Mmofra a Wɔto Wɔn Asaworam ne Wɔn a Woguan Fi Fie
“MIYII me ti, misiesiee me ho sɛ ɔbarima, de nkɔnsɔnkɔnsɔn ne nkrado guu me kɔn mu, na mede akoroteaa tuaa m’afono ho, na saa kwan yi so no mifii m’asetra sɛ ɔkobɔfo no ase.”—Tamara.
Sɛ wuhuu Tamara wɔ abɔnten a, anka wubenya adwene sɛ ɔyɛ abofra ankonam a wɔadu mpanyin afe so, wɔayɛ no ayayade na ne fie asetra amma wannya ɔhwɛ ne ɔdɔ a na ɔrehwehwɛ no? Anka wubesusuw sɛ ɔyɛ otuatewfo a ɔrebebu aban mmara so na ebia watra ase sɛ ɔsɛmmɔnedifo? Tamara kaa nsɛm a ɛyɛ hu a esisii a ɛma obuu ɔbra a ɔde ne ho hyɛɛ mu fi bere a na wadi mfe 14, a ɛyɛ asetra kwan a na ɔmpɛ koraa no kyerɛɛ Nyan!
Mmofra a Wɔto Wɔn Asaworam
Tamara ka sɛ: “Minyinii wɔ bepɔw so kurow ketewaa bi a ɛwɔ Italy mu, wɔ abusua bi a wɔnna ɔdɔ adi wom mu. Awerɛhosɛm ne sɛ mihuu akyinnyegye a emu yɛ den a na ɛba m’awofo ntam ne nsɛm a ɛyɛ aniwu a na wɔde yaw wɔn ho saa bere no. Na metaa de me ho gye ntɔkwaw no mu na me papa otirimɔdenfo no hwe me pasaa. Na me ho tumi beabea adapɛn pii.
“Bere a midii mfe 14 no, me papa maa me sika kakra ne keteke tekit a ebetumi de me akodu kurow a ɛbɛn sen biara no mu kɛkɛ, baabi a na asiane pii wɔ no. Mefaa mmofra foforo a na wonni obiara a ɔkyerɛ wɔn ho anigye te sɛ me no nnamfo. Yɛn mu pii danee asadweam. Mebɛyɛɛ ahantan, obi a ɔka kasafĩ, ne onuɔdenfo. Ná ɔkɔm taa de me. Da koro anwummere wɔ awɔw bere mu no, me ne me nnamfo no de yɛn dan mu nkongua sɔɔ gya na ama yɛn ho ayɛ yɛn hyew. Hwɛ sɛnea anka mepɛ sɛ minya abusua a wɔbɛhwɛ me, adwen me nkate, me dadwen, ne ehu a ɛka me no ho. Nanso na meyɛ ankonam, meyɛ ankonam koraa.”
“Tamarafo” ɔpepehaha pii wɔ ɛnnɛ wiase no mu. Mmofra a awofo a wonni asɛyɛde ahorow ho dwuma apow wɔn wɔ asasepɔn biara so.
Wɔn a Woguan Fi Fie
Mmofra foforo si gyinae sɛ wobefi fie efisɛ “ɛyɛ beae a ɛhɔ yɛ hu dodo sɛ wɔbɛtra; ɛyɛ yaw dodo, asiane wom dodo, na woguan fi fie.”—New York State Journal of Medicine.
Bere a Domingos dii mfe akron no, wɔde no kɔɔ nyisaa atrae bere a ne maame san waree no. Esiane sɛ asɔfo no hwee no nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obeguan. Ne maame san kɔfaa no, nanso na ne maame kunu hwe no bere nyinaa. Ɔkwan biako pɛ a ohui sɛ ɔbɛfa so ade ne ho afi atirimɔdenne a ɛkɔɔ so wɔ fie hɔ ho ne sɛ obeguan afi hɔ.
Nea ɛyɛ awerɛhosɛm no, Anuradha Vittachi kyerɛw wɔ ne nhoma Stolen Childhood—In Search of the Rights of the Child mu sɛ: “Mmofra ɔpepem pii ntumi nnye wɔn ankasa afie mu mpanyimfo nni sɛ wɔbɛhwɛ wɔn yiye sɛnea ɛsɛ.” Ɔsan kyerɛw sɛ: “Wobu akontaa sɛ ayayade a awofo yɛ mmofra ma wɔn mu baasa wu da biara wɔ United States.” Wɔ nsɛm no pii mu no, obusuani bi to abofra no mmonnaa sen sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban wɔ ho.
Wɔadi Wɔn Amim Ama Wɔahaw
Wɔmaa Domingos ne mmofra foforo a wɔaguan afi fie a na wɔbɔ korɔn de nnuru di dwuma ɔkwammɔne so na wɔtɔn bi kɔtrae. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn a wɔabue tuutuusi adwuma, wɔn a wɔto mmofra mmonnaa ne aguamansɛm akuw di wɔn a woguan fi tebea bɔne a ɛwɔ wɔn fie mu no pii amim. Esiane sɛ ɔkɔm de mmofra yi na wɔyɛ ankonam nti, wɔma wɔn baabi tra, na wɔhyɛ wɔn bɔ sɛ wɔhyɛ mpanyimfo a “wodwen wɔn ho” nsa, nanso nea wohu ara ne sɛ wɔde wɔn nipadua tua ka wɔ tuutuusi mu. Esiane sɛ wonni nsaanodwuma biara nti, wɔn mu pii fa ɔkwan biara a wubetumi so sua sɛnea wobetumi atra mmɔnten so dwoodwoo, na nea ɛka ho ne aguamammɔ. Ebinom hwere wɔn nkwa. Nnubɔne, asanom, awudi, ne ahodɔmdi ma mmofra pii hwere wɔn nkwa.
Bere a abofra bi a na ɔyɛ tuutuuni reka mmofra a wɔaguan afi fie asetra ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ehu ka wo ankasa. Nea ɛhyɛ me abufuw ne sɛ [nnipa] pii susuw sɛ sɛ wohu sɛ abofra bi da keteke mu anaa okyinkyin abɔnten bere nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ saa na ɔpɛ. Seesei a manyin no, minhu no saa. Mmofra yi mu biara de ahoyeraw reda no adi wɔ ɔkwan soronko so sɛ wohia mmoa. Wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa, nanso wɔn awofo mpɛ wɔn.”
“Ahofadi” a Wɔhwehwɛ
Wɔbɔ amanneɛ sɛ mmofra ɔpehaha pii yera fi fie a ahofadi a wosusuw sɛ wobenya no na ɛdaadaa wɔn ma wɔkɔtra abɔnten. Ebinom pɛ sɛ wɔde wɔn ho fi ohia ho. Afoforo pɛ sɛ wɔde wɔn ho fi awofo tumi ne mmara ahorow a ebia wɔte nka sɛ ɛyɛ katee dodo ase.
Abofra biako a onyaa nea wose ɛyɛ ahofadi fii n’awofo tumi ase ne Kristofo fie mu nnyinasosɛm ahorow ho ne Emma. Bere a ofii fie sɛ ɔne ne nnamfo rekɔbɔ bra no, nnubɔne de no yɛɛ akoa. Nanso bere a wɔyɛɛ Emma ayayade wɔ mmɔnten so no, ɔpɛe sɛ ɔbɛsan akɔ fie na wagyae nnubɔne nom. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ wannyae fekubɔne no, na ahohuru bere mu anwummere bi ɔne ne nnamfo de heroin wɔɔ wɔn ho paane. Emma de, n’awiei ara nen. Ɔtɔɔ mum na ade kyee no owui, a na ne nkutoo na ɔda hɔ, na na ne “nnamfo” no agyaw no hɔ.
Mmofra a wɔn awofo anaa afoforo di wɔn amim asetra bɛyɛ yiye daakye? Wiase bi a enni mmofra amim bɛba? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wobetumi ama abusua asetra ayɛ papa na ani asɔ kɛse ma enti mmofra rempɛ sɛ wobeguan afi fie? Yebetumi anya mmuae no wɔ asɛm a edi hɔ no mu.