1995—Dɛn na Yɛn Daakye Bɛyɛ?
“Wiase no hia akwankyerɛ a eye sen dodow amammu ne egua a nkurɔfo bedi no sɛnea wɔn ankasa pɛ kɛkɛ a wɔbɛkamfo akyerɛ—nanso ebi nni hɔ.”—Will Hutton, Guardian Weekly.
SƐ WODE onipa adwene susuw saa asɛm no ho a, ɛte sɛ nea ɛyɛ nokware. Ɛte sɛ nea wiase no nni akwankyerɛ a edi mu a ɛbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ asomdwoe, dwoodwoo asetra, atɛntrenee, ahotɔ, ne nniso pa mu. Ɛkame ayɛ sɛ onipa asɔ nniso horow nyinaa bi ahwɛ, efi katabaako so kosi adehyeman so, efi kankabi so kosi dodow amammu so, nanso ne nyinaa akyi no, ɛkame ayɛ sɛ ontumi nni ne wiase no so. Ɛhe na ɛsɛ sɛ ɔde n’ani kyerɛ afei?
Ɛte sɛ nea ebi wɔ hɔ a wobetumi apaw—nea ɛkɔ wiase a basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, ɔporɔwee, nsisi, nyamesom ne amammui mu nyaatwomyɛ, aman ntam nitan, ne ahiafo a wɔhwehwɛ wɔn ho mfaso wom kɛse mu. Ɛno ne ɔkwan a ebinom ka sɛ ɛkowie amammui fam basabasayɛ mu.
Anaasɛ wobetumi nso afa animia kwan a ɛma wɔde nneɛma bɔ afɔre no so akonya wiase a eye a egyina nniso ano aduru a Onyankopɔn de ma a ɛwɔ Bible mu no so. Egye animia efisɛ ɛhwehwɛ abrabɔ mu pintinnyɛ, nneɛma a obi ankasa de bɛbɔ afɔre, honhom fam adwene a obenya wɔ asetra ho, ne Onyankopɔn a ɔwɔ atirimpɔw mu gyidi a obenya. Nanso sɛ saa nkɔso no bɛba a, ɛho hia sɛ onipa brɛ ne ho ase—ɔbrɛ ne ho ase ma ne Bɔfo. Ɛsɛ sɛ ɔdan kɔ Onyankopɔn hɔ kɔhwehwɛ trenee nniso. Kristoni somafo Petro tuu fo sɛ: “Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:6, 7; Adiyisɛm 4:11.
Hena na Ɔkanyan Nitan?
Onipa nkutoo ntumi mma wiase yi nsakra nyɛ yiye—nnipa bɔnefo a wɔyɛ pɛsɛmenkominya no dɔɔso, na wɔwɔ tumi dodo. Odiyifo Yeremia asɛm a ɔkyerɛwee yi yɛ nokware: “[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Onipa ntumi nkwati Onyankopɔn nkyerɛ ne ho kwan mma ensi nnipa abusua no nyinaa yiye. Dɛn ntia? Efisɛ sintɔ a yɛanya afi awo mu no da nkyɛn a, ɔtamfo a aniwa nhu no a ɔne Satan no, wɔ hɔ bere nyinaa, na wayɛ krado sɛ ɔbɛkanyan nnipa ma wɔadi ako a mogyahwiegu wom sɛnea ɔyɛe wɔ Rwanda no.—Genesis 8:21; Mateo 4:1-11.
Sɛnea ɛbɛyɛ a Satan betumi akanyan menasepɔw, nitan ne awudi a ɛte saa wɔ nnipa koma ne wɔn adwene mu no, adwene a ɔde ahyɛ amanaman no mu ne sɛ wɔn man, wɔn abusua, ne wɔn som na ɛyɛ papa. Awofo a saa nitan ho nimdeɛ yi, a mpɛn pii no nea ɛde ba ne atetesɛm a wonya no mfehaha pii, akyekyere wɔn adwene no de hyɛ wɔn mma mu fi wɔn mmofraase pɛɛ. Sukuu ne ɔsom mu nkyerɛkyerɛ hyɛ saa atetesɛm yi mu den. Enti wɔtete nnipa ɔpepem pii a nitan ne menasepɔw wɔ wɔn koma mu. Wosiesie wɔn, sɛe wɔn adwene fi wɔn mmofraase pɛɛ sɛ sɛ amammui ne nyamesom akannifo a wonni nnyinasosɛm ma wɔn ahyɛde a, wɔnto nhyɛ wɔn yɔnko nnipa so. Nsɛm pii a nyansa nnim a wɔkeka no baguam ne television so no betumi ahwanyan nsɛm mu ma ayɛ asɛnkɛse a ɛbɛkɔ akowie “mmusuakuw asetɔre” anaa okunkɛse mu.
Bere a Martin van Creveld a ɔyɛ ɔsraani abakɔsɛm kyerɛwfo wɔ Israel rekyerɛ nea ebetumi aba daakye no, ɔkyerɛwee wɔ The Transformation of War mu sɛ: “Sɛ yɛhwɛ ɛnnɛ nsɛm tebea no a, ɛkame ayɛ sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛba sɛ nyamesom mu . . . kateeyɛ bedi dwuma kɛse ma akanyan akodi” wɔ Atɔe Fam asen bere biara “wɔ mfe 300 a atwam ni mu.” Enti sɛ anka nyamesom bɛboa ma asomdwoe aba, na ama adesamma anya honhom fam yiyedi no, egyina nea egyina wɔ nitan, akodi, ne nnipakum a ama aba wɔ abakɔsɛm mu no mu.
Wɔhyɛ Daakye a Ɛyɛ Soronko Ho Bɔ
Sɛ nnipa betumi afata ama asetra wɔ wiase foforo a atɛntrenee wom mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔboa ma Yesaia nkɔmhyɛ yi bam: “[Yehowa bɛkyerɛ] yɛn n’akwan, na [yɛanantew] n’atempɔn so . . . Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrate abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:3, 4.
Henanom na wɔde nkɔmhyɛ fɛfɛ yi reyɛ adwuma wɔ wiase nyinaa nnɛ? Henanom na wowuwui wɔ Rwanda mmom sen sɛ wobekunkum wɔn mfɛfo gyidifo a wofi mmusuakuw foforo mu? Henanom na wowuwui wɔ Nasi nneduaban mu sen sɛ wɔbɛsom wɔ Hitler sraadi mu? Henanom na wɔada afiase wɔ aman pii mu sen sɛ wobesua akodi? Ɛyɛ wɔn a Yesaia 54:13 anya mmamu wɔ wɔn so no: “Wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.”
Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ saa asomdwoe no seesei efisɛ wɔagye Yehowa nkyerɛkyerɛ a efi n’Asɛm Bible mu no atom. Wodi Kristo Yesu nkyerɛkyerɛ ne ne nhwɛso akyi. Na dɛn na ɔkae? “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Yehowa Adansefo yi saa ɔdɔ yi adi kɔ akyiri araa ma seesei wɔyɛ adwuma bom asomdwoe mu wɔ Northern Ireland, ɛmfa ho sɛ bere bi a atwam no na wɔyɛ Katolekfo ne Protestantfo no. Seesei wɔayɛ biako sɛ Kristofo wɔ Israel, Lebanon, ne aman foforo mu, ɛmfa ho sɛ kan no na wɔyɛ nyamesom mu atamfo no. Wonsua akodi bio. Sɛ wiase nnipa nyinaa tiee Yesu nsɛm no de dii dwuma wɔ wɔn asetra mu a, anka hwɛ nsakrae ara a ɛde bɛba!
Yehowa Adansefo gye di sɛ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no abɛn, wiase a ɔsoro nniso na ebedi so no. Anidaso pintinn a ɛte saa a wɔwɔ no gyina dɛn so?
Ade a Onyankopɔn Bɛyɛ no Prɛko Ho Bɔhyɛ
Onyankopɔn ahyɛ bɔ wɔ n’Asɛm Bible mu sɛ adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa benya trenee nniso bi. Ɔnam ne diyifo Daniel so hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ mprempren nhyehyɛe yi awiei bere no mu no, ɔde trenee nniso bi a ɛbɛtra hɔ daa besi hɔ. “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Saa Ahenni nniso koro yi ara na Kristo kyerɛɛ gyidifo sɛ wɔnsrɛ wɔ ne mpaebɔ a agye din yi mu: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.
Sɛ yɛbɔ saa mpae no a na yɛresrɛ sɛ Onyankopɔn mma ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa ne trenee nniso ho no mmra mu. Na yenim sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro. Paulo kaa ‘daa nkwa a Onyankopɔn a ontumi nni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ’ no ho asɛm. (Tito 1:2; Hebrifo 6:17, 18) Na dɛn na Onyankopɔn de ahyɛ bɔ? Ɔsomafo Petro bua sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”—2 Petro 3:13; Yesaia 65:17; Adiyisɛm 21:1-4.
Ansa na wobetumi anya saa trenee nniso no mu mfaso koraa wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma kɛse de siesie so. Bible nkɔmhyɛ pii kyerɛ sɛ saa dwuma a wobedi de ayi Satan ne n’atumfoɔ bɔne no afi wiase no bɛba so nnansa yi ara. (Hwɛ Mateo ti 24; Luka ti 21; ne Marko ti 13.) Wɔfrɛ saa ahotew dwumadi a etwa to yi Harmagedon ko, “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.”—Adiyisɛm 16:14, 16.
Ɛmfa ho sɛnea nnipa pii adwene bɛyɛ wɔn no, afe 2000 nyɛ afe titiriw biara. Sɛnea ɛte biara no, Kristoman nkutoo na saa afe no kyerɛ biribi ma no. Aman foforo nso wɔ wɔn ankasa mmerebu. Nea ɛho hia ne sɛ mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wodan kɔ Onyankopɔn ne n’Asɛm so sɛnea ɛbɛyɛ a w’ankasa wobɛsɔ nea “Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” (Romafo 12:1, 2) Nea ɛho hia ne sɛ seesei ne bere a ɛsɛ sɛ wopaw—sɛ wobɛnantew ɔkwan a ɛkɔ daakye a Onyankopɔn nhyira wom mu so anaa wobɛkɔ so anantew abasamtu kwan a ɛwɔ Satan wiase mu no so. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ paw Onyankopɔn kwan no. Paw nkwa!—Deuteronomium 30:15, 16.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo.” —2 Petro 3:13
[Kratafa 13 mfonini]
Onyankopɔn Ahenni nniso no ase nkutoo na aman betumi de wɔn nkrante abobɔ nsɔw ankasa