Bible No Adwene
Bere a Sigyadi Yɛ Akyɛde
KRISTONI bea bi a wayɛ okunafo mfe pii ni no bɔ abubuw sɛ: ‘M’ani nka. Merehwɛ kwan sɛ menya ɔhokafo. Nnwuma pii a meyɛ boa me. Nnamfo a mewɔ boa me. Nanso mepɛ sɛ meware.
Sɛ wopɛ sɛ woware paa nanso wunnyaa ɔhokafo a, ɛbɛyɛ den sɛ wubebu sigyadi sɛ akyɛde—wobɛte nka te sɛ nea wɔama woanya nkate bɔne bi a ɛma wobrɛ na wohaw. Anaasɛ sɛ wowɔ abusua dedaw nanso woyɛ ɔhokwafo a, ebia wo nkutoo na wubedi wo mma ahiade nyinaa ho dwuma.
Enti, ebia woremmu ɔhokwafo a woyɛ no sɛ akyɛde. Nanso, nnipa binom bu sigyadi sɛ biribi a ɛsom bo, na wɔpaw sɛ wɔn nkutoo bɛtra. Enti sigyadi yɛ akyɛde anaa, na sɛ ɛte saa a, ɛyɛ bere bɛn, na dɛn ntia? Dɛn na Bible no ka?
Ɛyɛ Ade a Ɛmma Wunnya Anigye?
Aware betumi ayɛ ade a ɛde anigye kɛse ba ankasa. (Mmebusɛm 5:18, 19) Los Angeles Times ka sɛ, ebinom “gye di sɛ anammɔn a wotu kɔ aware mu no ne ɔkwan biako pɛ a wofa so nya anigye ne abotɔyam.” Aware ne “ɔkwan biako” pɛ a wɔfa so nya anigye?
Sɛnea Los Angeles Times kyerɛ no, Ruth Luban, a ɔyɛ adwenemyare ho ɔdenimfo ka sɛ: “Sɛ mmea [ne mmarima] gyae nneɛma a wɔyɛ de hwɛ kwan sɛ ɔbarima [anaa ɔbea] bi begye wɔn afi sigyadi mu no a, abotɔyam a wobetumi anya no bɛyɛ wɔn nwonwa.” Yiw, sigyadi nyɛ ade a ɛmma wontumi nnya asetra a anigye ne abotɔyam wom. Nnipa pii a wɔagyae aware bɛka sɛ aware nyɛ ade a ɔkwan biara so no ɛde anigye ba. Abusuabɔ pa a obi ne Onyankopɔn wɔ na ɛde nokware anigye ba. Enti, Kristoni ani betumi agye sɛ́ ɔyɛ ɔhokwafo anaasɛ ɔwarefo.—Dwom 84:12; 119:1, 2.
Marie Edwards ne Eleanor Hoover, ka wɔ wɔn nhoma The Challenge of Being Single mu sɛ, wɔ akwanside ahorow a obi ankasa de ba n’akwan mu akyi no, ade foforo a ɛmma onnya anigye wɔ hɔ—ɔmanfo nhyɛso. Wɔka sɛ, “nkurɔfo susuw sɛ, sɛ wonwaree a na wowɔ adwenemyare a emu yɛ den bi. . . . Na biribi haw wo, ɔkwan biara so.”
Nnamfo a wɔwɔ adwempa mpo betumi de nhyɛso a emu yɛ den aba ahokwafo so bere a wɔn ani nna wɔn ho so abisa nsɛm bi de aguan wɔn ho sɛ, ‘Da bɛn na wobɛware?’ anaasɛ, ‘Dɛn nti na ɔbarima hoɔfɛfo a ɔte sɛ wo nnyaa yere?’ Ɛwom sɛ ebia wɔbɛka nsɛm a ɛtete saa no agoru so de, nanso ebetumi ‘awowɔw te sɛ nkrante,’ na ahaw no anaasɛ ahyɛ no aniwu.—Mmebusɛm 12:18.
Obiara wɔ Ne Dom Akyɛde
Bere a na ɔsomafo Paulo retutu akwan sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no, na ɔnwaree. Eyi kyerɛ sɛ na ɔsɔre tia aware? Dabida. Na ɔsomafo Paulo yɛ ɔhokwafo efisɛ ɔpawee sɛ “asɛmpa no nti” ɔrenware.—1 Korintofo 7:7; 9:23.
