Ɔdomankoma Nusu
ƐYƐ anɔpatutuutu, na awɔ wom na wim ayɛ dinn. Obosu agugu nhaban ne sare biara so, na adekyee hann a edi kan no ma ɛhyerɛn. Ɔkwan bi so no, ɛte sɛ nea nhaban no de nusu a ɛkyerɛ anigye rehyia owia a apue no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ obosu akanyan anwensɛm akyerɛwfo—ne mfoninitwafo.
Nanso, obosu yɛ nneɛma pii sen sɛ ɛbɛkanyan nnipa. Saa wim ade yi, a ɛwɔ okyinsoromma no nyinaa so gye baabi a nsukyenee wɔ no, yɛ nsu a ɛkora nkwa so. Yehowa Nyankopɔn asiesie wim sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɛyɛ nwini anadwo wɔ tebea bi mu a, edu baabi a huruhurow no fi ase dan obosu. Eyi yɛ wim tebea a mframa no ntumi nkora nsu bio na ɛde gu nneɛma a ɛso yɛ nwini sen mframa a atwa hɔ ahyia no so. Wonim sɛ afifide twe saa nsu yi dodow a emu duru te sɛ dua no ankasa denam wɔn nhaban so, na wopuw emu fa kɛse no ara fa wɔn ntini mu kora so wɔ asase no mu.
Wɔ nsase a Bible ka ho asɛm a ɔpɛ si wɔ hɔ kyɛ so no, ɛtɔ mmere bi a ɛkame ayɛ sɛ obosu na ɛma nnua nya nsu. Enti wɔ Bible mu no, wɔtaa de obosu toto nnɔbae ho—na wɔde obosu a engu toto ɔkɔm ho.
Obosu betumi akyerɛ biribi ama obi pɔtee. Mose kyerɛwee wɔ dwom a ɔnam so ne Onyankopɔn nkurɔfo dii nkra no mu sɛ: “Me kyerɛ nsosɔ sɛ nsu, na me kasa ngu sɛ obosu, sɛ wura so nsuwɔnsea ne nhaban so nyankommeremmere.” (Deuteronomium 32:2) Mose kaa nsɛm a na ɛma nkwa te sɛ obosu. Esiane sɛ na odwo sen nnipa nyinaa nti, ɛda adi sɛ na osusuw nnipa ho nso wɔ ne kasa mu bere nyinaa. (Numeri 12:3) Te sɛ obosu anaa nsuwɔnsea no, ne kasa hyɛɛ afoforo den na ampira wɔn.
Bere foforo a wubesusuw sɛnea anɔpa bosu—ɔdomankoma ankasa nusu—yɛ fɛ ho no, ebia wobɛpɛ sɛ wususuw obosu Bɔfo no nyansa a ɛyɛ nwonwa no ho.