Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Yɛn Mma Ho Ban?
“Nka da. Ɛbɛyɛ yɛn kokoam asɛm.”
“Obiara rennye wo nni.”
“Sɛ woka a, w’awofo bɛtan wo. Wobehu sɛ mfomso no fi wo.”
“So wompɛ sɛ woyɛ m’adamfo titiriw bio?”
“Sɛ́ wompɛ sɛ wode me to afiase, anaa wopɛ?”
“Sɛ woka a, mekum w’awofo.”
BERE a mmonnaatofo de mmofra adwudwo wɔn akɔnnɔ bɔne ano, wɔama wɔahwere ahobammɔ ne wɔn mmaabunyɛ akyi no, wɔda so ara hwehwɛ biribi foforo afi wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no nkyɛn—KOMMYƐ. Nea ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn ano atom no, wɔde aniwu, kokoam nsɛm ne ehu ankasa di dwuma. Wɔnam saayɛ so gye ade pa a ɛsen biara a mmofra de bɛko atia mmonnaato—ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛka, sɛ wɔbɛka na wɔahwehwɛ ahobammɔ afi ɔpanyin bi hɔ no—fi wɔn nsam.
Awerɛhosɛm ne sɛ mpanyimfo boa wɔn a wɔto mmofra mmonnaa no mpɛn pii a wonnim. Ɔkwan bɛn so? Wɔyɛ saa denam asiane yi a wɔmpɛ sɛ wogye tom no so, denam ho asɛm a wɔmpɛ sɛ wɔka so, denam ho atosɛm a mpɛn pii wogye di no so. Ɛho nimdeɛ a wonni, atosɛm ne ho asɛm a wɔnka no ma mmonnaatofo no mmom nya ahobammɔ na ɛnyɛ wɔn a wɔto wɔn mmonnaa no.
Sɛ nhwɛso no, Canada Katolek Asɔfo Mpanyimfo Nhyiam kaa nnansa yi sɛ ɛyɛ “kommyɛ atirisopam” no na ɛmaa Katolek asɔfo kɔɔ so too mmofra mmonnaa mfe du du pii. Bere a Time nsɛmma nhoma no reka mogyafradi a atrɛw ho asɛm no, ɛkae nso sɛ “kommyɛ atirisopam” no yɛ ade a “ɛboa kɛkɛ ma awerɛhosɛm yi kɔ so” wɔ mmusua mu.
Nanso, Time kae sɛ awiei koraa no, atirisopam yi regu. Dɛn ntia? Ne tiaatwa mu ne sɛ nkyerɛkyerɛ na ama aba saa. Ɛte sɛ nea Asiaweek nsɛmma nhoma no kae no: “Abenfo nyinaa gye tom sɛ mmonnaa a wɔto mmofra ho ahobammɔ a ɛsen biara ne sɛ wɔbɛma ɔmanfo ahu.” Nea ɛbɛyɛ na awofo abɔ wɔn mma ho ban no, ɛsɛ sɛ wohu nokwasɛm a asiane no yɛ no. Hu adwenhorow a ɛnteɛ a ɛbɔ wɔn a wɔto mmofra mmonnaa ho ban na ɛnyɛ mmofra no.—Hwɛ ase hɔ adaka no mu.
Kyerɛkyerɛ Wo Ba!
Onyansafo Ɔhene Salomo ka kyerɛɛ ne ba sɛ nimdeɛ, nyansa, ne adwempa betumi abɔ ne ho ban “afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho.” (Mmebusɛm 2:10-12) So ɛnyɛ ɛno ne ade a mmofra hia? FBI kratawa Child Molesters: A Behavioral Analysis ka eyi wɔ asɛmti a ɛne “Obi a Ɛnyɛ Den sɛ Wɔbɛto No Mmonnaa” ase sɛ: “Mmofra dodow no ara bu nna sɛ akyide a wɔnka ho asɛm kɛse nkyerɛ wɔn, titiriw wɔn awofo.” Mma wo mma nyɛ ‘wɔn a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛto wɔn mmonnaa.’ Kyerɛkyerɛ wɔn nna ho nsɛm.a Sɛ nhwɛso no, mma abofra biara mmu ne nsa a onnim sɛnea nipadua no bɛsakra wɔ saa bere yi mu. Sɛ wonnim ho hwee a, wɔn adwene betu afra, wɔn ani bewu—na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛto wɔn mmonnaa.
Wɔtoo ɔbea bi a yɛbɛfrɛ no Janet mmonnaa wɔ ne mmofraberem, na mfe bi akyi no, wɔtoo n’ankasa mma baanu mmonnaa. Ose: “Esiane sɛnea wɔtetee yɛn nti, yɛanka nna ho asɛm da. Enti minyin a na mefɛre wɔ ho. Ná ɛyɛ aniwu. Bere a mewoo mma no, na ɛte saa ara. Na mitumi ne nnipa afoforo mma kasa nanso na mintumi ne me mma nyɛ saa. Misusuw sɛ saa nnye, efisɛ ɛnyɛ den sɛ wɔbɛto mmofra mmonnaa, sɛ woanka eyinom ho asɛm ankyerɛ wɔn a.”
Wubetumi akyerɛ wɔn sɛnea wobesiw mmonnaato ano wɔ wɔn mmofraberem pɛɛ. Sɛ wokyerɛkyerɛ mmofra sɛ wɔmmɔ nipadua no nkwaa te sɛ twɛ, nufu, turum, kɔte din a, ka kyerɛ wɔn sɛ eyinom yɛ nneɛma pa, ɛyɛ soronko—nanso ɛyɛ wɔn nkutoo kokoam ade. “Ɛnsɛ sɛ wɔma nnipa afoforo—wɔn maame ne wɔn papa mpo—kwan ma wɔso mu—ɛnsɛ sɛ wɔma oduruyɛfo mpo kwan gye sɛ Mama ne Papa wɔ hɔ anaa wɔka sɛ wɔmma kwan.”b Eye sɛ wɔbɛte nsɛm a ɛte saa no afi wɔn awofo baanu no anaa wɔn hwɛfo biara a wanyin hɔ.
Sherryll Kraizer ka wɔ The Safe Child Book no mu sɛ ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ mmofra ti wɔn pɛ mu bu wɔn ani gu ɔmmonnaatofo so, wɔteɛm gu ne so anaa woguan ti ne nkyɛn de, nanso mmofra a wɔato wɔn mmonnaa no mu pii kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ te sɛ nea wommu ade. Enti ɛho hia sɛ mmofra hu sɛ mpanyimfo binom yɛ nneɛma bɔne na ɛnsɛ sɛ abofra mpo tie obi a ɔka kyerɛ no sɛ ɔnyɛ ade bɔne bi no. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, abofra wɔ hokwan a edi mũ sɛ ɔbɛka dabi, te sɛ nea Daniel ne n’ayɔnkofo no ka kyerɛɛ Babilon mpanyimfo a wɔpɛe sɛ wodi nnuan a ɛho ntew no.—Daniel 1:4, 8; 3:16-18.
Ɔkyerɛkyerɛ adwinnade biako a wɔkamfo kyerɛ kɛse ne “Sɛ . . . nso ɛ?” agoru no. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa sɛ: “Sɛ wo kyerɛkyerɛfo ka kyerɛ wo sɛ bɔ abofra foforo nso ɛ? Dɛn na wobɛyɛ?” Sɛ (Mama, Papa, ɔsɔfo, polisini) ka kyerɛ wo sɛ huruw fi ɔdan tenten bi atifi bɛhwe fam a, dɛn na anka wobɛyɛ? Ebia abofra no bɛma mmuae a enni mu anaa ɛnteɛ koraa, nanso nkasa ntia no denneennen. Ɛho nhia sɛ wode nneɛma a eyi hu ka agoru no ho; nokwarem no, abenfo kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde odwo ne ɔdɔ di agoru no.
Afei, kyerɛkyerɛ mmofra ma wɔmpow wɔn ho anigye a ɛmfata a wɔkyerɛ anaa ɛma wɔyɛ basaa no. Sɛ nhwɛso no, bisa sɛ, “Sɛ Mama ne Papa adamfo bi pɛ sɛ ɔfew w’ano wɔ ɔkwan a ɛma wɔyɛ basaa so a, dɛn na wobɛyɛ?”c Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sen biara sɛ wobɛhyɛ abofra no nkuran ma wayɛ nea ɔbɛyɛ no, na ama ayɛ agoru a ɛne “Ma yɛmfa no sɛ.”
Mmofra betumi asua sɛnea wɔko tia mmonnaatofo nnɛɛdɛe afoforo wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa sɛ: “Sɛ obi a wunim no ka sɛ, ‘Wunim sɛ mepɛ w’asɛm sen obiara. So wompɛ sɛ woyɛ m’adamfo?’” Sɛ abofra no sua sɛnea wɔko tia saa nnɛɛdɛe no a, munsusuw afoforo ho. Wubetumi abisa sɛ: “Sɛ obi ka sɛ, ‘Sɛ wompɛ sɛ woma me bo fuw, anaa wopɛ?’ Dɛn na wobɛka?” Kyerɛ abofra no sɛnea wɔde nsɛm ne nipadua no ka dabi pefee. Kae sɛ mmonnaatofo taa sɔ nea mmofra yɛ wɔ anifere a wɔde kyerɛ wɔn ho anigye ho no hwɛ. Enti ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ abofra sɛnea ɔbɛko atia pintinn na waka sɛ “Mɛka nea woayɛ no akyerɛ ɔpanyin bi.”
Kyerɛ Wɔn Biribiara wɔ Wo Ntetee no Mu
Ɛnsɛ sɛ woma saa ntetee no yɛ nkɔmmɔbɔ biako pɛ. Ɛho hia sɛ woti nsɛm mu mpɛn pii kyerɛ mmofra. Fa nyansa di dwuma fa ma ntetee no nni mu. Nanso kyerɛ wɔn biribiara.
Sɛ nhwɛso no, hwɛ hu sɛ wubesiw mmɔden biara a ɔmmonnaatofo bi bɛbɔ sɛ ɔne wɔn bɛyɛ kokoam apam bi no ano. Ɛsɛ sɛ mmofra hu sɛ ɛnteɛ da sɛ ɔpanyin bɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔmfa asɛm bi nsie wɔn awofo. Ma wɔn awerɛhyem sɛ ɛteɛ bere nyinaa sɛ wɔbɛka akyerɛ—sɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wɔnka mpo a. (Fa toto Numeri 30:12, 16 ho.) Sɛ mmonnaatofo binom nim sɛ abofra no abu abusua no ahyɛde bi so a, wɔde ɛno yi no hu de nya nea wɔpɛ. Wɔka sɛ, “sɛ woanka nea mayɛ no a, menka nea wayɛ no.” Enti ɛsɛ sɛ mmofra hu sɛ, sɛ wɔka kyerɛ a, wɔn awofo bo remfuw wɔn—wɔ tebea horow yi mpo mu. Eye ma wɔn sɛ wɔbɛka.
Ɛsɛ sɛ wo ntetee no siesie wɔn ma wotumi gyina ahunahuna nso ano. Mmonnaatofo bi kum mmoa nketewa wɔ abofra no anim, na wohunahunaa abofra no sɛ wobekum n’awofo saa ara. Afoforo abɔ wɔn a wɔto wɔn mmonnaa no kɔkɔ sɛ wɔbɛto wɔn nuanom nkumaa mmonnaa. Enti kyerɛkyerɛ mmofra sɛ ɛsɛ sɛ wɔka nea ɔmmonnaatofo no yɛ no kyerɛ bere nyinaa, ɛmfa ho sɛnea ahunahuna no yɛ hu fa.
Wɔ eyi fam no, Bible no betumi ayɛ ɔkyerɛkyerɛ adwinnade a ɛboa. Esiane sɛ esi ade nyinaa so tumi a Yehowa wɔ no so dua pefee nti, ɛremma ɔmmonnaatofo no ahunahuna no nyɛ hu kɛse. Ɛsɛ sɛ mmofra hu sɛ ehu biara a woyi wɔn no mfa ho, Yehowa tumi boa ne nkurɔfo. (Daniel 3:8-30) Sɛ nnipa bɔne pira wɔn a Yehowa dɔ wɔn no mpo a, obetumi asiesie nea wɔasɛe no no akyiri yi na wama nneɛma ayɛ papa bio. (Hiob, atiri 1, 2; 42:10-17; Yesaia 65:17) Ma wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa hu biribiara, a nnipa a wɔyɛ nneɛma bɔne ne nnipa pa a wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de ko tia wɔn ka ho.—Fa toto Hebrifo 4:13 ho.
Monyɛ Anifere sɛ Awɔ
Mmonnaatofo kakraa bi na wɔhyɛ abofra to no mmonnaa. Mpɛn pii no wɔpɛ sɛ wodi kan yɛ abofra no adamfo. Enti Yesu afotu a ese “monyɛ anifere sɛ awɔ” no fata wɔ ha. (Mateo 10:16) Mmofra a awofo a wɔdɔ wɔn hwɛ wɔn so yiye ne mmonnaato ho ahobammɔ a ɛsen biara no mu biako. Mmonnaatofo binom hwehwɛ abofra a ne nkutoo nenam abɔnten na wɔne no afi nkɔmmɔbɔ ase de akanyan n’anigye. (“So wopɛ baasekre?” “Bɛhwɛ akraman mma a wɔwɔ me lɔre mu no.”) Nokwarem no, wuntumi ntra wo mma ho bere nyinaa. Na mmofra hwɛ ho abenfo gye tom sɛ ɛsɛ sɛ wɔma mmofra ahofadi bi ma wɔde yɛ nneɛma. Nanso awofo anyansafo hwɛ yiye na wɔamma mmofra ahofadi pii dodo ntɛm.
Hwɛ hu sɛ wubehu mpanyimfo anaa mmofra a wɔn ani afi biara a wɔne mo mma bɔ no yiye, na fa ahwɛyiye kɛse di dwuma bere a woresi nea ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wo mma bere a wunni hɔ no ho gyinae. Hwɛ yiye wɔ mmofra ahwɛfo a wɔma wo mma yɛ basaa no ho. Saa ara nso na hwɛ yiye wɔ mmofra a wɔanyinyin a ɛte sɛ nea wɔn ani gye mmofra nkumaa ho dodo na wonni nnamfo a wɔyɛ wɔn atipɛnfo no ho. Hwehwɛ mmeae a wɔhwɛ mmofra ne sukuu ahorow mu tebea mu fefeefe. Kyinkyin hɔ nyinaa na bisabisa adwumayɛfo no nsɛm, na hwɛ sɛnea wɔne mmofra di nkitaho no yiye. Bisa sɛ ebia wɔbɛma kwan ma woabɛhwɛ wo mma wɔ bere a wɔnhwɛ kwan mu; sɛ wɔmma eyi ho kwan a, hwehwɛ beae foforo.—Hwɛ June 8, 1988, Nyan! nkratafa 3-11.
Nanso, awerɛhosɛm no ne sɛ ɛnyɛ biribiara a ɛto awofo a woye sen biara mpo mma no na wotumi di ho dwuma.—Ɔsɛnkafo 9:11.
Sɛ awofo bom yɛ ade a, ade biako wɔ hɔ a wobetumi adi ho dwuma: fie tebea no. Na esiane sɛ fie na wɔtaa to mmofra mmonnaa nti, ɛno ne asɛm a ɛdi hɔ a yɛde adwene besi so titiriw.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ February 22, 1992, Awake! Nkratafa 3-11, ne July 8, 1992 de, kratafa 30.
b Nokwarem no, ɛsɛ sɛ awofo guare mmofra nkumaa na wɔsesa wɔn ntade ma wɔn, na wɔhohoro wɔn awode ho wɔ mmere a ɛte saa mu. Nanso kyerɛ wo mma ma wɔn ankasa nguare fi wɔn mmofraberem pɛɛ; mmofra hwɛ ho abenfo bi kamfo kyerɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yie a, wonsua sɛnea wɔhohoro wɔn awode ho bere a wɔadi mfe abiɛsa no.
c Abenfo binom bɔ kɔkɔ sɛ, sɛ wohyɛ wo ba sɛ onfew anaa ɔnyɛ onipa biara atuu bere a obisa saa no a, wubetumi asɛe ne ntetee. Enti awofo binom kyerɛkyerɛ wɔn mma sɛ, sɛ wobisa wɔn sɛ wɔnyɛ nneɛma a wɔmpɛ a, wɔmfa obu nyi wɔn ho ano.
[Adaka wɔ kratafa 7]
Ɔteɛɛm Hwehwɛɛ Mmoa
UNITED STATES atesɛm krataa The Arizona Republic, a ɛbae May 5, 1993 mu asɛmti bi kae sɛ: “Yehowa a Abofra Bi Frɛɛ no Amma Ɔmmonnaatofo Anyɛ No Basabasa.” Ɔmmonnaatoto no de otuo kyeree abofra a wadi mfe 13 so de no kɔɔ ne fie. Bere a abofra no teɛɛm sɛ “Yehowa boa me! no, ehu kaa ɔmmonnaatofo no na ɔmaa abofra no fii kɔe a wanyɛ no hwee. Akyiri yi polisifo kyeree ɔbarima no.
Ɛwom sɛ Yehowa din a wɔbɔ wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no fata de, nanso ɛnkyerɛ sɛ wɔnntow nhyɛ Onyankopɔn nkoa so wɔ “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo awofo tete wɔn mma ma wɔyɛ ahwɛyiye wɔ nnipa a wonnim wɔn nyinaa ho, a dibea a wɔwɔ no mfa ho.
[Mfonini wɔ kratafa 8]
Kyerɛkyerɛ mmofra ma wɔmfa nsɛm no wɔn nipadua nko ntia wɔn ho anigye a ɛmfata a wɔkyerɛ no pefee