Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 110
  • Dɛn Ne Asubɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Asubɔ?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Asubɔ kyerɛ sɛn?
  • Nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu no, dɛn na Bible ka fa ho?
  • Bible ka sɛ wɔmmɔ obi asu wɔ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron din mu a, ɛkyerɛ sɛn?
  • Sɛ wɔabɔ obi asu dedaw, na wɔsan bɔ no asu bio a, ɛyɛ bɔne anaa?
  • Asubɔ afoforo a ɛho nsɛm wɔ Bible mu
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • So Ɛsɛ sɛ Wɔbɔ Wo Asu Bio?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 110
Wɔrebɔ aberante bi asu.

Dɛn Ne Asubɔ?

Nea Bible ka

Asubɔ kyerɛ sɛ wɔde obi bɛhyɛ nsu mu ma nsu no akata no so koraa.a Wɔaka asubɔ pii ho asɛm wɔ Bible mu. (Asomafo Nnwuma 2:41) Emu baako ne Yesu a wɔbɔɔ no asu no. Wɔde no hyɛɛ Asubɔnten Yordan mu, anaa wɔbɔɔ no asu wɔ nsu no mu. (Mateo 3:13, 16) Mfe bi akyi no, wɔbɔɔ Etiopiani barima bi asu wɔ “nsu bi” mu. Ná nsu no bɛn ɔkwan a ɔbarima no nam so retu kwan no ho.—Asomafo Nnwuma 8:36-40.

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ n’akyidifo anaa n’asuafo ma wɔbɔ wɔn asu. (Mateo 28:19, 20) Ɔsomafo Petro nso sii saa asɛm yi so dua.—1 Petro 3:21.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

  • Asubɔ kyerɛ sɛn?

  • Nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu no, dɛn na Bible ka fa ho?

  • Bible ka sɛ wɔmmɔ obi asu wɔ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron din mu a, ɛkyerɛ sɛn?

  • Sɛ wɔabɔ obi asu dedaw, na wɔsan bɔ no asu bio a, ɛyɛ bɔne anaa?

  • Asubɔ afoforo a ɛho nsɛm wɔ Bible mu

  • Atosɛm a nkurɔfo keka fa Kristofo asubɔ ho

Asubɔ kyerɛ sɛn?

Asubɔ yɛ biribi a obi yɛ wɔ baguam. Ɔyɛ saa de kyerɛ sɛ, wanu ne ho wɔ ne bɔne ho, na ofi ne komam ahyɛ Onyankopɔn bɔ sɛ, ɔbɛyɛ n’apɛde. Sɛ obi bɔ asu a, nea ɔrekyerɛ nso ne sɛ, obetie Onyankopɔn ne Yesu bere nyinaa wɔ biribiara a ɔyɛ wɔ n’asetenam. Sɛ obi bɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ wasi ɔkwan a ɛbɛboa no ama wanya daa nkwa no so.

Sɛ wɔrebɔ obi asu, na wɔde no hyɛ nsu mu ma nsu no kata ne so koraa a, ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛfata sɛ onipa no asakra n’abrabɔ. Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ Bible de asubɔ toto sie a wɔsie obi a wawu ho. (Romafo 6:4; Kolosefo 2:12) Sɛ wɔrebɔ obi asu, na wɔde no hyɛ nsu mu ma nsu no kata ne so a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, abrabɔ a na ɔwɔ mu kan no, wagyaw ne nyinaa wɔ nsu no ase ma ayɛ sɛ nea wawu no. Ofi nsu no mu pue a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wabɛyɛ Kristoni a wahyira ne ho so, na wafi abrabɔ foforo ase.

Nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu no, dɛn na Bible ka fa ho?

Bible nka nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu ho asɛm.b Ɛnka wɔ baabiara nso sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkokoaa asu.

Wɔreto akokoaa bi din; ɔsɔfo bi rehwie nsu agu akokoaa no ti so de abɔ no asu.

Nkokoaa a wɔbɔ wɔn asu ne nea Bible ka nhyia. Bible kyerɛkyerɛ sɛ, nneɛma bi wɔ hɔ a ehia sɛ obi yɛ ansa na wafata sɛ wɔbɔ no asu. Ebi ni: Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ onipa no te Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no ase, na ɔyɛ obi a ɔde saa nkyerɛkyerɛ no rebɔ ne bra. Ɛsɛ sɛ onii no yɛ obi a wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Afei nso, wabɔ mpae aka akyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔde ne ho ama no koraa sɛ ɔmfa no nyɛ nea ɔpɛ. (Asomafo Nnwuma 2:38, 41; 8:12) Akokoaa rentumi nyɛ wei mu biara.

Bible ka sɛ wɔmmɔ obi asu wɔ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron din mu a, ɛkyerɛ sɛn?

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Yesu kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔbɔ obi asu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron “din mu.” Saa asɛm no kyerɛ tumi a Agya ne Ɔba no wɔ, ne dwuma a wɔn mu biara di. Ɛsɛ sɛ onipa a ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu no te saa asɛm no ase na ogye tom. Afei, adwuma a Onyankopɔn honhom kronkron yɛ no nso, ɛsɛ sɛ onipa no te ase na ogye tom. Nhwɛso bi ni: Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ɔbarima bi a wɔwoo no na ɔnnantewee da sɛ: “Nasaretni Yesu Kristo din mu, nantew!” (Asomafo Nnwuma 3:6) Nea Petro kae no ma asɛm no mu da hɔ fann. Petro gye toom sɛ, Kristo wɔ tumi, na ɔkyerɛe sɛ, Kristo na ɔma otumi saa ɔbarima no yare anwanwakwan so.

  • “Agya” no ne Yehowac Nyankopɔn. Esiane sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, yɛn Nkwamafo, ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nti, ɔno na ɔyɛ tumi nyinaa wura.—Genesis 17:1; Adiyisɛm 4:11.

  • “Ɔba” no ne Yesu Kristo; ɔno na owu maa yɛn. (Romafo 6:23) Onyankopɔn wɔ nhyehyɛe ma adasamma, na Yesu di akoten wɔ saa nhyehyɛe no mu. Enti sɛ yebenya daa nkwa a, adwuma a Yesu yɛ wɔ saa nhyehyɛe no mu no, gye sɛ yɛte ase, na yegye tom.—Yohane 14:6; 20:31; Asomafo Nnwuma 4:8-12.

  • “Honhom kronkron” no yɛ Onyankopɔn tumi a ɛreyɛ adwuma.d Onyankopɔn de honhom kronkron na ɛbɔɔ nneɛma, na ɛno so na ɔnam de nkwa maa n’abɔde. Honhom kronkron no so na ɔnam de n’asɛm maa n’adiyifo ne nnipa foforo, na ɛno ara nso na ɔnam so maa wɔn tumi ma wɔde yɛɛ n’apɛde. (Genesis 1:2; Hiob 33:4; Romafo 15:18, 19) Onyankopɔn nam ne honhom kronkron no so nso na ɛmaa nnipa bi kyerɛw ne tirim nsɛm wɔ Bible mu.—2 Petro 1:21.

Sɛ wɔabɔ obi asu dedaw, na wɔsan bɔ no asu bio a, ɛyɛ bɔne anaa?

Nnipa pii na wɔtaa fi asɔre anaa ɔsom a wɔwom kɔ foforo mu. Na sɛ wɔbɔɔ wɔn asu wɔ asɔre a na wɔkɔ no mu nso ɛ? Sɛ wɔma wɔsan bɔ wɔn asu bio a, wɔayɛ bɔne anaa? Ebinom ka sɛ aane. Ebia asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:5 no nti na wɔka saa. Ɛhɔ ka sɛ: “Yɛwɔ Awurade baako, gyidi baako, asubɔ baako.” Nanso, saa kyerɛwsɛm yi nkyerɛ sɛ, sɛ obi abɔ asu a, wɔrentumi nsan mmɔ no asu bio. Adɛn ntia?

