Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 11
  • Mɛyɛ Dɛn Agyae Mmɔtohɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Agyae Mmɔtohɔ?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayɛ sɛ adwuma no yɛ den dodo.
  • Hwee nkanyan wo sɛ yɛ adwuma no.
  • Nnwuma bebree gu wo so dedaw.
  • Mmɔtohɔ—Bere Sɛefo
    Nyan!—1995
  • Nea Ɛbɛboa Wo Na Woanyɛ Mmɔtohɔ
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Mɛyɛ Dɛn Ahyehyɛ Me Bere Yiye?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Wuntumi Mfa Nsie Enti Fa Yɛ Adwuma Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 11

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Agyae Mmɔtohɔ?

Da biara a wobɛyɛ wo fie nnwuma anaa wo sukuu dwumadi awie no, na ade asa anaa? Wunyae a anka wobɛyɛ saa nneɛma yi awie ntɛm kakra anaa? Ɛnde, ɛsɛ sɛ wugyae sɛ wobɛyɛ mmɔtohɔ! Asɛm yi bɛboa wo ama woagyae mmɔtohɔ, bere mpo a

  • ayɛ sɛ adwuma a wɔde ama wo no yɛ den dodo.

  • hwee nkanyan wo sɛ yɛ adwuma no.

  • nnwuma bebree gu wo so dedaw.

Sɛ wokenkan saa asɛm yi wie a, yɛ mmɔtohɔ ho sɔhwɛ a ɛwɔ ase hɔ no.

Sɛ obi yɛ mmɔtohɔ a, Bible ma yehu sɛ nea ebefi mu aba nye koraa. Ɛka sɛ: “Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba; na nea ɔhwɛ omununkum no rentwa aba.”​—Ɔsɛnkafo 11:4.

Hwɛ nneɛma ahorow bi a ebetumi ama woayɛ mmɔtohɔ ne nea wubetumi ayɛ wɔ ho.

Ayɛ sɛ adwuma no yɛ den dodo.

Nokwasɛm ne sɛ, nnwuma ahorow bi wɔ hɔ a, ne yɛ nna fam. Enti wobɛhwɛ no, na woatu ahyɛ da atena wo baabi. Sɛ́ anka wobɛyɛ saa no, hwɛ nneɛma ahorow bi a wubetumi ayɛ.

  • Kyekyɛ adwuma no mu nketenkete. Melissa ka sɛ: “Sɛ maka akyi mpo a, menka nnwuma pii mmɔ so nyɛ, mmom meyɛ no nkakrankakra, na wei boa ma mitumi wie.”

  • Hyɛ ase ntɛm. Vera ka sɛ: “Wo nsa kaa adwuma no ara, fi ase yɛ. Nea wubetumi ayɛ de afi ase ne sɛ, kyerɛw to baabi na wo werɛ amfi. Sɛ biribi a ɛbɛboa ama woayɛ adwuma no ba wo tirim a, wubetumi akyerɛw ɛno nso ato hɔ.”

  • Hwehwɛ mmoa. Ebia na w’awofo ne w’akyerɛkyerɛfo ayɛ saa adwuma no bi pɛn. Adɛn nti na womma wɔmmoa wo? Wobetumi aboa wo ma woahu sɛnea wobɛhyehyɛ nneɛma na woatumi ayɛ dwumadi no.

Nyansahyɛ “Yɛ nhyehyɛe. Nea wei kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ wototo nneɛma yiye, na wobɔ mmɔden sɛ wubedi nhyehyɛe a woayɛ no so. Woyɛ saa a, wubetumi ayɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ nyinaa wɔ bere ano.”​—Abbey.

Hwee nkanyan wo sɛ yɛ adwuma no.

Mpɛn pii no, adwuma a wɔde ma wo no bi wɔ hɔ a, w’ani nnye ho koraa. Sɛ wɔde adwuma ma wo na w’ani nnye ho a, wobɛyɛ no dɛn? Sɔ nea edidi so yi hwɛ.

  • Sɛ woyɛ adwuma no ntɛm a, mfaso a ebefi mu aba no, susuw emu bi ho. Sɛ nhwɛso no, hwɛ anigye a wubenya bere a woawie adwuma no. Amy ka sɛ: “Bere a mawie adwuma bi wɔ bere ano anaa mawie ntɛm na meregye m’ahome no, m’ani gye pa ara.”

  • Dwen ɔhaw a ebetumi aba no ho. Sɛ woka akyi a, ɛma adwinnwen bɛtɔ wo so, na ɛma ɛyɛ den sɛ ade a woreyɛ no bɛyɛ yiye. Bible ka sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”​—Galatifo 6:​7.

  • W’adwene mu no, ma ɛnyɛ te sɛ nea bere no aso awie ara ne sa. Alicia ka sɛ: “Meyɛ saa a, ɛboa ma mefa no sɛ bere aso sɛ miwie dwumadi bi, bere mpo a aka dakoro anaa nnanu ansa na bere a ɛsɛ sɛ mede wie no adu. Wei boa me ma minya bere de hwɛ dwumadi no mu bio, na masan anya dakoro anaa nnanu bi de ayɛ nneɛma foforo.”

Nyansahyɛ “Ne nyinaa gyina sɛnea wubesiesie w’adwene. Yɛ w’adwene sɛ wobɛyɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ biara a woremma biribiara ntwitware w’akwan mu. Sɛ minya saa adwene no a, mitumi yɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ biara.”​—Alexis.

Nnwuma bebree gu wo so dedaw.

Nathan ka sɛ: “Nkurɔfo taa ka sɛ meyɛ mmɔtohɔ, nanso ɛnte saa! Wonim nnwuma a egu me so a, anka wɔrenkeka saa!” Sɛ wote nka te sɛ Nathan a, sɔ weinom hwɛ.

  • Di kan yɛ nnwuma a ɛnyɛ den no. Amber ka sɛ: “Obi kyerɛɛ me sɛ, sɛ wɔma wo adwuma bi, na sɛ ɛrenni simma nnum na woayɛ awie a, ɛnde yɛ no amonom hɔ ara. Ebi ne sɛ wobɛpopa biribi ho, wobɛhata nneɛma, wobɛhohoro nneɛma mu, ne sɛ wobɛfrɛ obi wɔ fon so.”

  • Hu nneɛma a ehia pa ara sɛ woyɛ. Bible ka sɛ: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filipifo 1:10) Wobɛyɛ dɛn de saa asɛm yi ayɛ adwuma wɔ w’asetena mu? Anna ka sɛ: “Adwuma a wɔde ama me nyinaa, mekyerɛw to hɔ, na mekyerɛw bere a ɛsɛ sɛ miwie ne nyinaa nso. Nea ehia sen saa no, mekyerɛw bere pɔtee a mepɛ sɛ mifi dwumadi no mu biara ase, ne bere a mepɛ sɛ miwie.”

Sɛ wode nea yɛreka yi yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ worennya bere mma wo ho koraa anaa? Susuw asɛm no ho bio! Nokwasɛm ne sɛ, woyɛ wo nneɛma ho nhyehyɛe a, ɛbɛboa ma woatumi de wo bere adi dwuma yiye. Enti nneɛma renhyɛ wo so. Kelly ka sɛ: “Sɛ meyɛ nneɛma ho nhyehyɛe a, ɛmma mempere me ho nyɛ adwuma, na ɛma mihu adwuma no ani so yiye.”

  • Sɛ biribi betumi atwetwe w’adwene a, yi fi hɔ. Jennifer ka sɛ: “Mema obiara a ɔwɔ me fie hu bere a mɛhyɛ ase ayɛ adwuma bi. Afei meka kyerɛ wɔn sɛ, sɛ biribi wɔ hɔ a ɛsɛ meyɛ ma wɔn a, wɔnka nkyerɛ me ansa na mahyɛ adwuma no ase. Afei nso midum me fon na antwetwe m’adwene.”

Nyansahyɛ Jordan ka sɛ: “Biribiara a ɛsɛ sɛ woyɛ no, sɛ woanyɛ a, ɛda hɔ retwɛn wo. Sɛ́ anka wobɛtena hɔ adwinnwen ho no, yere wo ho yɛ. Woyɛ wie a, wubetumi de bere a aka no ahome.”

Yɛ mmɔtohɔ ho sɔhwɛ yi.

Ampa anaa Atoro

  1. Adwuma biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ wutu hyɛ da.

  2. Obi a ɔyɛ mmɔtohɔ pa ara betumi asesa.

  3. Sɛ wubetumi ayɛ adwuma bi yiye pa ara a, gye sɛ wɔhyɛ wo so ansa.

  4. Mmɔtohɔ de, yenya fi awo mu.

Mmuae

  1. Atoro. Ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ wotɔ wo bo ase yɛ dwumadi bi. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi aboa wo ama woanya bere kakra ahu dwumadi no ani so yiye, woakeka nneɛma asisi ani, anaa woasi gyinae pa.​—Bible mu afotusɛm: Mmebusɛm 21:5.

  2. Ampa. Obi betumi asesa subammɔne bi a ɔwɔ. Nea ehia ara ne sɛ ɔde n’adwene besi mfaso a obenya bere a wasesa ne suban no so.​—Bible mu afotusɛm: Efesofo 4:​22,​23.

  3. Atoro. Mpɛn pii no, ɛba saa a, worentumi nyɛ adwuma no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi betumi ayɛ adwuma bi yiye pa ara a, ɛsɛ sɛ onya bere susuw adwuma no ho kɔ akyiri.​—Bible mu afotusɛm: Mmebusɛm 15:28.

  4. Atoro. Sɛ mpo wo papa anaa wo maame yɛ mmɔtohɔ a, ɛnkyerɛ sɛ ɔde mmɔtohɔ woo wo.​—Bible mu afotusɛm: Galatifo 6:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena