Sɛ Wɔto Wo Ba Mmonnaa A
SƐ WOBƐMA wɔagyae mmonnaato a, ɛsɛ sɛ wuhu dekode a ɛyɛ bere a wuhu no. Abenfo abobɔ mmonnaato ho nsɛnkyerɛnne pii a awofo betumi ahwɛ din wɔ ho nhoma ahorow mu. Eyi bi ne: ɛyaw nka a wɔte bere a wodwensɔ anaa wɔkɔ tiafi, awode ho nyarewa, awode ho kuru, dan a wɔdan abɔtɔfo mpofirim, wɔn anom a ɛto, adidi mu ɔhaw afoforo, nna ho mpɛrewasɛm, mmeae te sɛ sukuu ne ofi no afã horow bi a wosuro mpofirim, ehu a ɛka wɔn wɔ bere ne bere mu, suro a wosuro yiye sɛ wobeyi wɔn ntade, suro a wosuro sɛ wɔne obi a wonnim no nkutoo bɛtra baabi, ne wɔn ankasa ho a wotwitwa.
Nanso, hwɛ yiye na woansi gyinae ntɛm dodo. Nsɛnkyerɛnne yi dodow no ara nkyerɛ ankasa sɛ wɔato abofra bi mmonnaa ampa. Emu biara betumi akyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhaw foforo bi. Nanso sɛ wuhu nsɛnkyerɛnne a ɛhaw adwene a, fi ase ne no mmɔ asɛm no ho nkɔmmɔ wɔ odwo mu, ebia denam asɛm yi a wobɛka so: “Sɛ obiara so wo mu wɔ ɔkwan bi a ɛma woyɛ basaa so a, mepɛ sɛ mihu sɛ wobetumi aka akyerɛ me bere nyinaa, na mɛyɛ nea metumi biara de abɔ wo ho ban. So biribi a ɛte saa ato wo pɛn?’—Mmebusɛm 20:5.
Sɛ wo ba ka sɛ wɔato no mmonnaa a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛhaw yiye. Nanso kae: Nea wobɛyɛ wɔ ho no bedi dwuma titiriw wɔ ahotɔ a abofra no benya no mu. Wo ba no so adesoa bi a emu yɛ duru na ohia wo ne w’ahoɔden nyinaa sɛ ɔpanyin na wode asoɛ no. Kamfo abofra no sɛ onyaa akokoduru kɛse saa de kaa nea asi no kyerɛɛ wo. Ma no awerɛhyem mpɛn pii sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara de abɔ no ho ban: ne sɛ mmonnaato no ho asodi da ɔmmonnaatofo no so, na ɛnyɛ abofra no: ne sɛ ɔnyɛ abofra “bɔne”; na wodɔ no.
Mmaranimfo abenfo bi ka sɛ wɔnka mmonnaato no nkyerɛ polisifo ntɛm ara. Wɔ aman bi mu no, ebia mmara nhyehyɛe no bɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ saa. Nanso wɔ mmeae afoforo no, ebia mmara nhyehyɛe no mma wonnya anidaso kɛse sɛ wɔbɛtwe ɔbɔnefo no aso.
Nanso, sɛ ɔmmonnaatofo no yɛ obi hokafo a ɔdɔ no nso ɛ? Awerɛhosɛm ne sɛ mmea pii ntumi nsi gyinae pɔtee bi. Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw da sɛ obi bedi nokwasɛm a ɛhaw adwene a ɛne sɛ ne hokafo yɛ obi a ɔto mmofra mmonnaa no ho dwuma. Nkate, ne to a ɔde ne ho to no so wɔ sika fam mpo betumi ayɛ den yiye. Ebia ɔyere a wɔafom no no behu nso sɛ asɛm no ho biribi a ɔbɛyɛ no betumi ama ne kunu abusua, n’adwuma ne ne din pa afi ne nsa.a Nanso nokwasɛm no ne sɛ ebia ɔretwa nea wagu no. (Galatifo 6:7) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ wɔannye mmofra a wonnim hwee no anni na wɔammɔ wɔn ho ban a, wobetumi ahwere nneɛma pii. Wɔn daakye nyinaa ho asɛm wom. Wonni nneɛma a mpanyimfo wɔ no bi. Wɔbɛkae amanehunu no bere nyinaa na aka wɔn asetra wɔ ɔkwammɔne so. Wɔn na ehia na ɛfata sɛ wɔyɛ wɔn brɛbrɛ.—Fa toto Genesis 33:13, 14 ho.
Enti ɛsɛ sɛ awofo bɔ mmɔden biara a ntease wom de bɔ wɔn mma ho ban! Awofo pa pii paw sɛ wɔbɛma abenfo aboa abofra a wɔato no mmonnaa no. Te sɛ nea wobɛma oduruyɛfo ayɛ no, hwɛ hu sɛ ɔbenfo a ɔte saa no bɛkyerɛ obu ama wo nyamesom mu gyidi horow.b Boa wo ba ma ɔnsan nnya obu a wahwere no denam ɔdɔ a wubeyi akyerɛ no sɛ ɔwofo no so.
[Ase hɔ asɛm]
a Nokwarem no, ɔmmonnaatofo no wɔ ɔhaw mu dedaw na ohia mmoa yiye. Sɛ ɔmmonnaatofo no ka sɛ odi yaw sɛ wayɛ saa mpo a, ɔhokafo a wafom no no betumi asusuw ho sɛ: Dɛn nti na ɔtwɛn kosii sɛ ne bɔne no ho daa hɔ ansa na ɔreka?
b Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔka sɛ wɔbɛma Yehowa Adansefo mogya a, wɔhwɛ hu sɛ oduruyɛfo no kyerɛ obu ma wɔn nyamesom mu gyidi horow.