Efesofo 4:5 ho nsɛm. Yɛhwɛ asɛm a na ɔsomafo Paul reka wɔ Efesofo ti 4 no a, na ɔrekyerɛ hia a ehia sɛ nokware Kristofo nya adwene baako wɔ nea wɔgye di ho. Ɛno na ɛma ɔkaa asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:5 no. (Efesofo 4:1-3, 16) Sɛ nokware Kristofo betumi ayɛ baako a, gye sɛ wɔdi Awurade baako a ɔne Yesu Kristo akyi. Ná ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa nya gyidi baako, anaa ntease baako wɔ nea Bible kyerɛkyerɛ ho. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa di Bible akwankyerɛ a ɛma obi fata sɛ wɔbɔ no asu no so.

Ɔsomafo Paul hyɛɛ ebinom a na wɔabɔ asu dedaw nkuran sɛ wɔmma wɔmmɔ wɔn asu bio. Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, saa nkurɔfo no ante Kristosom nkyerɛkyerɛ ase yiye na wɔma wɔbɔɔ wɔn asu.—Asomafo Nnwuma 19:1-5.

Nea ɛfata sɛ obi gyina so bɔ asu. Ɛsɛ sɛ obi sua Bible na onya nokware nimdeɛ ansa na wabɔ asu. Sɛ ɔyɛ saa a na Onyankopɔn begye n’asubɔ no atom. (1 Timoteo 2:3, 4) Sɛ ɔsom mu nkyerɛkyerɛ a ɛne Bible nhyia na obi gyinaa so bɔɔ asu a, ɛnde Onyankopɔn rennye saa asubɔ no ntom. (Yohane 4:23, 24) Ebia koma pa na onipa no de bɔɔ asu, nanso na “ɛnyɛ nokware nimdeɛ” na ɔde yɛɛ saa. (Romafo 10:2) Sɛ Onyankopɔn begye no atom a, ebehia sɛ osua Bible mu nsɛm, ɔde nea ɔresua no bɔ ne bra, ohyira ne nkwa so ma Onyankopɔn, na ɔma wɔbɔ no asu bio. Sɛ ɛba saa a, ɛnde sɛ ɔma wɔsan bɔ no asu a, ɛnyɛ bɔne. Nokwasɛm ne sɛ, ɔyɛ saa a, afei mmom na na wayɛ adepa.

Asubɔ afoforo a ɛho nsɛm wɔ Bible mu

Bible ka asubɔ afoforo bi nso ho nsɛm. Saa asubɔ ahorow no de, ɛnte sɛ nea wɔbɔ Kristo akyidifo wɔ nsu mu no. Ebi na edidi so yi.

Yohane Suboni bɔɔ nkurɔfo asu.e Yohane bɔɔ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no asu. Wɔn asubɔ no, na ɛkyerɛ sɛ, wɔanu wɔn ho wɔ bɔne a wɔayɛ atia Mose Mmara, anaa mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa Israelfo no ho. Yohane asubɔ no siesiee nkurɔfo no adwene, sɛnea ɛbɛyɛ a Mesia no, Yesu a ofi Nasaret no ba a, wɔbehu no, na wɔagye no atom.—Luka 1:13-17; 3:2, 3; Asomafo Nnwuma 19:4.

Wɔbɔɔ Yesu asu. Yohane Suboni bɔɔ Yesu asu. Ná saa asubɔ no yɛ soronko. Ná bɔne nni Yesu ho, na wanyɛ bɔne biara nso da. (1 Petro 2:21, 22) Enti, na ɛnyɛ adwensakra nti na wɔbɔɔ Yesu asu, na saa ara nso na ɛnyɛ “adesrɛ a yɛde to Onyankopɔn anim de bisa ahonim pa” nti na wɔbɔɔ no asu. (1 Petro 3:21) Mmom, na ɔde ne ho rema Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛ Mesia, anaa Kristo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Onyankopɔn apɛde a Yesu bɛyɛ no, nea na ɛka ho bi ne sɛ obewu ama yɛn.—Hebrifo 10:7-10.

Yohane Suboni rebɔ Yesu asu.

Wɔde honhom kronkron bɔ ebinom asu. Yohane Suboni no ne Yesu Kristo nyinaa kaa honhom kronkron a wɔde bɔ obi asu ho asɛm. (Mateo 3:11; Luka 3:16; Asomafo Nnwuma 1:1-5) Ɛsono saa asubɔ no, ɛnna ɛsono sɛ wɔrebɔ obi asu wɔ honhom kronkron din mu. (Mateo 28:19) Adɛn ntia?

Yesu akyidifo kakraa bi pɛ na wɔde honhom kronkron bɔ wɔn asu. Wɔde honhom kronkron sra saa nkurɔfo no, efisɛ wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛka Kristo ho wɔ soro na wɔne no nni asaase so tumi sɛ ahemfo ne asɔfo.f (1 Petro 1:3, 4; Adiyisɛm 5:9, 10) Nkurɔfo a wɔbedi wɔn so tumi no, wɔn ne Yesu akyidifo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ Paradise asaase so no.—Mateo 5:5; Luka 23:43.

Wɔbɔ ebinom asu kɔ Kristo Yesu ne ne wu mu. Sɛ wɔde honhom kronkron bɔ obi asu a, ɛkyerɛ sɛ ‘wɔabɔ no asu akɔ Kristo Yesu mu’ nso. (Romafo 6:3) Enti saa asubɔ yi, ɛfa Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ho. Wɔn na wɔne Yesu bedi ade wɔ soro. Sɛ wɔbɔ obi asu kɔ Yesu mu a, na onii no abɛka Yesu asafo a wɔasra emufo no ho. Yesu ne saa asafo no Ti, na saa asafo no mufo ne asafo no nipadua.—1 Korintofo 12:12, 13, 27; Kolosefo 1:18.

Kristofo a wɔasra wɔn no, ‘wɔbɔ wɔn asu kɔ Yesu wu mu’ nso. (Romafo 6:3, 4) Kristofo a wɔasra wɔn no suasua Yesu. Yesu anyɛ nea ɔno ara pɛ, na mmom ɔde biribiara guu nkyɛn yɛɛ Onyankopɔn apɛde, na wannya adwene sɛ ɔbɛtena ase daa wɔ asaase so. Saa ara na Kristofo a wɔasra wɔn no nso te. Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no wu na wɔnyan wɔn ma wɔkɔ soro kɔyɛ sɛ abɔfo a, sɛnkyerɛnne kwan so no, na wɔawie asu a wɔbɔ wɔn kɔ Yesu wu mu no.—Romafo 6:5; 1 Korintofo 15:42-44.

Wɔde ogya bɔ ebinom asu. Yohane Suboni no ka kyerɛɛ nkurɔfo a na wɔretie asɛm a ɔreka no sɛ: “Ɔno [kyerɛ sɛ, Yesu,] na ɔde honhom kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu. Ne sofi a ɔde huw hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu adekoradan mu, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.” (Mateo 3:11, 12) Hyɛ no nsow sɛ, ɛsono ogya a wɔde bɔ obi asu, ɛnna ɛsono honhom kronkron a wɔde bɔ obi asu. Mfatoho a Yohane de mae no, na ɔde rekyerɛ dɛn?

Hwiit no gyina hɔ ma nkurɔfo a wɔbetie Yesu asɛm na wɔde ayɛ adwuma. Saa nkurɔfo no na wɔbetumi de honhom kronkron abɔ wɔn asu. Ntɛtɛwa no nso gyina hɔ ma nkurɔfo a wɔrentie Yesu asɛm. Wɔn na wɔde ogya bɛbɔ wɔn asu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛsɛe wɔn afebɔɔ.—Mateo 3:7-12; Luka 3:16, 17.

Atosɛm a nkurɔfo keka fa Kristofo asubɔ ho

Atosɛm: Sɛ wɔrebɔ obi asu, na wɔamfa no anhyɛ nsu mu amma nsu no ankata ne so, na wɔde nsu petepete ne so, anaa wɔhwie nsu gu ne so kɛkɛ mpo a, esi hɔ ara.

Nokwasɛm: Asubɔ a Bible ka ho asɛm nyinaa, emu biara, wɔde nnipa no hyɛɛ nsu mu maa nsu no kataa wɔn so koraa. (Mateo 3:13, 16; Asomafo Nnwuma 8:36-39) Wɔn mu biara nni hɔ a wɔde nsu petepetee ne so kɛkɛ.g Sɛ wɔrebɔ obi asu, na wɔde no hyɛ nsu mu ma nsu no kata ne so a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, abrabɔ a na ɔwɔ mu kan no, wagyaw ne nyinaa wɔ nsu no ase ma ayɛ sɛ nea wawu no. Sɛ ofi nsu no mu pue a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, afei de wabɛyɛ Onyankopɔn somfo a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn, a ɔrefi abrabɔ foforo ase. Sɛ wɔde nsu gu obi so anaa wɔde petepete ne so kɛkɛ a, ɛno de, ɛnkyerɛ hwee.

Atosɛm: Bible ka sɛ wɔbɔɔ obi a ɔhwɛ afiase wɔ Filipi ne ‘ne fiefo nyinaa asu.’ Wei kyerɛ sɛ, wɔbɔɔ nkokoaa nso asu.—Asomafo Nnwuma 16:25, 31-34.

Nokwasɛm: Ade baako ne sɛ, nkurɔfo a wɔbɔɔ wɔn asu saa bere no, Bible anka mfe a na wɔn mu biara adi. Ade foforo nso ne sɛ, ansa na wɔrebɔ nea ɔhwɛ afiase hɔ ne ne fiefo asu no, wɔkaa “Yehowa asɛm no” kyerɛɛ wɔn ma wɔgye toom. (Asomafo Nnwuma 16:31, 32, 34) Ɛno kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nyinaa anyinyin ma enti wɔtumi tee Onyankopɔn ne Awurade Yesu ho asɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

a Nhoma bi kyerɛ sɛ, Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “asubɔ” no kyerɛ sɛ, obi besi nsu mu, wɔde no bɛhyɛ nsu mu ama nsu no akata ne so koraa, na afei wafi nsu no mu apue.—Vine’s Complete Expository Dictionary of Old and New Testament Words.

b Nkokoaa “asubɔ” yɛ amanne a nsɔre ahorow bi yɛ. Sɛ wɔreyɛ amanne no a, wɔtumi to nkokoaa no din, na afei wɔde nsu petepete nkokoaa no ti so, anaa wɔhwie nsu gu wɔn ti so de bɔ wɔn asu.

c Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yehowa?”

d Hwɛ asɛm a yɛato din, “Dɛn Ne Honhom Kronkron?”

e Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hena Ne Yohane Suboni?”

f Hwɛ asɛm a yɛato din, “Henanom Na Wɔkɔ Soro?”

g Bible san ka sɛ, akwan a na wɔfa so tew nneɛma a na wɔde som Yehowa no bi ho nso yɛ “asubɔ.” Saa nneɛma no, ebi ne nkyɛnsee a na wɔde hyɛ nsu mu ma nsu no kata so. (Marko 7:4; Hebrifo 9:10) Nanso, ɛsono saa asubɔ yi, ɛnna ɛsono nea wɔde Yesu ne n’akyidifo hyɛ nsu mu ma ɛkata wɔn so koraa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena