Bible no Adwene
So Ɛsɛ sɛ Wɔbɔ Wo Asu Bio?
NÁ LUCILA ayɛ basaa. Ɛwom sɛ wɔtetee no wɔ Katolek asɔre mu de, nanso ná ɛnkyɛe na n’adamfo bi a ɔnyɛ Katolekni ne no fii Bible adesua ase denneennen. Ná otumi hu sɛ sɛnea Bible ka asubɔ ho asɛm no yɛ soronko wɔ amanne a wɔyɛɛ no wɔ ne mmofraberem no ho. Ofi komam bisae sɛ: “So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ me asu foforo? Misuro sɛ saa a mɛyɛ no bɛma Onyankopɔn bo afuw.”
Wɔde nsu petepetee nnipa ɔpepehaha pii a wɔyɛ Katolekfo ne Protestantfo nyinaa so anaa wohwie guu wɔn so wɔ wɔn mmofraberem de yɛɛ asubɔ ho amanne. Wɔnam nsu mu a wɔde afoforo ɔpepem pii hyɛe bere a na wɔanyinyin kakra no so bɔɔ wɔn asu. Eyi ma asemmisa yi sɔre sɛ, Dɛn ankasa ne Kristofo asubɔ? So tebea horow bi betumi ama abehia sɛ wɔbɔ obi asu bio?
Pocket Catholic Dictionary kyerɛ asubɔ ase sɛ “adommenade a wɔnam nsu ne Onyankopɔn asɛm so tew obi ho fi bɔne nyinaa ho na wɔwo no foforo, dwira no ho wɔ Kristo mu kɔ asetra a enni awiei mu.” Saa nhoma no ara ka asu a wɔbɔ obi bio ho asɛm sɛ “asubɔ ma ɔkra no agyiraehyɛde bi a wontumi mpopa na ɛkyerɛ sɛ obi ntumi mmɔ asu bio, efisɛ ɛho nhia sɛ ɔyɛ saa.” So eyi na Bible no ka?
Monyɛ Asuafo na Mommɔ Wɔn Asu
Yɛkenkan ahyɛde a ɛfa asubɔ ho a Kristo a wɔanyan no de maa n’asuafo ansa na ɔrekɔ soro no ho asɛm wɔ Mateo 28:19, 20. “Enti, monkɔ, monyɛ amanaman no nyinaa asuafo; mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni ahyɛde ahorow a mede ama mo no nyinaa so.” (The Jerusalem Bible) Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu ne Kristofo asuafo—wɔn a wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni Kristo ahyɛde ahorow so no—na ɛnyɛ nkokoa.a Eyi ne nokwasɛm a ɛne sɛ wɔn a Kyerɛwnsɛm no kaa wɔn asubɔ ho asɛm nyinaa yɛ asuafo, a adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ wɔde wɔn hyɛɛ nsu mu korakora no hyia. Ɛda adi sɛ ɛno ne ɔkwan a Yohane Osuboni faa so bɔɔ Kristo Yesu ankasa asu. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ wɔbɔɔ Yesu asu wiee no, “ofii adi fii nsu no” a ɛne Yordan Asubɔnten no mu. (Mateo 3:16, JB) Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ Yohane de ahwɛyiye paw mmeae a ɔbɔɔ nkurɔfo asu no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nsu pii wɔ hɔ.—Yohane 3:23.
Akyiri yi bere a Bible no reka Etiopiani piani no asubɔ ho asɛm no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ “Filipo ne piani no sian kɔɔ nsu no mu na ɔbɔɔ no asu,” na ɛno akyi no, “wofii adi fii nsu no mu.” (Asomafo no Nnwuma 8:38, 39, The New American Bible) Saa asubɔ ahorow a wɔde nnipa no hyɛɛ nsu mu no ne ntease a Hela asɛmfua a wonyaa Engiresi asɛmfua “baptism” fii mu a ɛne ba·ptiʹzo, “sɛ́ wɔbɛbɔ asu,” a efi baʹpto a n’asekyerɛ ne “sɛ́ wɔde bɛhyem anaa wɔde bɛhyɛ ase” mu no hyia.
Nkurɔfo a Wonyaa Asubɔ Foforo Ho Kyerɛwsɛm mu Kyerɛwtohɔ
Na nnipa ɔpepem pii a wɔbɔɔ wɔn asu bere a na wɔyɛ nkokoa anaa wɔamfa wɔn anhyɛ nsu mu korakora no nso ɛ? So ebetumi ayɛ nea ɛfata sɛ wɔbɔ wɔn asu bio? Asɛm bi a esii a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 19:1-7 boa yɛn ma yebua nsemmisa yi. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ afe 52 anaa 53 Y.B. mu awɔw bere mu na ɔsomafo Paulo kɔsraa Efeso kurow a na ɛwɔ Asia Kumaa a na yiyedi wom no. Ɛhɔ na ohuu asuafo bi a na ehia sɛ wɔbɔ wɔn asu bio. Bere a Paulo hui sɛ Yohane asubɔ na wɔde bɔɔ saa mmarima yi asu no, ɔbɔɔ wɔn asu bio “hyɛɛ Awurade [Yesu] din mu.” Wante nka sɛ saa a ɔbɛyɛ no bɛhyɛ Onyankopɔn abufuw. Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn penee Paulo adwene no so, na sɛ́ anka Onyankopɔn bo befuw sɛ wɔabɔ wɔn asu bio no, ɔde honhom kronkron akyɛde no kyerɛe sɛ ɔpene so.
Sɛ mmarima 12 no pow Paulo nkyerɛkyerɛ a ɛfa sɛnea asubɔ te ne sɛnea Mesia, Kristo Yesu ho hia ho no a, akyinnye biara nni ho sɛ anka Paulo remmɔ wɔn asu. Nea edi kan no, ná ɛsɛ sɛ mmarima no fata ma asubɔ. Ɛno nkutoo ansa na na wobetumi abɔ wɔn asu bio ama Onyankopɔn apene so.
Nea Ɛbɛyɛ na Obi Afata Asubɔ
Ɔkwan bɛn na yɛnam so fata ma asubɔ? Susuw nnipakuw a wɔbɔɔ wɔn asu afe 33 Y.B. mu. Pentekoste da no ho. Ɔkwan bɛn na wɔnam so fatae? Nea edi kan no, sɛ́ Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo no, na wɔwɔ Yehowa Nyankopɔn, ɔkwan a ɔfa so ne nnipa di, ne Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa ne Mesia a wahyɛ ne ho bɔ ho no ho nimdeɛ pii dedaw. Afei nso, bere a ɔsomafo Petro nam honhom so dii adanse saa da no, wonyaa nokware nimdeɛ foforo. Dɛn na efii mu bae?
“Wɔtee eyi no, ɛwowɔɔ wɔn komam, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafo a aka no sɛ, ‘Anuanom, yɛnyɛ dɛn?’ Petro buae sɛ, Monsakra mo adwene, na mo mu biara mma wɔmmɔ no asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri, na mubenya Honhom Kronkron akyɛde no.’” (Asomafo no Nnwuma 2:37, 38, JB) Hyɛ no nsow sɛ na Petro adansedi no nyɛ aniani. “Ɔde tidan nsɛm pii ne wɔn kasae bere tenten.” Wɔne no bɛyɛɛ adwene wɔ nea ɔne wɔn susuw ho no ho, na wogyee nea ɔkae no toom ma wɔbɔɔ wɔn asu. “Saa da no ara wɔde nnipa bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.”—Asomafo no Nnwuma 2:40, 41, JB.
Wɔhwehwɛ nneɛma koro yi ara wɔ asubɔ ho nnɛ na ama ɛne Kyerɛwnsɛm no ahyia: (1) nokware nimdeɛ, (2) ahonu a efi komam, ne (3) adwensakra, anaa bata a obi bɛbata Onyankopɔn ho na watwe ne ho afi “awo ntoatoaso kɔntɔnkye yi” ho. Afei nso, ɛsɛ sɛ asubɔ a ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia yɛ nea wɔbɔ no “Yesu Kristo din mu,” kyerɛ sɛ, nea egyina n’agyede afɔrebɔ no a obi begye atom sɛ ɛno na ɛde bɔne fafiri ba ne brɛ a ɔbɛbrɛ ne ho ase ama no sɛ onii a Onyankopɔn de no asi hene so.—Asomafo no Nnwuma 2:40, JB; Romafo 5:12-19; 7:14-25.
Ɛnsɛ sɛ nnipa komapafo a wɔnam Kyerɛwnsɛm no so fata ma asubɔ no suro sɛ, sɛ wɔbɔ wɔn asu bio a, ɛbɛhyɛ Onyankopɔn abufuw. Nea ɛne no bɔ abira no, asubɔ a ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia a nnipa a wɔfata gye no ma Onyankopɔn ani gye.
[Ase hɔ asɛm]
a Wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ asɛm “Asubɔ—So Ɛyɛ Nkokoa De?” a ɛwɔ October 8, 1986, Awake! mu no.