Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 10/8 kr. 3-4
  • Asɛmpatrɛwfo—Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpatrɛwfo—Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsɛmpatrɛwfo Adwuma ne Dɛn?
  • Asɛmpatrɛwfo Ayɛ Wɔn Ade Dɛn?
  • So Ɛho Da so Hia?
  • Nokware Asuafo a Wɔbɛyɛ Nnɛ
    Nyan!—1995
  • Honhom mu Hann ma “Esum Asasepɔn” No?
    Nyan!—1995
  • Wɔasoma Asɛmpatrɛwfo Kɔ ‘Asaase Ano Nohoa’
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Aba A Kristoman Retwa Wɔ Afrika
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 10/8 kr. 3-4

Asɛmpatrɛwfo—Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ?

ASƐMFUA “asɛmpatrɛw” no betumi akanyan nkate a emu yɛ den. Ɛma ebinom nya obu bi na wɔkae nnipa bi te sɛ Mother Teresa anaa Albert Schweitzer a waka baabi no.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ wɔbɔ asɛmpatrɛwfo asɛm so a, afoforo mmu no ahiasɛm, ɛyɛ wɔn abofono, anaasɛ wɔn bo fuw mpo. Wɔn fam no, asɛmfua no kyerɛ afoforo adwene a wɔnam nnɛɛdɛɛ so di so, na ɛde wɔn adwene kɔ hyɛ a wɔhyɛ nnipa so de wɔn yɛ nkoa so.

Asɛm a ɛfata sɛ yebisa wɔ asɛmpatrɛwfo ho ne sɛ, So wɔada wɔn ho adi sɛ hann adwumayɛfo anaasɛ esum de?

Ɔsɛmpatrɛwfo Adwuma ne Dɛn?

Wɔkyerɛ ɔsɛmpatrɛwfo ase sɛ “obi a okura asɛm bi,” kyerɛ sɛ, okura “ɔsom adwuma a nyamesom ahyehyɛde bi de ahyɛ ne nsa sɛ ɔmmɔ ne gyidi ho dawuru anaa ɔnyɛ asetram nneɛma a nnipa hia ho adwuma.”

Yesu Kristo na ɔde Kristofo asɛmpatrɛw adwuma ho nnyinasosɛm mae, bere a ɔkaa eyi kyerɛɛ n’akyidifo no: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.” Eyi ama ɛho abehia sɛ wɔka asɛm a Kristofo kura no wɔ wiase nyinaa.—Mateo 28:19.

Ná Yesu ankasa yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a n’Agya Yehowa somaa no fii soro baa amanɔnne, asase so, bɛyɛɛ adwuma. (Filipifo 2:5-8) Ɛfata sɛ Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo di nhwɛso a Yesu Kristo yɛe no akyi pɛpɛɛpɛ. Afeha a edi kan no mu ɔsɛmpatrɛwfo a ɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ ne ɔsomafo Paulo, a ɔbɛyɛɛ nhwɛsofo a ɛsɛ sɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo a wodi n’akyi no suasua no.—1 Korintofo 11:1.

Ɛwom sɛ na Yesu wɔ tema ma adesamma wɔ ɔhaw ahorow a wɔrehyia no ho de, nanso bere a na ɔwɔ asase so no, wamma ɛno ho dwuma a na obedi no anhia no ansen biribiara. Sɛ ɔyɛɛ saa maa ɛde ahotɔ bae mpo a, anka ɛbɛyɛ bere tiaa mu ade. (Yohane 6:26, 27; 12:8) Ná biribi foforo ho hia sen saa. Yesu ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” Sɛnea na Yesu adi kan aka wɔ mpaebɔ mu no, wontumi mmu ani ngu ɛbo a saa nokware no ho nimdeɛ a wobenya no som no so: ‘Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.’—Yohane 17:3; 18:37.

So Kristoman asɛmpatrɛwfo no adi nhwɛso a Yesu yɛe no akyi pɛpɛɛpɛ? So wɔada wɔn ho adi sɛ hann adwumayɛfo sɛnea na ɔte no, ada Onyankopɔn Asɛm mu hann a ɛho nimdeɛ kowie daa nkwa mu no adi? Anaasɛ wɔama nkurɔfo aka sum mu? Ɛsɛ sɛ nsemmisa yi ho mmuae ho hia yɛn nyinaa efisɛ aba a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo asow wɔ mfehaha no mu no boa yɛn ma yetumi hu nokware som ne atoro som. Enti Nyan! de anigye rebɔ amanneɛ sɛ ebesusuw saa asɛm yi ho akɔ akyiri wɔ anum a ebedidi so aba no mu.

Asɛmpatrɛwfo Ayɛ Wɔn Ade Dɛn?

Asɛmpatrɛwfo anya kyɛfa kɛse wɔ Kristo asɛm no a wɔatrɛw mu no mu. Sɛ́ nhwɛso no, ebinom akyerɛ Bible no ase akɔ ɔmanfo kasa horow mu ma nkurɔfo tumi kenkan.

Nanso, nnansa yi, ɛte sɛ nea asɛmpatrɛwfo binom te nka sɛ ɛsɛ sɛ wodi nneɛma a nnipa hia wɔ asetram no ho dwuma kan, ansa na asɛnka ne nsɛm asekyerɛ aba. Time nsɛmma nhoma mu asɛm bi a ekura asɛmti “Ɔsɛmpatrɛwfo Foforo No” kae sɛ: “Protestantfo adan kɔ wɔn a wɔrebɔ mmɔden adu wɔn nkyɛn no sikasɛm ne asetra mu haw ahorow ho dwumadi so kɛse.” Katolekfo de, nea ɔhwɛ Jesuitfo a wɔde wɔn fi United States kɔ mmeae afoforo ho dwumadi so no kae sɛ, “wobu nnipa a wɔsom wɔn sɛ ade a ɛho hia sen” Kristofo gyidi ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo. Na Katolek asɔre kyerɛwfo bi kyerɛe sɛ: “Kan no, na yɛn atirimpɔw ne nea wɔtaa frɛ no akra a wɔsakra wɔn no. . . . Mprempren, Onyankopɔn adaworoma, yegye di sɛ nnipa nyinaa ne ɔsom ahorow nyinaa te Onyankopɔn dom ne ne dɔ mu dedaw na Onyankopɔn nam ne mmɔborohunu so begye wɔn nkwa.”

So eyi kyerɛ sɛ ɛho nhia bio sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm bɛkyerɛkyerɛ sɛnea Yesu yɛe no?

So Ɛho Da so Hia?

Wɔ 1985 mu no, nnipa ɔhaha pii tuu wɔn ho mae ne nkurɔfo kasae wɔ telefon so wɔ afie bɛyɛ 18,000 mu wɔ Hamburg, Germany, nea atesɛm krataa bi frɛɛ no “asɛmpatrɛw adwuma kɛse a wɔnam telefon so yɛe” no. Ɛda adi sɛ ansow aba ahe biara. December a etwaam no, The European kyerɛwee sɛ: “Efi 1991 no, nnipa a wɔkɔ Germany Protestant asɔre no . . . dodow so atew bɛboro 500,000.”

Ɛnyɛ Germany asɔre ahorow nkutoo na emu nnipa so rehuan. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa apow nyamesom, na wommu bio sɛ asetra mu ade a ɛho hia wɔ 1990 mfe yi a nneɛma a aniwa tua nkutoo na wogye di yi mu. Nanso sɛ yebetumi agyina ɛnnɛ wiase yi sum no ano ma wiase foforo a ɛbɛba daakye ho anidaso no awowaw yɛn a, ɛho hia sɛ yenya Kristosom ho nimdeɛ. Yesu ahyɛde a ese yɛnyɛ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu asuafo no yɛ ɔkwampa a wɔfa so di ahiade a egye ntɛmpɛ bi ho dwuma.

Ná Yesu Kristo pɛ sɛ Kristofo asɛmpatrɛwfo yɛ hann adwumayɛfo, ɛnyɛ esum adwumayɛfo. Kristoman asɛmpatrɛwfo no ayɛ wɔn ade dɛn? Nhwɛsode bɛn na wɔadi akyi?

[Kratafa 3 mfonini]

Culver Pictures

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena