Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 5/8 kr. 16-18
  • Marathon Akodi—Wiase Tumidi a Wɔbrɛ no Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Marathon Akodi—Wiase Tumidi a Wɔbrɛ no Ase
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wotwa Wiase Tumidi Bi Mpoa
  • Akwan a Wɔbɛfa So Ako
  • Ɔsahene Miltiades—Akodi Akwan Ho Nimdefo
  • Hia a Ɔko no Hia
  • ‘Hwehwɛ Onyankopɔn Kosi Sɛ Wubehu No’
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Agora—Beae Titiriw Wɔ Tete Atene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Hena na Obedi Wiase So?
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
Nyan!—1995
g95 5/8 kr. 16-18

Marathon Akodi—Wiase Tumidi a Wɔbrɛ no Ase

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GREECE HƆ

BERE a nnɛyi nsrahwɛfo sian koko ahorow a atwa Marathon Asasetaw a ɛda Atene, Hela, kusuu fam apuei, kilomita 40 no, ohu asomdwoe ne komm a ɛhɔ yɛ no ntɛm ara. Ɛbɛyɛ den sɛ obi benya adwene sɛ saa beae yi na wodii abakɔsɛm mu ako ahorow a agye din no mu biako, akodi a antumi amma Mesopotamiafo wiase tumidi ankɔ Europa. World Book Encyclopedia frɛ no “Atɔe Fam anibuei abakɔsɛm mu akodi a ɛho hia sen biara no mu biako.” Na abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant ka ho asɛm sɛ ɛyɛ “abakɔsɛm mu nkonimdi a ɛyɛ nwonwa sen biara no mu biako.”

Wotwa Wiase Tumidi Bi Mpoa

Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Daniel nhoma mu no da sɛnea wiase tumidi ahorow no bedi afoforo so tumi, ɛbɛtrɛw na aba nnidiso nnidiso no adi pefee. Bere a Daniel reka Media ne Persiafo wiase tumidi ho asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ ɔkwan a ɛfata so no, ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, aboa foforo a otia abien te sɛ osisi. . . . Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre di nam bebree!”—Daniel 7:5.

Eyi nyaa mmamu. Bere a Media ne Persia tumidi no yɛɛ den paa no, wɔ bɛyɛ afeha a ɛto asia A.Y.B. no fã a ɛto so abien mu no, n’asraafo a na ɛte sɛ nea wontumi nni wɔn so a na wɔwɔ Kores ne Dario I akanni ase no ko faa atɔe fam koduu Lydia. Wodii Thrace ne Makedonia a na ɛwɔ Hela kusuu fam no nyinaa so. Na eyi kyerɛ sɛ bɛyɛ aman a wɔka Hela kasa no mu fã abɛhyɛ Persia tumidi ase, efisɛ Persiafo no ko faa Ionia Mpoano nkurow a na Lydia wɔ wɔn so tumi no nso.

Bere a na Hela Ionia nkurow a wɔatwa ho ahyia no rehwehwɛ mmoa no, emu nkurow akɛse a ɛne Atene ne Eretria nkutoo na wɔboae. Eyi ansiw Persia asraafo a wɔatete wɔn yiye no kwan sɛ wobedi Ioniafo a wɔatew atua no so nkonim aka wɔn ahyɛ wɔn tumidi ase. Afei nso, Dario sii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwe Hela nkurow akɛse no aso sɛ wɔboaa Ionia atuatewfo no.

Bere a Atene, Sparta, ne Eretria de animtiabu powee sɛ wɔde Persia ahwehwɛde no bɛma no, Persia asraafo a wɔyɛ den a wɔtete apɔnkɔ so ne wɔn a wɔnam fam no yɛe sɛ wɔne Hela bɛko wɔ 490 A.Y.B. ahohuru bere mfiase. Bɛyɛ August mu no, na Persiafo no ayɛ ahoboa sɛ wɔbɛtow ahyɛ Atene ne n’asasesin, Attica so.

Akwan a Wɔbɛfa So Ako

Persiafo no baa Marathon, na afei wɔfaa Attica mpoano apuei fam asasetaw a ɛyɛ atɛkyɛ, a na ɛne Atene ntam kwan yɛ kilomita 42 no. Ná Atenefo a wotumi boaboaa asraafo a wɔnam fam a wɔyɛ 9,000 pɛ, ne afoforo 1,000 a wofi Plataea ano, a mmoa biara amfi asraafo a wɔte apɔnkɔ so ne wɔn a wɔtow mmɛma hɔ no nni anidaso.a Ɛwom sɛ wobisaa Spartafo mmoa de, nanso wɔammua—na Spartafo no ani abere redi ɔsom mu afahyɛ a ɛhyɛ Apollo anuonyam no. Enti, na ɛsɛ sɛ Atenefo no de wɔn sraadi nneɛma kakra bi a wɔwɔ no nkutoo ne Persiafo no ko.

Asahene ahorow du na wɔsomee sɛ boayifo a wɔnam abatow a wogyina nnipa dodow adwene so kyerɛɛ akwan a wɔbɛfa so ako. Afei, na ɛsɛ sɛ wosiw nsɛm ahorow abien ho gyinae. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn asraafo no tra Atene na wɔbɔ kurow no ho ban, anaasɛ ɛsɛ sɛ wohyia Persiafo no wɔ akono hɔ? Bere a wosusuw ho sɛ Atene kurow no nni afasu a ɛyɛ den a wɔbɛbɔ ho ban no, baguafo no dodow ara pawee sɛ wɔne wɔn bɛko wɔ Marathon.

Nea ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ wɔtow hyɛ wɔn so, ɛmfa ho sɛ tebea no nnye mma wɔn—nea ɛhaw wɔn kɛse ne sɛ na Persiafo no dɔɔso sen wɔn—anaasɛ wogyina hɔ twɛn, a bere nyinaa wɔwɔ anidaso sɛ ebia Spartafo no bɛba ntɛm abɛboa wɔn ma wɔako atia Persiafo ntua a ɛyɛ den no?

Ɔsahene Miltiades—Akodi Akwan Ho Nimdefo

Onipa titiriw biako a ɔbɛyɛɛ wɔn kannifo ne Helani sahene Miltiades. Ná ɔyɛ ɔsahene a ɔwɔ suahu na onim akodi ho akwan yiye, ɔkofo a ɔko maa Persia asraafo no wɔ ako a wɔadi atwam wɔ kusuu fam no mu. Enti, na n’ankasa nim atamfo no yiye. Ná ɛnyɛ sɛ onim sɛnea Persia asraafo no te nko, na mmom, wɔn akode, ne ne titiriw no, ɔkwan a wɔfa so ko no nso. Bio nso, ansa na ɔko no rebedu so no, ɔnam nyansakwan so hwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ akono hɔ no mu yiye.

Ná Miltiades nim nso sɛ ɛho hia sɛ wɔyɛ wɔn ade ntɛmntɛm, efisɛ na akuw bi a wogyina Persiafo akyi wɔ Atenefo demokrase nniso a wɔahyehyɛ no foforo no mu a wɔn ani begye ho sɛ Atenefo no bedi nkogu. Anadwo a ade rebɛkye ma wɔako no, Persiani fatwafo bi wiawiaa ne ho kɔɔ Helafo nsra no mu kɔbɔɔ wɔn amanneɛ sɛ Persia asraafo no a wɔtete apɔnkɔ so no atwe wɔn ho bere tiaa bi. Adwenkyerɛ biako ne sɛ na Persia asraafo a wɔtete apɔnkɔ so no akɔforo wɔn po so hyɛn na ama wɔatumi afi Attica apuei fam mpoano atow ahyɛ Atene so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi afa kurow no ntɛm ara bere a ɛkame ayɛ sɛ wɔadi nkonim koraa wɔ Marathon no. Sɛnea ɛte biara no, eyi yii asiane kɛse a ɛsen biara a na Atene asraafo a wɔnam fam no hyia no fii hɔ.

Hela asraafo no tow hyɛɛ wɔn so ahemadakye. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 24 no.) Persiafo a wɔn ho adwiriw wɔn no san wɔn akyi, nanso ankyɛ na wɔn nso bɛtow hyɛɛ Helafo no so, na wɔbɔ wuraa wɔn mpasua no mfinimfini. Persiafo nam saayɛ so tɔɔ Miltiades afiri a wasum no yiye no mu a na wonnim! Ná ɔboapa ama Helafo mfinimfini hɔ ayɛ mmerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde asraafo dɔm foforo bɛhyɛ afã a aka no den. Afei, asraafo a wɔyɛ den no danee wɔn ho mpofirim, tow hyɛɛ Persiafo no so, na wokum wɔn kɛse kosii sɛ wɔn a wɔbɔɔ mmɔden fii akodi no mu kae no guan kɔforoo wɔn ahyɛn. Okunkɛse na efii mu bae. Wokum Persia asraafo bɛyɛ 6,400, na wokum Atene asraafo 192 pɛ.

Sɛnea atetesɛm kyerɛ no, ɔsomafo bi de Helafo nkonimdi no ho amanneɛbɔ baa Atene. Atetesɛm bi di mfomso kyerɛ sɛ na ne din de Pheidippides, nanso nokwarem no, ansa na ɔko no rebɛba so no, Pheidippides tuu mmirika fii Atene kɔɔ Sparta kɔhwehwɛɛ mmoa. Atetesɛm kyerɛ sɛ Helani aberante foforo bi tuu mmirika fii Marathon kɔɔ Atene a ɛyɛ kilomita 42 no, na bere a oduu hɔ no ɔteɛɛm sɛ, “Mo ani nnye, yɛadi nkonim!” na afei ɔhwee ase wui. Wɔka sɛ eyi ne Marathon mmirikatu a edi kan—efii saa bere no na wonyaa asɛmfua no—a efii nnɛyi kwan tenten mmirikatu sɛnea yenim no no ase.

Ɛwom sɛ wɔhyew Persia po so ahyɛn no bi de, nanso po so ahyɛn 600 no mu fã kɛse no ara bɔɔ mmɔden twaa Cape Colonna a ɛda Attica kesee fam pɛɛ no kɔɔ Atene. Nanso Atene asraafo a wɔadi nkonim no dii kan kɔɔ hɔ kohyiaa wɔn bio. Wɔmaa Persiafo no fii hɔ. Atenefo no dii nkonim wɔ nea esii nyinaa mu!

Atene ani gyee yiye, titiriw, esiane sɛ wodii nkonim a Spartafo mmoa biara nka ho nti.

Hia a Ɔko no Hia

Marmorabo ne kɔbere nkaedum a ɛwɔ Marathon ne Delphi no ma wɔkae Atene nkonimdi no daa. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Pausanias kyerɛ no, mfe 650 akyi no, na akwantufo da so ara gye di sɛ wotumi te mmarima a wɔreko no dede a ɛyɛ hu bere a wotwam wɔ akono hɔ no.

Dɛn nti na na Marathon akodi no ho hia wɔ Bible nsɛm mu? Ná ɛyɛ biribi a efi bere tenten akyerɛ tumi a, awiei koraa no, “ɔpapo” a ɔne Hela ahemman a ɔwɔ Daniel nkɔmhyɛ mu no bedi wɔ “odwennini a ɔwɔ mmɛn abien” a ɔne Media ne Persia ahemman no so.b—Daniel 8:5-8.

Bere a obi hwɛ Marathon nkaedum a ɛda so si akono hɔ no, ɛkae no adesamma pii a awuwu ne amane a wɔahu, esiane tumidi ne nniso a wɔhwehwɛ nti. Abakɔsɛm a ɛka mogyahwiegu ho asɛm, akono, ne aboda a ɛno nkutoo si mmeaemmeae ma yɛkae “nnipa akɛsefo,” “nnɔmmarima,” ne “nkogudifo” a wiase amammuisɛm ne tumidi na ɛmaa wɔn nyinaa wuwui no. Nanso, bere adu sɛ wiase amammuisɛm ho apereperedi ba awiei, efisɛ Onyankopɔn ahyɛ nkɔm sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Daniel 2:44.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛte sɛ nea adwene nhyia wɔ asraafo dodow a wɔde wɔn kɔɔ Marathon ɔko no ho. Will Durant kyerɛ sɛ na Helafo no “wɔ asraafo mpem aduonu, na ɛbɛyɛ sɛ na Persiafo no wɔ asraafo ɔpeha.”

b Sɛ wopɛ Daniel nkɔmhyɛ no mmamu ho nsɛm pii a, hwɛ “Wopɛ Nyɛ Asase So,” a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no, nkratafa 190-201.

[Kratafa 18 adaka/mfonini]

Hoplite ne Phalanx—Ade a Ɛma Wodii Nkonim

Bere a nhoma A Soaring Spirit reka nneɛma atitiriw abien a ɛmaa Atenefo dii nkonim ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ná Hoplitefo, sɛnea na wɔfrɛ Hela asraafo a wɔnam fam no, wɔ akotade a ahoɔden wom, akyɛm a ɛyɛ den ne mpeaw atenten sen wɔn atamfo Persiafo no. Nanso ne titiriw no, wɔde ahokokwaw koe te sɛ afiri, a asraafo kuw biara mufo yɛ 12, a kuw biara mufo bemmɛn wɔn ho wɔn ho pɛɛ ara ma wɔn akyɛm no yɛ te sɛ afasu a ɛtoatoam. Bere a Persiafo no huu nea ebefi mu aba no, wohui nea enti a na phalanx yɛ akokofo a wɔn ho yɛ hu wɔ tete wiase no mu no.”

[Asɛm Fibea]

The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Marathon Asasetaw no. Emu mfonini: Atenefo 192 a wowuwui wɔ ɔko no mu no nkaedum

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena