Aponkyerɛn Anaa Apɔtorɔ—Nsonsonoe Bɛn na Ɛda Ntam?
WƆABƆ mponkyerɛn ne mpɔtorɔ dimmɔne wɔ mfehaha pii mu. “Wɔma ntwom gu nnipa.” “Abayifo tumi dan nkurɔfo mponkyerɛn ne mpɔtorɔ.” Hena na ɔntee anansesɛm a ɛne sɛ sɛ apɔtorɔ fam obi ho na sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔbɛdan ɔbea, na sɛ ɔyɛ ɔbea nso a ɔbɛdan ɔbarima? Nanso efi bere a Kermit the Frog (Apɔtorɔ Kermit) a ɔwɔ mmofra TV so dwumadi “Sesame Street” mu ne “The Muppet Show” begyee din no, nkurɔfo ani afi ase regye mpɔtorɔ ho. Dɛn ne nokwasɛm a ɛfa mpɔtorɔ ne mponkyerɛn ho? Nsonsonoe bɛn na ɛda wɔn ntam?
Momma yɛnteɛ saa asɛm yi—ɔyare mmoawa na wɔma ntwom gu nnipa, ɛnyɛ mponkyerɛn. Na anansesɛm ahorow nso nyɛ asɛm foforo biara—ɛyɛ anansesɛm ne ayɛsɛm. Na ɛwom sɛ abayifo wɔ hɔ de, nanso wontumi mma obi nnan apɔtorɔ anaa aponkyerɛn.
Mpɔtorɔ ne mponkyerɛn wɔ wiase mmeae dodow no ara, nanso mpɔtorɔ nni Antarctica, na saa ara nso na mponkyerɛn nni Arctic. Mpɔtorɔ ne mponkyerɛn mmusua bɛyɛ 3,800 na ɛwɔ hɔ, na emu 300 yɛ mponkyerɛn. Enti wobɛyɛ dɛn atumi ahu nsonsonoe a ɛda aponkyerɛn ne apɔtorɔ mu? The World Book Encyclopedia bua sɛ: “Mponkyerɛn paa mu dodow no ara honamdua trɛw na ɛyɛ traa, na wɔn were yɛ tumm ne wewerɛɛ sen mpɔtorɔ paa dodow no ara. Mponkyerɛn paa ho taa sisi apɔwapɔw, nanso mpɔtorɔ ankasa ho yɛ toromtorom. Nea ɛnte sɛ mpɔtorɔ paa dodow no ara no, mponkyerɛn paa no fã kɛse tra asase so. Wɔn a wɔanyinyin no kɔ nsu mu kɔto nkesua kɛkɛ.” Mpɔtorɔ taa tra nsu ho, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔte sɛ obi reba a wobetumi ahuruw atɔ nsu no mu ntɛm. Mpɔtorɔ dodow no ara wɔ sẽ wɔ wɔn apantan a ɛwɔ soro no. Mponkyerɛn nni sẽ. Enti, wɔn abien nyinaa memene mmoa nketewa a wɔkyere wɔn no muamua.
Awuduru a ano yɛ den fi mpɔtorɔ ne mponkyerɛn pii ho ba. Costa Rica bɛma awuduru apɔtorɔ kɔkɔɔ no (Dendrobates pumilio) yɛ nhwɛso biako. Mpɔtorɔ bi ho awuduru betumi akum obi ntɛm. Nhoma a ɛne Biology ka sɛ: “Mmusua a wofi mmeae a osu tɔ hɔ pii na awia bɔ kɛse taa de awuduru yɛ wɔn mmɛma ano denam mpɔtorɔ yi ho a wɔde twitwi so.” Wɔ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm mu no, wɔde “ahonhom fĩ” toto mpɔtorɔ ho. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ wɔ Mose Mmara no mu no, na wobu mpɔtorɔ sɛ wɔn ho ntew sɛ wobedi.—Adiyisɛm 16:13; Leviticus 11:12.
[Kratafa 26 mfonini ahorow]
Nifa: Aponkyerɛn. Ase hɔ: Apɔtorɔ