Ɔkwan Bɛn So Na Asomdwoe Betumi Aba Ankasa?
Akwanside atitiriw a ɛmma daa asomdwoe ntumi mma ankasa no bi ne nea ɛwɔ he? Yetumi hu nea edidi so yi fi nsɛm a yɛaka dedaw no mu:
(1) Ahempɔn tumidifo kuw a wɔyɛ pɛsɛmenkominya (amammuisɛm, sraadisɛm, aguadisɛm, ne nyamesom) a wɔadaadaa nnipa no.
(2) Ntetee a wɔde ma a egyina ɔmampɛ so a nea ɛkyerɛkyerɛ ne pɛsɛmenkominya, mpaapaemu ne nitan.
(3) Nhyehyɛe no nyinaa a nea odi so ne ‘wi yi ase nyame a wafura wɔn a wonnye nni no adwene ani’ a ɔne Satan Ɔbonsam.—2 Korintofo 4:4.
WƆ WIASE no nyinaa fam de, ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene ne wɔn koma. Na ɛno kyerɛ nsakrae a wɔbɛyɛ wɔ ntetee mu—na wɔakyerɛkyerɛ nnipa nyinaa asomdwoe, ɔdɔ ne obu. Na ɛno kyerɛ nsakrae wɔ wiase nyinaa akanni mu a ɛbɛma wɔanya ɔkannifo biako a wiase nniso nyinaa bɛkyerɛ obu ama no nso—wiase nyinaa nniso a ɛmporɔwee. Ɛno nso kyerɛ nsakrae wɔ wiase so tumidi mu—afi Satan nniso so akɔ Onyankopɔn nniso so! Nanso ɔkwan bɛn so na wɔnam de nsakrae ahorow yi bɛba?
Bible no hyɛɛ nkɔm bɛboro mfirihyia 2,500 a atwam ni sɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere mu no ‘ɔsoro Nyankopɔn no bɛma ahenni bi a wɔrensɛe no da so.’ (Daniel 2:44) Eyi ne daa Ahenni a Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mateo 6:9, 10) Saa ahenni no kyerɛ nniso foforo denam Kristo Yesu so a efi soro ba asase so te sɛ nea odiyifo Daniel kyerɛwee no: “Ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”—Daniel 7:13, 14.
Saa ɔsoro nniso a ɛwɔ Kristo nsam yi ne nhyehyɛe foforo a wɔde besi ahempɔn pɛsɛmenkominyafo a wɔn mu apaapae a wɔadi adesamma so wɔ ɔkwammɔne so mfe mpempem pii no ananmu. Ɛyɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” a ‘trenee te mu a yɛretwɛn sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te’ no nniso no fã. (2 Petro 3:18) Nniso yi ne “wiase no daakye anidaso nhyɛase” a ɛyɛ nokware na ɛnyɛ Amanaman Nkabom a ɛwɔ New York a Robert Muller a ɔyɛ ne kyerɛwfo panyin abadiakyiri ka ho asɛm no. Ɛmfa ho sɛ Amanaman Nkabom no aka sɛ 1986 yɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no, nokware asomdwoe nam ɔkwan koro pɛ a wofi soro apene so a ɛne Onyankopɔn Ahenni no so na ɛbɛba.
Dwuma a Ntetee Di
Nnipa ɔpepem pii afi ase resiesie wɔn ho dedaw sɛ wɔbɛtra ase asomdwoe mu wɔ saa Ahenni no nniso ase. Wɔ nea ɛboro mfirihyia ɔha mu no, wɔayɛ ntetee ho nhyehyɛe kɛse bi wɔ aman ahorow nyinaa mu a wɔde bɛka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nnipa nyinaa. Ebia saa nniso no nanmusini a ɔpɛ asomdwoe aba wo fi pɛn, ɛwom sɛ ebia woanhu hia a saa nsrahwɛ no ho hia de. Ná ɔrenya ntetee adwuma a wɔayɛ adu akyiri sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no mu kyɛfa. Hena ne saa ɔhɔho yi? Yehowa Adansefo no mu biako. Na dɛn nti na Adansefo no ba wo nkyɛn?
Adansefo no de wɔn ho ma sɛ wɔne onipa koma pafo biara a ɔpɛ sɛ obehu Yehowa kwan a ɛde asomdwoe ba no besua Bible no. Ntetee a wɔnnye ho hwee yi aboa ɔpepem pii dedaw “na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.” Odiyifo Yesaia se: “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.
Yehowa Adansefo ama nkɔmhyɛ yi abam dedaw ma ɛne nea Amanaman Nkabom no mufo a wɔne wɔn ho wɔn ho da so ara ko yɛ no bɔ abira. Na ɔkwan bɛn so na Adansefo no atumi ayɛ eyi? Ɛdenam Bible no a wosua ma wonya Kristo adwene wɔ nsɛm ho no so; hu a wohu sɛ Onyankopɔn ne dɔ ampa, ne sɛ ɛsɛ sɛ woyi ne dɔ no adi kyerɛ mfɛfo nnipa a wofi aman ne mmusua nyinaa mu no so. Esiane eyi nti wɔmfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu na wɔpow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔko anaa ntawntawdi biara mu a nea eyi de bɛba biara mfa ho.—1 Yohane 4:8; Yohane 13:34, 35.
Sɛnea Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu kyerɛ no, bere no abɛn sɛ Onyankopɔn Ahenni no bedi dwuma. (Mateo 24:3-35) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn ko wɔ Harmagedon no de Satan nniso no bɛba awiei a n’amammuisɛm a ɛde mpaapaemu ne ɔsɛe ba no ka ho. (Adiyisɛm 16:14-16; 19:17-21) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wodan ba Onyankopɔn nkyɛn a n’Asɛm no ka ho. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ de anigye bɛboa wo ma woahu sɛ daa asomdwoe nyɛ adaeso bi a ɛrentumi mma mu na mmom biribi a ɛrenkyɛ ɛbɛba wiase nyinaa ankasa. Anaasɛ wubetumi akyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi na ama wo nsa aka nsɛm ne mmoa foforo a wuhia.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]
“Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne nanso foforo a trenee te mu.”—Ɔsomafo Petro
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]
“Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yesu Kristo
[Kratafa 9 mfoni]
“Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw . . . ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Odiyifo Yesaia
[Kratafa 9 adaka]
“Na wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen honam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen honhom de. Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe.”—Romafo 7:5, 6.