye. Nanso sɛ ɔpow a, monnhyɛ no.”
Atrae hɔ oduruyɛfo no bisae sɛ ebia wɔawɔ Adansefo baanu no paane wɔ nyarewa ho na wɔwɔ krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahoɔden a wɔde bɛko a. Esiane sɛ na wɔnyɛɛ saa nti, ɔsraani a wɔabɔ no paa no pow wɔn nyinaa na ɔhyɛe sɛ wɔnsan mfa wɔn nkɔ Umuacha.
“Monkɔ Mo Kwan, Monsom Mo Nyankopɔn”
Akyiri yi, Israel yere ne Philip maame sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ Umuacha atrae hɔ ahwɛ sɛ wɔn nsa bɛka amanneɛbɔ bi a. Bere a wɔbɛn hɔ no, wɔtee dede bi wɔ atrae hɔ. Woduu ɔpon no ano no, ɔwɛnfo no kae sɛ: “Yehowa Adansefo! Wɔabua mo mpaebɔ. Wɔasan de nnipakuw a wɔde wɔn kɔɔ nnansa ni no aba.”
Woyii Philip ne Israel fii atrae hɔ saa da no ara. Asraafo panyin no ka kyerɛɛ June sɛ: “So wunim sɛ mpae a wobɔe no na amma yɛn adwuma no anyɛ yiye no?” Afei ɔka kyerɛɛ Israel ne Philip sɛ: “Monkɔ mo kwan, monsom mo Nyankopɔn no, na monkɔ so nkura mo mudi mu mma mo Yehowa no.”
Israel ne Philip tee apɔw na wɔtoaa wɔn Kristofo som adwuma no so. Ɔko no akyi no, Israel yɛɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no mfe abien na ɔda so ara som sɛ Kristoni ɔpanyin. Philip de mfe du somee sɛ ɔhwɛfo kwantufo, na ɔda so ara wɔ bere nyinaa asɛnka adwuma no mu. Ɔno nso yɛ asafo mu ɔpanyin.
Wɔpowee sɛ Wobeyi Ntoboa ma Wode Atɔ Akode
Zebulan Nxumalo ne Polite Mogane yɛ mmerante baanu a wɔyɛ bere nyinaa asomfowɔ South Africa. Zebulan kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Kwasida anɔpa bi, mmarima kuw bi baa yɛn fie bɛkae sɛ yentua R20 (bɛyɛ U.S. $7) na wɔmfa nkɔtɔ akode. Yɛde obu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmra saa da no anwummere, efisɛ yenni adagyew koraa Kwasida na yɛasusuw saa asɛm no ho saa bere no. Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔpenee so. Saa anwummere no, mmarima 15 bae. Sɛnea na wɔn anim tebea te no kyerɛe sɛ wobu asɛm no aniberesɛm. Bere a yɛde obu daa yɛn ho adi no, yebisaa wɔn kwan so. Wɔkyerɛe sɛ wohia sika de akɔtɔ akode akɛse a ɛyɛ papa na wɔde ako atia amanyɛkuw a ɛko tia wɔn no. “Mibisaa wɔn sɛ: ‘So wobetumi de pɛtrol adum ogya?’
“Wobuae sɛ: ‘Dabi, ɛrenyɛ yiye.’
“Yɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa ara na basabasayɛ hyɛ basabasayɛ ne aweredi ho nkuran.
“Ɛte sɛ nea asɛm yi yɛɛ mmarima a wɔbae no pii abufuw. Afei wɔn abisade no dan ahunahuna.
Wɔde abufuw kae sɛ: ‘Saa nkɔmmɔbɔ yi yɛ bere sɛe. Ɛyɛ ɔhyɛ sɛ muyi ntoboa no. Nea ɛwɔ hɔ ne sɛ mubetua anaasɛ mubegye ɔhaw a ebefi mu aba no atom!’
Zebulan ka sɛ: “Bere a asɛm no reyɛ ayɛ denneennen no, wɔn panyin baa hɔ. Ɔpɛe sɛ ohu asɛm ko a asi. Yɛkyerɛkyerɛɛ yɛn gyinabea mu, na otiee no yiye. Yɛde sɛnea wokura wɔn amammui adwene mu denneennen no yɛɛ mfatoho. Yebisaa wɔn sɛ dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn ahyehyɛde no mu ɔsraani a wɔatete no nyɛ, sɛ wɔkyere no na wɔhyɛ no sɛ ɔmpa ne gyinabea no a. Wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ saa onipa no siesie ne ho sɛ obewu ama ne gyidi. Bere a yɛkamfoo wɔn wɔ wɔn mmuae no ho no, wɔserewee; wɔanhu sɛ wɔama yɛanya hokwan kɛse a yɛde bɛkyerɛkyerɛ yɛn asɛm no mu. Yɛkyerɛkyerɛ mu sɛ yɛnte sɛ Kristoman mu asɔre ahorow no. Sɛ́ Onyankopɔn Ahenni akyigyinafo no, yɛn ‘amanyɔ mmara’ gyina Bible no a ɛbara awudi biara no so. Esiane eyi nti, yentumi nyi sɛnt biako mpo ma wɔmmfa nnkɔtɔ akode.
“Saa bere yi a na asɛm a yɛreka no adu beae a ɛyɛ den no, na nnipa pii aba yɛn fie hɔ, enti awiei koraa no na yɛrekasa akyerɛ atiefo bebree. Wɔanhu sɛnea na yɛrebɔ mpae denneennen sɛ biribi pa mfi asɛm a yɛka no mu mmra no.
“Yɛkyerɛkyerɛɛ yɛn gyinabea mu pefee wiei no, ɛhɔ yɛɛ dinn kyɛe. Afei, wɔn panyin no kasa kyerɛɛ ne kuw no sɛ: ‘Yaanom, mete mmarima yi gyinabea no ase. Sɛ yɛpɛ sika de asi nkwakoraa ne mmerewa fie, anaa sɛ na yɛn mpɔtam hɔni bi hia sika de akɔ ayaresabea a, anka mmarima yi befi wɔn pɛ mu ayi ntoboa no. Nanso, wontumi mma yɛn sika sɛ yɛmfa nkunkum nnipa. Me de, menkasa ntia wɔn gyidi no.’
“Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa sɔre gyinaa hɔ. Yekyiakyia yɛn nsam na yɛdaa wɔn ase wɔ wɔn abotare no ho. Ná asɛm a ɛhyɛɛ ase a ɛyɛ hu a anka ebetumi ama wɔakum yɛn no aba awiei wɔ nkonimdi kɛse mu.”
Basabasayɛfo ɛ Asɔfo Di Wɔn Anim
Sɛnea Polandni Ɔdansefo Jerzy Kulesza ka kyerɛe:
“Sɛ yɛka mmɔdenbɔ ne Ahenni nneɛma a wɔde di kan wɔ asetram ho asɛm a, ɛnde na me papa, Aleksander Kulesza, yɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ wosua. Nokwarem no, ná asɛnka, Kristofo nhyiam horow, ne kokoam ne abusua adesua yɛ akronkronne ma no. Na sukyerɛmma a ɛtɔ anaa awɔw a ano yɛ den, anaa ahum anaa ɔhyew nyɛ akwanside mma no. Wɔ awɔw bere mu no, ɔhyɛ n’atade a emu yɛ duru, fa ne baga Bible nhoma wom, na ɔkɔ Poland nsasesin a atew ne ho no mu kodi nna bi wɔ hɔ. Na ohyia asiane ahorow pii a atuatewfo akuw a wɔyɛ basabasa ka ho.
Ɛtɔ da bi a, asɔfo kanyan basabasayɛfo ma wɔsɔre tia Adansefo no. Na wosi wɔn atwetwe, pa wɔn abo, anaasɛ wɔboro wɔn. Nanso wɔsan kɔ fie a wɔn ani agye sɛ Kristo nti wɔayaw wɔn.
“Wɔ Wiase Ko II no akyi mfe kakra mu no, atumfo no antumi anhwɛ ma mmara anyɛ adwuma wɔ ɔman no mu. Na wɔyɛ basabasa sɛe nneɛma. Ná polisifo ne ahobammɔ akuw yɛ adwuma awia, na atuatewfo ne nsɛmmɔnedifo akuw yɛ adwuma anadwo. Na korɔnbɔ ne odwowtwa abu so, na na wɔtaa kunkum nnipa. Na wodi Yehowa Adansefo a wontumi mmɔ wɔn ho ban no nsɛmmɔne a wɔmmrɛ ho, titiriw bere a akuw a asɔfo di wɔn anim no bi de wɔn ani sii Adansefo no so no. Wɔkae sɛ ɛteɛ sɛ wɔbɛba yɛn afie mu efisɛ wɔrebɔ wɔn agyanom Katolekfo gyidi ho ban. Mmere a ɛte sɛɛ mu no, wobubuu mfɛnsere, wiaa nyɛmmoa, na wɔsɛee ntade, nnuan ne nhoma. Wɔtotoo Bible ahorow guu asubura mu.”
Mpofirim Wu sɛ Mogya Ɔdansefo
“Da koro bi wɔ June 1946 mu, ansa na yɛrehyiam de baesekre akɔ asasesin bi a atew ne ho mu no, onua kumaa bi, Kazimierz Kądziela, bɛsraa yɛn na ɔkasa kyerɛɛ me papa brɛoo. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ me papa ma yɛkɔɔ asasesin no mu, nanso ɔne yɛn ankɔ. Akyiri yi yɛtee nea entia wankɔ no. Bere a yɛbaa fie no, yɛtee sɛ wɔaboro Kądziela abusua no pasaa, enti na me papa rekɔhwɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔapirapira kɛse no.
“Bere a mehyɛn ɔdan a wɔdeda mu no mu no, nea mihui no ma misui. Ná mogya apete afasu ne nsɛmso no nyinaa ho. Nnipa a wɔde ntama akyekyere wɔn apirakuru so deda mpa so, ɔhwe ama wɔayeyɛ tumm, wɔahonhon, a wɔn mfẽ nnompe ne wɔn anan abubu. Na mintumi nhu nnipa ko a wɔyɛ. Na wɔaboro Onuawa Kądziela a ɔyɛ abusua no nã no pasaa ma ɛyɛ hu yiye. Na me papa reboa wɔn, na ansa na ɔrefi wɔn nkyɛn akɔ no, ɔkaa asɛm titiriw yi sɛ: ‘Oo, me Nyankopɔn, meyɛ ɔbarima hoɔdenfo [na wadi mfe 45 saa bere no, na na ɔnyaree da], na minnyaa hokwan nhuu amane mmaa wo. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ amanehunu to onuawa aberewa yi?’ Wanhu nea ɛda hɔ twɛn no.
“Bere a owia kɔtɔe no, yɛsan kɔɔ yɛn fie a ɛyɛ kilomita 3 kwan no. Na nnipakuw 50 a wokurakura akode atwa yɛn fie ho ahyia. Wɔde Wincenciuk abusua no nso ba bɛkaa yɛn ho, entina yɛn dodow si baakron. Wobisaa yɛn mu biara asɛm yi sɛ: ‘So woyɛ Yehowa Ɔdansefo?’ Bere a yebuaa sɛ yiw no, wɔboroo yɛn. Afei, saa atirimɔdenfo no mu baanu boroo me papa bere a wobisaa no sɛ obegyae Bible no kenkan ne ho asɛm ka no. Wɔpɛe sɛ wohu sɛ ebia ɔbɛkɔ asɔre na wakɔka ne bɔne akyerɛ a. Wodii ne ho fɛw sɛ: ‘Ɛnnɛ, yɛbɛhyɛ wo sɔfo panyin.’ Me papa anka asɛm biako mpo, na wɔammɔ abubuw biako mpo nso. Ogyinaa wɔn ayayade no ano komm te sɛ oguan. Ade kyee no, bere a nyamesomfo asisifo no fii hɔ kɔe akyi simma 15 no, owui, a na wɔaboro no apirapira no. Nanso ansa na wɔrefi hɔ akɔ no, me na wɔpaw me sɛ nea odi hɔ a wɔbɛyɛ no ayayade. Na madi mfe 17 saa bere no. Bere a wɔreboro me no, ade tɔɔ me so mpɛn pii. Na akuturuku no maa me nipadua yɛɛ tumm fi me sisi kɔ me soro. Wɔyɛɛ yɛn ayayade nnɔnhwerew asia. Nea enti a wɔyɛɛ yɛn saa ne sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo!”
Ɔyere Nokwaredifo Mmoa
“Na meka Adansefo 22 a wɔde wɔn guu afiasedan ketewa bi a emu trɛw nnu mita 10 mu asram abien no ho. Saa bere no akyi no, wɔtew aduan a wɔde ma yɛn no so. Na wɔma yɛn paano ketewaa bi ne kɔfe nwenenwene kuruwa ma. Na bere a wubenya kwan ada fam a ɛhɔ yɛ nwini no nkutoo ne bere a wɔabeyi obi rekobisabisa ne nsɛm anadwo no.
“Wɔde me too afiase mpɛn anum wɔ Kristofo dwumadi ahorow ho, sɛ wɔka bom a, ɛyɛ mfe awotwe. Wobuu me sɛ ɔdeduani titiriw bi. Na me ho asɛm bi wɔ me ho kyerɛwtohɔ mu sɛ: ‘Monhyɛ Kulesza abufuw araa nkosi sɛ obenya ɔpɛ sɛ obegyae ne dwumadi no.’ Nanso bere biara a wogyaa me no, mede me ho ma sɛ mɛyɛ Kristofo som adwuma no. Atumfo no maa asetra yɛɛ den maa me yere, Urszula, ne yɛn mmabea baanu no nso. Sɛ nhwɛso no, aban mmaranimfo no gyee me yere akatua a ɔbrɛe ansa na ɔrenya no bi mfe du. Ɔkae sɛ sika no yɛ tow a otua wɔ Bible nhoma a wotintim no sum ase samufo a meyɛ no ho. Wogyee yɛn biribiara gye nneɛma a wobuu no sɛ ɛyɛ asetrade titiriw no nkutoo. Meda Yehowa ase wɔ me yere ɔkokodurufo a ɔnam boasetɔ so ne me gyinaa saa ayayade no nyinaa ano na ɔboaa me ankasa bere nyinaa no ho.
“Yɛahu honhom mu nkonimdi wɔ Poland ha; mprempren yɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no mmara kwan so baa dwumadibea wɔ Nadarzyn a ɛbɛn Warsaw no. Wɔ mfe du du pii a wɔde taa yɛn akyi no, mprempren Adansefo 108,000 ne akyi na wɔwɔ asafo ahorow 1,348 mu wɔ ha.”
Dɛn Nti na Mogya Adansefo Pii?
Afeha 20 yi mu Yehowa Adansefo mudi mu kura ho kyerɛwtohɔ bɛyɛ nhoma akɛse ma—mpempem awuwu sɛ mogya adansefo anaa wɔada afiase na wɔayɛ wɔn ayayade a enni kabea, wɔato wɔn mmonnaa, na wɔafow wɔn nneɛma wɔ mmeae te sɛ Malawi ne Mozambique, wɔ Spain wɔ Fasistfo nniso ase, wɔ Europa wɔ Nasi nniso ase, wɔ Europa Apuei Fam wɔ Komunist nniso ase, ne wɔ United States wɔ Wiase Ko II no mu. Asemmisa no sɔre sɛ, Dɛn ntia? Efisɛ amammui ne nyamesom akannifo a wɔyɛ katee mpɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma nokware Kristofo a wɔpow sɛ wobesua nnipakum, na wɔtwe wɔn ho fi amammuisɛm biara ho no ahonim a wɔde Bible atete no no. Aba sɛnea Kristo kae sɛ ɛbɛba no ara pɛ, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yohane 15:17-19 sɛ: “Eyi na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho. Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. Sɛ mufi wiase a, anka wiase bɛdɔ n’ankasa ne de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo.”
Wɔ ɔtaa a Yehowa Adansefo hyia wɔ wiase nyinaa akyi no, wɔadɔɔso—fi 126,000 wɔ nsase 54 so wɔ 1943 mu abedu bɛyɛ 4,500,000 wɔ nsase 229 so wɔ 1993 mu. Wɔadi nkonim mpo wɔ owu mu. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ wɔn nkyerɛkyerɛ adwuma soronko a ɛne Ahenni asɛmpa no a wɔka kyerɛ no kosi sɛ Yehowa bɛka sɛ wɔawie.—Yesaia 6:11, 12; Mateo 24:14; Marko 13:10.
[Ase hɔ asɛm]
a Mudi mu kura ne “abrabɔ pa ho nnyinasosɛm katee akyi a wodi pintinn.”—The American Heritage Dictionary, Nea Ɛto so Abiɛsa.
[Box/Mfonini wɔ kratafa 6]
Mogya Dansefo wɔ Germany
NA AUGUST DICKMANN adi mfe 23 bere a SS panyin Heinrich Himmler hyɛe sɛ wonkum no wɔ Adansefo afoforo nyinaa anim wɔ Sachsenhausen adwumayɛban mu no. Gustav Auschner a na ɔwɔ hɔ saa bere no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔtow Onua Dickmann tuo kum no na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔbɛtow yɛn nyinaa tuo akunkum yɛn sɛ yɛamfa yɛn nsa anhyɛ krataa bi a ɛkyerɛ sɛ yɛapa yɛn gyidi ase a. Na wɔde yɛn mu 30 anaa 40 bɛkɔ akogyina amoa bi ano bere koro mu, na wɔatotow yɛn nyinaa tuo akunkum yɛn. Ade kyee no. SS asraafo brɛɛ yɛn mu biara krataa sɛ yɛmfa yɛn nsa nhyɛ ase anyɛ saa a wobɛtow yɛn tuo akunkum yɛn. Na worenya sɛnea wɔn anim ayɛ siamoo no ahwɛ bere a wofii hɔ kɔe a wɔanya onipa biako mpo ma wamfa ne nsa anhyɛ ase no. Na wɔwɔ anidaso sɛ wɔde kum a wobekunkum yɛn baguam no beyi yɛn hu. Nanso na yesuro sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa mpɛ no kɛse sen wɔn atuo aboba no. Wɔantow yɛn mu biara tuo wɔ baguam bio.”
[Box/Mfonini wɔ kratafa 9]
Nkwa a Wɔde Twa So
ƐTƆ da bi a, nkonimdi wɔ bere a yɛrehyia owu no bɛhwehwɛ sɛ yɛde yɛn nkwa twa so. Krataa a nsa ka fii Nseleni Asafo a ɛwɔ South Africa Natal Mantam kusuu fam ka awerɛhosɛm bi sɛ: “Yɛkyerɛw mo krataa yi de ama moahu sɛ yɛahwere yɛn nua dɔfo Moses Nyamussua. Na n’adwuma ne sɛ ɔsosɔ kar ahorow siesie no. Da bi, amanyɛkuw bi mufo ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsosɔ wɔn atuo a wɔn ankasa ayeyɛ mma wɔn, wanyɛ. Enti, February 16, 1992 no, amanyɛkuw no yɛɛ wɔn amanyɛkuw nhyiam, na ntɔkwaw sii wɔne kuw a etia wɔn mufo ntam. Saa da no anwummere a wofi akono reba no, wohui onua no sɛ ɔrekɔ aguadibea. Wɔde wɔn mpeaw kum no wɔ hɔ. Dɛn nti na wɔyɛɛ saa? ‘Woansosɔ yɛn atuo no, na mprempren yɛn nnamfonom awuwu ɔko no mu.’
Onua Dumakude, asafo no kyerɛwfo ka sɛ: “Eyi ama anuanom no ho adwiriw wɔn ho yiye.” Ɔde ka ho sɛ: “Nanso, yɛbɛkɔ so ara ayɛ yɛn som adwuma no.”
[Adaka wɔ kratafa 11]
Mogya Dansefo Wu wɔ Poland
WƆ 1944 mu, bere a na Germanfo asraafo reguan ntɛmntɛm, na ɔko no abɛn Poland apuei fam kurow bi no, wɔhyɛɛ ɔmanfo sɛ wontutu amoa a wɔde siw ntwitwiridii kwan. Yehowa Adansefo powee sɛ wɔde wɔn ho behyem. Wɔhyɛɛ Stefan Kieryl, Ɔdansefo aberante bi—na wɔabɔ no asu asram abien pɛ—sɛ ɔnkɔka adwumayɛfo kuw bi ho, nanso ɔde akokoduru daa no adi sɛ onni afã biara.
Wɔfaa akwan horow so pɛe sɛ wɔma ogyae ne mudi mu. Wɔpaa ne ho kyekyeree no fam dua bi a esi atɛkyɛ mu ho na ama atɛn ne mmoawa afoforo awe no. Ogyinaa ɛno ne ayayade afoforo ano, enti wogyaee. Nanso, bere a asraafo panyin bi bɛsraa adwumayɛfo kuw no, obi ka kyerɛɛ no sɛ ɔbarima bi wɔ hɔ a onni n’ahyɛde so ɔkwan biara so. Wɔhyɛɛ Stefan mprensa sɛ ontu amoa no. Wamfa ne nsa anso sofi no mu mpo. Wɔtow no tuo kum no. Na nnipa ɔhaha pii a wɔrehwɛ nea ɛrekɔ so no nim no ankasa. Ne mogya dansefo wu no bɛyɛɛ denhyɛ kɛse a Yehowa tumi de ma no ho adanse.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Ananii Grogul
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Jerzy Kulesza