Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 10/8 kr. 20-24
  • Nea Enti a Migyaee Asɔfodi Kɔyɛɛ Ɔsom Adwuma a Eye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Migyaee Asɔfodi Kɔyɛɛ Ɔsom Adwuma a Eye
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɔfodwuma a Meyɛe wɔ Goa, Salamanca, ne Rome
  • Ntawntawdi ne Adwenem Naayɛ a Edi Kan
  • Mekɔ So Hwehwɛ Nokware No
  • Migyae Asɔre No
  • Asomdwoe ne Anigye
  • Meboa M’abusuafo ma Wobehuu Nokware No
  • ‘Anigye Ne Onipa a Ohu Nyansa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • India Katolek Asɔre No​—Ɛhe Na N’ani Kyerɛ?
    Nyan!—1988
  • Ɔwae—Wosiw Ɔkwan a Ɛkɔ Onyankopɔn Nkyɛn No
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Bu Mass Dɛn?
    Nyan!—1999
Nyan!—1993
g93 10/8 kr. 20-24

Nea Enti a Migyaee Asɔfodi Kɔyɛɛ Ɔsom Adwuma a Eye

WƆHYƐƐ me Katolek sɔfo July 31, 1955, bere a na madi mfe 24 . Ná ɛyɛ mfe 12 a mede nyaa ntetee wɔ asɔfo sukuu mu wɔ Rachol wɔ Goa, India no awiei. Na dɛn na ɛma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ ɔsɔfo?

Wɔwoo me Bombay, India, September 3, 1930. Afe a edi hɔ no, me papa gyaee adwuma, na abusua no kɔtraa Salvador do Mundo, Bardez, Goa, wɔ India anafo fam atɔe mpoano. Ná me na meyɛ mmofra baanan no mu akumaa. Wɔde Portugal Katolekfo amammerɛ ne atetesɛm a atra Goa fi 1510, bere a Portugalfo tu bɛtraa hɔ no tetee me fi me mmofraase pɛɛ.

Ná m’awofo a wɔammu wɔn gyidi so no yɛ Katolekfo mmɔdenbɔfo a wodi Buronya, Mmuada Mmere, Easter, ne afahyɛ ahorow de hyɛ Ɔbaabun Maria ne “ahotefo” pii anuonyam afe biara. Ná wɔtaa ma asɔfo a wonya afahyɛ ahorow yi mu kyɛfa no dabere wɔ yɛn fie, na ɛtɔ da bi a, wodi bɛboro dadu wɔ nsrahwɛ biako mu. Enti, yɛkɔɔ so ne wɔn nyaa ayɔnkofa, na sɛ abofra kumaa no, m’ani gyee wɔn ho yiye.

Asɔfodwuma a Meyɛe wɔ Goa, Salamanca, ne Rome

Mede anigye kɛse na efii asɔfodi adwuma no ase, na na migye nokware a Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe yɛ no di yiye. Wɔ me som adwuma wɔ Goa no mfe ason a edi kan no mu no, meyɛɛ honam fam adwuma ne asɔfodwuma bere koro mu wɔ St. Thomas Chapel wɔ Panaji, Goa ahenkurow no mu. Saa bere no ara, meyɛɛ ɔman adwuma a ɛwɔ afa horow abien wɔ kan Portugal aban Polytechnic Institute no mu​—sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo ne afei nso sukuu no panyin.

Wɔ 1962 mu no, wɔde me kɔɔ Salamanca Sukuupɔn mu wɔ Spain, na ɛhɔ na minyaa abodin a wɔfrɛ no PhD wɔ Mmara ho Nyansapɛ ne Asɔre Mmara mu. Bere a na meresua mmara no, nneɛma a misuae no bi, titiriw Romafo Mmara ne Asɔre Mmara ho Abakɔsɛm no kanyan me ma meyɛɛ sɛnea Katolek Asɔre mmara sakrae araa ma ebeduu baabi a ɛdaa paapa no adi sɛ ɔne Petro nanmusifo ne ‘asɔre no sohwɛfo titiriw’ no ho nhwehwɛmu.

M’ani gyei sɛ na wɔreyɛ nhyehyɛe ama makɔyɛ me nyamekyerɛ mu ɔbenfo adesua no wɔ Rome, Italy, beae a na menya hokwan asua asɔre no mu mpanyinni ho ade no. Mekɔɔ Rome wɔ 1965 ahohuru bere mu.

Saa bere yi na asɔre no bagua a ɛne Vatican II no adu ne pɔmpɔn so. Bere a na migu so reyɛ me nyamekyerɛ adesua no, me ne nyamekyerɛfo ne “Bagua no Agyanom” pii a na wɔsɔre tia bagua no mufo a wokura asɔre no tete nkyerɛkyerɛ mu denneennen no twetwee nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Na saa bere no paapa ne Paul VI, a me ne no dii nkitaho tee wɔ me dibea sɛ India Priests Association a ɛwɔ Rome no titrani abadiakyiri no ho.

Ntawntawdi ne Adwenem Naayɛ a Edi Kan

Wɔ nkitahodi ahorow ne m’adesua ne nhwehwɛmu a meyɛe wɔ ɔbenfo ho abodin ho adesua ho yi nyinaa mu no, minyaa hokwan de huu Katolek Asɔre no abakɔsɛm ne ne nnyinaso titiriw no mfiase ho nneɛma afoforo.a Nea ɛne bagua no mufo a wokura asɔre no tete nkyerɛkyerɛ mu a wonim Pius XII (1939-58) tumidi koraa no nsusuwii bɔ abira no, wɔn a wɔpɛ nsakrae no tumi maa bagua no penee Asɔre no Gyidi Mmara no so (Latin asɛmti, Lumen Genzium, Amanaman no Hann) awiei koraa. Nneɛma no bi ne sɛ ɛka hokwan a asɔfopɔn wɔ sɛ wɔne paapa no nya tumi a ɛkorɔn koraa a odi wɔ asɔre no so mu kyɛfa sɛ kuw no ho asɛm wɔ ti 3. Na ɔkyerɛkyerɛ yi gyina atetesɛm so kɛse nanso na wɔn a wokura asɔre no tete nkyerɛkyerɛ mu no bu no sɛ ɔsom mu atuatew ne nsakrae titiriw.

Mantumi annye nsusuwii abien no nyinaa antom, efisɛ na ennyina Asɛmpa no mu nokware so. Ɛyɛ Mateo 16:18, 19 a wɔakyinkyim no, na ɛma asɔre no nkyerɛkyerɛ dedaw ne daakye de a enni Kyerɛwnsɛm mu ne asɔre no nkyerɛkyerɛ nyinaa ho kwan.b Mihui sɛ Yesu amfa Hela nsɛmfua a wɔde adi dwuma wɔ asɛm yi mu, peʹtra (ɔbea tebeam) , a ɛkyerɛ “ɔbotan,” ne peʹtros (ɔbarima tebeam) a ɛkyerɛ “ɔbo sin bi” no anni dwuma sɛ ɛkyerɛ ade biako. Afei nso, sɛ na wɔde tumi a ɛkorɔn ama Petro sɛ ɔbotan, te sɛ tweatibo a, ankaasomafo no annye wɔn mu nea ɔyɛ ɔkɛse ho akyinnye akyiri yi. (Fa toto Marko 9:33-35; Luka 22:24-26 ho.) Afei nso, anka Paulo remmɔ ne ho dam nka Petro anim wɔ baguam sɛ ‘wannantew tee sɛnea asɛmpa no nokware te.’ (Galatifo 2:11-14) Mebɛtee ase sɛ Kristo akyidifo a wɔde honhom awo wɔn nyinaa te sɛ abo, a Yesu ne wɔn nhyɛase tweatibo.​—1 Korintofo 10:4; Efesofo 2:19-22; Adiyisɛm 21:2, 9-14.

Dodow a minyaa nkɔanim wɔ nhomasua ne asɔfodi mu, na me ne afoforo bɔɔ me nsusuwii ho nkɔmmɔ kɛse no, dodow no ara na m’adwene ne me koma twe fii Katolek Asɔre no nkyerɛkyerɛ ahorow ho kɔɔ akyirikyiri, titiriw nea ɛfa asɔfohyɛ wɔ “Mass Afɔre Kronkron” mu ne “Awurade Adidi Kronkron Adommenade”​—Awurade adidi ase abodoo ne nsa a wose ɛdan Yesu honam ne mogya ankasa ho no.

Wɔ Katolekfo kasakoa mu no, “Mass Afɔre Kronkron no” yɛ daa nkae afahyɛ ne Yesu a wɔde no bɔɔ afɔre wɔ “mmeamudua” so a wɔsan bɔ no foforo a mogya nka ho. Nanso na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ne Paulo krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no titiriw mu da hɔ pefee sɛnea ɛsɛ ma mitumi hui sɛ Yesu afɔrebɔ no yɛ pɛ. Na n’adwuma di mũ. Na enhia anaasɛ ɛnhwehwɛ sɛ wɔde nneɛma afoforo bi ka ho, wɔsan bɔ no foforo, anaasɛ wɔma ɛyɛ papa. Ɔbɔɔ afɔre no “prɛko.”​—Hebrifo 7:27, 28.

Mekɔ So Hwehwɛ Nokware No

Sɛnea ɛbɛyɛ na masɔ me ho ahwɛ no, mekɔɔ so yɛɛ adwuma maa asɔre no amansin ne amantam wɔ Europa Atɔe, New York mantam, ne wɔ Fairbanks mansin mu wɔ Alaska. Na ɛyɛ mfe akron sɔhwɛ a ɛyɛ yaw wɔ nokware no a mehwehwɛe no mu. Na mehwɛ nnwuma, asɔre mmara ne asenni so titiriw. Metwee me ho fii asɔre no amanne ne guasodeyɛ ahorow ho sɛnea metumi. Na nea ɛyɛ den sen biara ma me ne Mass a mɛbɔ no da biara no. Ɛma mihyiaa nkate mu ntawntawdi a emu yɛ den efisɛ na minnye Kristo afɔre a mogya nnim a wɔkɔ so bɔ anaa abodoo ne nsa a ɛdan Kristo honam ne mogya ankasa wɔ Awurade adidi mu anaa asase so asɔfokuw kronkron a ehia sɛ wɔma abodoo ne nsa dan Kristo honam ne mogya ankasa wɔ Awurade adidi mu ho “nkonyaayi” no di mu na ɛfata no nni.

Vatican Bagua a Ɛto so Abien no mu no, akasakasa bi sɔree wɔ saa “nkonyaayi” yi ho. Wɔn a wɔpɛ nsakrae a Netherlands Katolekfo mpanyimfo di wɔn anim no gyinaa nea ɛkyerɛ sɛ abodoo ne nsa no gyina hɔ ma Kristo honam ne ne mogya kɛkɛ no nkutoo akyi. Nanso, wɔn a wokura asɔre no tete nkyerɛkyerɛ mu a Italy Katolek mpanyimfo di wɔn anim no gyinaa nea ɛkyerɛ sɛ abodoo ne nsa no dan Kristo honam ne mogya ankasa denam “nhyira nsɛm” a wɔka wɔ Mass mu so no akyi. Enti, na wɔka sɛ: ‘Nneɛma nyinaa sakra wɔ Holland gye abodoo ne nsa, na biribiara nsakra wɔ Italy gye abodoo ne nsa.’

Migyae Asɔre No

Esiane Kristo ne n’asɛmpa no a wɔnna no adi wɔ ɔkwan a ɛteɛ so nti, m’abam bui na meyɛɛ basaa kɛse sɛ atoro nkyerɛkyerɛ asɛe botae a mewɔ sɛ mɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na magye akra nkwa no. Enti, wɔ July 1974 mu no, migyaee asɔfodwuma no koraa denam ahomegye a mankyerɛ bere a mɛsan aba adwuma a mibisae no so. Na ntease nnim na mampene so sɛ mebisa ma wɔayi me afi asɔfodi a enni Bible nnyinaso biara no mu. Enti, efi July 1974 besi December 1984 mu no, na matwe me ho afi nyamesom biara ho. Mamfa me ho ammɔ Kristoman mu asɔre biara ho efisɛ na emu biara nni hɔ a ɛne adwene a mikura wɔ Baasakoro, ɔkra a enwu da, adwene a ɛne sɛ atreneefo nyinaa benya daa nkwa wɔ soro, hellgya a ennum da mu asotwe ho no hyia. Mibuu nkyerɛkyerɛ yi nyinaa sɛ efi abosonsom mu.

Asomdwoe ne Anigye

Me ho a metwe fii nyamesom ho no baa awiei wɔ December 1984 mu. Sɛ́ obi a na meyɛ Credit and Accounts Receivables Department a ɛwɔ Anchorage, Alaska, aguadi adwuma no sohwɛfo no, na ɛsɛ sɛ me ne obi a ɔne yɛn di gua, Barbara Lerma, susuw aguadi ho nkrataa pii ho. Ná ɔpɛ ntɛm na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ “Bible adesua.” Asɛm “Bible adesua” no twee m’adwene, na mibisaa no Bible mu nsɛm kakraa. Ɔmaa me Kyerɛwnsɛm mu mmuae a ɛne m’ankasa me nkyerɛkyerɛ a mikura hyia ntɛm wɔ ɔkwampa so. Bere a Barbara hui sɛ mewɔ nsemmisa pii no, ɔde me kyerɛɛ Gerald Ronco a na ɔwɔ Yehowa Adansefo Alaska baa dwumadibea no.

Bible ho nkɔmmɔ ahorow a ɛma denhyɛ a yɛbɔe wɔ ɛno akyi no ma minyaa asomdwoe ne anigye. Ná nnipa a mahwehwɛ wɔn no ni​—Onyankopɔn nkurɔfo. Mebɔɔ Onyankopɔn mpae de hwehwɛɛ akwankyerɛ, na bere a ɛsɛ mu no mifii ase ne Yehowa Adansefo bɔe sɛ ɔsɛnkafo a wɔmmɔɔ no asu. Nokwarem no, me ho dwiriw me bere a mihui sɛ ahyehyɛde yi adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, a efi hɔ kɔ Holy Family Church wɔ Manhattan, faako a mesom wɔ hɔ (wɔ 1969, 1971, ne 1974 mu) sɛ asɔfo no mu biako wɔ Parish Church of the United Nation no ntam kwan yɛ kilomita kakraa bi no.

Meboa M’abusuafo ma Wobehuu Nokware No

Bere a me ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ Anchorage bɔe asram asia akyi no, mitu kɔɔ Pennsylvania July 31, 1985. Ɛha na minyaa hokwan kaa Yehowa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ me wɔfaase Mylene Mendanha a na osua abɔde a nkwa wom mu nnuru ho ade wɔ Scranton Sukuupɔn mu no. Bere a Mylene hui sɛ merehwehwɛ Yehowa Adansefo no, ɛyɛɛ no nwonwa, efisɛ na wɔadi atoro akyerɛ no dedaw sɛ wɔyɛ awaefo kuw. Mfiase no wanka hwee ankyerɛ me efisɛ na obu me sɛ ne wɔfa ne ɔsɔfo, na na ɔwɔ obu kɛse ma me nhomanim ne nneɛma a matumi ayɛ sɛ ɔsɔfo no.

Kwasida a edi hɔ no, Mylene kɔɔ Mass wɔ Katolek Asɔre, na mekɔɔ Ahenni Asa so kotiee Bible ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Saa anwummere no yɛn baanu traa ase, a okura Katolekfo Jerusalem Bible na me nso mikura New World Translation of the Holy Scriptures. Mekyerɛɛ no edin Yahwe wɔ ne Bible no mu ne nea ɛte sɛ ɛno, Yehowa, wɔ New World Translation mu. N’ani gyei sɛ ohui sɛ Onyankopɔn wɔ din, na ɔpɛ sɛ yɛde ne din frɛ no. Mekyerɛɛ no sɛ Baasakoro, abodoo ne nsa a ɛdan Kristo honam ne mogya ankasa wɔ Awurade adidi mu, ne ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no nni Kyerɛwnsɛm mu na mede ɛho kyerɛw nsɛm a ɛfata no kyerɛɛ no. Ne ho dwiriw no yiye!

Bere a mekaa daa nkwa wɔ Paradise asase so ho anidaso ho asɛm kyerɛɛ Mylene no, n’anigye no yɛɛ kɛse. Ansa na ɔrete eyi no na nea ɛbɛba no so wɔ ne wu mu no haw no. Osusuwii sɛ ne ho ntew sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma wakɔ soro tẽẽ, nanso wansusuw sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo dodo a ɛsɛ sɛ wɔtwe n’aso wɔ hellgya mu daa. Enti, na ahodwiragya nkutoo na odwen ho, faako a ɔde boasetɔ bɛtwɛn ma nkurɔfo mpaebɔ ne Mass ahorow de no akɔ soro. Nanso, bere a mede daa nkwa wɔ Paradise asase so ho anidaso ho kyerɛw nsɛm pii kyerɛɛ no na mekyerɛkyerɛɛ mu no, ne ho peree no sɛ obesua asɛmpa a ɛyɛ anigye yi ho nsɛm pii. Mylene ne me kɔɔ nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Yɛne ɛhɔ Adansefo fii Bible adesua ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, yehyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn na wɔbɔɔ yɛn asu May 31, 1986.

M’abusuafo, ne titiriw me nua panyin, Orlando, ho dwiriw wɔn bere a wɔtee sɛ magyae asɔfodi no. Okohuu me nuabea Myra Lobo Mendanha, na odwudwoo ne koma kae sɛ: “Mommma eyi nnhaw yɛn, efisɛ Alinio rennyaw adwumaden a ɔde mfe 43 ayɛ no nyinaa a ennyina ntease pa bi so.” Wɔ September 1987 mu no, Myra ne n’abusua bɛkaa me ho wɔ Wisconsin, U.S.A. Anyɛ me den sɛ mema wohui sɛ Katolekfo nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe pii nni Kyerɛwnsɛm no mu. Wonyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobesua Bible no. Ntɛm ara, me ne Mylene ne wɔn fii ase suaa Bible no. Bere a wotu kɔtraa Orlando, Florida no, wɔtoaa wɔn adesua no so.

Asomdwoe ne anigye a yɛn nyinaa nyae no maa yɛkaa Yehowa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ yɛn nuabea panyin, Jessie Lobo, a ɔte Toronto, Canada no. Na wɔadi no adanse wɔ 1983 mu. Nanso, esiane sɛ na ɔwɔ nuabarima a ɔyɛ ɔsɔfo nti, ogye dii sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛma wasakra ne gyidi. Bere a obehui sɛ mabɛyɛ Yehowa Ɔdansefo wɔ saa mfiase nkɔmmɔ a ɔne Yehowa Adansefo bɔe no akyi mfe anan, na Myra ne n’abusua yɛ asɛnkafo no, okohuu Ɔdansefo bi ma ɔne no hyehyɛɛ Bible adesua ntɛm so. Wɔbɔɔ Jessie asu April 14, 1990; wɔbɔɔ Myra, m’akonta Oswald, ne me wɔfaase Glynis asu wɔ February 2, 1991. Wɔn ani agye kɛse sɛ wɔsom Yehowa, Ɔsorosoroni, no.

Ɛda adi sɛ Katolek Asɔre no mufo a wokura asɔre no tete nkyerɛkyerɛ mu ne wɔn a wopɛ nsakrae no yɛ animdefo. Wogye di sɛ wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde. Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nokwasɛm a ɛne sɛ “wi yi ase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn” no so. (2 Korintofo 4:4) Enti, ɛda adi pefee sɛ nneɛma nhyehyɛe yi mu nyansa yɛ nkwaseasɛm ma Onyankopɔn. (1 Korintofo 3:18, 19) Hwɛ anisɔ ne anigye a manya sɛ Yehowa ma “ayemfo hu nyansa” denam n’Asɛm mu nokware nimdeɛ so.​—Dwom 19:7.

Mfe 19 a mede somee sɛ Katolek sɔfo no yɛ asɛm a atwam. Mprempren meyɛ Yehowa Ɔdansefo. Mepɛ sɛ menantew Yehowa akwan so na midi ne Ba, Yesu Kristo, yɛn Hene ne yɛn Agyenkwa no akyi. Mɛpɛ sɛ meboa afoforo ma wohu Yehowa na wɔn nso atumi afata anya daa nkwa wɔ paradise asase so de ahyɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn, no anuonyam.​—Sɛnea Alinio de Santa Rita Lobo ka kyerɛe.

[Ase hɔ asɛm]

a Mifii Salamanca bere a na meda so ara reyɛ Asɔre Mmara ho adesua a mede mae wɔ 1968 mu ho nhwehwɛmu no.

b Sɛnea Katolekfo New American Bible no kyerɛ no. saa kyerɛwsɛm yi fa bi ka sɛ: “Meka mekyerɛ wo sɛ, woyɛ ‘Ɔbo, na ɔbo yi so na mede m’asɔre mesi . . . Biribiara a wobɛka sɛ wɔakyekyɛ wɔ asase so no na wɔakyekye no ɔsoro; biribiara a wobɛka sɛ wɔasan wɔ asase so no na wɔasan no ɔsoro.”​—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 23 no.

[Adaka wɔ kratafa 23]

Ahenni no Nsafe

“Ɔsoro ahenni no nsafe” no de, nea ɛkyerɛ no da adi pefee bere a wususuw sɛnea Yesu kaa nyamesom akannifo no anim ho no: “Moafa nimdeɛ safe; mo ankasa monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, musiw wɔn kwan.” (Luka 11:52) Mateo 23:13 kɔ so kyerɛkyerɛ “kɔ mu” no mu sɛ “ɔsoro ahenni” no mu a wɔhyɛn.

Nsafe a Yesu de hyɛɛ Petro bɔ no gyina hɔ ma nkyerɛkyerɛ adwuma soronko bi a ebebue hokwan atitiriw ama ankorankoro ma wɔakɔ ɔsoro ahenni no mu. Petro de hokwan yi dii dwuma mpɛn abiɛsa de boaa Yudafo, Samariafo ne Amanaman mufo.​—Asomafo no Nnwuma 2:1-41; 8:14-17: 10:1-48; 15:7-9.

Na ɛnyɛ bɔhyɛ no atirimpɔw ne sɛ Petro bɛkyerɛ ɔsoro nea ɛsɛ sɛ wɔkyekye anaa nea ɛsɛ sɛ wɔsan wɔ ɔsoro, na mmom sɛ́ wɔde Petro bedi dwuma sɛ ɔsoro adwinnade de ayɛ adwuma pɔtee abiɛsa. Saa na asɛm no te efisɛ Yesu ara ne asafo no Ti ankasa.​—Fa toto 1 Korintofo 11:3; Efesofo 4:15, 16; 5:23; Kolosefo 2:8-10; Hebrifo 8:6-13 ho.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Alinio de Santa Rita Lobo a ɔye Ɔdansefo mprempren

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena