Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 5-7
  • Dɛn Ne Ɔhaw Ahorow no Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Ɔhaw Ahorow no Bi?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Wogyae Nkɔmmɔbɔ
  • Wo Nhwɛso Betumi Anya Nkɛntɛnso
  • “Momma Yɛnkanyan Yɛn Asetra”
  • Tra a Yɛbɛtra Abom Wɔ Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1995
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi ne Me Nananom Anya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Me ne Me Nananom Nya Abusuabɔ Pa?
    Nyan!—2001
  • Mmanana a Obi Benya Emu Anigye ne Nsɛnnennen
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 5-7

Dɛn Ne Ɔhaw Ahorow no Bi?

Nananom, awofo, ne mmanana—awo ntoatoaso abiɛsa a mfe du du kakraa bi na ɛdeda wɔn ntam, nanso wɔn adwene ntaa nhyia.

NANANOM pii huu wiase ko a ɛto so abien, ne nneɛma bɔne a efi mu bae a ɛyɛ hu no nyinaa. Ná ɛda adi sɛ wɔn mma susua wɔ 1960 mfe no mu ɔkasatia ne sikasɛm mu nkɔso bere no mu. Ɛnnɛ, wɔn mmanana te wiase bi a su pa nnim mu. Bere a wɔn a ɔmanfo suasua wɔn no sakra ntɛmntɛm nnɛ no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ awo ntoatoaso foforo no ani bɛsɔ nea awo ntoatoaso dedaw no yɛe no. Biribi ho hia, ade a wɔde bɛma awo ntoatoaso bi ne foforo ayɛ biako na wɔabu wɔn ho wɔn ho. Nanso ebetumi ayɛ dɛn ade?

Mpɛn pii no, nananom a wɔwɔ adwempa de wɔn ho hyehyɛ wɔn mma a wɔaware abusuasɛm mu, na wonwiinwii sɛ awofo no yɛ katee dodo anaasɛ wɔkorɔkorɔ wɔn mmanana no. Ɔkwan foforo so no, Spainfo bu bɛ bi sɛ: “Nananom asotwe mma mmanana nyɛ mmofra pa”—efisɛ nananom bɛyɛ timmɔbɔ. Ebia wɔde wɔn ho gye nsɛm mu efisɛ wɔpɛ sɛ wɔn mma kwati mfomso ahorow bi a, esiane wɔn ankasa suahu nti, wobetumi ahu no yiye no. Nanso, ebia wontumi nhu na wɔnkyerɛkyerɛ wɔne wɔn mma awarefo no abusuabɔ a ɛresakra no mu wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so. Na mma a wɔnam aware so anya ahofadi a wofi bere tenten ahwehwɛ no nyɛɛ krado sɛ wɔbɛpene so ma wɔde wɔn ho ahyehyɛ wɔn nsɛm mu. Afei a wɔyɛ adwuma de hwɛ abusua no, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ano bɛto wɔn gyinaesi mu. Mmanana, a ebia wodwen sɛ wonim biribiara dedaw no, pow ahyɛde ne mmara ahorow na ebia wosusuw sɛ wɔn nananom nyɛ wɔn ade te sɛ nnɛɛmmafo. Wɔ nnɛ wiase yi mu no, ɛte sɛ nea wonni nananom ho anigye bio. Wɔtaa pow wɔn suahu.

Bere a Wogyae Nkɔmmɔbɔ

Ɛtɔ mmere bi a adwene a enhyia koraa ma nananom ne abusua no mufo a wɔaka no ntam tetew bere a wɔne wɔn mma na ɛte mpo no. Awerɛhosɛm ne sɛ, eyi si bere a, esiane sɛ mpanyinyɛ abɛyɛ adesoa nti, nananom hia ɔdɔ kɛse mpo no. Ɛnyɛ bere a obi atew ne ho akɔtra baabi nkutoo na ɔte nka sɛ ɔyɛ ankonam. Sɛ wogyae nkɔmmɔbɔ de animtiabu anaa abufuw si obu ne ɔdɔ ananmu a, nea efi mu ba ne sɛ nananom tew wɔn ho na wɔn abam bu kɛse. Wodi yaw wɔ wɔn komam tɔnn. Ɔkyerɛkyerɛfo Giacomo Dacquino kyerɛw sɛ: “Ɔdɔ a ɛwɔ abusua no mu, a nnansa yi obi de toto kar dedaw bi a ne bere atwam ho no, da so ara yɛ mpanyinyɛ aduru a eye sen biara. Anim hwɛbea a ɛkyerɛ ntease, ɔserew a ɛkyerɛ ayamye, asɛm a ɛhyɛ nkuran, anaa ɔdɔ mu a wofi so obi mu no boa sen nnuru pii.”—Libertà di invecchiare (Ahotɔ a Wonya De Nyin).

Wo Nhwɛso Betumi Anya Nkɛntɛnso

Ahoyeraw a efi abusua mu abusuabɔ a ɛsɛe mu ba no nso ma awo ntoatoaso bi nwiinwii tia foforo. Ebia abusua no muni biako bu biribiara a ɔfoforo bɛyɛ sɛ enye. Nanso ade bɔne a efi mu ba no ka obiara. Mmofra no hu nea wɔn awofo yɛ nananom no, ne sɛnea wɔn nananom nso yɛ wɔ ho. Ɛwom sɛ mpɛn pii no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hu amane a wɔnka de, nanso mmanana no te, wohu, na wɔkae. Enti enya wɔn ankasa daakye nneyɛe so tumi. Sɛ wɔbɛyɛ mpanyimfo a, ɛda adi sɛ wɔbɛyɛ wɔn awofo sɛnea wɔn nso wɔyɛɛ wɔn nananom no. Wɔrentumi nkwati Bible nnyinasosɛm no: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa.”—Galatifo 6:7.

Sɛ mmanana hu sɛ wɔn awofo rebu nananom animtiaa—wodi wɔn ho fɛw, wɔde animtiabu ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnka wɔn ano ntom, anaasɛ wosisi wɔn mpo—a saa ara na mmanana no bɛyɛ wɔn awofo sɛ wonyin a. Ɛnnɔɔso sɛ wɔde nananom mfonini bɛhyɛ ahwehwɛ mu de asi ɔpon so—ɛsɛ sɛ wobu wɔn na wɔdɔ wɔn sɛ nnipa. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, mmanana no bɛyɛ saa ara. Wɔka sɛ adeyɛ a ɛne sɛ wɔyɛ nananom ayayade no retrɛw kɛse. Wɔ Europa aman bi mu no, wɔayeyɛ telefon a wɔde betie wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛ wɔn ayayade no nsɛm te sɛ nea wɔde di dwuma dedaw bɔ mmofra ho ban no.

Pɛsɛmenkominya, ahantan, ne ɔdɔ a wonni no ma adwene a enhyia no yɛ kɛse. Enti, nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wobeyi nananom afi wɔn ho de wɔn akɔ afie a wɔhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim mu no redɔɔso. Ebinom wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsɛe sika kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛde wɔn ho afi ɔhaw a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho, enti wɔde wɔn kogu mmeae atitiriw bi a nnɛyi mfiri a aba so ahorow nyinaa bi wɔ hɔ anaasɛ wɔde wɔn kɔtra nkuraa a wɔahyɛ da akyekye ama wɔn a wɔakɔ pɛnhyɛn te sɛ nea ɛwɔ Florida anaa California, U.S.A., a aguadidan ne anigyede pii wɔ hɔ nanso wonnya adɔfo serew ne wɔn hwɛ na mmanana nyɛ wɔn atuu no. Wɔ akwamma bere mu titiriw no, nnipa pii hwehwɛ beae a “wobegyaw” nananom. Wɔ India no, ɛtɔ mmere bi a, tebea no mu tumi yɛ den bere a wokogyaw nananom si keteke gyinabea bi ara kwa na wogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ wɔn ho no.

Awaregyae ma nsɛnnennen a ɛne sɛ wɔbɛma abusua ntam abusuabɔ ayɛ den no yɛ kɛse. Wɔ Britania no, abusua 4 mu 1 pɛ na wɔda so ara ne awofo baanu no te fie. Awaregyae renya nkɔso wɔ wiase nyinaa. Wɔ United States no, wogyae aware bɛboro ɔpepem biako afe biara. Enti, nananom hu sɛ wɔatɔ wɔn mma aware mu haw mu mpofirim ma enti nsakra kɛse aba wɔne wɔn mmanana ntam abusuabɔ mu. Nea ɛka obi a anka ɔyɛ asew a wɔne no bɔ a ɛnyɛ mmerɛw ho ne ɔhaw a ɛne sɛ “‘wonya’ mmanana mpofirim” a sɛnea Italiafo atesɛm krataa Corriere Salute kyerɛ no, bere a “wɔn babarima anaa wɔn babea no hokafo foforo no wɔ mma a efi kan aware bi mu” no.

“Momma Yɛnkanyan Yɛn Asetra”

Nanso, obi ne ne nananom ntam abusuabɔ a ɔdɔ wom, na emu yɛ hyew, sɛ ebia ɔne abusua no nyinaa te anaa ɛnyɛ ɔne wɔn na ɛte no, so wɔ mfaso ma obiara. Ryoko, nanabea bi a ofi Fukui, Japan no ka sɛ: “Yɛn mma ne yɛn mmanana a yɛbɛyɛ biribi ama wɔn no yɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛkanyan yɛn asetra.” Sɛnea nea efi nhwehwɛmu bi a Corriere Salute tintimii mu kyerɛ no, wɔbɔ amanneɛ sɛ U.S. abenfo kuw bi kae sɛ: “Sɛ nsɛm kɔ yiye ma nananom ne mmanana ma wonya abusuabɔ a ɔdɔ wom a, ɛnyɛ mma no nko na wonya emu mfaso kɛse, na mmom abusua no nyinaa.”

Ɛnde, dɛn na yebetumi ayɛ, de adi adwene a enhyia, awofo ne mma a wontumi mmɔ ne pɛsɛmenkominya su a ano yɛ den a enya abusua ntam abusuabɔ so nkɛntɛnso bɔne no so? Yebesusuw saa nsɛm yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Ade a ɛyɛ hu yiye wɔ onyin ho ne sɛ wontie wo.”—Albert Camus, Franseni nhoma kyerɛwfo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena