Sukuu Foforo Bi wɔ Afrika
Efi Nigeria Nyan! kyerɛwfo hɔ
WƆKENKAN krataa bi wɔ July 1990 mu a ɛmaa Yehowa Adansefo bɛboro 400 a wɔde wɔn ho ama a wɔte Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Igieduma, Nigeria, na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no ani gyei kɛse. Ná wɔrebɛyɛ Asomfo Ntetee Sukuu a wofii ase wɔ United States Wɔ 1987 mu no bi wɔ Afrika, na na wɔbɛyɛ adesua a edi kan no wɔ Igieduma!
Wɔ asram a edi hɔ no mu no, Betel abusua no siesiee wɔn ho maa adesuafo kuw a wodi kan no.a Ná asuafo ne akyerɛkyerɛfo no behia dabere. Na ɛhɔ ahɔhodan no nnɔɔso; ná wohia adan afoforo 15 aka ho. Enti Adansefo no fii ase dan adekora adan no adan a wɔda mu a ɛyɛ fɛ. Eyi ma wɔtoo tiles wɔ fam, wɔkaa afasu no ho aduru, na wɔde nkataanim sensɛn mfɛnsere ne apon ano. Dua adwumfo yeyɛɛ mpa, nnaka, ne apon. Awiei koraa no, wɔde nkongua, akanea a wɔde kenkan ade ne nnaka a wɔhyehyɛ nhoma wɔ so baa adan no mu. Wɔhyehyɛɛ teokrase nhoma ahorow wɔ nnaka no so nyinaa.
Bio nso, wɔdan ahomegyedan no adesuadan ne nhomakorabea maa adesuafo no. Wɔdan ayarefo adan no biako bere tiaa mu office maa akyerɛkyerɛfo no na wɔde kyerɛwpon, apon, ne office nneɛma afoforo sisii mu. Saa bere no mu no, wɔbɔɔ sukuu a wɔrebɛyɛ no ho amanneɛ wɔ ɔman no mu nyinaa wɔ Yehowa Adansefo nhyiam akɛse ne nketewa ase, na nsa kaa akwammisa nkrataa ɔhaha pii fii adesuafo a wɔpɛ sɛ wɔba bi no nkyɛn.
Eduu dapɛn a edi kan wɔ February 1992 mu no, na wɔasiesie biribiara awie. Ná akyerɛkyerɛfo baanu, Michael Purbrick ne Peter Nicholls, fi Britain aba rebɛkyerɛ adesuafo a wodi kan no ade. Nnipa baasa a na wɔbɛyɛ akyerɛkyerɛfo akyiri yi a wɔne Isaiah Mnwe, Isaiah Olabode, ne Pius Oparaocha nso kaa adesuafo 22 no ho bae. Na eyinom yɛ Nigeria Adansefo a na wɔbɛtete wɔn ma wɔakyerɛ adesuafo a wɔbɛba akyiri yi ade.
Sukuu no Atirimpɔw
Ná akwanhwɛ ne anigye da adi wɔ Betel hɔ nyinaa. Dɛn ntia? Nkɛntɛnso pa a sukuu no benya wɔ asuafoyɛ adwuma no so wɔ Nigeria no ntia. Bere tenten bi ni no, Yehowa ka too hɔ sɛ ɔde ‘nnipa mu akyɛde’ bɛma. (Dwom 68:18) Ɔyɛɛ saa wɔ asomafo no mmere so, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛw ho asɛm mpo wɔ Efesofo 4:8-11 no. Yehowa de nnipa mu akyɛde rema nnɛ nso. Asomfo Ntetee Sukuu no yɛ ɔdɔ nsiesiei a wɔnam so resiesie mmarima yi mu bi ma wɔagye ahyehyɛde mu asɛyɛde afoforo atom.
Adansefo bɛboro 160,000 na wɔwɔ asafo ahorow bɛboro 3,000 mu wɔ ɔman no mu. Asafo ahorow yi bi wɔ ɔpanyin biako anaa baanu ne asafo mu asomfo kakraa bi pɛ. Asafo afoforo bi wɔ nsasesin akɛse a wɔnka asɛmpa no wom kɛse. Enti, wohia mmarima a wɔfata pii ma wɔayɛn nguankuw na wɔakyerɛkyerɛ wɔ asafo ahorow no mu nso na ɛnyɛ sɛ wobedi asɛnka adwuma no nkutoo anim.
Asomfo Ntetee Sukuu no botae ne sɛ ɛbɛtete anuanom ma wɔadi asɛyɛde ahorow yi ho dwuma. Sɛ adesuafo no wie sukuu no a, wɔnmu binom kɔyɛ akwampaefo atitiriw anaa ahwɛfo akwantufo adwuma, ɔsom adwuma no afã a wohia mmoa kɛse wɔ wɔ Nigeria. Afoforo san kɔ wɔn asafo ahorow mu de mmoa ne nkuranhyɛ kɔma ɛhɔ anuanom no. Nhyira a mmarima a wɔfata yiye yi yɛ ma asafo ahorow a wɔsom wɔn no bɛn ara ni!
Ntetee Soronko
Ɛwom sɛ Asomfo Ntetee Sukuu no yɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛtete asɛmpatrɛwfo ma amannɔne adwuma no nkorabata de, nanso nneɛma a wosua no da nsow. Wɔ adapɛn awotwe sukuu no mu no, adesuafo no sua Bible no kɔ akyiri. Wosusuw Bible no nkyerɛkyerɛ ahorow, a nguanhwɛ asɛyɛde ahorow ho afotu ne akwankyerɛ ahorow a wɔde di Kristofo asetra mu nsɛnnennen ho dwuma ka ho no ho yiye. Wosua nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ wɔ nneɛma sohwɛ, asenni, ne ahyehyɛde ho no nso. Wonyaa baguam ɔkasa ho ntetee titiriw bi, na akyerɛkyerɛfo a wodwen afoforo ho boae wɔ wɔn honhom mu nkɔso ho.
Ne nyinaa mu no, osuani biara nya adesua no mu dwumadi 45, na onya nnɔnhwerew 256 a wɔde kyerɛkyerɛ wɔn ade no mu mfaso nso. Bio nso, ɔde nnɔnhwerew 140 yɛ sukuu dwumadi wɔ fie, na ɔde nnɔnhwerew 14 yɛ sɔhwɛ ahorow.
Ɛwom sɛ Bible no ne ɔkyerɛkyerɛ nhoma titiriw de, nanso wɔmaa adesuafo no de wɔn ankasa nhoma afoforo 16 a wɔde sua Bible, a Ɔwɛn Aban Asafo no na etintimii bae. Adesuafo no hwehwɛɛ nhoma afoforo nso a na ɛwɔ Betel nhomakorabea a nhoma ahorow pii wɔ hɔ no mu kɔɔ akyiri. Na ɛda adi pefee sɛ ehia sɛ wɔyɛ akenkanfo pa.
Sukuu dwumadi akyi no, adesuafo no de simma 45 yɛ adwuma wɔ Betel nnwumayɛbeaahorow awotwe no biako mu da biara: aprapra, adididan, adiwo asiesie, adan mu asiesie, mukaase, nneɛma horo, nhoma amanae, ne beae a wɔde nneɛma gu lɔre mu. Wɔsakrasakraa wɔn nnwuma no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu adapɛn awotwe adesua no awiei no, na wɔn mu biara ayɛ adwuma wɔ nnwumayɛbea yi mu biara mu. Adesuafo no mu biako kae sɛ: “Adwuma a meyɛe wɔ nnwumayɛbea no ma metee ase sɛ Yehowa ne adwuma no sohwɛfo ankasa.” Ɔfoforo kae sɛ: “Ahwɛfo no ayɛ krado sɛ wɔde ɔdɔ bɛkyerɛkyerɛ na wɔateɛ yɛn.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Betel adwuma yɛ ade a ɛsɛ sɛ obiara yɛ bi hwɛ na wahu sɛ eye.”
Anuanom mmarima no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ntetee a wɔde maa wɔn no ho? Obiako kae sɛ: “[Ná ɛyɛ] sukuu a ɛsen sukuu nyinaa.” Ɔfoforo de anigye kae sɛ: “Nhyehyɛe a eye kyɛn so bɛn ara ni!” Adesuafo a wodi kan no de koma a anigye ne anisɔ ayɛ no ma kyerɛw wɔ krataa bi mu sɛ: “Yɛn tirimbɔ ne sɛ . . . yɛde asɛmpa no ho nkrasɛm bɛyɛ yɛn asetram ade titiriw.”
Nsɛm a Efi Nsasesin no mu Ba
Wɔyɛɛ Asomfo Ntetee Sukuu no adesua anan a edi kan no wɔ 1992 ne 1993 mfe no mu asram asia a edi kan no mu wɔ Nigeria. Adesuafo kuw a wɔto so abien no kyerɛwee wɔ anisɔ krataa bi a wɔde kɔmaa Sodikuw no mu sɛ: “Nokwarem no, yɛnkɔɔ sukuu biara a eye sen eyi da. Adesua no ye sen sukuupɔn adesua. Enti ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛne William Phelps bɛyɛ adwene sɛ ‘Bible mu nimdeɛ a kɔlege adesua nka ho som bo kɛse sen kɔlege adesua a Bible no nka ho.’ Wɔ eyi nyinaa mu no, yɛn ho nokware anigye a mokyerɛe no daa adi pefee. Enti yɛasi yɛn bo sɛ yɛde bere nyinaa som adwuma no bɛyɛ yɛn asetra mu adwuma.”
Wɔagye adesuafo a wɔawie sukuu no atom dɛn wɔ wɔn dwumadi foforo no mu? Ɔhwɛfo kwantufo bi kyerɛw adesuafo kuw a wodi kan no mu baanu a wɔresom sɛ akwampaefo atitiriw no ho asɛm sɛ: “Afei de, nhyiam horow kanyan anigye, ɛhyɛ nkuran, na ntease wom. Asɛnka adwuma no afã horow no renya nkɔso . . . Anigye wɔ asafo no mu . . . Bere a mibisabisaa anuanom no bi nsɛm wɔ nkɛntɛnso a akwampaefo atitiriw yi anya wɔ asafo no so ho no, ɔhwɛfo guamtrani no de nusu ne anigye kae sɛ: ‘Yɛda Yehowa ne n’ahyehyɛde no ase sɛ wɔasoma aboafo pa a wɔn ho akokwaw aba yɛn asafo no mu.’”
Hena na Ɔfata?
Asomfo Ntetee Sukuu no bi a wɔkɔ wɔ ɔman biara mu no yɛ ɔsom hokwan a ɛyɛ anigye, nhyira a ɛyɛ nwonwa a efi Yehowa hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ ntetee yi boa asuafo ma wonya nkɔso sɛ honhom mufo na esiesie wɔn ma Yehowa de wɔn di dwuma kɛse.
Ntease wom sɛ ahwehwɛde no korɔn. Nea ɛbɛyɛ na wɔn a wobisa hokwan no afata no, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔde mfe abien som sɛ mpanyimfo anaa asafo mu asomfo wɔ Kristofo asafo no mu. Wɔtaa pɛ wɔn a wɔyɛ daa akwampae adwuma no. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ ahokwafo a wɔadi mfe 23 kosi 50. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a asenni boayikuw nkaa wɔn anim anaa wontuu wɔn wɔ mfe anum a atwam no mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobisa hokwan no yɛ wɔn a wotumi kenkan ade, wonim akyerɛw, na wɔka Engiresi kasa yiye, na ehia sɛ wɔwɔ akwahosan pa a wonhia ɔhwɛ anaa aduan soronko bi.
Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho ma no yɛ wɔn a wɔasiesie wɔn ho, wɔwɔ ɔpɛ, na wobetumi asom baabiara a wobehia wɔn. Ɛnyɛ ɔpɛ a emu yɛ den a obi wɔ sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde nkutoo na eyi hwehwɛ na mmom Yesaia a ɔde ne ho mae ntɛm so sɛ ɔbɛyɛ adwuma titiriw bi honhom no bi, nea ɔkae sɛ: “Mini, soma me!” no.—Yesaia 6:8.
So wowɔ honhom a ɛte saa ara? So wowɔ tebea a ɛbɛma woadu saa ɔsom hokwan yi ho mu? Wɔn a wɔayɛ saa no nnuu wɔn ho. Osuani biako a ɔresom mprempren sɛ ɔmansin sohwɛfo kyerɛwee sɛ: “Ná Asomfo Ntetee Sukuu no yɛ akyɛde a ebiara ne no nsɛ ma me. Ayɛ me honhom fam ade a ɛkorɔn sen biara. Sɛ menya hokwan de abɔ me bra bio a, anka asetra kwan koro no ara na mepaw.”
[Ase hɔ asɛm]
a “Betel” a ɛyɛ Hebri asɛmfua ma “Onyankopɔn fi” ne din a wɔde ato Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea afie biara.
[Pictures on page 16, 17]
Akyerɛkyerɛfo lsaiah Mnwe no Pius Oparaocha
Adesuadan mu nkyerɛkyerɛ
Adesuadan mu nsɛm ho nkɔmmɔbɔ kuw
Wɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea
[Kratafa 18 mfonini]
Wɔreyɛ adwuma wɔ Beae a wɔhoro nneɛma no Nhoma Amanae