Buronya—So Ɛma Wohwere Pii Sen Sɛnea Wususuw?
“MAMA, Dada—so obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Santa Claus [Papa Buronya] ankasa?” Ɛyɛ asɛm a awofo pii pɛ sɛ wɔkwati. Jimmy a wadi mfe ason a huammɔdi ne ɛyawdi ada adi wɔ n’anim no, srɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ no mu mma ɔnte ase sɛ ebia ayɛsɛm mu nipa a ɔde akyɛde a ɛyɛ anigye no nyinaa ba no wɔ hɔ ankasa a—na ɔpɛ sɛ ohu sɛ ebia n’awofo nnii atoro nkyerɛɛ no a.
Nea ɛbae ne sɛ, abarimaa ketewaa no a ɔte bɛn wɔn na ɔkaa nokware a ɛwɔ asɛm no mu kyerɛɛ no, na ɛde saa awofo yi too ahoyeraw mu. Ebia asɛm a ɛte sɛɛ ka wo mmofraberem nneɛma ahorow a wokae ho.
Nnɛyi nnapɔnnadi sen nyamesom mu afahyɛ ara kwa. Ɛkame ayɛ sɛ wɔagye Buronya atom wɔ mmeae a anka wɔnhwɛ kwan sɛ ɛbegye din no. Japan Buddhafo, Afrika abosonsomfo, Amerika Yudafo, ne Singapore Nkramofo agye ɔbarima a ɔhyɛ atade kɔkɔɔ kutuu a okura akyɛde horow no atom. Nyamesom mu ɔkannifo bi bisae sɛ: “So Buronya mmɛyɛɛ dapɔnna kɛse a nnipa nyinaa di?”
Sɛnea nnipa pii kyerɛ no, Buronya nyɛ Atɔe fam “Kristofo” adeyɛ bio na mmom abɛyɛ afahyɛ a ɛyɛ anigye bere ma nnipa nyinaa. Mmofra na wogye wɔn ani titiriw wɔ afahyɛ no mu. Nnipa binom susuw sɛ nea ɛma abofra biara anigye kɛse wɔ n’asetra mu ne saa dapɔnna yi. Ayɛ sɛ nea Buronyadi ntwam da. Buronya so na wogyina yɛ sukuu adesua ne dwumadi ahorow ho nhyehyɛe. Wɔyɛ ho nneɛma pii wɔ TV so. Wɔnam Buronya ho nneɛma a wɔde sensɛn sotɔɔ akɛse ne nketewa mu so bɔ dawuru de twetwe adetɔfo. Awofo sɛe bere ne sika pii wɔ Buronya ho. Na sɛ woyi ɛka kɛse a wɔtaa bɔ wɔ Buronyadi ho to nkyɛn a, so aniberesɛm foforo wɔ hɔ a w’abusua betumi ahyia?
Buronya ho Atosɛm no—So Ɛyɛ Huammɔdi?
John a wadi mfe ason ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Minnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ.” World Herald mu asɛm bi kyerɛkyerɛ nea enti a ɔkaa saa no mu sɛ: “Ná ayɛ sɛ nea John adi kan ate saa da no sɛ Papa Buronya nyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa. Enti ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ ebia na Onyankopɔn nso nyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa.” John a wadi mfe 25 reka sɛnea wɔdaadaa no ne mmofraase ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ awofo ka kyerɛ wɔn mma sɛ Papa Buronya yɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa a, misusuw sɛ eyi betumi ayɛ huammɔdi kɛse.”
Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ saa asɛnhia yi ho? Mmofra ho nsɛm ho animdefo adwene nhyia wɔ asɛm yi ho. Wɔn mu biako hyɛɛ awofo nkuran sɛ wɔnka Papa Buronya ho nokwasɛm nkyerɛ wɔn mma bere a wɔadi mfe asia anaa ason, na ɔbɔ kɔkɔ sɛ “ebetumi apira wɔn wɔ adwenem ankasa sɛ awofo kɔ so ka atosɛm no kyerɛ wɔn a.”
Wɔ nhoma Why Kids Lie—How Parents Can Encourage Truthfulness mu no, Ɔbenfo Paul Ekman ka sɛ: “Sɛ yɛreka suban, gyidi, ne asetram nneyɛe ahorow te sɛ atorodi anaa nsisi ho asɛm a, akyinnye biara nni ho sɛ mo sɛ́ awofo no, mo nneyɛe nya mo mma so nkɛntɛnso kɛse.” Ekman kɔ so ka sɛ: “Sɛ atorodi sɛe obi mu ahotoso a afoforo wɔ no a, abusuabɔ a ɛda ɔne afoforo ntam renkɔ so nyɛ sɛnea na ɛte dedaw no. Sɛ obi hwere ne yɔnko mu ahotoso a, ɛyɛ den sɛ nneɛma bɛkɔ so yiye bio; ɛtɔ da bi a tebea no sɛe koraa.” Enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so ka dapɔnna mu adekyɛ ho nnaadaasɛm?
Mmofra ho nsɛm ho nhwehwɛmufo bi kae sɛ: “Misusuw sɛ awofo yɛ wɔn mma ayayade kɛse denam atosɛm ne nnaadaasɛm a wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn no so sen sɛ wobehu sɛ Papa Buronya nyɛ onipa ankasa.” Ɔbenfo Judith A. Boss a ɔyɛ nyansapɛ mu nimdefo ka sɛ: “Mpanyimfo adwene ne sɛ . . . wɔbɛhyɛ da aka Papa Buronya ho nnaadaasɛm akyerɛ mmofra. . . . Sɛ yɛka kyerɛ mmofra sɛ Papa Buronya yɛ onipa ankasa a, na ɛnkyerɛ sɛ yɛreboa ma wɔatwa biribi ho mfonini. Ɛyɛ atoro ankasa na yɛredi.”
Sɛ woyɛ ɔwofo a, asɛyɛde kɛse da wo so—sɛ́ wobɛtete mma a wɔwɔ dɔ ne anigye wɔ wiase bi a mmofra fi wɔn mmofraase pɛɛ sua sɛnea ɛnsɛ sɛ wonya nnipa mu ahotoso mu. Awofo taa ka kyerɛ wɔn mma sɛ, “Ɛne ahɔho nnkasa.” “Ɛnsɛ sɛ wogye biribiara a wɔbɔ ho dawuru wɔ TV so di.” “Ka kyerɛ wɔn sɛ Mama nni fie.” Abofra bɛyɛ dɛn ahu onipa a ɛsɛ sɛ onya ne mu ahotoso? Nhoma How to Help Your Child Grow Up ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ mmofra nketewa sua hia a nokwaredi ho hia ne ye a eye sɛ wɔne afoforo bedi nsɛm wɔ akokoduru so ne nidi mu fi wɔn mmofraase pɛɛ; na ofie ne beae a saa nneɛma yi fi ase.”
Ɛyɛ ampa sɛ, abusua a ɛyɛ pɛ wɔ biribiara mu nni hɔ. Nanso, nhoma kyerɛwfo, Dolores Curran fii ase sɛ ɔbɛhwehwɛ ade titiriw a ɛde mmusua a ɛyɛ den ba. Ɔka kyerɛɛ abusua ho nsɛm ho abenfo 551 a wɔyɛ nnwuma ahorow sɛ wɔmpaw nneɛma atitiriw a ɛho hia no. Ɔkaa nea ohui no ho asɛm wɔ nhoma Traits of a Healthy Family mu, na na ɛfa su atitiriw 15 a animdefo no pawee no ho. Ná su a ɛtɔ so nan ne “afoforo mu ahotoso a obi wɔ.” Ɔka sɛ: “Wɔ abusua a eye mu no, wobu ahotoso sɛ agyapade a ɛsom bo titiriw a wɔde ahwɛyiye ma enya nkɔso, bere a mmofra ne awofo nyinaa bom fa abusua asetra mmere ahorow mu no.”
Nyansa wom sɛ awofo bisa wɔn ho sɛ: ‘So ɛsɛ sɛ mekɔ so ka Buronya ho atosɛm ma mehwere ahotoso ne awerɛhyem a me ba wɔ wɔ me mu no?’ Sɛ ɛba saa a, ebia wonnya wo mu ahotoso bio. So Buronya ho haw afoforo a ɛnna adi wɔ hɔ?
So Adekyɛ no Dɔɔso Dodo?
Nhomawa bi a wɔato din 12 Rules for Raising Delinquent Children ka sɛ: “Fa biribiara a abofra hia ma no fi ne mmofraase pɛɛ. Saa kwan yi so no obenyin abenya gyidi sɛ ɛsɛ sɛ afoforo yɛ no mmoa wɔ n’asetram.” Honam fam nneɛma a wosi so dua ma ɛboro so betumi apira abofra.
Maureen Orth a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne ɔwofo bisa sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn de gyinapɛn ne su ahorow adua yɛn mma mu bere a yɛte wiase a esi honam fam nneɛma ne adifudepɛ so dua kɛse na wɔhyɛ ho nkuran mpɛn pii bere a wɔn ani nna wɔn ho so no?” Ɔka wɔ asɛm, “Mfaso a Ɛwɔ Akyɛde a Wɔmma So” mu sɛ: “Yɛn ba ketewaa a ɔyɛ n’ade sɛ ɔhene no gye di sɛ nneɛma a wɔde kyɛ yɛ ade a wɔyɛ no daa—te sɛ nkrataa a yɛn nsa ka bi daa no.” So nea Buronya kyerɛ ankasa ni?
Na mmusua a wontumi ntɔ akyɛde ahorow a aguadifo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde kyɛ wɔ Buronya bere mu no nso ɛ? Sɛ saa mmofra no te sɛ Papa Buronya de akyɛde brɛ mmofra pa nkutoo a, wɔte nka dɛn? Na mmofra a wɔwɔ mmusua a emu apaapae mu a wɔma wɔde yaw hu sɛ wɔn mmusua no mu atetew wɔ nnapɔnna mmere mu no nso ɛ?
The New York Times ka sɛ: “Mpɛn pii no, ade titiriw a wɔyɛ wɔ nnapɔnna apontow ase ne akyɛde a wɔde mema. Asɛm a ɛte saa a wosi so dua ma mmofra te nka sɛ abusua apontow mu ade titiriw ne sɛ wobenya akyɛde na wɔte huammɔdi nka bere a amma saa no.”
Ɔdɔ ne ade titiriw a ɛkanyan obi kɛse ma ɔyɛ papa. Glenn Austin a ɔkyerɛw Love and Power: Parent and Child no ka sɛ: “Wɔ abusua a biakoyɛ wom a abofra dɔ ɔwofo na obu no mu no, abofra no betumi ayɛ n’ade wɔ ɔkwan a ɛfata so de asɔ ɔwofo no ani.” Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔdɔ a emu yɛ den a ɛte saa aba wɔn afie mu. Bio nso, wɔtete Yehowa Adansefo mmofra ma wohu Yehowa Onyankopɔn a wɔsom no no na wɔdɔ no. Hwɛ tumi kɛse a eyi yɛ ma wɔyɛ papa wɔ wɔn asetram! Wonhia anansesɛm mu nipa bi na wɔahyɛ wɔn ma wɔayɛ nnwuma pa.
Yehowa Adansefo ani gye wɔn mma ho sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Dwom 127:3) Enti, sɛ́ anka wɔbɛtwɛn ma nna pɔtee bi a wɔahyɛ ato hɔ adu ansa na wɔakyɛ wɔn mma ade no, saa awofo yi betumi akyɛ wɔn ade bere biara wɔ afe no nyinaa mu. Wɔ mmere a ɛte saa mu no ɛyɛ den sɛ wobetumi ahu nea n’ani agye kɛse ankasa—sɛ́ ɛyɛ abofra a ne ho adwiriw no no anaa ne wofo a n’ani agye no. Abofra no nim beae a akyɛde no fi bae. Afei nso, wɔhyɛ awofo Adansefo nkuran sɛ ɛsɛ sɛ wɔtaa de wɔn bere ma wɔn mma sɛ akyɛde. Sɛ abeawa ketewaa bi werɛ ahow anaa n’ani nka a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdan a mmeduaba ayɛ mu mã akyekye ne werɛ asen sɛ ne maame benya bere kakra aka no afam ne ho aka ne mmofraberem ho asɛm akyerɛ no? So ɔdan a bɔɔl ho nneɛma ayɛ mu ma na ebetumi akyerɛkyerɛ abarimaa sɛnea wonyin bɛyɛ ɔpanyin anaa bere tenten a ɔne n’agya bɛbom atu mpasa abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye no?
Saa abusuabɔ a emu yɛ den a wɔkɔ so kura mu no betumi agye nkwa. Mmofra ho nsɛm ho nhwehwɛmufo ahu sɛ, sɛ mpanyin ne mmofra ammɔ a, atipɛnfo nkɛntɛnso fi ase nya mmofra so tumi kɛse. Mmofrabɔnesɛm na ɛmma wommu mpanyimfo. “Nanso wɔn a wɔkɔɔ so nyaa wɔn agyanom ne mpanyimfo nyinaa ho adwempa no amfa wɔn ho ammɔ atipɛnfo afoforo ne wɔn ammu brabɔne.”
Wɔakasa atia Yehowa Adansefo sɛ wɔne wɔn mmusua mfa wɔn ho nhyɛ dapɔnna anigyede ahorow mu. Ayɛ sɛ nea wɔde saa anigyede titiriw yi kame Yehowa Adansefo mmofra. Nanso saa awofo no ne wɔn mma nokwaredifo yi wɔ Bible mu ntease pa ahorow a enti wɔtwe wɔn ho fi ho. (Yɛsrɛ wo hwɛ nkratafa 11-14.) Saa mmofra nkumaa yi renya abrabɔ su a emu yɛ den a wɔde begyina atipɛnfo nhyɛso a ɛsɛe mmofra afoforo apɛde no ano. Abɔnefosɛm a ɛkɔ soro no reyi abrabɔ pa afi hɔ. Ɔbarima ne ɔbea nna ho ɔbrasɛe, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, basabasayɛ, nsaden a wɔnom, abonsansom, mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa—ne asiane ahorow pii betumi anya mmofra a wonni osuahu so nkɛntɛnso.
Ɔwofo bɛyɛ dɛn abɔ ne ba ho ban afi saa nneɛma bɔne a ɛkɔ so daa yi ho? Adansefo mmofra fi wɔn mmofraase nya daa ntetee a ɛbɛma wɔde wɔn ho abata Bible abrabɔ ho mmara a ɛsom bo no ho. Awofo a wɔdɔ wɔn mma boa wɔn ma wohu Onyankopɔn adwene wɔ nnapɔnna ne asetra mu nneɛma nyinaa nso ho. Osetie a wɔyɛ ma wɔn Nyankopɔn no fi ɔdɔ ne obu a wɔwɔ ma no mu, sɛ ɛba sɛ ɛbɛma wɔayɛ soronko mpo a. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ eyi siesie wɔn ma wɔyɛ mmerante ne mmabaa pa! Sɛ abofra kumaa tumi tra sukuu dan a atipɛnfo a wɔyɛ nneɛma horow a ayɛ sɛ anigyede ayɛ mu ma mu na otumi yɛ nea ogye di sɛ ɛteɛ a, hwɛ sɛnea obetumi agyina nneɛma ahorow a ɛno nso bɛyɛ sɛ anigyede ho sɔhwɛ ahorow a ɛbɛba akyiri yi no—nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, nna a edi aware anim, ne nnɛɛdɛe afoforo a ebetumi apira wɔn no—ano! Yehowa Adansefo mma betumi anya abrabɔ pa su a emu yɛ den a ebia mmofra afoforo pii nni bi no.
Oduruyɛfo Robert Coles a ɔwɔ Harvard sukuupɔn mu ka sɛ: “Mmofra a mahwɛ wɔn no mu pii nni gyidi. Biribiara ho nhia wɔn gye wɔn ankasa ho a wosusuw nkutoo, na ɔkwan a wɔnam so tete wɔn no ma saa su yi mu kɔ so yɛ den da biara da.”
Oduruyɛfo bi ka abusua foforo bi ho asɛm sɛ: “Wɔpɛ mmofra a wodwen afoforo ho na wonsusuw wɔn nkutoo ho. . . . Wɔnyɛ akɛsesɛm . . . , nanso wɔwɔ biribi foforo. Sɛ mɛka a, ɛne akomatɔyam.”
Dolores Curran ka nnwuma pa a wɔyɛ ma afoforo ho asɛm sɛ ɛne ade titiriw a ɛde anigye ba. “Wɔ yɛn man [United States] yi mu mmusua bi fam no—nokwarem, mmusua dodow no ara fam no—yiyedi ne asetra pa a wɔhwehwɛ ne wɔn asetram atirimpɔw titiriw.” Nanso “mmusua a wosusuw sɛ emufo tumi boa afoforo no bɛyɛ mmusua pa a wobu mmoa a wɔde ma afoforo. . . . Sɛ mmofra a wofi saa mmusua yi mu nyinyin a, esiane ntetee a wonyae wɔ wɔn mmusua mu nti, wɔbɛyɛ nnipa a wodwen afoforo ho na wogye asɛyɛde tom nso.” Curran hu wɔ awofo a wɔadi nkonim wɔ abayɛn mu ho sɛ “anigye a wɔkyerɛ wɔ nnipa ho ne adekyɛ som bo ma wɔn sen adetɔ, adegye, ne adidi.”
Adekyɛ ho ɔdenimfo bi ka no ɔkwan foforo so sɛ, “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Adansefo mmusua de wɔn asetra di Kristo Yesu asɛm yi ho adanse. Te sɛ Yesu no, Kristofo som adwuma no ne wɔn asetram ade titiriw. Ebia ebinom bɛte nka sɛ wɔde Adansefo mmofra yɛ adwuma na wɔhyɛ wɔn ma wɔka wɔn awofo ho kɔ afie afie asɛnka. Nanso nea ɛne eyi bɔ abira koraa no, awofo no nam wɔn nhwɛso pa so rekyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔdɔ wɔn mfɛfo nnipa denam Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wofi wɔn pɛ mu ka kyerɛ wɔn mpɔtamfo no so.—Mateo 24:14.
‘So Ɛnhyɛ Mmofra no So?’
Nanso so nyamesom ntetee katee a wɔde ma abofra kumaa renhyɛ no so? So ɛnyɛ papa sɛ wɔbɛma ankorankoro biara anyin ayɛ ɔpanyin ansa na wasi n’ankasa gyinae wɔ nyamesom ho? Ɛno betumi ayɛ 12 Rules for Raising Delinquent Children nhomawa no mu ahyɛde a ɛtɔ so abiɛsa yi: “Ɛmfa honhom mu ntetee biara ma no. Twɛn kosi sɛ obedi mfe 21 na afei ma ‘ɔno ankasa nsi ne gyinae.’”
Nanso, sɛnea Oduruyɛfo Coles kyerɛ no, abofra fi ase nya abrabɔ ho su bere a wadi bɛyɛ mfe abiɛsa pɛ no. “Abofra no kɔ so nya abrabɔ su wɔ ne mu. Misusuw sɛ ɛyɛ ade a Onyankopɔn de ma sɛ abofra no nya abrabɔ pa ho akɔnnɔ.” Saa bere yi ne bere a ɛfata a ɛsɛ sɛ wɔde abrabɔ pa ho adwene dua ne mu. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde nhwɛso kyerɛkyerɛ no sɛ nokwaredi so wɔ mfaso sen atorodi. Bible no si hia a ntetee ho hia wɔ mmofraberem so dua: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”—Mmebusɛm 22:6.
Curran ka sɛ: “Wontumi nhwɛ kwan sɛ nnɛyi mmofra bebu bra pa bere a wɔmmoa wɔn. . . . Nea mihui wɔ me nhwehwɛmu no mu no kyerɛ sɛ, bere dodow a abusua no yɛ papa no, dodow no ara na wɔkɔ so hu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.”
Odwumayɛni bi a Curran bisabisaa no nsɛm wɔ ne nhwehwɛmu no mu kae sɛ: “Tumi kɛse a wontumi nkwati bi wɔ hɔ a nyamesom mu gyidi ma mmusua ahorow nya.” Wɔ abusua a emufo wɔ nyamesom mu gyidi biako mu ho no, Curran ka sɛ, “Onyankopɔn mu gyidi di dwuma titiriw bi wɔ wɔn da biara da asetra mu. Nyamesom mu gyidi hyɛ nhyehyɛe a abusua yɛ de boa wɔn ho wɔn ho no mu den. Awofo no nya nkate a emu yɛ den sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔde wɔn nyamesom mu gyidi bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma, nanso wɔyɛ saa wɔ akwan pa so.”
Boa Wo Mma ma Wonnya Onyankopɔn ho Dɔ
Kyerɛ mmofra Onyankopɔn akyɛde horow a ɛma wonya anigye no. Da nsesan so na ɛne wɔn nhwɛ nhwiren ketewaa a wɔayɛ no anwonwa kwan so a ɛyɛ fɛ no. Monhwɛ atuboa ketewa bi a ɔforo fa ahaban bi so a ɔbɔ ne ntaban kɔkɔɔ a tuntum sisi mu na ɛhyerɛn a otu kɔ no. Ma wonhu sɛnea afofantɔ nni adagyew bere a osi nsa so mpofirim, bɔ ne ntaban a ne kɔla te sɛ akokɔsrade a ɛhyerɛn no mu, gye n’ahome to awia bere tiaa bi no. Monna ayeya na monhwɛ amununkum fitaa a emu yɛ hare a ekyinkyin wim no, na monhwɛ sɛnea ɛdannan yɛ biribi te sɛ po so ahyɛn, apɔnkɔ ne ahemfie ahorow wɔ wim no. Ne nyinaa mu no, kyerɛ wo mma no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Bɔfo no na ɔde akyɛde horow a ɛyɛ anigye yi ma yɛn.
Na akyɛde afoforo pii te sɛ agyinamoa ba a ɔde ahaban bi di agoru dannan ne ho ma yɛserew anaa ɔkraman ba a ne ho nhwi futurufuturu a “ɔto hyɛ” yɛn so huruw sɔ yɛn atade ano bere a ɔpɔ, nanso ohim ne ti ne ne dua bere nyinaa de kyerɛ sɛ yɛyɛ nnamfo no. Anaasɛ anigye a ɛpo asorɔkye ma yenya, mmepɔw so mpasatu, anaasɛ bere a yɛhwɛ wim nsoromma pii a etwa yerɛwyerɛw na ɛhyerɛn anadwo ma ɛyɛ nwonwa no. Sɛ yehu sɛ saa akyɛde ahorow yi ne afoforo a wontumi nkan no fi Nea ɔmaa yɛn nkwa no hɔ na sɛ yetumi da no ase wɔ saa akyɛde ahorow yi ho, na yɛkyerɛ anisɔ sɛ yɛahu no a—eyinom nyinaa ma yenya anigye na ɛda ɔdɔ ne anisɔ a emu dɔ a yɛwɔ ma no adi.
Na awiei koraa no, wɔ abusua no mu no, sɛ Papa ne Maame sosɔ mmofra no mu fefe wɔn ano a, wɔte ahobammɔ ne anisɔ nka da biara da. Boa wɔn ma wonkura Yehowa mu gyidi mu, na wɔmpow atosɛm kɛse a ɛsen nea ɛfa Papa Buronya a ɔhyɛ atade kɔkɔɔ ho, a ɛne ka a wɔka sɛ saa akyɛde pa a efi Onyankopɔn hɔ yi nyinaa bae ara kwa, sɛ ɛnam adannandi so—atosɛm a enni nyansahu mu nnyinasosɛm biara, na ntease biara nnim a wotim mpɛn pii de hyɛ mmofra adwenem no.a
Ɛne wo mma mmom mmɔ Akyɛde Mafo kɛse no mpae bere nyinaa—bere a moredidi, bere a morekenkan n’Asɛm no, bere a morekɔda. Tete abofra ma ɔnkyerɛ nneɛma ho anisɔ na saa suban pa yi bɛma n’ani agye wɔ n’asetram biribiara mu. Obenyin abɛyɛ obi a ɔno ankasa kyɛ ade anigye so de suasua nokware Nyankopɔn ne awofo a ɔdɔ wɔn no. N’ani begye bere nyinaa esiane nkwa mu a ɔte nti, na ɛnyɛ nna pɔtee bi a wɔahyɛ ato hɔ mu. “Nhyira ne ɔman a [Yehowa] ne wɔn Nyankopɔn”—Dwom 144:15.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.
[Kratafa 7 mfonini]
Akyɛde ahorow a eye kyɛn so a wubetumi de ama wo mma no mu biako ne wo bere