Bible no Adwene
Bere Nyinaa na Ɛyɛ Mfomso sɛ Obi Bo Befuw Anaa?
“ABUFUW yɛ bere tiaa mu adammɔ.” Saa na Romani anwensɛm kyerɛwfo Horace kae wɔ adwene a nnipa pii wɔ wɔ nnipa nkate horow a ano yɛ den sen biara no biako ho. Ɛmfa ho sɛ ɛnyɛ obiara na ogye tom sɛ abufuw yɛ bere tiaa mu adammɔ no, nnipa pii bu no sɛ enye koraa. Wɔ afeha a ɛto so asia Y.B. mu tɔnn no, Katolek nkokorafo kyerɛwee “bɔne a anibere wom ason” ho nhoma a agye din no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ abufuw ka ho.
Ɛnyɛ den sɛ wubehu nea enti a na wɔte nka saa. Bible no se: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ.” (Dwom 37:8) Afei nso ɔsomafo Paulo tuu Efeso asafo no fo sɛ: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.”—Efesofo 4:31.
Nanso, ebia wubebisa sɛ, ‘So ɛno ara ne nea Bible no ka fa abufuw ho? Anyɛ yiye koraa no, so Paulo nso anhyɛ nkɔm sɛ saa “nna a edi akyiri” a yɛwɔ mu yi bɛyɛ “mmere a emu yɛ den”?’ (2 Timote 3:1-5) So Onyankopɔn hwɛ kwan ankasa sɛ yɛbɛtra ase wɔ saa mmere a nnipa yɛ ‘keka, wɔmpɛ papa, wonni dɔ’ yi mu—a yɛn bo mfuw kakra mpo?
Adwene a Ɛkari Pɛ
Bible no nka abufuw ho asɛm te sɛ nea ɛso di yɛ mmerɛw. Sɛ́ nhwɛso no, hyɛ Paulo nsɛm a ɛwɔ Efesofo 4:26 yi nsow: “Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne!” Sɛ abufuw biara yɛ “bɔne a anibere wom” a ɛfata daa asotwe a, anka saa nkyekyem yi asete bɛyɛ den yiye.
Paulo faa Dwom 4:4 mu asɛm a ɛkenkan sɛɛ yi kae sɛ: ‘Mo bo nhuru, na monnyɛ bɔne!’ Sɛnea Vine’s Expository Dictionary of Biblical Words kyerɛ no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “mo bo nhuru,” ra·ghazʹ, kyerɛ “nkate a emu yɛ den a ɛkanyan obi.” Nanso ɛyɛ dɛn nkate? Abufuw anaa? Wɔ Septuagint no mu no, wɔkyerɛɛ ra·ghazʹ ase wɔ Dwom 4:4 ase sɛ “mo bo mfuw,” na ɛda adi sɛ ɛno na na Paulo kyerɛ wɔ ha.
Dɛn nti na Bible no betumi ama abufuw bi ho kwan? Efisɛ ɛnyɛ abufuw nyinaa na enye. Adwene a ɛte sɛ nea Bible nhoma kyerɛwfo bi kaa ho asɛm sɛ, “onipa abufuw nteɛ ɔkwan biara so, na wɔmma hokwan da” no nnyina Kyerɛwnsɛm so. Bible nhoma kyerɛwfo R. C. H. Lenski kaa Efesofo 4:26 ho asɛm yiye sɛɛ: “Abrabɔ nnyinasosɛm biara a ɛbara abufuw biara, na ɛhwehwɛ kommyɛ korakora wɔ tebea biara mu no yɛ Stoafo adeyɛ, ɛnyɛ Kristofo adeyɛ.” Saa ara na Ɔbenfo William Barclay kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ abufuw ba Kristofo asetra mu, nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ abufuw a ɛteɛ.” Nanso dɛn ne “abufuw a ɛteɛ”?
Abufuw a Ɛteɛ
Bere a abufuw nka Yehowa su atitiriw no ho no, Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm mpɛn pii sɛ ɔfa abufuw na ɔda n’abufuw adi. Nanso nneɛma abien nti, n’abufuw teɛ bere nyinaa. Nea edi kan ne sɛ, ne bo mfuw a ntease pa biara nnim da. Na nea ɛto so abien no, ɔda n’abufuw adi wɔ ɔkwan a ɛfata na ɛteɛ so, na odi ne ho so bere nyinaa.—Exodus 34:6; Dwom 85:3.
Bɔne a wɔhyɛ da yɛ hyɛ Yehowa abufuw. Sɛ́ nhwɛso no, ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ sɛ wosisi mmea ne mmofra a wontumi mmɔ wɔn ho ban a, ‘tie na obetie’ saafo no. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: ‘M’abufuw ano bɛyɛ den.’ (Exodus 22:22-24; fa toto Mmebusɛm 21:13 ho.) Te sɛ n’Agya no, na Yesu fi komam wɔ ayamhyehye ma mmofra. Bere bi a n’akyidifo a wonni adwemmɔne biara no bɔɔ mmɔden sɛ wɔmma mmofra bi kwan mma wɔmma ne nkyɛn no, “Yesu bo fuwii” na ɔbam mmofra no. (Marko 10:14-16, New World Translation.) Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow no, mfiase no, na Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase ‘abufuw’ no kyerɛ “honam fam yaw anaa ɔhaw.” Ná ɔwɔ nkate a emu yɛ den ankasa!
Saa ara na trenee abufuw kanyan Yesu wɔ ne komam bere a ohui sɛ aguadifo ne sika sesafo adan n’Agya asɔrefie hɔ “adwowtwafo tu” no. Ɔkaa wɔn apon butuwii, na ɔpam wɔn fii hɔ! (Mateo 21:12, 13; Yohane 2:15) Bere a Farisifo ne akyerɛwfo no maa wɔn Homeda ho mmara a ɛso nni mfaso no hiaa wɔn sen ayarefo a na wohia mmoa no, ɛyɛɛ Yesu “yaw kɛse bere a ohuu wɔn komaden no,” na “ɔde abufuw hwɛɛ wɔn a wɔatwa ne ho ahyia no anim.”—Marko 3:5, Phillips.
Saa pɛpɛɛpɛ na na Israelfo a wɔanni nokware no ho abufuw a ɛteɛ ahyɛ ɔnokwafo Mose a ɔtraa ase tete mmere mu no ma bere a ɔde Mose Mmara pon no hwee fam no. (Exodus 32:19) Na ɔkyerɛwfo a ɔteɛ Esra bo fuwii wɔ Israelfo asoɔden a wɔyɛe wɔ Onyankopɔn mmara a ɛfa aware ho no ho araa maa osunsuanee n’atade mu, na otutuu ne ti so nhwi bi mpo no!—Esra 9:3.
Wɔn a ‘wɔdɔ papa’ nyinaa bɔ mmɔden ‘tan bɔne.’ (Amos 5:15) Enti ɛnnɛ, Kristofo betumi ate abohuru nka wɔ wɔn komam bere a wohu atirimɔdenne a wɔhyɛ da yɛ a wɔnkyerɛ ahonu, nyaatwomyɛ, atosɛm, nokware a wonni, anaa nsisi no.
Abufuw a Wobedi ho Dwuma Ɔkwampa So
Ntease pa bi wɔ hɔ a enti Bible no de abufuw toto ogya ho. Te sɛ ogya no, ɛwɔ ne bere a ɛfata. Nanso ebetumi asɛe ade kɛse nso. Mpɛn pii no, nea ɛnte sɛ Yehowa ne Yesu no, nnipa bo fuw a ntease pa biara nnim, anaa wɔda wɔn abufuw adi ɔkwan a ɛnteɛ so.—Hwɛ Genesis 4:4-8; 49:5-7; Yona 4:1, 4, 9.
Saa ara na ebia obi abufuw a ɔbɛka ahyɛ kɛkɛ na wayɛ ne ho te sɛ nea ne bo mfuwii no nso nteɛ. Kae sɛ Paulo tuu fo sɛ: “Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.” (Efesofo 4:26) Akwan a wubetumi ada w’abufuw adi a ɛne Kyerɛwnsɛm no hyia wɔ hɔ te sɛ ‘wo komam a wobɛkasa,’ sɛnea wote nka a wobɛka akyerɛ obi a ne ho akokwaw a wowɔ ne mu ahotoso, anaa nea wayɛ bɔne no a wobɛkɔ ne nkyɛn wɔ odwo mu.—Dwom 4:4; Mmebusɛm 15:22; Mateo 5:23, 24; Yakobo 5:14.
Enti, ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mfomso sɛ obi bo befuw. Yehowa ne Yesu nyinaa bo afuw pɛn—na wɔn bo bɛsan afuw! (Adiyisɛm 19:15) Sɛ yesuasua wɔn a, yebetumi ahyia tebea horow mpo a ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛmma yɛn bo mfuw! Ade a ɛboboa ne sɛ yebedi Bible afotu akyi, na yɛahwɛ ahu sɛ yɛwɔ ntease pa a enti yɛn bo afuw, na afei yɛda no adi wɔ ɔkwan a ɛteɛ, Kristofo kwan so.
[Kratafa 18 mfonini]
Kain ne Habel