Na Wiase Te Dɛn Mfe 50 a Atwam Ni?
WOANYIN sɛnea ɛsɛ a wubetumi akae sɛnea na wiase te wɔ 1945 mu? Afei na na wɔn ani so afi ase retetew wɔn wɔ Wiase Ko II a efii ase 1939 bere a Britania ne France kɔkaa Germany ntɔkwaw esiane sɛ Nasifo to hyɛɛ Poland so nti no ho. Sɛ wunnyinii pii sɛ wobɛkae ɛno a, wokae ɔko a esii Korea a efii ase 1950 no? Anaasɛ ɔko a esii Vietnam fi 1950 mfe no mu besi 1975 no? Anaasɛ ɔko a esii Kuwait a Iraqfo na wɔkɔfa bae wɔ 1990 no?
Ɛnyɛ wo nwonwa sɛ sɛ yɛreka efi Wiase Ko II reba mu abakɔsɛm a, yɛkaakae akodi foforo pii a ɛde ahohia ne amanehunu abrɛ nnipa ɔpepem pii, na akunkum afoforo ɔpepem pii? Dɛn na Wiase Ko II de gyaw nnipa a na wɔte ase saa bere no?
Nea Wiase Ko II De Bae
Wokunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 wɔ Wiase Ko II no mu, na eduu 1945 no, na aguanfo ɔpepem pii nenam Europa a wɔrebɔ mmɔden asan akɔ wɔn nkurow ne nkuraa a atopae asɛe hɔ no mu, na wɔakɔhyɛ wɔn asetra a agyigya no ase bio. Na mmea ne mmeawa ɔpehaha pii, ɛnkanka wɔn a wɔwɔ Russia ne Germany, rebɔ mmɔden sɛ wobedi mmonnaa a asraafo a wɔto hyɛɛ wɔn man so too wɔn no ho yaw no so. Ná wɔkari aduan kyekyɛ wɔ Europa mmeae dodow no ara—na aduan ne ntade ho yɛ na. Na asraafo ɔpehaha pii a wɔayi wɔn adi rehwehwɛ nnwuma foforo. Ná akunafo ne nyisaa ɔpepem pii redi wɔn kununom ne wɔn awofo wu ho awerɛhow.
Ná Yudafo da so dwen Okunkɛse a ɛtɔree wɔn mfɛfo Yudafo ɔpepem pii ase, ne hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi anya nkyirimma daakye no ho. Nnipa ɔpepem pii—wofi Amerika, Britania, France, Germany, Russia, ne aman foforo pii mu—wuwui wɔ saa ɔko no mu. Amammui ne sika fam mfaso horow a wiase tumidi no ne wɔn sodifo benya nti, wɔde nkyirimma a anka wobetumi de wɔn dom akyɛde ayeyɛ nneɛma pii no bɔɔ afɔre.
Aman pii wɔ hɔ a Wiase Ko II no sɛee no araa ma ade a edi kan a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ wobedi sikasɛm mu ahokyere ho dwuma. Aduankɔm kɔɔ so denneennen wɔ Europa mfe pii wɔ ɔko no akyi. Ɛmfa ho sɛ Spain de too gua sɛ enni ɔfã biara wɔ Wiase Ko II no mu no, n’ankasa ɔmanko (1936-39) ne aguadi mu anohyeto ahorow ma ɛkɔɔ ahokyere kɛse mu—ɛde besii June 1952 no, na wɔda so de nkrataa kogye aduan.
Wɔ Apuei Fam Akyirikyiri no, na amanehunufo a wɔwɔ Burma, China, Philippines, ne Apuei Fam aman foforo mu da so ara kae Japanfo atirimɔdensɛm no. United States a ɛyɛ ɔman a edii nkonim no mpo hweree asraafo bɛyɛ 300,000, a wɔn mu bɛyɛ fã wuwui wɔ Pacific akono. Wɔ Japan no, ohia, nsamanwaw, ne santen atenten a wɔto kogye aduan ne ade a na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔnyɛ asraafo no.
Churchill Ɔfrɛ ma Dwumadi No
Bere a Wiase Ko II no baa awiei wɔ Europa, na Ɔmampanyin, Winston Churchill, rema ne nkonimdi kasa akyerɛ Britaniafo wɔ May 13, 1945 no, ɔkae sɛ: “Me yam a anka anadwo yi mereka akyerɛ mo sɛ yɛn brɛ ne yɛn haw nyinaa aba awiei. . . . Ɛsɛ sɛ mebɔ mo kɔkɔ . . . sɛ yɛda so wɔ pii yɛ, na ɛsɛ sɛ musiesie mo ho sɛ mobɛsan de mo adwene ne mo nipadua adi dwuma de nneɛma abobɔ afɔre ama dwumadi akɛseakɛse.” Bere a ɔrehwɛ ade akɔ akyiri a ohui sɛ Komunist nniso bɛtrɛw no, ɔkae sɛ: “Wɔ Europa asasepɔn no so no, aka sɛ yɛbɛhwɛ ahu sɛ . . . wɔnkyeaa ntease ankasa a nsɛm ‘ahofadi’, ‘dodow amammu’, ne ‘ogye’ no kura sɛnea yɛabɛte ase no.” Afei ɔde ɔfrɛ bi a asɛyɛde bata ho too gua sɛ: “Monkɔ mo anim, monnsan mo akyi, munnyina pintinn, munsi nketekrakye, kosi sɛ mubewie adwuma no nyinaa, ma dwoodwoo ne ahotew aba wiase nyinaa.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Mfe Aduonum a Akodi ne Nnipakum Akɔ So
Bere a Amanaman Nkabom no Kyerɛwfo Panyin Boutros Boutros-Ghali rema ɔkasa bi wɔ 1992 mu no, ogye toom sɛ “efi bere a wobenyaa Amanaman Nkabom no wɔ 1945 mu no, ako akɛse bɛboro 100 na akɔ so wɔ wiase nyinaa a akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 20.” Bere a World Watch nsɛmma nhoma no rekyerɛ sɛ nnipa a wowuwui no dɔɔso sen saa mpo no, ɛkae sɛ: “Eyi ne afeha a asomdwoe nnim koraa wɔ abakɔsɛm mu.” Nsɛmma nhoma koro no ara fa nhwehwɛmufo bi anom asɛm ka sɛ “akodi akunkum nnipa pii wɔ afeha yi mu sen nnipa abakɔsɛm mu bere a atwam nyinaa a wɔaka abom. Saa nnipa no mu bɛyɛ ɔpepem 23 yɛ nea wokunkum wɔn wɔ Wiase Ko II no akyi.”
Nanso The Washington Post no bɔɔ akontaabu foforo ho amanneɛ sɛ: “Efi bere a Wiase Ko II baa awiei no, ako bɛyɛ 160 na wɔadi wɔ asase nyinaa so, na asraafo bɛboro ɔpepem 7 na wowuwui, ne wɔn a wɔnyɛ asraafo bɛyɛ ɔpepem 30. Ɛno akyi no, yɛwɔ wɔn a wɔapirapira, wɔato wɔn mmonnaa, ne wɔn a wɔadan aguanfo.” Nnipa ɔpepem pii a wɔayɛ wɔn amumɔyɛde mfe 50 a atwam ni wɔ wiase nyinaa no mpo nka akontaabu yi mu biara ho!
Seesei, wɔ 1995 mu yi, akodi a ɛyɛ hu a nitan a emu yɛ den na ɛkɔfa ba da so ara rekɔ so, a ɛnyɛ sɛ ɛrekunkum asraafo a wɔapene so sɛ wɔbɛyɛ owu adwuma nko, na mmom nnipa mpempem pii a wɔnyɛ asraafo nso wɔ Afrika, Balkan aman mu, Mfinimfini Apuei ne Russia.
Enti yebetumi aka sɛ 1945 akyi mfe 50 ni no, “dwoodwoo ne ahotew aba wiase nyinaa”? Nkɔanim bɛn na adesamma anya wɔ yɛn asase yi a wɔpɛ sɛ ɛyɛ baabi a ɛfata sɛ wɔtra dwoodwoo no mu? Dɛn na yɛasua wɔ mfe 50 mu? Adesamma anya nkɔanim wɔ nneɛma a ɛho hia ankasa no mu—nneɛma a ɛsom bo, abrabɔ, nnyinasosɛm? Nsɛm abien a edi hɔ no bebua saa nsemmisa yi. Asɛm a ɛto so anan no bɛkyerɛ daakye ho anidaso a ɛwɔ hɔ ma yɛn a yɛwɔ yɛn asase so abusua yi mu nyinaa no.
[Kratafa 4 adaka]
Wiase Ko II no Akyi Nkae
Engiresini bi a seesei ɔwɔ ne mfe 60 mu ka sɛ: “Wɔ 1940 mfe no awiei no, na yenni television wɔ yɛn afie mu. Radio ne ade titiriw a na egye yɛn adwene. Esiane sɛ na meda so wɔ sukuu nti, na akenkan ne sukuu nnwuma na adi me ti. Gyama na mekɔ sini pɛnkoro ɔsram biara. Na mede sakre twa akwansin pii kɔhwɛ bɔɔlbɔ kuw a m’ani gye wɔn ho kɛse no Memeneda. Sɛ wode toto nnɛ ho a, na mmusua kakraa bi na wobetumi anya kar anaa telefon. Te sɛ nnipa foforo ɔpepem pii a na wɔwɔ Britania no, na yenni dan biako a wɔde ayɛ aguaree nkutoo. Na beae a yegya yɛn anan no wɔ abɔnten, na na nea yeguare mu no nso wɔ gyaade a ɛhɔ san yɛ aguaree no. Bere a ɔko no rekɔ so no, nea yedi traa ase ne nnuan a wɔayam ahataw—nkesua, nufusu, ne ntɔmmɔ a wɔayɛ no esiam. Na nnuaba te sɛ akutu ne kwadu yɛ akɔnnɔde a yennya no daa. Sɛ ebedu sotɔɔ a wɔtontɔn nnuaba ne nhahamma a, na ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obiara tutu mmirika kɔto santen kogye kakra a obedi. Ɛho behiae sɛ mmea pii kɔyɛ adwuma wɔ akode nnwuma mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ saa bere no ansusuw ho da sɛ nsakrae akɛse rebɛba—wiase a TV, video, kɔmputa, mfiri nwonwaso, nkrasɛm afiri a wɔde di nkitaho, ahunmu akwantu, ne awosu ho adesua wom.”