Na Paulo wɔ tumi a ɛbɛma wakwati aware, nanso ohui sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ sɛ ɔno. Ɔkae sɛ: “Obiara wɔ n’ankasa ne dom akyɛde a efi Nyankopɔn, obi wɔ no sɛɛ, na obi wɔ no sɛɛ.”—1 Korintofo 7:7.
Sigyadi betumi de anigye aba, ɛwom mpo sɛ ebia na ɛnyɛ ade a anka wopɛ. Nokwarem no, aware ka akyɛde ahorow a yenya fi Yehowa hɔ no ho. Nanso Bible kyerɛ sɛ sigyadi betumi ayɛ “ɔdom akyɛde”—sɛ ‘wubetumi a.’ (Mateo 19:11,12; 1 Korintofo 7:36-39) Ɛnde, dɛn ne sigyadi so mfaso horow no bi?
Paulo kae sɛ awarefo dwen sɛnea ‘wɔbɛsɔ wɔn ahokafo ani,’ bere a ahokwafo “dwen Awurade de ho.” Eyi twe adwene si sigyadi mu mfaso atitiriw no biako so—hokwan a obi de bɛsom Yehowa a ‘biribi nnye no asabawmu.’—1 Korintofo 7:32-35.
Bible no nka sɛ biribiara ntwetwe ɔhokwafo adwene wɔ n’asetram koraa. Nanso, nneɛma pii ntwetwe obi a ne nko te adwene te sɛ nea ɔrehwɛ abusua, efisɛ sɛ ɔresi gyinae a ne nkutoo ho na obesusuw. Sɛ nhwɛso no, bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ omfi Haran nkɔ Kanaan no, Bible no ka sɛ: “Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahode a wɔanya nyinaa ne akra a wɔanya wɔ Haran, na wofii hɔ sɛ wɔrekɔ.” (Genesis 12:5) Ɛwom sɛ Abraham abusua tebea no ansiw no kwan de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ egyee no bere pii na ɔde hyehyɛɛ ne fifo maa akwantu a ɛte saa no.
Fa Abraham akwantu no toto ɔsomafo Paulo de no ho hwɛ. Bere a na Paulo ne Silas reka asɛmpa no wɔ Tesalonika kurow no mu no, sakasakayɛfo bi de abufuw sɔre tiaa wɔn. Anadwo no ara, anuanom gyaa Paulo ne Silas kwan ntɛm ara kɔɔ Beroia. Bere foforo nso, bere a na Paulo wɔ Troa no, onyaa anisoadehu bi sɛ, “twa bra Makedonia bɛboa [wɔn]!” Bere a ohuu anisoadehu no ara pɛ na osii mu kɔɔ Makedonia. Ɛda adi pefee sɛ ɔyere a na Paulo nni no maa otumi tutuu akwan bere tiaa mu, ade a sɛ na ɔwɔ abusua a anka ɛbɛyɛ den yiye.—Asomafo no Nnwuma 16:8-10; 17:1-15.
Sigyadi so mfaso foforo ne sɛ ɛma obi nya ahofadi kɛse de paw nea ɔpɛ. Sɛ wo nkutoo te a, baabi a wobɛtra, nea ɛsɛ sɛ wudi ne bere ko a ɛsɛ sɛ wudidi, anaa bere a ɛsɛ sɛ woda mpo ho gyinaesi ntaa nyɛ den. Saa ahofadi yi trɛw ka honhom fam dwumadi ahorow. Wunya bere pii de sua Onyankopɔn Asɛm kɛse, de yɛ baguam som adwuma no, na wode hokwan ahorow boa nnipa afoforo.
Enti, sɛ woyɛ ɔhokwafo esiane sɛ w’ankasa na wopawee anaasɛ ɛyɛ tebea ahorow nti a, si wo bo sɛ wode wo bere bedi dwuma nyansa mu. Sɛ wode wo sigyadi no boa afoforo a wubenya asetra a anigye wom kɛse. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ wopɛ sɛ woware a, mma nkate bɔne nnyɛ wo akoa anaasɛ ntra ase te sɛ nea wotɔ sin esiane sɛ wunhyiaa saa ‘onipa titiriw’ no nti. Kɔ so yɛ pii wɔ Onyankopɔn som adwuma no mu, na sɛnea Paulo kae no, wubehu sɛ sigyadi betumi ayɛ akyɛde.