Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 7-11
  • Tra a Yɛbɛtra Abom Wɔ Ɔdɔ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tra a Yɛbɛtra Abom Wɔ Ɔdɔ Mu
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ—“Pɛyɛ Hama”
  • “Abotiri a Ɛyɛ Fɛ ne Dwen”
  • Abusua Ntam Abusuabɔ a Wɔhyehyɛ Mu Mfaso Horow
  • Obu a Wonya Ma Wɔn Ho mu Mfaso
  • Nkyerɛkyerɛ a Nananom De Bɛma
  • Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ a Yɛde Bedi Dwuma
  • Dɛn Ne Ɔhaw Ahorow no Bi?
    Nyan!—1995
  • Mmanana a Obi Benya Emu Anigye ne Nsɛnnennen
    Nyan!—1999
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Me Nananom Anya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
  • Bere a Nananom Dan Awofo
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 7-11

Tra a Yɛbɛtra Abom Wɔ Ɔdɔ Mu

Nanabea ne Nanabarima Pa,

Mo ho ye? Misusuw sɛ ɔpakum reyɛ abɔ me.

Meda mo ase sɛ nnaano mo ne me dii agoru. Mode me kɔɔ agodibea ne ɔmanfo aguaree hɔ. M’ani gyee ho yiye.

Afe a edi hɔ, February 11, no yɛbɛyɛ kɔnsɛt wɔ yɛn sukuu mu. Sɛ mubetumi aba bio a, mesrɛ mo mommra.

Nanabea ne Nanabarima, sɛ moba a yɛn ani gye yiye.

Mesrɛ mo, monhwɛ mo ho so yiye, na montra yiye bere nyinaa. Awɔw rebɛba, enti ɛyɛ a monhwɛ yiye na ɔpakum ammɔ mo.

Merehwɛ bere foforo a mobɛba ne me abedi agoru bio no kwan. Mesrɛ mo, munkyia Yumi ne Masaki mma me.

Mika (Japanni)

WO BANANA akyerɛw wo krataa a ɛte sɛ eyi pɛn? Sɛ saa a, bere a wo nsa kae no, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gyei yiye. Nkrataa a ɛte saa no di abusuabɔ pa a ɔdɔ wom a ɛda nananom ne mmanana ntam ho adanse. Nanso dɛn na ehia na yɛanya abusuabɔ a ɛte sɛ eyi, akura mu, na yɛama mu ayɛ den? Na ɛso bɛyɛ dɛn atumi aba mfaso ama nananom, awofo ne mma nyinaa?

Ɔdɔ—“Pɛyɛ Hama”

Roy ne Jean, Britaniafo nananom baanu, ka sɛ: “Yɛte nka sɛ, nnyinasosɛm titiriw no ne sɛ, yebegye tiyɛ atom na yɛne yɛn ho yɛn ho abɔ wɔ ɔdɔ mu.” Saa Yehowa Adansefo baanu yi hyɛɛ da bɔɔ kyerɛwsɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:14, a ɛka Kristofo dɔ ho asɛm sɛ “ɛne pɛyɛ hama” no din. Ɔdɔ de obu ba, ɛma wosusuw afoforo ho, ɛde abusua a wɔkyerɛ afoforo ho anigye ba na ɛde biakoyɛ ba. Sɛ papa fi adwuma ba fie a, abusua no nyinaa tu mmirika kohyia no kwan ma no akwaaba anigye so. Sɛ ɔdɔ wɔ abusua no mu a, yɛyɛ ade koro no ara bere a nananom bedu no. Abofra bi a n’ani agye no teɛm sɛ: “Nanabarima ne Nanabea aba!” Saa anwummere no, abusua no nyinaa tra ase didi, na ɔman no mu amammerɛ nti, nanabarima no tra baabi a wɔde ama no wɔ ɔpon no ti no. Wubetumi de w’adwene atwa wo ne w’abusua mfonini sɛ mowɔ tebea a ɔdɔ wom yi mu? Wunya nhyira yi mu anigye?

“Abotiri a Ɛyɛ Fɛ ne Dwen”

Ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yi ɔdɔ ne obu adi kyerɛ nananom bere nyinaa, ɛnyɛ mmere soronko bi mu nko. Esiane eyi nti, ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ mmofra bere nyinaa. Abusua no mu na mmofra di wɔn awofo nhwɛso akyi sua sɛnea wɔbɛdɔ abusuafo ne afoforo. Sɛnea nnipa pii a wobisabisaa wɔn nsɛm no kyerɛe no, wɔn nhwɛso ne ade titiriw. Macaiah, agya bi a ofi Benin City, Nigeria no ka sɛ: “Misusuw sɛ obu a mede ma me nsenom ho nhwɛso no nso aboa me mma ma wɔbrɛ wɔn ho ase bu ade. Mefrɛ me nsenom ‘Papa’ ne ‘Maame.’ Me mma no te na wohu sɛ mibu wɔn te sɛ m’awofo ankasa.”

Sɛ mmanana amfa obu amma wɔn nananom a, ebia eyinom bo befuw, ɛnyɛ sɛ sintɔ no nti, na mmom nokwasɛm a ɛne sɛ awofo no nteɛ wɔn no nti. Demetrio, nanabarima bi a ofi Rome, Italy, no ka sɛ: “Mitumi hu ɔdɔ a me babea ne ase barima wɔ ma yɛn denam ɔkwan a wɔkyerɛkyerɛ yɛn mmanana no sɛ wonni yɛn nni na wommu yɛn no so.” Ɛtɔ mmere bi a, ebia mmanana ne nananom bɛbɔ ma atra so te sɛ nea ebia wɔyɛ wɔn atipɛnfo a wɔbom di agoru, anaasɛ wɔkorɔn mpo sen wɔn. Ɛyɛ awofo no asɛyɛde sɛ wɔbɛteɛ wɔn su biara a ɛte saa ho. Paul, Ɔdansefo bi a ofi Nigeria, ka sɛ: “Bɛyɛ afe a atwam ni, me mma no fii ase sɛ wobebu me maame animtiaa. Bere a mihuu eyi no, mekenkan Mmebusɛm 16:31 kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen,’ na mekaee wɔn nso sɛ Nanabea no yɛ me maame. Sɛnea wobu me no, saa ara na wommu ɔno nso. Mesan ne wɔn suaa Your Youth—Getting the Best Out Of It nhoma no ti 10,a a ekura asɛmti ‘How Do You View Your Parents?’ (Wubu W’awofo Dɛn?) no. Seesei wonni ɔhaw biara wɔ obu a wɔde bɛma wɔn nanabea no mu.”

Abusua Ntam Abusuabɔ a Wɔhyehyɛ Mu Mfaso Horow

Sɛ mmusua mufo ne wɔn ho wɔn ho nte mmɛn mpo a, wobetumi anya ɔdɔ ama wɔn ho wɔn ho. Stephen, nanabarima bi a ofi Nigeria ka sɛ: “Yɛkyerɛw yɛn mmanana no mmiako mmiako. Adeyɛ yi yɛ den, nanso mfaso a ɛwɔ abusuabɔ a yɛne yɛn mmanana bɛhyehyɛ na yɛakura mu so no ayɛ kɛse.” Awofo mmɔdenbɔ ho hia wɔ eyi yɛ mu. Esiane afoforo nsɛm tebea nti, wɔnam telefon so ne wɔn ho wɔn ho di nkitaho.

Giuseppe, nanabarima bi a ofi Bari, Italy, a ɔwɔ mmanana 11 no kyerɛkyerɛ sɛnea ɔne n’abusua mu nnipa a wɔbɛn no yiye no nya adamfofa a emu yɛ hyew mu sɛ: “Mprempren, abusua asia a wɔbom yɛ ‘m’abusua’ no mu abiɛsa te akyirikyiri. Nanso ɛno nsiw yɛn kwan sɛ yebedi nkitaho a ɛyɛ anigye na yɛahyiam no. Nea yɛyɛ ne sɛ, anyɛ yiye koraa no, yɛn 24 no nyinaa hyiam pɛnkoro afe biara.”

Sɛ nananom nkutoo na wɔte, na abusua no mufo ntaa nsra wɔn, wɔne wɔn nkasa wɔ telefon so, anaa wɔnkyerɛw wɔn krataa daa a, wɔn ntam betumi atetew kɛse. Ɛsɛ sɛ wɔda ɔdɔ adi bere nyinaa. Nananom bi a wɔreyɛ adi mfe aduosia anaa wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wɔn ankasa yɛ wɔn biribiara bere a wɔda so ara wɔ ahoɔden ne wɔn biribi di no. Nanso, sɛ wɔtew wɔn ho koraa fi abusuafo ho a, ebia wobehu nso sɛ bere a wohia ɔdɔ kɛse no, wonnya no amonom hɔ ara.

Michael, nanabarima bi a ofi Nigeria nso de nyansahyɛ foforo a mfaso wɔ so ma: “Mede Yesu Mmara Pa—a ɛne sɛ ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ saa ara—no di dwuma. Esiane ɛno nti, me mma dɔ me kɛse. Yedi nkitaho pa.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ me mmanana no mu bi yɛ biribi a ɛhaw me a, mekasa kyerɛ wɔn, sɛ ɛho hia a. Nanso sɛ ɛyɛ biribi a metumi abu m’ani agu so a, metaa yi fi m’adwene mu.”

Akyɛde ne nneɛma nketenkete a efi nananom hɔ no ma wonya wɔn ho adwempa. Ayamye ne nkuranhyɛ nsɛm a wɔka sen sɛ wobenwiinwii bere nyinaa no ma abusua asetra yɛ anigye. Bere a wobenya ama mmanana, akyerɛkyerɛ wɔn agodie a ɛyɛ anigye ne nnwuma nketenkete a mfaso wɔ so, na wɔaka Bible mu nsɛm anaa abusua no ho nsɛm akyerɛ wɔn no ma wɔde anigye kae wɔn bere nyinaa. Nneɛma nketenkete a ɛtete saa no ma asetra yɛ anigye kɛse.

Obu a Wonya Ma Wɔn Ho mu Mfaso

Oduruyɛfo Gaspare Vella ka sɛ: “Ehia sɛ nananom hwɛ yiye sɛ wɔnsɔre ntia tumi a awofo wɔ sɛ wɔbɛtete mmofra anaasɛ wɔne wɔn rempere ho.” Ɔde ka ho sɛ: “Anyɛ saa a, wɔyɛ ade tra nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ sɛ nananom na wɔbɛyɛ nananom a wɔayɛ wɔn ho awofo.” Saa nyansahyɛ yi ne nea Kyerɛwnsɛm no ka, a ɛne sɛ awofo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wɔbɛtete wɔn mma no hyia.—Mmebusɛm 6:20; Kolosefo 3:20.

Esiane nananom asetra mu suahu nti, ɛyɛ mmerɛw ma wɔn sɛ wɔde afotu bɛma. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye sɛ wɔremfa afotu a awofo mpɛ na ɛtɔ mmere bi a, wonnye ntom mma. Roy ne Jean ka sɛ: “Ɛho hia sɛ yɛte ase sɛ awofo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wɔbɛtete wɔn mma na wɔde nteɛso ama wɔn. Ɛtɔ mmere bi a, ebia obi bɛte nka sɛ wɔyɛ katee dodo na wɔ mmere foforo mu nso no wɔyɛ fakaa dodo. Enti ɛho hia sɛ wɔko tia sɔhwɛ ankasa a ɛbɛma ɔde n’ano atoto nsɛm mu no.” Michael ne Sheena, Britania nananom baanu foforo nso si saa asɛm koro no ara so dua sɛ: “Sɛ mmofra no bisa yɛn afotu a, yɛde bɛma wɔn, nanso yɛnhwɛ kwan ankasa sɛ wobegye atom, na sɛ wɔannye antom a, ɛnhaw yɛn.” Ɛyɛ papa sɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim no benya awerɛhyem wɔ wɔn mmabarima ne mmabea a wɔaware mu. Awerɛhyem a ɛte saa no ma abusuabɔ a ɛda nananom, awofo ne mma ntam no nya nkɔso.

Vivian ne Jane a wɔte England kesee fam no, bɔ mmɔden sɛ bere nyinaa wɔbɛpene nteɛso a wɔn babarima ne wɔn ase a wɔne wɔn te de ma wɔn mmanana no so: “Yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ wɔn ma wɔagye yɛn nsusuwii atom wɔ baabi a ebia yɛte nka sɛ yɛne wɔn adwene nhyia no. Bere a mmofra no hu sɛ yɛboa wɔn maame ne wɔn papa no, wɔmmɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛma yɛasɔre atia yɛn ho yɛn ho.’” Sɛ awofo no nni hɔ mpo a, ɛsɛ sɛ nananom no hwɛ yiye wɔ nteɛso a wɔde bɛma mmanana ho. Harold, a ofi Britain no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ nananom ne awofo di kan susuw nteɛso biara a wohu sɛ ehia sɛ wɔde bɛma bere a awofo no nni hɔ no ho.” Harold de ka ho sɛ, asɛm a efi ayamye mu, nanso anibere wom, a wɔka kyerɛ mmanana anaasɛ “nea ɔwofo no behia” a wɔbɛkae wɔn ara kwa no taa yɛ nea ɛdɔɔso.

Sɛ Christopher, nanabarima bi a ofi Nigeria no hu sintɔ bi wɔ n’ankasa mma ho a, ɔkwati sɛ ɔbɛka ho asɛm wɔ ne mmanana anim: “Mede afotu biara a ehia ma bere a me ne wɔn awofo nkutoo na ɛwɔ hɔ no.” Ɛho hia sɛ awofo nso yɛ wɔn afa mu de de hwɛ hu sɛ wobu nananom asɛyɛde no. Carlo, agya bi a ɔte Rome, Italy, no ka sɛ: “Ɛho hia sɛ wɔrennwiinwii wɔ nananom anaa busuani foforo sintɔ ho wɔ mma no anim.” Hiroko, ɛna bi a ofi Japan, ka sɛ: “Sɛ ɔhaw bi si me ne me nsenom ntam a, midi kan ne me kunu susuw ho.”

Nkyerɛkyerɛ a Nananom De Bɛma

Abusua biara wɔ n’ankasa abakɔsɛm, amammerɛ, ne osuahu ahorow a ɛma ɛda nsow wɔ afoforo nyinaa ho. Nananom na wɔtaa ka abusua no abakɔsɛm kyerɛ. Sɛnea Afrikafo asɛm bi se no: “Akwakoraa biara a owu no yɛ nhomakorabea a ɛhyew.” Nananom ka abusuafo ne abusua ho nsɛm a ɛho hia, ne abusua gyinapɛn ahorow a ɛtaa ka abusua no bom ma enya nhyɛase a ɛyɛ den ho asɛm kyerɛ. Bere a yɛrenka abrabɔ ho akwankyerɛ a Bible no de ma ho asɛm no, ɔbenfo bi kae sɛ sɛ “mmofra nnim wɔn abusua abakɔsɛm a, wonyin a wonnim nea esii ansa na wɔrewo wɔn, wonni nneɛma a ɛsom bo ma wɔn, wonni wɔn ho mu awerɛhyem ne ahobammɔ.”—Gaetano Barletta, Nonni e nipoti (Nananom ne Mmanana).

Mmanana pɛ sɛ wɔte bere a na maame ne paapa ne abusuafo foforo yɛ mmofra no ho asɛm. Album a mfonini wom a wɔbɛhwɛ no betumi akyerɛkyerɛ wɔn na wɔn ani agye yiye. Hwɛ ɔdɔ ne anigye ara a wubetumi anya bere a nananom ka nsɛm a asisi atwam a mfonini no da no adi no ho asɛm no.

Reg ne Molly, nananom baanu a wofi Britania a wɔyɛ Yehowa Adansefo no ka sɛ: “Yɛn ani agye sɛ yɛatumi ne yɛn mmanana bɔ na yɛbom yɛ nneɛma, a yɛnsɛee wɔne wɔn Maame ne wɔn Papa ntam abusuabɔ a emu yɛ den no, na yebua wɔn nsemmisa pii no, ne wɔn bom goru, kenkan ade, kyerɛ wɔn sɛnea wosi kyerɛw ade, yetie wɔn akenkan, na yɛde ɔdɔ kyerɛ wɔn sukuukɔ ho anigye.”

Mfomso a anibere wom a nananom ne awofo bedi ne sɛ wɔbɛhaw wɔn ho wɔ wɔn mma ne mmanana honam fam yiyedi nkutoo ho. Reg ne Molly, Yehowa Adansefo a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no, ka sɛ: “Ade titiriw a yebetumi de ama yɛn mma ne yɛn mmanana ne sɛ yɛbɛhwɛ ma wɔayɛn wɔn wɔ Onyankopɔn Asɛm ho nokware nimdeɛ no mu.”—Deuteronomium 4:9; 32:7; Dwom 48:13; 78:3, 4, 6.

Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ a Yɛde Bedi Dwuma

Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron no, nya nnipa so “tumi.” Ɛwɔ tumi a ɛboa wɔn ma wodi su a ɛde mpaepaemu ba, te sɛ pɛsɛmenkominya ne ahantan so anaa etumi ma woyi fi hɔ. (Hebrifo 4:12) Enti, wɔn a wɔde ne nkyerɛkyerɛ di dwuma no nya asomdwoe ne biakoyɛ wɔ wɔn abusua mu. Kyerɛwnsɛm pii a ɛboa nananom, awofo, ne mmanana ma wɔyɛ biako no mu biako ne Filipifo 2:2-4, a ɛhyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnna ɔdɔ ne ahobrɛase adwene adi, na wonkura biakoyɛ mu, ‘na wɔnnhwɛ wɔn nko ade, na mmom wɔnhwɛ wɔn mfɛfo de bi’ no.

Sɛ awofo ne mmanana nyinaa de Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ di dwuma a, wɔfa afotu a ɛne sɛ ‘wontua wɔn awofo ne nananom ka,’ wɔ honam, nkate, ne honhom fam no aniberesɛm. (1 Timoteo 5:4) Esiane Yehowa ho osuro pa a wɔwɔ nti, wɔda obu a emu dɔ adi kyerɛ nananom, na wɔkae ne nsɛm yi: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn.” (Leviticus 19:32) Nananom da papayɛ adi denam wɔn asefo yiyedi a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma anya nkɔso no so: “Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma.”—Mmebusɛm 13:22.

Sɛ́ ebia nananom, awofo, ne mmanana te bom anaa wɔnyɛ saa no, wobetumi anya mfaso wɔ abusuabɔ pa a egyina ɔdɔ ne obu so no mu, te sɛ nea Mmebusɛm 17:6 ka no: “Nkwakoraa abotiri ne mma mma, na mma anuonyam ne wɔn agyanom.”

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wɔyɛe.

[Kratafa 8 mfonini]

Abusua nkabom betumi aboa ma abusua biakoyɛ aba

[Kratafa 9 mfonini]

Sɛ wokyerɛw wo nananom a, ɛhyɛ wɔn nkuran

[Kratafa 10 mfonini]

Abusua “album” a wo ne wo mmanana bɛhwɛ mu no betumi ayɛ osuahu a ɛyɛ anigye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena