Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 10/8 kr. 4-7
  • Sɛnea Ebesi Wo Yiye Sɛ Ɔwofo a Onni Ɔhokafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Ebesi Wo Yiye Sɛ Ɔwofo a Onni Ɔhokafo
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tɔ Bere
  • Ma Asetrade a Wowɔ Nnɔɔ Wo So
  • Sɛ Wopɛ Nnamfo a, Yi Adamfofa Su Adi
  • Dwuma a Wubedi sɛ Ɛna ne Agya
  • Ɔwofo-Biako Mmusua Betumi Adi Nkonim!
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Hu Awofo a Wonni Ahokafo no Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
  • Ɔkwan Bɛn so na Wubetumi Aboa Awofo a Wonni Ahokafo?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 10/8 kr. 4-7

Sɛnea Ebesi Wo Yiye Sɛ Ɔwofo a Onni Ɔhokafo

“Ade biako a awofo a wonni ahokafo nni pii ne bere.”—The Single Parent’s Survival Guide.

“Aniberesɛm a ɛsen biara ne sika fam ahokyere.”—London Times.

‘Ankonamyɛ yɛ ɔwofo a onni ɔhokafo dadwen kɛse.’—Give Us a Break, awofo a wonni ahokafo adagyew ho nhwehwɛmu bi a wɔyɛe.

AWOFO nyinaa hyia nsɛnnennen, anigye ne ɔhaw ahorow. Nanso awofo a wonni ahokafo yɛ saa a obi nka wɔn ho. Ɛno nti, wɔtaa dwen ɛbere, sika, ne ankonamyɛ ho kɛse wɔ wɔn asetra mu.

Ɛwom sɛ awofo a wonni ahokafo asetra ankasa betumi ayɛ den de, nanso ebetumi asi wɔn yiye wɔ wɔn abusua asetra mu, na etumi ba saa. Ne fa kɛse no ara gyina gyinapɛn ahorow a wodi akyi, ne sɛnea wɔbata eyinom ho denneennen no so kɛse.

Nea ɛyɛ nwonwa no, Bible hyɛɛ mprempren abrabɔ ne asetram basabasayɛ no ho nkɔm too hɔ bere tenten bi a abɛsen kɔ. Hyɛ sɛnea Kristoni ɔsomafo Paulo yii osuani kumaa Timoteo asoti wɔ eyi ho no nsow. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo.”—2 Timoteo 3:1-3.

Bible nyɛ nhoma a ɛhyɛɛ nnɛyi nneyɛe ahorow ho nkɔm pɛpɛɛpɛ kɛkɛ. Ekura nnyinasosɛm ankasa a sɛ wudi akyi a, ɔkwan biara so, ebesi wo yiye wɔ w’abusua asetra mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Susuw sɛnea emu bi betumi aboa awofo a wonni ahokafo ma wɔatumi agyina bere, sika, ne ankonamyɛ ho nsɛnnennen ano no ho hwɛ.

Tɔ Bere

Ɛmfa ho nhyehyɛe pa a wowɔ no, ɛbere yɛ ade a ɛho yɛ na. Sɛ wubetumi de wo bere adi dwuma yiye a, nea edi kan koraa no, ɛho hia sɛ wuhu nea wode yɛ. Afei wubetumi asi dwumadi ahorow a ɛho hia ma wo titiriw no ho gyinae. Awofo a wonni ahokafo ahyehyɛde bi hyɛ nyansa sɛ: “Nya ‘bere ho nhomawa.’ Yɛ biribiara a wobɛyɛ ɛda bi anaa dapɛn bi ho kyerɛwtohɔ wɔ eyi mu, na hwɛ bere tenten a ebegye wo. Ɛno akyi no, hwehwɛ baabi a wubetumi anya bere anaa anka wubetumi de adi dwuma yiye, sɛ woyɛɛ nneɛma mu nsakrae anaasɛ wugyaee nneɛma bi yɛ a.”

Afotu a edi mũ saa no da Kyerɛwnsɛm mu nyansa a ɛwɔ ɔsomafo no afotu yi akyi no adi: “Enti monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.”—Efesofo 5:15, 16.

Sɛ nhwɛso no, TV hwɛ yɛ wo da biara da asetra mu adeyɛ titiriw? Eyi so a wobɛtew no bɛma woanya bere foforo ne wo mma abɔ nkɔmmɔ na moabom ayɛ nneɛma. Ɛno bɛma wo ne wɔn anya abusuabɔ pa.

Ebia wobɛka sɛ: ‘Mmɔden biara a mebɔ sɛ me ne me mma bɛtra ase abɔ nkɔmmɔ no kowie kommyɛ mu bere tenten.’ Ebetumi aba saa, nanso mma ɛno mmmu w’abaw mu. Awofo a wonni ahokafo ho afotufo kamfo kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuhu nkate a wo mma da no adi wɔ wɔn da biara da mu nkɔmmɔbɔ mu te sɛ nsɛm a wɔka fa wɔn nnamfo sukuufo ho anaa nneɛma a wɔfa ho adwene sɛ wɔbɛyɛ ho no mu. Nanso sɛ woma TV gye w’adwene a wuntumi nyɛ eyi, anaa ɛnte saa? Sɛ wosɔ si so a wonhwɛ mpo a, ebetumi atwetwe adwene ma woahwere wo mma no nsusuwii ne nkate horow a ɛho hia a wubehu no. Enti nya bere ma wo mma. Mommom nyɛ ofie nnwuma, na bere a moreyɛ no, ɛne wɔn mmɔ nkɔmmɔ—na wɔrekasa a, tie!

Ɛne wɔn mmom nkenkan ade nso. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ abusuabɔ kɛse wɔ akenkan a abofra behu wɔ bere a wadi mfe anum ne nea otumi yɛ akyiri yi wɔ asetram no ntam. Eyi koraa nti na ɛsɛ sɛ wotɔ bere ne wɔn bom kenkan ade no. Simma kakraa bi a wode bɛyɛ saa ansa na wɔadeda, anaa anwummere, bere a ade nsae pii ansa na woate ɔbrɛ nka kɛse no bɛyɛ bere a wode adi dwuma nyansam.

Ma Asetrade a Wowɔ Nnɔɔ Wo So

Awofo a wonni ahokafo bebree de wɔn ho hyɛ sikapɛ mu ma ɛyɛ hu. Ɔkwan bi so no, ɛsɛ sɛ wonya sika pii de tua ɔdan a ɛfata ho ka, de bi tɔ aduan, ne ntade. Nanso adwuma a wobefi adi akɔyɛ no ma sɛnea wobetumi ahwɛ mmofra no ho ba asɛm.

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobenya baabi a wɔhwɛ mmofra bere nyinaa, na saa ara nso na ɛho ka nna fam. Awofo a wonni ahokafo binom tumi yɛ saa bere a wɔhwehwɛ mmoa fi abusuafo—sewaanom, ne wɔfanom—hɔ no. Afoforo nso de wɔn ho to nkokoaa sukuu, agodibea ne mmofra hwɛbea ahorow a wɔn nnwumakuw yɛ ho nhyehyɛe no so. Sɛ aban mmoa wɔ hɔ a, ɛnyɛ bere nyinaa na etumi tua abofra hwɛ a ɛte saa ho ka no. Wɔ nsase bi so no, awofo a wonni ahokafo a wɔwɔ nkokoaa betumi apaw sɛ wɔnhwehwɛ adwuma na mmom wɔbɛtra fie de sika a aban de ma wɔn no ahwɛ wɔn ho.

Bere a awofo a wonni ahokafo a ɛsɛ sɛ aban ahorow hwɛ wɔn redɔɔso no, wɔn nso hwehwɛ wɔn a wɔde asodi no bɛto wɔn so. Wɔ Britain no, eyi ama wɔahyɛ mmara a ɛfa agyanom a wɔapow wɔn mmusua a wɔnhwɛ wɔn mma wɔ sika fam ho no mu den dedaw. Nnwumakuw a ɛboa mmofra no hwehwɛ agyanom a wonni wɔn asɛyɛde ho dwuma no ma wotua sika a ɛsɛ sɛ wotua no. Sɛ ɛnanom a wonni ahokafo no ammoa akuw no ma wɔanhwehwɛ agya no a, wobetumi ahwere sika fam mmoa horow bi. London atesɛm krataa The Times bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ Sweden no, wobu akontaa sɛ wɔnam ɛhɔnom nnwumakuw a etua sika ma wɔn a asiane to wɔn so na enya agyanom a wɔnhwɛ wɔn mma no mu ɔha biara mu 40, na wɔ France no, asennibea hyehyɛ mmara na wɔkyere wɔn a wonni so no.”

Sɛ asennibea ahorow de wɔn ho gye mu oo sɛ wɔamfa wɔn ho annye mu oo, sɛ aban boa oo, sɛ wɔammoa oo, awofo a wonni ahokafo bebree nya akwan a wɔfa so de sika kakraa bi a wonya no hwɛ wɔn ho sen sɛnea na anka wɔde yɛ saa bere bi no. Ɔkwan bɛn so? Denam wɔn sikasɛm ho nhyehyɛe foforo a wɔyɛ so.

Egye ahokokwaw na obi atumi ayɛ ne sikasɛm ho nhyehyɛe foforo. Ɛtaa kyerɛ nsakrae a wobɛyɛ wɔ sika a wosɛe no wɔ ahiade afoforo ho—sɛ nhwɛso no, sɛ wubedi kan ayi ɔdan ne nneɛma a ɛma ɔdan mu yɛ hyew ho sika ato hɔ, ne afei nea wode bɛtɔ aduan ne nea wode betua bosea ahorow. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Timoteo 6:8.

Woasusuw ho pɛn sɛ wo ne afoforo bɛkyɛ ka atua? Abusua foforo a wo ne wɔn bɛbom atotɔ nnuan ne ofie nneɛma pii agu hɔ no betumi atew ɛka a wobɔ so. Ɔkwan biara a wobɛfa so ayɛ wo sikasɛm ho nhyehyɛe no, kae sɛ ehia sɛ wotra ase bu sika a wode bedi dwuma no ho akontaa. (Fa toto Luka 14:28 ho.) Dɛn nti na womma wo mma no mmoa wo mma monyɛ mo sikasɛm ho nhyehyɛe no? Sɛ woyɛ saa a ebia wobehu sɛ ɛyɛ hokwan sɛ wɔbɛboa wo ma woadi so. Ebia wubehu sɛ wubetumi asie sika bi mpo.

Sɛ Wopɛ Nnamfo a, Yi Adamfofa Su Adi

Yesu tuu fo sɛ: “Momma, na wɔama mo . . . susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” (Luka 6:38) Ɛte saa ara wɔ yɛne afoforo nkitahodi mu. Afoforo ho anigye a wobɛkyerɛ no betumi ama wɔn nso wɔayi adamfofa su adi akyerɛ wo. Ɔkwan a eye sen biara a wubetumi afa so adi ankonamyɛ so ne sɛ wubedi kan afa nnamfo. Ebia wubenya nnamfo a wubetumi de wo ho ato wɔn so ma wɔahwɛ wo mma ama wo na ama woatumi akɔ nsrahwɛ. Nea eye sen saa no, dɛn nti na womma wo nnamfo mmɛsra wo?

Nanso ahwɛyiye ho hia wɔ ha. Kae sɛ “fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) Sɛ wunya nnamfo a wɔhyɛ nkuran na wɔma wunya abotɔyam nkutoo a na wubetumi adi ankonamyɛ so yiye ankasa.

Dwuma a Wubedi sɛ Ɛna ne Agya

Ɛsɛ sɛ awofo a wonni ahokafo yɛ ɛna ne agya ma wɔn mma—na ɛyɛ adwumaden ma obiara. Na kae sɛ mmofra yɛ asuasua. Wosua sɛnea wɔbɛyɛ mpanyimfo a wɔpɛ asɛyɛde denam mpanyimfo a wɔpɛ asɛyɛde a wɔhwɛ wɔn so. Ɛnde nhwɛso a wobɛyɛ ama wo mma no ho hia pii. London atesɛm krataa The Sunday Times reka agyanom a wɔagyaw wɔn mmabarimanom a wɔrenyinyin bebree hɔ wɔ Amerika nkurow mu ho asɛm no, ɛka sɛ: “Basabasayɛ ne asetram haw . . . kyerɛ yɛn sɛnea awo ntoatoaso bi mu mmarima yɛ wɔn ade bere a bɛyɛ wɔn mu fã nyinyin duu mpanyin afe so a wɔannya nteɛso bi wɔ sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ mmarima mpanyin ho no.”

Duncan Dormor ka wɔ The Relationship Revolution mu sɛ, sɛ awofo a wonni ahokafo tete mmofra a, ebetumi aka wɔn akwahosan ne wɔn sukuu dwumadi ne wɔn daakye sikasɛm tebea mpo wɔ ɔkwammɔne so. Nhwehwɛmufo foforo nnye saa nneɛma a wɔahu yi ntom. Wɔde asodi no to ohia ne asetram nneɛma a wonnya so. Nanso, nnipa bebree gye nea asetram nsɛm ho nyansahufo Charles Murray hui no tom: “Abofra a ɔwɔ ɛna na onni agya a ɔte mpɔtam a ɛnanom nkutoo na wɔwɔ hɔ, a agyanom nni hɔ, gyina nea ohu so na ɛyɛ ade. Wubetumi ama asetram nsɛm ho adwumayɛfo, sukuu akyerɛkyerɛfo, ne asɔfo akɔkyerɛ abarimaa bi sɛ sɛ onyin a ɔnhwɛ ne mma yiye. Nanso onnim nea ɛno kyerɛ, gye sɛ wahu ansa.” Yiw, mmarimaa hia ɛna ne agya, na mmeawa nso saa ara.

Wɔ Dwom 68:5 no, Bible ka Yehowa Nyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ ‘nyisaa agya.’ Ɛnanom a wɔhwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn hɔ nya nhwɛso a eye kyɛn so ma wɔn mma. Agyanom a wɔn nkutoo tete wɔn mma bu mmoa a mmea a wɔpɛ asɛyɛde a wɔn ho akokwaw de ma no. Yiw, nea awofo a wonni ahokafo nyinaa hia ne mmoa a ɔdɔ wom. Ɛha yi ne baabi a ebia wubetumi aboa.

[Kratafa 6 mfonini]

Agyanom a Wɔsan Yɛ “Ɛnanom”

Mmarima a wodi awofo a wonni ahokafo mmusua so nnɔɔso. Nanso bere a aware bebree gu no, mmarima bebree resi gyinae sɛ wɔn nkutoo bɛhwɛ wɔn mma. The Single Parent’s Survival Guide kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nsɛnnennen a ɛte sɛ nea mmarima a wɔwɔ saa tebea yi mu hyia biako ne wɔn mmabea a wɔadu mpanyin afe so no.” Fɛre ma agyanom binom kwati sɛ wɔne wɔn bɛbɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho nkɔmmɔ. Afoforo yɛ nhyehyɛe ma obusuani bi a ɔyɛ ɔbea a wɔwɔ ne mu ahotoso ne wɔn mmabea bɔ nkɔmmɔ. Awofo a wonni ahokafo nyinaa, mmarima ne mmea, benya mfaso denam Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no a wɔne wɔn mma bɛkenkan no so.a Saa nhoma yi wɔ afã a ekura nsɛmti yi “Nna ne Abrabɔ” ne “Nhyehyɛe a Ɔbarima ne Ɔbea Yɛ De Fi Adi, Ɔdɔ, ne Obi a Ɛsono Ne Bɔbeasu.” Atiri no mu biara de ɔfã bi a wɔato din Nsemmisa Ma Nkɔmmɔbɔ, a wɔayɛ ma wɔasan de ati nsɛm a ɛkɔ akyiri mpo mu yiye na ewie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Kratafa 7 mfonini]

Wo mma a wubegye bere ne wɔn atra no ma wo ne wɔn nya abusuabɔ pa

[Kratafa 7 mfonini]

Ɔkwan biara a wofa so yɛ wo sikasɛm ho nhyehyɛe no, tra ase bu sɛnea wode bedi dwuma no ho akontaa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena