Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/03 kr. 1
  • “Ma Onnye”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ma Onnye”
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Sigyadi Di Dwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Bere a Sigyadi Yɛ Akyɛde
    Nyan!—1995
  • Sigyadi—Asetra Kwan a Ennye Asabawmu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Asigyafo a Wɔwɔ Abotɔyam Wɔ Yehowa Som Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 4/03 kr. 1

“Ma Onnye”

1 Bere bi a na Yesu ne n’asuafo no reka aware ho asɛm no, ɔkaa sigyadi ho asɛm sɛ ɛyɛ ‘akyɛde.’ Afei ɔkae sɛ: “Nea obetumi agye no, ma onnye!” (Mat. 19:10-12) Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw mfaso a ɛwɔ sigyadi so na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wonni ne nhwɛso akyi sɛ ahokwafo. (1 Kor. 7:7, 38) Nnipa pii atumi ‘ayɛ’ ahokwafo na wɔrenya so mfaso. Dɛn ne mfaso yi bi?

2 Wɔsom a ‘Biribiara Nnye Wɔn Asabawmu’: Paulo hui sɛ ɔhokwafo a na ɔyɛ no ma onyaa hokwan som Yehowa a ‘biribiara annye no asabawmu.’ Saa ara na nnɛ, onua a ɔyɛ ɔhokwafo betumi akɔ Asomfo Ntetee Sukuu, na ɔhokwafo wɔ hokwan kɛse sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ akwampae adwuma mu, asua kasa foforo, atu akɔ baabi a mmoa ho hia kɛse, akɔsom wɔ Betel, anaasɛ obenya ɔsom hokwan atitiriw bi. Obetumi anya bere ne hokwan pii de ayɛ kokoam adesua asusuw nneɛma ho kɛse na ɔnam mpaebɔ so ne Yehowa anya nkitahodi a emu yɛ den. Mpɛn pii no, ɔhokwafo wɔ bere pii a ɛma otu ne ho ma de boa afoforo. Dwumadi a ɛtete saa nyinaa wɔ hɔ ma ‘onii no yiyedi.’—1 Kor. 7:32-35; Aso. 20:35.

3 Ɔsom a ɛte saa a wode ma Onyankopɔn a biribiara nnye wo asabawmu no de nhyira pii na ɛba. Bere a onuawa bi de bɛboro mfirihyia 27 asom wɔ Kenya no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ná mewɔ nnamfo pii, na hwɛ sɛnea na adwuma no dɔɔso fa! Na yɛyɛ biribiara bom, [na] yɛsrasraa yɛn ho yɛn ho. . . . Mitumi de ahofadi a na mewɔ ne baabiara a esiane sɛ meyɛ ɔhokwafo nti mitumi kɔ no yɛɛ ɔsom adwuma no a na adagyew nnim, na eyi ama manya anigye kɛse.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mfe pii a abɛsen kɔ no mu no, me ne Yehowa ntam abusuabɔ mu ayɛ den.”

4 Hokwan no a Yebegye Atom: Yesu kae sɛ nea ɛsɛ sɛ yegyina so yɛ ahokwafo ne “ɔsoro ahenni.” (Mat. 19:12) Sɛnea ɛte wɔ akyɛde biara ho no, ɛsɛ sɛ yɛde ahokwafo a yɛbɛyɛ no di dwuma yiye na ama yɛanya anigye ne mfaso pii. Ɛdenam hokwan a sigyadi de ba a ahokwafo pii de adi dwuma ne wɔn ho a wɔde ato Yehowa so nti, wɔabehu sɛnea akyɛde a wogye toom no som bo fa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena