Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 11/8 kr. 3-4
  • Wo Ba Wɔ Asiane Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Ba Wɔ Asiane Mu!
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Mmere mu Ɔhaw
  • Ɔhaw a Ɛsɛ sɛ Wodi ho Dwuma Ntɛm
  • Anosiw Wɔ Fie
    Nyan!—1993
  • Mmofra a Wɔyɛ Wɔn Basabasa Wɔ Nna Fam—Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1997
  • Ɔhaw no Wɔ Baabiara
    Nyan!—1999
  • Sɛnea Wɔda Ɔdɔ Ne Atɛntrenee Adi Bere a Obi Adi Amumɔyɛsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 11/8 kr. 3-4

Wo Ba Wɔ Asiane Mu!

Mmonnaa a wɔto mmofraa yɛ nokwasɛm a ɛyɛ hu wɔ wiase bɔne yi mu. Lear’s nsɛmma nhoma kae sɛ, “Ɛka yɛn mu pii sen akisikuru, ɛka yɛn mu pii sen komayare, ɛka yɛn mu pii sen AIDS.” Enti Nyan! te nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɛbɛbɔ mmɔden ama n’akenkanfo ahu asiane yi ne nea wobetumi ayɛ wɔ ho.​—Fa toto Hesekiel 3:17-21, Romafo 13:11-13 ho.

WƆ NNANSA yi mfe no mu no, wɔakasa atia mmonnaa a wɔto mmofra no wɔ wiase nyinaa. Nanso ho asɛm a nsɛm amanneɛbɔ ka a nnipa a wɔagye din a wɔaka mmonnaa a wɔtoo wɔn wɔ wɔn mmofraberem ho osuahu ho asɛm wɔ baguam pii wom no ama wɔanya adwenhorow a ɛnteɛ a agye din bi. Ebinom gye di sɛ mmonnaa a wɔto mmofra ho asɛm a wɔka no nyinaa yɛ ade foforo a aba so kɛkɛ. Nanso, nokwarem no, nneɛma kakraa bi na ɛyɛ foforo wɔ mmonnaato a ɛte sɛɛ no mu. Ɛkame ayɛ sɛ akyɛ te sɛ adesamma abakɔsɛm ankasa.

Tete Mmere mu Ɔhaw

Bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni no, ahohwi bra maa Sodom ne Gomora nkurow no gyee dimmɔne. Ɛda adi sɛ na mmonnaa a wɔto mmofra ka nneɛma bɔne pii a wɔyɛe wɔ hɔnom no ho. Genesis 19:4 ka Sodom nnipadɔm bi, ‘fi mmofra so kosi mpanyimfo so,’ a na nna ho akɔnnɔ adɔre wɔn a wɔpɛe sɛ wɔto mmarima baanu a wɔyɛ Lot ahɔho mmonnaa no ho asɛm. Susuw ho hwɛ: Dɛn nti na mmarimaa kɛkɛ kɔn dɔ sɛ wɔbɛto mmarima mmonnaa? Ɛda adi sɛ na wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔne mmarima da dedaw.

Mfehaha pii akyi no, Israel man tu kɔtraa Kanaan asase so. Na mogyafra, nnipa a wokura bɔbeasu koro a wɔne wɔn ho da, mmoa a wɔne wɔn da, tuutuusi, ne mmofra nkumaa a wɔde wɔn bɔ afɔre ma adaemone anyame abu so wɔ asase yi so araa ma wɔbaraa nnebɔne yi pefee wɔ Mose Mmara no mu. (Leviticus 18:6, 21-23; 19:29; Yeremia 32:35) Wɔ ɔsoro kɔkɔbɔ ahorow nyinaa akyi no, Israelfo atuatewfo a wɔn ahemfo no bi ka ho yɛɛ saa nneɛma bɔne yi bi.​—Dwom 106:35-38.

Nanso, na wɔto mmofra mmonnaa wɔ tete Hela ne Roma koraa sen Israel. Na wɔtaa kunkum nkokoaa wɔ aman abien yi mu, na na wogye tom kɛse wɔ Hela sɛ mmarima mpanyimfo ne mmarimaa benya nna mu kyɛfa. Na mmeae a mmarimaa si tuutuu wɔ hɔ wɔ tete Helafo kurow biara mu. Wɔ Roma Ahemman no mu no, na mmofra tuutuusi abu so araa ma wɔ hyɛɛ da twaa tow maa saa adwuma no na wɔhyehyɛɛ nnapɔnnadi wɔ ho. Ná wɔto mmeawa mmonnaa, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔne mmoa dae wɔ agumadibea. Na wɔyɛ atirimɔdenne a ɛte saa ara wɔ tete aman afoforo pii mu.

Nnɛyi nso ɛ? So adesamma ani abue dodo sɛ wɔbɛyɛ nna mu nneɛma bɔne a ɛte sɛɛ nnɛ? Bible asuafo ntumi nnye adwene yi ntom. Wonim yiye sɛ ɔsomafo Paulo kaa yɛn bere yi ho asɛm sɛ “mmere a emu yɛ den.” Ɔkaa ahodɔ, ɔdɔ ma anigyede, ne abusua mu dɔ a ɛbɛsɛe a ɛbɛtrɛw wɔ nnɛyi adesamma abusua no mu ho asɛm na ɔde kaa ho sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu.” (2 Timoteo 3:1-5, 13; Adiyisɛm 12:7-12) So mmonnaa a wɔto mmofra, a “nnipa bɔne asisifo” na wɔtaa yɛ no anya nkɔanim?

Ɔhaw a Ɛsɛ sɛ Wodi ho Dwuma Ntɛm

Wɔntaa nka mmonnaa a wɔto mmofra ho asɛm koraa ma wɔaka ho asɛm sɛ ebia ɛne nsɛmmɔnedi a wɔnka nkyerɛ polisifo koraa. Sɛ ɛte saa mpo a, ɛda adi sɛ saa nsɛmmɔnedi no adɔɔso nnansa yi. Los Angeles Times yɛɛ asɛm no ho nhwehwɛmu wɔ United States. Wohui sɛ wɔtoo mmea ɔha biara mu 27 ne mmarima ɔha biara mu 16 mmonnaa wɔ wɔn mmofraberem. Ɛwom sɛ akontaabu yi yɛ ahodwiriw de, nanso akontaa afoforo a wɔde ahwɛyiye bui wɔ United States no kɔ soro sen saa.

Wɔ Malaysia no, mmofra a wɔtoo wɔn mmonnaa ho amanneɛbɔ buu bɔɔ ho mpɛn anan wɔ mfe du a atwam no mu. Wɔ Thailand no, nhwehwɛmu biako mu mmarima bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 75 gye toom sɛ wɔne mmofra tuutuufo ada pɛn. Wɔ Germany no, aban mpanyimfo bu akontaa sɛ wɔto mmofra 300,000 mmonnaa afe biara. Sɛnea South Africa Cape Times kyerɛ no, mmonnaato a ɛte saa ho amanneɛbɔ nyaa nkɔanim bɛboro ɔha biara so 175 wɔ mfe abiɛsa bi a etwaam nnansa yi mu. Wɔ Netherlands ne Canada no, nhwehwɛmufo hui sɛ wɔtoo mmea nyinaa mu nkyem abiɛsa mu biako mmonnaa wɔ wɔn mmofraberem. Wɔ Finland no, mmeawa a wɔadi mfe 15 anaa 16 ɔha biara mu 18 ne mmarimaa ɔha biara mu nkyem 7 kae sɛ wɔne obi a anyɛ yiye koraa no, wanyin sen wɔn mfe anum ada pɛn.

Wɔ aman horow mu no, nyamesom akuw a wɔnam nna mu atirimɔdenne ne ayayade so to mmofra mmonnaa ho nsɛm a ɛhaw adwene ada adi. Mpɛn pii no, sɛ anka wobenya ayamhyehye ama wɔn a wɔka sɛ wɔadi wɔn nsɛmmɔne a ɛte saa mmom no, wonnye nea wɔka no nni.

Enti mmonnaa a wɔto mmofra nyɛ ade foforo anaa nea ɛntaa nsi; ɛyɛ ɔhaw a akyɛ na atrɛw nnɛ. Ebetumi asɛe ade. Wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no mu pii te nka kɛse sɛ wɔyɛ nnipa hunu na wommu wɔn ho kɛse. Ɔhaw no ho animdefo aka nsɛm a ɛtaa sisi wɔ mmonnaa a abusuafo to mmeawa no akyi no bi ho asɛm, te sɛ guan a woguan fi fie, nnubɔne a wɔde di dwuma ne nsa a wɔbow, adwenemhaw a wonya, mmɔden a wɔbɔ sɛ wobekum wɔn ho, mmofrabɔnesɛm a wodi, ahohwibra a wɔbɔ, nna a wɔntumi nna, ne wɔn ti a ewu. Nea efi mu ba a ɛtra hɔ kyɛ no bi ne sɛ wontumi nyɛ awofo pa, wɔntaa mma nna ho kwan, wonnye mmarima nni, wɔware obi a ɔto mmofra mmonnaa, wɔne mmea afoforo da, wosi tuutuu, na wɔto mmofra ankasa nso mmonnaa.

Ɛnyɛ sɛ obi a wɔato no mmonnaa ntumi nkwati saa nneɛma a efi mu ba yi; na obiara ntumi nnyina mmonnaa a wɔato no wɔ bere a atwam no mu nkutoo nso so nnyi ne ho ano wɔ ɔbra bɔne bi ho. Mmonnaato nkyerɛ sɛ wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no bɛbɔ ahohwi na wɔadi mmofrabɔnesɛm; na entwa asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔbɛpaw nea wɔpɛ wɔ asetra mu akyiri yi no mu. Nanso nneɛma yi a ɛtaa to wɔn a wɔto wɔn mmonnaa wɔ mmonnaato no akyi no yɛ asiane ankasa. Ɛma asemmisa, Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn mma ho ban na wɔanto wɔn mmonnaa yɛ nea ɛsɛ sɛ wobua ntɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena