Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 9/8 kr. 30
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛwnsɛm no ka sɛ abusua mufo a wɔbɛhwɛ wɔn no yɛ asɛyɛde ma Kristofo. “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8)—Samufo.
  • Yɛn Awofo a Wɔanyinyin a Yebedi Wɔn Ni
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim A Wɔhwɛ Wɔn
    Nyan!—1994
  • Ɔhwɛ A Wɔde Ma—Da Biara Da Mu Ɔhaw Ahorow A Wogyina Ano
    Nyan!—1994
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 9/8 kr. 30

Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ

Awofo a Wɔn Mfe Akɔ Anim M’ase barima aka mpa mu na ehia sɛ obi na ɔyɛ ne ho biribiara. Esiane sɛ mabrɛ wɔ adwene ne honam mu nti, ɛtɔ da bi a me bo fuw, na mekeka nsɛm bi a ɛma minu me ho akyiri yi. Enti bere a mekenkan nsɛm a ɛfa ‘Awofo a Wɔn Mfe Akɔ Anim Hwɛ ho Asɛnnennen’ ho (April 8, 1994) no, ɛyɛɛ me yaw yiye! Meda mo ase yiye sɛ musiesiee saa nsɛm yi. Nsɛm no bɛboa me bere a mekɔ so yɛ me nnwuma no.

T. H., Japan

Madi mfe 16, na ehia sɛ wɔhwɛ me nanabea nnɔnhwerew 24. Ɔte akyiri bɛyɛ sɛ kilomita 160. Enti, ɛde ɔhaw kɛse abɛto m’abusua no so. Enti mepɛ sɛ meda mo ase wɔ mo nsɛm no ho. Ná ɛhyɛ den yiye.

M. R., United States

Meyɛ adwuma wɔ asetram nsɛm ho adwumayɛkuw bi a ɛboa wɔn a wɔhwɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim mu. Mpɛn pii no, me mfɛfo adwumayɛfo no nnye Bible ho nhoma biara a mede ma wɔn no. Nanso, wɔ adwumayɛfo nhyiam bi a yɛyɛɛ nnansa yi ase no, mede saa nsɛmma nhoma no biako maa obiara. Wɔn mu biara gyei! Na mihui sɛ odwumayɛni biako rekenkan wɔ ne pon ho.

B. H., United States

Mokamfo kyerɛɛ pefee sɛ obi nka nkyerɛ ne honam fam nuabarimanom ne nuabeanom sɛ wɔmmoa ɔhwɛ no. Ná misusuw sɛ sɛ wɔka sɛ obi nyɛ mmoa a, obiara rempopo ne ti da. Nanso, mereka akyerɛ mo sɛ, me na mahwɛ m’awofo bɛboro mfe du ni, na sɛ meka kyerɛ me nuanom sɛ wɔmmɛboa a, wɔnyɛ. Yɛte wiase a ɔdɔ nnim na wonnwen afoforo ho mu. Me yam a anka nkurɔfo abehu sɛ w’awofo a wobɛhwɛ wɔn no nyɛ adwuma—ɛyɛ hokwan!

M. D., United States

Kyerɛwnsɛm no ka sɛ abusua mufo a wɔbɛhwɛ wɔn no yɛ asɛyɛde ma Kristofo. “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8)—Samufo.

M’ani sɔɔ afotu a ese ɛsɛ sɛ wunya bere ma wo hokafo ne wo ho no kɛse. Ná mintumi nyɛ eyi bere a atwam no, efisɛ na mete nka sɛ yɛn awofo a yɛbɛhwɛ wɔn no ba ansa na bere a menya ama me kunu—anaa me ho no adi hɔ. Nanso, mahu nyansa a ɛwɔ saa afotu yi mu no, na mɛbɔ mmɔden akari pɛ wɔ eyi mu.

M. O., United States

Otukɔ Madi mfe 14 na mepɛ sɛ meda mo ase wɔ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yetu?” no ho. (February 22, 1994, Engiresi de) Bere a midii mfe akron no, wɔkae sɛ me papa a ɔyɛ asafo mu ɔpanyin no nkɔ asafo bi a ɛbɛn hɔ mu. Yɛadi bɛboro mfe anan wɔ ha na yɛanya ɔdɔ kɛse ama asafo no. Afei wose me papa nsan nkɔ asafo foforo mu. Da a wɔkaa sɛ yɛnkɔ no na yɛn nsa kaa saa nsɛmma nhoma yi. Ɛboaa me ne me nuabarima ma yegyinaa ano yiye. Ɛyɛ hokwan sɛ wɔbɛka sɛ yentu nkɔ baabi foforo, nanso ɛyɛ den yiye sɛ yebegyaw wɔn a yɛabɛdɔ wɔn no nyinaa hɔ.

L. B., England

Nnipa mu Nyiyim Seesei ara na minyaa hokwan kɛse de kenkan mo August 22, 1993 (Engiresi) de no a ɛfa nsɛm “So Mmusua Nyinaa Bɛyɛ Biako Da Bi?” ho no. Ɔhaw a emu dɔ yi ho adwempa ne ntease a mufi nhumu mu daa no adi no maa me ho dwiriw me na ɛyɛɛ me anigye. Nnansa yi ara na merewie me sukuupɔn adesua wɔ abakɔsɛm ho. Nanso mo nsɛmma nhoma no de ɛho abakɔsɛm tiawa, nkyerɛkyerɛmu, ne ano aduru mae wɔ nkratafa akron pɛ mu! Ɛsen nneɛma a wɔde bɛyɛ asram anan ne fã sua wɔ sukuupɔn adesua nhoma ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.

R. J., United States

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena