“Yɛnhwere Hwee!”
Sukuu akyerɛkyerɛfo ne afoforo aka sɛ wɔde anigye a ɛwɔ Buronya, Easter, ne Halloween [afahyɛ bi a wɔde kae “ahotefo” a wɔawuwu] mu akame Yehowa Adansefo mmofra esiane sɛ wɔmma wɔn kwan mma wɔmfa wɔn ho nhyem wɔ sukuu mu nti. Nea edidi so yi yɛ nkrataa a mmofra a wɔyɛ Yehowa Adansefo binom akyerɛw de akyerɛ nea enti a wɔmfa wɔn ho nhyɛ saa nnapɔnna yi di mu no.
“ƐWOM sɛ mekyerɛkyerɛɛ nea enti a minni saa afahyɛ ahorow yi mu kyerɛɛ me mfɛfo sukuufo de, nanso na wɔda so ara te nka sɛ merehwere biribi. Nanso manhwere hwee! Hwɛ, bere nyinaa na ɛsɛ sɛ wɔtwɛn ma wɔn Buronya no anaa dapɔnna foforo bi si ansa na wɔanya akyɛde, bere a na wɔma me akyɛde na mekɔ apontow ahorow ase afe no nyinaa mu no. Minim sɛ ɛnyɛ m’abusua nko na ɛdɔ me na mmom asafo no ne Yehowa nso, na ɛno yɛ biribi titiriw ma me sen dapɔnna foforo biara.”—Becky, wadi mfe 13.
“Minim sɛ nnapɔnna no nyinaa nni nhyɛase pa. Wɔanwo Yesu Buronya bere. Enhia sɛ m’abusua yɛ biribi de si nnapɔnna a ɛtete saa ananmu. M’abusua no wɔ hɔ bere nyinaa a sɛ mihia mmoa a, wɔbɛboa me. Ɛno som bo ma me sen akyɛde biara a anka wobetumi de ama me.”—Josh, wadi mfe 15.
“Buronya. Menhweree hwee efisɛ ɛnyɛ Kristofo afahyɛ ankasa. Mepɛ sɛ mihu sɛ m’awofo na wɔkyɛ me ade sen sɛ ɛbɛyɛ anansesɛm mu nipa bi. Easter. Ɛdefa Easter ho no ɛyɛ den ankasa efisɛ nkurɔfo bɛka sɛ ɛfa ‘Yesu ne ne wusɔre’ anaa ‘nkesua a wɔhwehwɛ no’ Easter berem ho ara kwa. Nanso dɛn na nkesua ne Yesu wɔ yɛ? Edin Easter no mpo fi tete nyamewa bi din mu. Halloween. M’ani nnye ade titiriw a enti wodi Halloween no ho koraa. Nsamanfo ne abayifo, KAI!”—Katie, wadi mfe 10.
“Sɛ́ aberante no, ɛnyɛɛ me yaw da sɛ minni wiase nnapɔnna no bi. M’awofo nka nkyerɛɛ me da sɛ ‘nyɛ eyi anaa ɛno esiane sɛ woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako nti,’ nanso wɔama mahu Bible mu nsɛm ne Yehowa adwene a ɔwɔ wɔ saa nnapɔnna yi ho no. Wɔ akyɛde ahorow ho de, wɔma yɛn bi afe no mu nyinaa wɔ yɛn fie.”—Ryan, wadi mfe 17.
“Wodi dapɔnna biara de hyɛ atosɛm bi ho fã na ɛtwe adwene si nneɛma a ɛyɛ atoro so. Mmofra a minim wɔn no mu dodow no ara di nnapɔnna esiane tɔfe anaa akyɛde ahorow a wobenya nti. Ade a mewɔ a eye kyɛn nnapɔnna ne Yehowa Adansefo ahyehyɛde a ɛyɛ nwonwa no. Sɛ́ anka ɛbɛyɛ da koro adeyɛ te sɛ dapɔnna bi no, Yehowa Nyankopɔn Asɛm no kura nkrasɛm a ɛtra hɔ daa.”—Brooke, wadi mfe 14.
“Nea enti a nnapɔnna nyɛ me akɔnnɔ: 1. Bible se enye. 2. Mennwen ho. 3. Me maame ne me papa kyɛ me ade.”—Brandi, a wadi mfe 6.
“Mente nka sɛ mahwere biribi. Ɛnhaw me sɛ minni nnapɔnna. Minya akyɛde, na yedi agoru ahorow kɔ apontow ahorow ase nso. Bere a minni nnapɔnna mpo yi minya nneɛma pii. Mepɛ sɛ mekɔ so yɛ Ɔdansefo wɔ m’adeyɛ nyinaa mu, na biribiara ntumi mma mensan m’akyi.”—Brianne, wadi mfe 9.
“Merekɔ sukuu afe a ɛtɔ so anum mu na ɛnhaw me sɛ megye atom sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Da bi, abarimaa bi ka kyerɛɛ me sɛ osusuw sɛ ɛbɛyɛ me yaw sɛ mannya akyɛde biara Buronya bere, nanso mekae sɛ minya akyɛde afe mũ no nyinaa mu. Afei ɔkae sɛ me ti ye. Misusuw sɛ ɛnsɛ sɛ Yehowa Ɔdansefo bi di yaw sɛ ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo.”—Jeff, a wadi mfe 10.
“Me ne me nuabea de yɛn awofo aware ho afahyɛ yɛɛ yɛn ankasa abusua dapɔnna. Minyaa anigye kɛse fii akyɛde ne nkratasin ne nneɛma afoforo ho nhyehyɛe a meyɛe ne boa a meboa m’awofo ma wosusuw nneɛma a wɔde bɛkyekyɛ wɔn ho ma ayɛ wɔn nwonwa mu sen akyɛde biara a menya fii obiara hɔ. Ɔma ye sen ogye.”—Rachel, wadi mfe 16.
“Bere a na misua no, na ɛyɛ den sɛ mɛtwe me ho afi nnapɔnna bi di ho. Nanso akyiri yi mibehui sɛ nnapɔnna no tumi de anibere, akyinnyegye, ne awerɛhow ba. Sɛ nna pɔtee bi wɔ hɔ a wɔde kyɛ ade a, akyɛde nyɛ wo nwonwa bio. Anka mɛpɛ mmom sɛ menya akyɛde atitiriw wɔ afe no mu bere biara. Sɛ́ wubedi nnapɔnna bi anaasɛ wunni no yɛ gyinae kɛse bi fã bi pɛ: sɛ́ wubehyira wo ho so asom Yehowa anaasɛ wonnyɛ saa. Sɛ medwen ho wɔ saa kwan no so a, nea eye a ɛsɛ sɛ mepaw no da adi pefee.”—Ben, wadi mfe 13.
“Bere a na misua no, ɛtɔ da bi a na mete nka sɛ merehwere biribi, nanso akyiri yi meserewee bere a misusuw nea ɛyɛe a wɔkaa nkesua, Yesu, ne Easter adanko nyinaa boom ho no. Bere a minyinii na m’awofo kyerɛkyerɛɛ me sɛnea nsɛnkyerɛnne ahorow no nyinaa fii ase no, ɛyɛɛ me abofono. Sɛ misusuw sɛnea Yehowa ne Yesu bɛte nka wɔ abosonsom adwen a ɛtete sɛɛ a wɔde abata wɔn ho no ho a, na ɛyɛ me yaw yiye.”—Alexa, a wadi mfe 18.
“Sɛ Buronya bere to wo wɔ sukuu mu a, ebetumi ayɛ ɔhaw kɛse na wubetumi ate nka sɛ woatom. Afei mihui sɛ Buronya a wubedi ntumi nni wo nsɛnnennen ho dwuma, entumi nka w’abusua mmom, na entumi mma wunnya anigye. Bible gyinapɛn ahorow a wode bɛtra ase nkutoo na ebetumi ayɛ eyi.”—Joe, wadi mfe 15.
“Sɛ́ anka yebedi Buronya anaa dapɔnna foforo bi no, yedi nea yɛfrɛ no Agode Da Kɛse. Yenya sika sɛ akyɛde de yɛ biribiara a yɛpɛ. Afe bi, memaa me som ho ɔkasa kyerɛɛ me mfɛfo sukuufo no. Sɛ́ anka mɛfa wiase no akwan so no, mifi m’ankasa me pɛ mu kɔ Kristofo nhyiam ahorow, kɔ asɛnka, na mede mpaebɔ yɛ m’asetra fã. Wɔbɛbɔ me asu wɔ nhyiam a edi hɔ a wɔrebɛyɛ no ase.”—George, wadi mfe 11.
“M’ani gye ho sɛ me nsa bɛka akyɛde ahorow, na me nsa ka bi nso afe no nyinaa mu. Sɛ yɛreka apontow ho asɛm a, metumi anya bi aka. Sɛ migyina nokware no afã a, ná merema Yehowa ani agye. Sɛ mihu me mfɛfo sukuufo a wɔnyɛ Kristofo, a wɔyɛ Hindufo, Yudafo, ne nea ɛkeka ho, a wodi Buronya na wogye akyɛde ahorow nanso wonnim nea ɛkyerɛ a, na ɛyɛ me serew.”—Julia, wadi mfe 12.
“Sɛ manni nnapɔnna wɔ sukuu mu a ɛnhaw me. Mmofra no yɛ nneɛma ahorow a ɛmfra, te sɛ ntade soronko a wɔhyɛ Halloween bere. Ɛnyɛ m’akɔnnɔ koraa. Meka sɛnea m’awofo tɔ nneɛma ma me afe no nyinaa mu ho asɛm kyerɛ wɔn. Wɔka wɔn asɔre a emu nyɛ anigye no ho nsɛm kyerɛ me, na me nso meka nhyiam ahorow a yɛyɛ wɔ prama kɛse so ho nsɛm kyerɛ wɔn, na ɛtɔ da bi a wɔn ani bere me. Nanso m’ani mmere wɔn. Sɛ metwa no tia a, mɛka sɛ wɔn a wɔwɔ obu ma wo gyidi ahorow nkutoo na ɛsɛ sɛ wofa wɔn nnamfo, na ɛmma sukuuni anaa tikya bi nhyɛ wo mma wonyɛ biribi a etia Yehowa apɛde.”—Justin, wadi mfe 12.
“So mete nka sɛ mahwere biribi? Dabida, efisɛ yɛwɔ apontow afoforo, na bere a nkurɔfo di Buronya no, mmofra taa dwen Papa Buronya ho titiriw, anaa Easter mu no wodwen Easter adanko ho, nanso minim sɛ efi abosonsom mu. M’ani gye asɛnka kɔ ho efisɛ ɛboa ma mede m’adwene si nokware no so.”—Sharon, wadi mfe 8.
“Metumi afi nokwaredi mu aka sɛ me werɛ nhow da sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Me ne m’abusua wɔ anigyede ahorow pii. Sɛ wɔreto pon wɔ sukuu mu a, me maame de me pue kodidi. M’awofo de nneɛma a ɛma yɛn ani gye ba sukuu mu a ɛnyɛ biribi titiriw bi nti na wɔde ba, na ɛma mmofra no nyinaa hu sɛ yɛwɔ anigye. Mebɛn m’awofo yiye na sɛ mmofra no bisa nea enti a minni nnapɔnna a, meka kyerɛ wɔn sɛ megye m’ani da biara da. Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔdansefo bi ate nka sɛ watom?”—Megan, wadi mfe 13.
“Halloween. Mmofra a wosiesie wɔn ho sɛ mmonsam, nnipa a woyi aseresɛm—ɛkyerɛ dɛn? Mmofra no kyinkyin mmorɔn so kɔ afie afie mu kogyigye tɔfe pii. Anaa wɔtoto nkesua bobɔ adan ho, de tiafi nkrataa sensɛn nnua so, na nea enye koraa ne sɛ awofo pii pene nneyɛe yi so.”—Zachary, wadi mfe 10.
“Enhia sɛ metwɛn ma ɛda soronko bi ba ansa na manya akyɛde ahorow. Me maame ne me papa ma me agode pii bere nyinaa. Halloween yɛ awufo ahonhom a wɔsom. Ɛnteɛ. Yehowa nkutoo ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ yɛsom no.”—Nicholas, wadi mfe 6.