Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 7/8 kr. 5-10
  • Polisifo Ahobammɔ—Anidaso ne Osuro a Ɛwom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Polisifo Ahobammɔ—Anidaso ne Osuro a Ɛwom
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amerika Polisifo Nyaa Mfiase
  • Polisifo a Wɔn Ho Yɛ hu
  • Mpɔtam Polisi Adwuma Ho Anidaso
  • Mpɔtam a Wɔwɛn
  • Suro a Wosuro Polisifo Dwowtwa
  • Polisifo—Wɔn Daakye Ne Dɛn?
    Nyan!—2002
  • Polisifo—Dɛn Nti na Wɔn Ho Hia?
    Nyan!—2002
  • Emu Nsɛm
    Nyan!—2002
  • Mmɔden a Wɔrebɔ sɛ Wɔbɛma Nsɛmmɔnedi Afi Hɔ
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 7/8 kr. 5-10

Polisifo Ahobammɔ—Anidaso ne Osuro a Ɛwom

WƆ AFEHA a ɛto so 19 mu no, nnipa pii kasa tiaa adwenkyerɛ a ɛne sɛ wɔbɛhyehyɛ polisi adwumakuw a wɔhyɛ polisi ntade wɔ England no. Ná wosuro sɛ polisifo a wokura atuo a wɔwɔ aban nsam no de wɔn ahofadi bɛto asiane mu. Ná ebinom suro sɛ nea ɛbɛkɔ akowie ne sɛ polisifo no bɛba abɛdan akwansrafo te sɛ France polisi akwansrafo a wɔwɔ Joseph Fouché akanni ase no. Nanso, wobehui sɛ ɛsɛ sɛ wobisa wɔn ho sɛ, ‘Sɛ polisi adwuma no nni hɔ a, anka yɛbɛyɛ dɛn?’

Ná London abɛyɛ kuropɔn a ɛsõ na sika wom sen biara wɔ wiase; na nsɛmmɔnedi renya nkɔanim, na ɛde nnwuma reto asiane mu. Ná atuhoamafo a wɔwɛn anadwo anaa wɔn a wotumi kyere akorɔmfo, Bɛmmatofo a Wɔnenam Mmɔnten So, a ankorankoro boa wɔn wɔ sikasɛm mu no, biara ntumi mmɔ nkurɔfo ne wɔn agyapade ho ban sɛnea ɛsɛ. Clive Emsley ka wɔ ne nhoma The English Police: A Political and Social History mu sɛ: “Nnipa dodow no ara bebuu nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ sɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ ɛtra hɔ wɔ ɔman a n’ani abue mu.” Enti Londonfo hui sɛ ɛbɛyɛ papa koraa sɛ wobenya polisifo wɔ Owura Robert Peela akanni ase. Wɔ September 1829 mu no, Kuropɔn Mu Polisifo nkumaa a wɔhyehyɛ ntade fii ase kyinkyinii kurom.

Efi bere a polisi adwuma no fii ase wɔ yɛn bere yi so no, nkurɔfo anya ho anidaso ne osuro nyinaa—anidaso a ɛne sɛ wɔde ahobammɔ bɛma, ne osuro a ɛne sɛ ebia na wɔde wɔn tumi adi dwuma ɔkwammɔne so.

Amerika Polisifo Nyaa Mfiase

Wɔ United States no, New York City ne beae a wodii kan nyaa polisi adwumakuw. Bere a kurow no nyaa nkɔanim wɔ ahode mu no, saa ara na nsɛmmɔnedi nso nyaa nkɔanim. Eduu 1830 mfe no mu no, na abusua biara tumi kan nsɛmmɔnedi ho nsɛm a ɛyɛ hu a wotintim wɔ atesɛm krataa a aba so foforo a ne bo nyɛ den—krataa a ɛmmɔ ka—no mu. Ɔmanfo kasatia yɛɛ kɛse, na New York nyaa polisi adwumakuw wɔ 1845 mu. New Yorkfo ne Londonfo nyinaa akyerɛ polisifo ho anigye fi saa bere no.

Amerikafo nso suroo polisifo a wokura atuo a wɔwɔ aban nsam sɛnea Englandfo nso suroe no. Nanso aman abien no hyehyɛɛ akwan horow a wɔbɛfa so adi ho dwuma. Englandfo yɛe sɛ wobenya polisifo a wonkura atuo a wɔhyɛ kyɛw atenten ne ntade tuntum. Aporibaa tietia nkutoo na na wokura. Ɛde besi nnɛ no, Britania bobbifo nkura atuo, gye tebea a emu yɛ den mu nkutoo. Nanso, sɛnea amanneɛbɔ bi ka no, “ɛyɛ biribi a wontumi nkwati koraa . . . ma enti bere bi bɛba a, Britania polisifo bekura atuo.”

Nanso, wɔ United States no, esiane osuro a na wɔwɔ sɛ aban no de tumi bedi dwuma ɔkwammɔne so nti, wɔyɛɛ U.S. Amanyɔ Mmara no mu Nsakrae a Ɛto so Abien, na ɛno hyɛe sɛ “nkurɔfo wɔ hokwan sɛ wobekura akode.” Ne saa nti, polisifo pɛe sɛ wobekura tuo. Bere kɔɔ so no, tuo a wɔde di dwuma no kowiei sɛ Amerika polisifo ne awifo a wɔtaa wɔn so no bɛtoto atuo wɔ mmɔnten so; anyɛ yiye koraa no, ɛno ne nea na nnipa dodow no ara gye tom. Ade foforo nti a na wɔpɛ sɛ wokura atuo ne sɛ wɔwoo United States polisifo kuw a edi kan no too ɔman bi a na ɛyɛ soronko koraa wɔ London ho mu. Ná basabasayɛ abu so wɔ New York bere a emu nnipa dodow nyaa nkɔanim ntɛmntɛm no. Atubrafo mpempem pii a na wofi Europa titiriw ne Amerika-Abibifo a wɔsen yuu baa hɔ wɔ 1861-65 Ɔmanko no akyi no de mmusua ntam basabasayɛ baa hɔ. Polisifo no tee nka sɛ ehia sɛ wɔhyehyɛ akwan bi a emu yɛ den.

Enti, bere nyinaa wobuu polisifo sɛ wɔn ho yɛ hu nanso wɔn ho hia. Nkurɔfo yɛɛ ahoboa bere nyinaa sɛ wobegyina tebea a ɛnyɛ anigye a ɛsɔre bere ne bere mu ano, na wɔhwɛɛ kwan nso sɛ wobenya asomdwoe ne ahobammɔ bi. Nanso, wɔ wiase afã ahorow bi no, na polisi adwuma soronko bi rekɔ so.

Polisifo a Wɔn Ho Yɛ hu

Wɔ afeha a ɛto so 19 mfiase, bere a na nnɛyi polisi adwumakuw no refi ase no, na adesamma dodow no ara wɔ Europa ahemman no tumidi ase. Sɛ yɛbɛka paa a, wɔtew Europa polisi adwumakuw no na abɔ sodifo ho ban, na ɛnyɛ wɔn a wodi wɔn so no. Ɛte sɛ nea na Britaniafo mpo a na wɔmpɛ adwene a ɛne sɛ wobenya polisifo a wokura atuo te sɛ asraafo wɔ wɔn ankasa man mu no wɔ ntease bi a enti ɛsɛ sɛ wɔde polisifo asraafo di dwuma de ma aman a wodi wɔn so no hyɛ wɔn ase. Rob Mawby ka wɔ ne nhoma Policing Across the World mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ ayayade a na polisifo de yɛ nkurɔfo, dwow a na wotwa, nkurɔfo a na wɔyɛ wɔn basabasa, awu a na wodi ne tumi a wɔde dii dwuma ɔkwammɔne so no daa adi bere nyinaa wɔ baabiara a na polisifo wɔ no.” Bere a nhoma koro no ara kyerɛe sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde polisifo bɛkɔ atubra aman mu no, ɛsan nso de kaa ho sɛ ɛmaa “wiase nyinaa susuwii sɛ polisi adwuma yɛ biribi a ɛboa aban no, na ɛnyɛ ɔmanfo.”

Ɛkame ayɛ sɛ katabaako nniso ahorow a wosuro ɔman anidan no de kokoam polisifo adi dwuma atetɛw wɔn manfo. Polisifo a wɔte saa no nsa ka nsɛm denam wɔn a wosusuw sɛ wotutu ɔman no ase a wɔyɛ wɔn ayayade so, na wɔnam kum a wokum wɔn anaa wɔkyere wɔn sie a wonni wɔn asɛm so yi wɔn fi hɔ. Ná Nasifo no wɔ Gestapo, na Soviet Union wɔ KGB, na na East Germany wɔ Stasi. Anwonwasɛm ne sɛ, Stasi faa polisifo 100,000 ne wɔn a wokotie nsɛm bɛka bɛyɛ ɔpepem fã na wɔde adi nnipa a wɔn dodow yɛ bɛyɛ ɔpepem 16 no ho dwuma. Ná polisifo no tie telefon so nkɔmmɔbɔ da mu nyinaa, na na wɔwɔ ɔman no mu nnipa dodow nkyem abiɛsa ho kyerɛwtohɔ. John Koehler ka wɔ ne nhoma Stasi mu sɛ: “Ná Stasi polisifo no nhwɛ obiara anim na na wɔn ani nwu ade. Wɔkyeree Protestant ne Katolek asɔfo ne mpanyimfo pii de wɔn dii dwuma kokoam sɛ wɔn a wokotie nsɛm bɛka. Wɔde wɔn a wokotie nsɛm bɛka hyɛɛ wɔn nnwumayɛbea ne mmeae a wɔka bɔne kyerɛ no mã.”

Nanso, ɛnyɛ katabaako nniso mu nkutoo na wohu polisifo a wɔn ho yɛ hu. Wɔabɔ nkurow akɛse mu polisifo sobo wɔ mmeae foforo sɛ wohunahuna nkurɔfo denam hyɛ a wɔhyɛ wɔn ma wodi mmara so no so, titiriw sɛ wɔde wɔn ani si nnipa kakraa bi a wɔsɔre tia nhyehyɛe bi so a. Bere a atesɛm krataa bi reka aniwusɛm bi a wɔbɔɔ no dawuru kɛse ho asɛm wɔ Los Angeles no, ɛkae sɛ “polisifo nneyɛe a ɛmfata na ɛmaa basabasayɛ foforo sɔree na ɛma wonyaa asɛmfua foforo: basabasayɛ ho polisifo.”

Enti, asɛm a aban mpanyimfo bisa ne sɛ, Dɛn na polisi adwumakuw no betumi ayɛ de ama wɔn din ho atew? Nea ɛbɛyɛ na wɔasi dwuma titiriw a wodi boa ɔmanfo so dua no, polisi nnwumakuw pii abɔ mmɔden de ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɛbɛboa ɔmanfo.

Mpɔtam Polisi Adwuma Ho Anidaso

Japan nhyehyɛe a ɛne sɛ wobebue polisi adwuma no bi wɔ mpɔtam biara no yɛ nea aman foforo akyerɛ ho anigye. Nea ɛte ne sɛ Japan polisifo yɛ adwuma wɔ polisifo adwumayɛbea nketewa a ɛwɔ ɔmansin biara mu a ebia polisifo dodow bi a wɔyɛ nhyehyɛe ma wodi nsesa na wɔwom. Britania nsɛmmɔnedi ho nimdeɛ ho ɔdekyerɛfo a ɔde bere tenten atra Japan, Frank Leishman, ka sɛ: “Adwuma pa a koban polisifo yɛ no yɛ nea obiara ani tua: wɔde Japan mmorɔn pii a enni din no address ma; wɔde kyinii a wonhu ne wuranom ma adwumayɛfo a osu rehwe wɔn, wɔhwɛ hu sɛ aguadifo a wɔanom nsa abow no benya keteke a etwa to no akɔ fie; na wɔde ‘ɔhaw a ɔmanfo hyia’ ho afotu ma.” Polisifo a wodi dwuma wɔ mpɔtam mpɔtam no ne ade a ama Japan agye din kɛse sɛ ɔman a ɛwɔ mmorɔn a ɛnyɛ hu sɛ wobɛnantew hɔ no.

So polisifo dwumadi a ɛte saa no betumi akɔ so wɔ mmeae foforo? Ebinom a wosua nsɛmmɔnedi ho ade fii ase nyaa asuade bi wɔ eyi mu. Nkɔanim a wɔanya wɔ nnɛyi nkitahodi mu no ama polisifo ne wɔn a wɔsom wɔn no ntam kwan aware. Wɔ nkuropɔn pii mu nnɛ no, ɛte sɛ nea polisifo adwuma titiriw ne sɛ wobedi tebea a egye ntɛmpɛ ho dwuma. Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ sɛ nea wɔn adwuma titiriw a ɛne sɛ wobesiw nsɛmmɔnedi ano no ayera. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi saa ade yi ho dwuma no, mpɔtam a wɔwɛn no abɛyɛ biribi a nnipa pii agye atom.

Mpɔtam a Wɔwɛn

Dewi, a ɔyɛ polisini no ka fa n’adwumayɛ wɔ Wales no ho sɛ: “Eyi di dwuma ankasa; ɛtew nsɛmmɔnedi so. Mpɔtam a wɔwɛn no kyerɛ sɛ wɔbɛma nkurɔfo abɔ wɔn ho wɔn ho ban. Yɛyɛ nhyiam ahorow na ama mpɔtam hɔfo atumi ahu wɔn ho wɔn ho, obiara gye ne yɔnko din ne ne telefon nɔma, na yesua sɛnea yebesiw nsɛmmɔnedi ano. M’ani gye adwuma no ho efisɛ ɛma mpɔtam hɔfo no te nka ma obiara a ɔte hɔ. Mpɛn pii no, ɛyɛ a na nkurɔfo nnim wɔn a wɔne wɔn te mpɔtam koro mpo. Nhyehyɛe yi di dwuma efisɛ ɛma nkurɔfo ani ba wɔn ho so.” Ɛma abusuabɔ pa bɛda polisifo ne ɔmanfo ntam nso.

Ade foforo nso ne sɛ wɔbɛhyɛ polisifo nkuran ma wɔada ayamhyehye adi akyerɛ wɔn a afoforo di wɔn nsɛmmɔne no. Dutchni Jan van Dijk, a ɔyɛ wɔn a wodi wɔn nsɛmmɔne ho nhwehwɛmu, no kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ polisifo sɛ nneyɛe a wɔda no adi wɔ wɔn pon ho hia wɔn a afoforo di wɔn nsɛmmɔne sɛnea nneyɛe a nnuruyɛfo da no adi wɔ mpa ho hia ma ɔyarefo no ara pɛ.” Wɔ mmeae pii no, polisifo da so ara mmu ofie basabasayɛ ne mmonnaato sɛ nsɛmmɔnedi ankasa. Nanso Rob Mawby ka sɛ: “Su a polisifo da no adi wɔ ofie basabasayɛ ne mmonnaato ho no atu mpɔn kɛse nnansa yi. Nanso, wobetumi atu mpɔn asen saa mpo.” Tumi a polisifo de di dwuma ɔkwammɔne so no yɛ biribi foforo a ɛkame ayɛ sɛ polisini biara betumi ayɛ ho biribi.

Suro a Wosuro Polisifo Dwowtwa

Ɛtɔ mmere bi a, te a nkurɔfo te nka sɛ polisifo bɔ wɔn ho ban no nyɛ nea edi mu, titiriw bere a wɔte sɛ polisifo de wɔn ho ahyɛ dwowtwa mu no. Amanneɛbɔ a ɛte saa akɔ so fi bere a polisi adwuma no fii ase. Bere a ɛretwe adwene asi afe 1855 so no, NYPD—A City and Its Police nhoma no kae sɛ, “nsusuwii a New Yorkfo pii kura ne sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda basabasayɛfo kuw ne polisifo ntam.” Faces of Latin America nhoma a Duncan Green kyerɛwee no bɔ amanneɛ sɛ “nnipa nyinaa gye di sɛ” polisifo “pɛ dwowtwa, wonni ahokokwaw, na wotiatia hokwan a nnipa wɔ so.” Ɔpanyin paa a ɔhwɛ nnipa yiyedi ho nsɛm so wɔ Latin-Amerika polisi adwumakuw a emu polisifo yɛ 14,000 mu no kae sɛ: “Dɛn na wususuw sɛ ebesi bere a polisini bosome akatua nnu [$100] no? Sɛ wɔma no adanmude a, dɛn na ɔbɛyɛ?”

Ɔhaw a dwowtwa de ba no sõ dɛn? Mmuae no gyina onii a wobisa no asɛm no so. Amerika Atifi fam polisini bi a ɔde mfe pii kyinkyinii kurow a na emu nnipa yɛ 100,000 mu no bua sɛ: “Nokwarem no, polisifo no bi nni nokware, nanso wɔn mu dodow no ara di nokware. Saa pɛpɛɛpɛ na mahu.” Ɔkwan foforo so no, nsɛmmɔnedi ho nhwehwɛmufo bi a ɔde mfirihyia 26 ayɛ adwuma wɔ ɔman foforo so no bua sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ dwowtwa abu so wɔ baabiara. Ɛyɛ den sɛ wubehu polisifo a wodi nokware. Sɛ polisini kɔhwehwɛ ofie a wɔakowia hɔ nneɛma mu na ohu sika a, ebia ɔbɛfa. Sɛ ohu nneɛma bi a wowiae a, ɔbɛfa bi.” Dɛn nti na polisifo bi twa dwow?

Ebinom de adwempa na efi ase nanso ebewie ase no, na wɔagyae wɔn ho mu ama wɔn mfɛfo dwowtwafo ne suban tantan a nsɛmmɔnedifo da no adi no. What Cops Know nhoma no fa Chicago polisini bi a na okyinkyin asɛm ka sɛ: “Wɔ polisifo fam no, amumɔyɛ yɛ biribi a wofi nea wohu mu sua ho ade. Atwa wɔn ho ahyia. Woso mu . . . wɔka hwɛ . . . wohua . . . wɔte ho asɛm . . . ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma.” Adapaade a ɛte saa a wodi ho dwuma daa no betumi anya wɔn so nkɛntɛnso bɔne ankasa.

Ɛwom sɛ polisifo yɛ nnwuma a ɛsom bo de, nanso ɛnte saa bere nyinaa. So yebetumi ahwɛ biribi pa bi kwan?

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔbɛfrɛɛ Britania polisifo no bobbifo, a na egyina Owura Robert (Bobby) Peel, onipa a ɔtee polisi adwuma no, din so.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

“So Britania Bobbifo Ho Nyɛ Nwonwa?”

Britaniafo ka aman a wodi kan a wotumi bɔɔ ka kɛse de buee polisi adwumakuw ankasa no ho. Ná wɔpɛ sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn man mu te sɛ wɔn keteke a na ɛyɛ adwuma wɔ bere ano no. Wɔ 1829 mu no, Ɔmanwoe Soafo, Owura Robert (Bobby) Peel, tumi danee Mmarahyɛ Bagua no ti ma wɔpenee so sɛ wommue Polisi Adwumakuw Wɔ London Kuropɔn Mu, a n’adwumayɛbea ti wɔ Scotland Yard. Esiane sɛ wɔsɔre tiaa asabow ne mmɔnten so kyakyatow mfiase no nti, na nkurɔfo ani nnye bobbifo no ho, nanso bere kɔɔ so no nkurɔfo ani begyee wɔn ho yiye.

Wɔ 1851 mu no, London de anigye too nsa frɛɛ wiase no sɛ wɔmmra Ɔyɛkyerɛ Kɛse bi ase mmɛhwɛ nkɔanim a Britania anya wɔ mfiridwuma mu. Asomdwoe a na ɛwɔ mmɔnten so, ne asanomfo, nguaman, ne akobɔfo a na wonni mmɔnten so no maa ahɔho a wɔkɔe no ho dwiriw wɔn. Polisifo a wɔyɛ nsi kyerɛɛ nnipadɔm no kwan, boa maa nsrahwɛfo no sesaa wɔn nneɛma, wɔboaa nkurɔfo ma wotwaa kwan mu, na wosoo mmea a wɔn mfe akɔ anim no nsa de wɔn kɔɔ kar mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Britaniafo ankasa ne ahɔho a wofi amannɔne no kae sɛ, “So Britania bobbifo ho nyɛ nwonwa?”

Wotumi siw nsɛmmɔnedi ano araa ma polisi panyin a na ɔwɔ Chester no susuwii wɔ 1873 mu sɛ bere bi bɛba a nsɛmmɔnedi befi hɔ koraa! Polisifo fii ase nso de kar faa ayarefo a wɔn yare mu yɛ den kɔɔ ayaresabea, na wɔyɛɛ odumgya nso ho nhyehyɛe. Wɔtew adɔe kuw a ɛbɛhwɛ de mpaboa ne ntade ama ahiafo. Ebinom tew mmarimaa akuw, a na wotutu akwan kɔhwɛ mmeaemmeae, na wɔyɛɛ akwamma ho nhyehyɛe.

Nokwarem no, Polisifo a na wɔyɛ foforo yi nso hyiaa ɔhaw wɔ teɛ a wɔbɛteɛ wɔn ho so wɔ dwowtwa ne ayayade ho no mu. Nanso polisifo dodow no ara nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛma asomdwoe aba a ɛnyɛ ɔhyɛ so. Wɔ 1853 mu no, na ɛsɛ sɛ polisifo a wɔwɔ Wigan, Lancashire, no di basabasayɛ bi a wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baabi a wotu sika ma ɛsɔree no ho dwuma. Polisi panyin kokodurufo bi a na ɔhwɛ polisifo du pɛ so no nam anifere kwan so poe sɛ ɔde adwumawura no atuo bedi dwuma. Nea ɛkyerɛkyerɛ su a ɔdaa no adi no mu ne krataa bi a Hector Macleod nsa kae wɔ 1886 mu bere a ɔno nso kɔyɛɛ polisini te sɛ ne papa no. Sɛnea wɔfa kaa asɛm wɔ The English Police mu no, ɛkae sɛ: “Sɛ woyɛ katirikatiri a, wohwere ɔmanfo mmoa . . . Misusuw ɔmanfo ho kan efisɛ woyɛ ɔman no somfo, wɔn na wɔde wo asi hɔ sɛ som wɔn mprempren, na w’asɛyɛde ne sɛ wobɛsɔ wɔn ani na woatie wo panyin nso asɛm.”

Hayden, Kuropɔn Mu Polisi Panyin bi a wagyae adwumayɛ, ka sɛ: “Wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn bere nyinaa sɛ yennya abotare efisɛ sɛ ebesi wo yiye wɔ polisi adwuma no mu a, ehia ma ɔmanfo mmoa. Ná yɛn aporibaa no yɛ biribi a etwa to koraa a yɛde di dwuma, na na polisifo dodow no ara mfa nni dwuma mpo bere tenten a wɔde tra adwuma mu no nyinaa.” Ade foforo nso a ɛmaa Britania bobbifo no nyaa din pa ne TV so dwumadi bi a woyi toatoaa so mfe 21, a na ɛfa polisini nokwafo bi a onim obiara a ohyia no wɔ ne dwumadi mu, Dixon of Dock Green, ho no. Ɛda adi sɛ ɛhyɛɛ polisifo nkuran sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔanya din a ɛte saa, nanso nokwarem no, ɛhyɛɛ Britaniafo nkuran maa wonyaa polisifo ho dɔ.

Nneyɛe a na ɛda adi wɔ Britania no sakrae wɔ 1960 mfe no mu, na ahantan su a ɛbaa ɔman no mu maa wobenyaa polisifo ho adwenkyea afei. Dwowtwa ne abusua mu nyiyim a wɔbɔ amanneɛ sɛ na polisifo da no adi no sɛee din pa a wokura no wɔ 1970 mfe no mu, ɛmfa ho mmɔden a wɔbɔe sɛ ɔmanfo bɛtaa wɔn akyi wɔ mpɔtam wɛn nhyehyɛe no mu no. Nnansa yi ara, wɔ sobo bebrebe a na wɔbɔ Polisifo sɛ wɔyɛ abusua nyiyim na wɔhyehyɛ atosɛm de bu nkurɔfo fɔ akyi no, polisi adwuma no abɔ mmɔden a edi mu sɛ wɔn nneyɛe betu mpɔn.

[Asɛm Fibea]

Atifi hɔ mfonini: http://www.constabulary.com

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]

So Anwonwade Asi New York?

Sɛ polisifo bɔ mmɔden titiriw bi a, biribi pa betumi afi mu aba. Ná wofi bere tenteenten nim New York sɛ wiase nkuropɔn a emu yɛ hu sen biara no biako, na eduu 1980 mfe no awiei no, na ɛte sɛ nea polisifo a wɔn abam abu no ntumi nni nsɛmmɔnedi ho dwuma bio. Sikasɛm mu ahokyere hyɛɛ kuropɔn mu amrado no ma ɔde ne nsa too nkurɔfo akatua so, na ɔtew polisifo dodow so. Nnubɔne tɔnfo hyɛn kuropɔn no mu, na eyi de basabasayɛ a emu yɛ den baa hɔ. Ná wɔn a wɔte kuropɔn no mu pɛɛ no te atuo nka bere a wɔrekɔda no. Mmusua ntam basabasayɛ akɛse sii hɔ wɔ 1991 mu, na polisifo ankasa yɛɛ ɔyɛkyerɛ dennen bi de daa wɔn haw adi.

Nanso, polisi panyin foforo bi ani gyee ho sɛ ɔbɛhyɛ n’apolisifo nkuran, na ɔne wɔn hyiaam daa de hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so ayɛ adwuma wɔ ɔmansin biara mu. James Lardner ne Thomas Reppetto kyerɛkyerɛ mu wɔ wɔn nhoma NYPD mu sɛ: “Polisi mpanyimfo a wɔhwehwɛ mmaratofo nsɛm mu anaasɛ wɔyɛ Asoɛe a Edi Nnubɔne Ho Dwuma mpanyimfo no yɛ nkurɔfo a na amansin mu mpanyimfo kenkan wɔn ho nsɛm wɔ atesɛm krataa mu nanso na ɛyɛ den sɛ wobehu wɔn. Afei wɔn nyinaa boom traa ase susuw nneɛma ho nnɔnhwerew pii.” Nsɛmmɔnedi so fii ase tewee koraa. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ nnipakum so tewee nkakrankakra fii 2,000 wɔ 1993 mu beduu 633 wɔ 1998 mu—nea esua sen biara wɔ mfe 35 mu. New Yorkfo susuwii sɛ ɛyɛ anwonwade. Nsɛmmɔnedi ho amanneɛbɔ so tew ɔha mu 64 wɔ mfe awotwe a etwaam no mu.

Ɛyɛɛ dɛn na wotumi nyaa mpɔntu a ɛte saa? The New York Times a ɛbaa January 1, 2002 no kyerɛe sɛ ade titiriw biako a ɛma wotumi nyaa saa mpɔntu no ne Compstat, “kɔmputa so nhyehyɛe bi a wɔde hu nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so, a ɛno mu no, wɔhwehwɛ ɔmansin biara kyerɛwtohɔ mu dapɛn biara de hu ɔhaw ahorow di ho dwuma ntɛm bere a ɛsɔre no.” Kan polisi panyin Bernard Kerik kae sɛ: “Na yɛhwɛ mmeae a nsɛmmɔnedi rekɔ so no, nea enti a nsɛmmɔnedi no rekɔ so, na afei yɛama dɔm no [polisifo] akɔ saa mmeae no, na na yɛma wɔn nneɛma a wɔde bɛhwɛ ahu sɛ wɔde wɔn adwene asi saa mmeae no so. Ɛno ne kwan a yɛnam so tew nsɛmmɔnedi so.”

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Japan polisifo adwumayɛbea bi

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Polisifo a wɔhwɛ di kar nkyereso ho dwuma wɔ Hong Kong

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Dɔm bi a wɔredi wɔn ho dwuma wɔ Engiresi bɔɔlbɔ bi ase

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Polisifo adwuma no bi ne sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔahyia akwanhyia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena