Filipo—Ɔsɛmpakafo a Ɔyɛ Nsi
MMARIMA ne mmea a wɔfata sɛ yesuasua wɔn gyidi ho nsɛm pii wɔ Kyerɛwnsɛm mu. Susuw Filipo, afeha a edi kan Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo no ho. Na ɔnyɛ ɔsomafo, nanso wɔde no dii dwuma wɔ ɔkwan a tumi wom so de trɛw Ahenni ho asɛm no mu. Nokwarem no, wɔbɛfrɛɛ Filipo “ɔsɛmpakafo.” (Asomafo no Nnwuma 21:8) Dɛn nti na Filipo benyaa saa din no? Na dɛn na yebetumi asua wɔ ne ho?
Wɔkyerɛw Filipo ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi. Saa bere no, na Yudafo a wɔka Hela kasa no nwiinwii hyɛ Yudafo a wɔka Hebri kasa no sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo so, na wɔmma wɔn daa ɔhwɛ aduan. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi asɛm no ho dwuma no, asomafo no paw mmarima “baason a wɔwɔ din pa.” Na Filipo ka wɔn a wɔpaw wɔn no ho.—Asomafo no Nnwuma 6:1-6.
Na saa mmarima baason yi ‘wɔ din pa.’ Yiw, bere a wɔpaw wɔn no, na wonim wɔn dedaw sɛ mmarima a wɔyɛ honhom mufo a wɔn adwenem tew. Ɛte saa ara wɔ wɔn a wɔsom nnɛ sɛ Kristofo ahwɛfo no fam. Wɔmfa ahopere na ɛpaw saa mmarima no. (1 Timoteo 5:22) Ɛsɛ sɛ ‘wɔn a wɔtete ho no bɔ wɔn din pa,’ na mfɛfo Kristofo hu sɛ wɔn ani so da hɔ na wɔn adwenem tew.—1 Timoteo 3:2, 3, 7; Filipifo 4:5.
Ɛda adi sɛ, Filipo dii n’asɛyɛde ho dwuma yiye wɔ Yerusalem. Nanso ankyɛ na ɔtaa bi a emu yɛ den bɛbɔɔ Kristo akyidifo no hwetee. Te sɛ afoforo no, Filipo fii kurow no mu, nanso ne som adwuma no amma awiei. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ asasesin foforo mu—Samaria—a na adagyew nnim.—Asomafo no Nnwuma 8:1-5.
Nsasesin Foforo Mu Adwumayɛ
Na Yesu aka asie sɛ n’asuafo no bɛka asɛmpa no wɔ “Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.” (Asomafo no Nnwuma 1:8) Filipo nam asɛmpa a ɔkaa wɔ Samaria no so maa saa nsɛm no nyaa mmamu. Na Yudafo no bu Samariafo animtiaa. Nanso, Filipo ammu Samariafo no atɛn, na onyaa n’atɛntrenee no so nhyira. Nokwarem no, Samariafo pii bɔɔ asu, a na ɔbarima bi a ɔde Simon a kan no na odi asumansɛm nso ka ho.—Asomafo no Nnwuma 8:6-13.
Bere bi akyi no, Yehowa bɔfo kyerɛɛ Filipo kwan kɔɔ serɛ so kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so. Ɛhɔ no Filipo huu Ethiopiani piani bi sɛ ɔte teaseɛnam mu rekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no. Filipo de mmirika kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔne no bɔɔ nkɔmmɔ. Ɛwom sɛ na Ethiopiani no asakra ne som aba Yudasom mu na ɔwɔ Nyankopɔn ne Kyerɛwnsɛm no ho nimdeɛ bi de, nanso ɔde ahobrɛase gye toom sɛ ohia mmoa na ama wate nea ɔrekenkan no ase. Enti, ɔtoo nsa frɛɛ Filipo sɛ ɔmforo teaseɛnam no mmɛtra ne nkyɛn. Odii no adanse wiei no, wokoduu asu bi so. Etiopiani no bisae sɛ: “Dɛn na esi m’asubɔ ho kwan?” Amonom hɔ ara na Filipo bɔɔ Etiopiani no asu, na ɔde anigye kɔɔ ne kwan. Ɛbɛyɛ sɛ osuani foforo yi kɔkaa asɛmpa no wɔ ne kurom.—Asomafo no Nnwuma 8:26-39.
Dɛn na yebetumi asua afi Filipo som adwuma a ɛfa Samariafo ne Etiopiani piani yi ho no mu? Ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ ɔman, abusua, anaa dibea a obi wom nti n’ani rennye asɛmpa no ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni asɛmpa no kyerɛ “nnipa nyinaa.” (1 Korintofo 9:19-23) Sɛ yɛde yɛn ho bɔ afɔre ka asɛmpa no kyerɛ nnipa nyinaa a, Yehowa bɛma ‘yɛayɛ nnipa nyinaa asuafo’ ansa na saa wiase bɔne yi aba awiei.—Mateo 28:19, 20.
Ɔsom Hokwan Afoforo a Filipo Nyae
Bere a Filipo kaa asɛm no kyerɛɛ Etiopiani piani no akyi no, odii adanse wɔ Asoto, na “ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea.” (Asomafo no Nnwuma 8:40) Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Amanaman mufo tete saa nkurow abien yi mu. Bere a Filipo de n’ani kyerɛɛ atifi fam rekɔ Kaesarea no, ɛda adi sɛ ɔkaa asɛmpa no wɔ Yudafo nkurow a agye din, te sɛ Lida ne Yopa nso mu. Ebia ɛno nti na akyiri yi wonyaa asuafo wɔ saa mmeae yi no.—Asomafo no Nnwuma 9:32-43.
Ɛbɛyɛ mfe 20 akyi na wɔkaa Filipo ho asɛm a etwa to. Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa no awiei no, ɔde hyɛn kosii Ptolemai. Luka a ɔyɛ Paulo akwantu mu ɔhokafo no ka sɛ: “Ade kyee no, yefii hɔ baa Kaesarea; na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafo Filipo fie.” Saa bere yi, na Filipo wɔ “mma, mmaabun baanan, a wɔhyɛ nkɔm.”—Asomafo no Nnwuma 21:8, 9.
Ɛda adi sɛ na Filipo akɔtra Kaesarea. Nanso, na n’asɛmpatrɛw honhom no da so ara wɔ ne mu, efisɛ Luka frɛɛ no “ɔsɛmpakafo.” Saa asɛm no kyerɛ obi a ofi ne kurom kɔka asɛmpa no wɔ amantam a wɔnyɛɛ mu adwuma mu. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Filipo wɔ mmabea a na wɔhyɛ nkɔm no kyerɛ sɛ wodii wɔn agya a ɔyɛ nsi no anammɔn akyi.
Ɛsɛ sɛ nnɛyi Kristofo a wɔyɛ awofo kae sɛ wɔn mma ne wɔn asuafo titiriw. Sɛ ɛba mpo sɛ ɛsɛ sɛ awofo a wɔte saa no de teokrase dwumadi bi to hɔ esiane wɔn abusua mu asɛyɛde bi nti a, te sɛ Filipo no, wobetumi akɔ so afi koma nyinaa mu asom Onyankopɔn na wɔayɛ awofo a wɔyɛ nhwɛso pa.—Efesofo 6:4.
Paulo ne n’ahokafo no nsrahwɛ no maa Filipo abusua no nyaa hokwan a ɛfata de daa ahɔhoyɛ adi. Hwɛ sɛnea wɔhyehyɛɛ wɔn ho nkuran! Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Luka nsa kaa Filipo dwumadi ho nsɛm ahorow, a akyiri yi ɔde kaa Asomafo no Nnwuma ti 6 ne 8 ho no.
Yehowa Nyankopɔn de Filipo dii dwuma kɛse maa Ahenni nneɛma nyaa nkɔso. Filipo nsiyɛ no boaa no maa ɔtrɛw asɛmpa no mu kɔɔ nsasesin foforo mu, na ɔmaa ne fiefo nyaa honhom mu ahoɔden. So wopɛ sɛ wunya hokwan ne nhyira a ɛte saa no bi? Ɛnde ɛyɛ papa sɛ wusuasua ɔsɛmpakafo Filipo su ahorow no.