Polisi Panyin Bɛyɛ Kristoni Somfo
WƆ February 1942 mu no, na meda afiase wɔ Adelaide, South Australia, esiane sɛ mepow sɛ mɛfa akode akodi ako wɔ Wiase Ko II no mu nti. Oyifo a na ɔrebeyi me ti no huu me sɛ polisi adwumam panyin bi a na ɔba South Australia asennibea ahorow mu. Ɔde ahodwiriw bisae sɛ: “Woreyɛ dɛn wɔ ha?” Ná onim sɛ bere bi a atwam no na meba asennibea bedi adanse tia nsɛmmɔnedifo. Enti mekyerɛkyerɛɛ me Kristofo gyidi mu kyerɛɛ no.
Ná ɔtemmufo a wadi m’asɛm nna kakra a atwam no nso nim me yiye. Ɔno nso tiee me yiye bere a mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ m’ahonim sɛ́ Kristoni no mma me kwan sɛ mede akode bedi dwuma no. Bere a ɔdaa me ase wɔ nea obuu no sɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛmu da hɔ yiye ho wiei no, ɔhyɛe sɛ wɔmfa me nto afiase ɔsram biako.
Afei de, na me mfɛfo nneduafo no yɛ nsɛmmɔnedifo a mitwaa wɔn mfoninifo de wɔn nsa tintim nkrataa so nkyɛe. Nanso, mitumi dii me gyidi ho adanse kyerɛɛ afiasehwɛfo ne nneduafo pii a wobisaa nea enti a Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu no.
Wɔde me kɔɔ asennibea hɔ bio afe a edi hɔ no, na saa bere no wobuu me fɔ de me too afiase asram asia a na mɛyɛ adwumaden. Wɔde me kɔɔ Yatala, beae a wɔde nneduafo a wɔde wɔn agu afiase afebɔɔ wɔ awudi ho kogu no. Bio nso minyaa hokwan ahorow de kaa Onyankopɔn Ahenni ne daa asomdwoe a ɛde bɛba saa wiase a akodi ahyɛ mu ma yi mu ho anidaso asɛm kyerɛe.
Ansa na wɔde me bɛkɔ asennibea hɔ bere biara no, na wɔde me kɔ asraafo atrae. Bere a edi kan a wɔde me kɔɔ hɔ no, asraafo panyin Laphorn dii me ho fɛw na ɔyɛɛ me ayayade esiane pow a mepow sɛ mɛka asraafo ntam no nti. Nanso bere a mekɔɔ n’anim nea ɛto so abiɛsa no, ɔkae sɛ: “Wunim, na misusuw sɛ woyɛ ohufo. Nanso mahwɛ ɔkwan a wonam so gyina asotwe ahorow ano no. Wugyaee adwuma pa na wonam w’aso a woma wɔkɔ so twe no so ada wo gyidi adi.”
Bere a na wɔde me rebɛto afiase ne mprɛnsa so no, wɔsrɛ maa me sɛ wonni m’asɛm sɛ obi a n’ahonim nti wapow akodi. Ná ɛsɛ sɛ ɔtemmufo no gye m’adesrɛ no toom, efisɛ m’ahonim nti na migyaee polisi adwuma no wɔ 1940 mu no. Nanso, bere a ɔreda no adi sɛ wadi atia me no, ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ wɔkyerɛw to hɔ sɛ migye di sɛ ɛyɛ hu sɛ wobegyae onipa a ɔyɛ katee te sɛ wo ma wakɔ baabiara a ɔpɛ wɔ ɔman yi mu.”
Me Kan Asetra
Wɔwoo me 1908 wɔ Gawler a ɛbɛn Adelaide, South Australia. Bere a midii mfe asia no, Sarah Marchant a na ɔyɛ me maame yɔnko berɛbo kyerɛɛ me sɛ hell yɛ adesamma adamoa na ɛnyɛ baabi a wɔde ogya yɛ ayayade. Ná ɔyɛ Amanaman Ntam Bible Osuani, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no.
Bere a minyinii no, mibisaa yɛn Baptist sɔfo no nsonsonoe a ɛwɔ Yesu Kristo ne Onyankopɔn mu, na wantumi amma me mmuae a ɛfata. Enti m’ani annye asɔre ahorow no ho bio, ɛwom sɛ sɛ mihyia Sarah Marchant a, na m’ani gye sɛ metie no de.
Mifii ase yɛɛ adwuma wɔ Adelaide sɛ ɔkrakyeni wɔ South Australia polisi panyin, Ɔsahene Raymond Leane office wɔ 1924 mu. Afei, wɔ 1927 mu no, Owura Leane kyerɛw krataa kɔmaa mmarahyɛ bagua no sɛ wɔmfa me sɛ nsateaa ano nsensanee ho nimdefo kumaa ne nsɛmmɔnedifo mfoninitwafo wɔ ɔmantam no polisi adwuma mu.
Bible Nokware Ahorow a Misuae
Mewaree wɔ 1928 akyi mfe abiɛsa, bere a na makɔ me nsenom nkyɛn wɔ Gawler rekogye m’ahome no, mekenkan nhoma a wɔato din Creation, a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii wɔ 1927 mu no. Ɛyɛ Sarah Marchant na ɔde gyaa me nsenom. Nhoma no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ onipa yɛ ɔkra na onni ɔkra soronko bi a wontumi nhu no. Ná ntease wɔ eyi mu. Nanso m’ankasa mepɛe sɛ mihu wɔ Bible no mu. Enti mekɔfaa abusua no King James Version Bible no na mekenkan Genesis 2:7 sɛ: “Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefo.”
Eyi kanyan me yiye, enti mekɔɔ so kenkanee. Ná mintumi nnyae Creation nhoma no kenkan. Mekaa no me tirim sɛ ‘Eyi ne nokware no.’ Afei na mepɛ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma pii akenkan. Foforo biako pɛ a na abusua no wɔ ara ne nea wɔato din Life no. Enti mekanee saa nhoma no nso nyinaa.
Nna kakraa bi akyi no, yɛsan kɔɔ Adelaide na yetu kɔtraa ofie foforo mu. Saa da no ara Sarah Marchant bɛsraa yɛn mpofirim. Ná m’ase bea aka m’anigye no ho asɛm akyerɛ no, na na ɔrebɛhwɛ sɛnea nneɛma rekɔ so wɔ yɛn fie foforo no mu na wahu honhom mu mmoa a mehia. Ade kyee anɔpa no, yɛn fipamfo a ɔtoa yɛn so no frɛɛ me wɔ ban no akyi kae sɛ: “Migye di sɛ w’ani gye Judge Rutherford [a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani] nhoma horow ho.”
Mibisae sɛ: “Woyɛɛ dɛn hui?”
Obuae sɛ: “Oh, obi na ɔka kyerɛɛ me.”
Ɛda adi pefee sɛ Sarah na na aka akyerɛ no. Ná saa ɔbarima no, James Irvine, nkutoo ne Ɔdansefo a na ɔte Adelaide atifi fam borɔn no so saa bere no. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo, anaa Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo, na ɔne me fii ofie Bible adesua a wɔntotom ase.
Nkɔso a Minyae wɔ Bible mu Nokware no Mu
Bere a mesan kɔtoaa polisi adwuma no so no, nneɛma pa a na masua no ho anigye kaa me. Enti bere biara a minya hokwan no, na mifi ase ka me gyidi foforo no ho asɛm kyerɛ me mfɛfo adwumayɛfo no. Nanso, m’abam bui bere a wodii m’anigyesɛm no ho fɛw no.
Bere a na menhwɛ kwan no, m’ankasa me yere fii ase sɔre tiaa me sɛ makyerɛ anigye a ɛte saa wɔ Bible no ho. Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no mitumi dwudwoo ne sɔretia no ano. Mihyiraa me nkwa so maa Yehowa ma wɔbɔɔ me asu wɔ 1935 mu. Saa bere no na asafo biako pɛ na ɛwɔ Adelaide, na bɛyɛ nnipa 60 pɛ na na wɔba dapɛn dapɛn Bible adesua a na wɔde Ɔwɛn Aban yɛ no ase.
Da bi, Harold Jones, asafo no guamtrani no ka kyerɛɛ me sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛma wo adwuma bi. Yehia obi a ɔbɛhwɛ yɛn asasesin ho kyerɛwtohɔ so.” Ná adwuma no fata me, efisɛ bere a na mewɔ polisi adwumam no, na mede kar kyinkyin fa Adelaide kurow mũ no nyinaa mu. Ná minim kurow no mu yiye ma enti mitumi siesiee asasesin no ho nkratasin a yɛde dii dwuma wɔ asɛnka adwuma mu no yiye.
Ɔwɛn Aban Asafo no titrani, Joseph Rutherford, baa Australia nsrahwɛ wɔ April 1938 mu na ɔmaa ɔkasa wɔ Sydney maa atiefo a wɔn dodow boro 12,000 tiei, ɛwom mpo sɛ na Adansefo a wɔwɔ Australia nyinaa dodow si 1,300 pɛ de. Yɛn a na yɛwɔ Adelaide no mu bɛyɛ 20 antumi antu kilomita 1,800 kwan no ankɔ Sydney. Enti yɛkɔfɛm Tivoli Agoruhwɛbea dedaw no na yɛma wɔyɛɛ telefon ho nhyehyɛe nam so tiee ɔkasa no fii Sydney. Yɛbɔɔ ɔkasa no ho dawuru wɔ radio so na ɛnam saa nti nnipa bɛyɛ 600 betiee ɔkasa no wɔ Adelaide!
Nea Ɛyɛe a Mehweree M’adwuma
Wiase Ko II fii ase wɔ 1939 mu, na atumfo ahorow nyinaa ani baa afã biara a Yehowa Adansefo nni no ho yiye. Da bi, atesɛm krataa Truth akyerɛwfo baanu baa Ahenni Asa so na wɔnam ahantan so bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ asa no so. Esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wɔhaw adwene nti, misiw wɔn kwan. Ɛda a edi hɔ no, asɛm bi puei wɔ atesɛm krataa no mu a na n’asɛmti kan sɛ: “S[outh] A[ustralia] Polisini Ɔpon Ano Hwɛfo wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa So.”
Ɛnam saa asɛm no nti, me mfɛfo adwumayɛfo pow me. Me panyin a mehyɛ n’ase, Katolekni amapa bi, kekaa me ho atosɛm kyerɛɛ polisi panyin, Raymond Leane. Afei, awerɛfim, wɔ August 1940 mu no, wɔde me kɔɔ Owura Leane anim, onipa koro no ara a na me ne no yɛ adwuma bere a mifii adwuma ase mfe 16 a na atwam no. Sobo bɛn na wɔbɔɔ me? Sɛ mempɛ sɛ medi n’ahyɛde nyinaa so.
Obisae sɛ: “Sɛ mehyɛ wo sɛ to obi tuo a, wobɛto?”
Mibuae sɛ: “Eyi yɛ nsusuwii de. Nanso, dabi, merento obiara tuo da.”
Ɔde nnɔnhwerew abien bɔɔ mmɔden kyerɛɛ me kwasea a mayɛ sɛ mede me ho akɔhyɛ ahyehyɛde a wɔabɔ no ato hɔ a ɛnkyɛ wɔrebɛbra wɔ Australia no mu. Ɔde baa awiei sɛ: “Nea mayɛ ama wo yi, adwuma pa a ɛte sɛɛ a mede ama wo nyinaa akyi.”
Mibuae sɛ: “M’ani sɔ. Na mabɔ mmɔden ayɛ adwumaden de ada m’anisɔ no adi. Nanso mintumi mmu wo nsen ɔsom a mede ma Yehowa Nyankopɔn no.”
Ɔpanyin no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wopaw sɛ wubegyae Yehowa Adansefo som no anaasɛ wubegyae adwuma no.”
Enti migyaee adwuma no amonom hɔ ara. Asɛmti bi a epuei wɔ Truth atesɛm krataa mu wɔ August 1940 mu kanee sɛ: “Rutherford Polisini Gyae Adwuma.” Afei na ɛsɛ sɛ mebɔ me yere amanneɛ na mehwehwɛ adwuma foforo yɛ. Anigyesɛm ne sɛ, minyaa adwuma wɔ ɛhɔ nhoma tintim adwuma bi a na wotintim Australia Consolation (a mprempren wɔfrɛ no Nyan!) no mu.
Bere a Wɔabara Yɛn
Meyɛɛ m’adwuma foforo yi araa kosii January 1941, bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ ɔman no nyinaa mu no. Sɛnea na atumfo no susuw no, yegyaee yɛn nhoma ahorow a na yetintim wɔ ɔman no mu no nyinaa. Nokwarem no, yɛyɛɛ sum ase nhoma tintim ho nhyehyɛe—a na ne nyinaa wɔ Sydney mpɔtam hɔ—na yɛanhwere Ɔwɛn-Aban no bi da wɔ bere a wɔbaraa yɛn no mu!
Bere a wɔbaraa yɛn adwuma no akyi bere tiaa bi na wɔde me too afiase mprenu a mekaa ho asɛm mfiase no. Awiei koraa no, wɔ June 1943 mu no, Australia Asennibea Kunini hyɛe sɛ bara a wɔabara yɛn no tia ɔman no amanyɔ mmara, enti aban no san de Ɔwɛn Aban Asafo agyapade a na wɔagye nyinaa maa Asafo no.
Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ saa mfe no mu no, polisifo baa afie afie (a na me de ka ho) bɛhwehwɛɛ hɔ faa nneɛma. Nanso, ɛmfa ho ɔsɔretia a ɛbae no, yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn afie afie asɛnka adwuma no a na yɛde Bible nkutoo na edi dwuma. Mpɛn pii no na polisifo no tetɛw yɛn. Polisifo a na wɔnhyɛ polisi ntade baa yɛn adesua horow a na yɛyɛ wɔ nkurɔfo afie mu no ase. Da bi, bere a na mereda ɔnanmusifo bi a ofi Sydney baa dwumadibea aba hɔ adi no, mekae sɛ: “South Australia polisifo baanu ka yɛn ho wɔ ha. Yɛsrɛ mo monnye wɔn anigye so!” Wɔn ho dwiriw wɔn na wɔyɛɛ basaa de, nanso wɔkɔɔ so traa ase tiee adesua no, na wɔkae akyiri yi sɛ asɛmpa nkutoo na wobetumi akyerɛw afã yɛn ho.
Nyamesom ho Koma a Wonni
Yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam bi ho nhyehyɛe wɔ April 1945 mu wɔ Adelaide kurotia asa bi a amanfo bɔ gua hɔ so. Yɛde baguam ɔkasa a na yɛabɔ ho dawuru kɛse a na n’asɛmti ne “Ahobrɛasefo Benya Asase no Adi” no hyɛɛ Kwasida, April 29. Nanso basabasayɛ bi sɔree anɔpa no. Sɛ́ nhyiam no sohwɛfo no, mekɔɔ ɛhɔ polisi adwumam de ɔhaw a na ɛreba no ho amanneɛ kɔbɔɔ wɔn. Nanso, obiara anni m’amanneɛbɔ no ho dwuma.
Bere dui sɛ wɔbɛma baguam ɔkasa no, basabasayɛfo bi boaboaa wɔn ho ano. Bere a ɔkasa no fii ase pɛ na ebinom baa ɔdan no mu. Basabasayɛfo no mu pii bɔɔ twi baa anim, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe akasam afiri no. Afei wofii ase totoo abo faa mfɛnsere no mu. Wɔde ɔhaw yi ho amanneɛ kɔbɔɔ radio nnwuma ahorow, na wɔbɔɔ ho amanneɛ ntɛm so sɛ basabasayɛ bi rekɔ so. Nnipa mpempem pii begyinaa abɔnten hɔ hwɛɛ nea na ɛrekɔ so.
Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔhyɛɛ yɛn maa yegyaee nhyiam no yɛ. Nanso bere a ɛbae sɛ yɛrefi asa no so no, polisifo no bɔɔ ɔkwan maa yɛn, na nnipadɔm no nyinaa yɛɛ komm. Wɔn nyinaa huu yɛn asɔretiafo no agyimisɛm no efisɛ nnipa a wofi nhyiambea hɔ puei no yɛ nnipa a wɔn ho nyɛ hu, a nkwakora ne mmerewa ne mmofra nyinaa ka ho. Wɔkasa tiaa nyamesom mu kateeyɛ yi wɔ nkrataa ahorow a amanfo kyerɛw ma wotintimii wɔ atesɛm krataa mu wɔ nna a edii adeyɛ no akyi no mu.
Nanso, wɔamma Yehowa Adansefo kwan ma wɔamfa South Australia adan a amanfo bɔ gua wom no anyɛ nhyiam wɔ mfe pii mu. Bere bi, 1950 mfinimfini hɔ, me ne nea na ɔhwɛ Adelaide borɔn Norwood asa a wɔbɔ gua wom so no kaa wɔn asa no a na yɛpɛ sɛ yɛde yɛ yɛn ɔmantam nhyiam ho asɛm.
Ɔkae sɛ: “Wɔabara mo afebɔɔ sɛ monnyɛ nhyiam wɔ kurow no asa ahorow so.”
Mibuae sɛ: “Tete asɛm na woreka yi.”
Afei miyii nhomawa a ɛka 1953 New York Yankee Agumadibea so amanaman ntam nhyiam ho asɛm no fii bag mu kyerɛɛ no. Mekae sɛ: “Hwɛ nea Yehowa Adansefo reyɛ wɔ mmeae afoforo—sɛ nnipadɔm bɛboro 165,000 ahyiam wɔ nhyiam biako ase!”
Ogyee nhomawa no hwɛɛ mu yiye, na bere tiaa bi akyi no ɔkae sɛ: “Yiw, ɛkame ayɛ sɛ nneɛma asesa.” Afei efi saa bere no wɔmaa yɛyɛɛ nhyiam wɔ asa ahorow a ɛtete saa so wɔ South Australia nyinaa.
Me yere wui 1984, bere a na wayare bere tenteenten. Nanso, ansa na ɔrewu no, n’ani fii ase gyee Bible mu nokware ho na onyaa Yehowa Nyankopɔn ho dɔ. Nea ɛde eyi bae titiriw ne ayamye a Adansefo a wɔwɔ ɔdɔ yii no adi kyerɛɛ no wɔ mfe pii mu no. Afei, mewaree Thea a na ɔde mfe pii asom Yehowa no wɔ December 1985 mu.
Mede akomatɔyam asom Yehowa bɛyɛ mfe 60 ni. Esiane sɛ mede me ho to Yehowa so bere nyinaa, na minnyaee me gyidi mu wɔ ɔhyɛ ase nti, sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi wɔ m’asetra mu a, manya hokwan ne nhyira ahorow pii. Na mekɔ so bɔ mmɔden sɛ mede m’ani besi botae a ɛyɛ ɔsoro frɛ no so pintinn. (Filipifo 3:14)—Sɛnea Hubert E. Clift ka kyerɛe.
[Kratafa 24 mfonini]
Meresom sɛ Kristoni somfo